Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 7/8 kr. 6-9
  • Nnɛyi Asetra A Ano Yɛ Hyew No Ano A Wubegyina

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnɛyi Asetra A Ano Yɛ Hyew No Ano A Wubegyina
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ano a Wubegyina no Yɛ Den
  • Nneɛma a Ɛho Hia Titiriw ho Nhyehyɛe a Wobɛyɛ
  • Yesu Saa Anifuraefo Bi Yareɛ na Ɔboaa Sakeo
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɛsɛ sɛ Yɛn Nnamfonom Dɔ Onyankopɔn
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Bere Woyɛ Ne Wura Anaa N’akoa?
    Nyan!—1988
  • Dɛn Nti Na Asetra Ano Yɛ Agyaw Saa?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 7/8 kr. 6-9

Nnɛyi Asetra A Ano Yɛ Hyew No Ano A Wubegyina

ƆBARIMA a ɔyɛ adwuma de bere a onya dapɛn awiei hwɛ bɔɔl wɔ TV so na afei onwiinwii sɛ onnya bere na ɔde ne mma akɔ mmoa yɛmmea. Ɔbea warefo hwɛ TV so dwumadi ahorow dapɛn biara na afei onwiinwii sɛ onnya bere pii na ɔde ayɛ ne fi nnwuma. So ɔhaw no yɛ bere a onnya anaasɛ dwuma a ɔmfa nni wɔ ɔkwan pa so?

Bere a wode bedi dwuma yiye no hwehwɛ sɛ wudi nnyinasosɛm a wɔaka ho asɛm wɔ Filipifo 1:10, NW, no akyi: “Munhu nneɛma a ehia kyɛn so no yiye.”

Yiw, nea edi kan no, yɛ nneɛma a ɛho hia titiriw ma wo no ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wukwati a, ayɛ nea ɛho nhia ahe biara. Bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛw nnwuma a wobɛyɛ, ebia wɔ dapɛn biako mu no nyinaa ato hɔ na afei kyɛ mu abien (1) Nea ɛsɛ sɛ meyɛ ne (2) nea mepɛ sɛ meyɛ.

Wode honam fam adwuma, aguadi, ne wo fi a wubesiesie ne bere a wo ne w’abusua de bɛbɔ fekuw no nso bɛka nea edi kan no ho. Wɔ nokware Kristoni fam no, ɛsɛ sɛ obu asafo nhyiam horow a ɔbɛkɔ, ne gyidi ho asɛma ɔbɛka akyerɛ afoforo, ne Bible adesua nso sɛ ɛho hia titiriw.​—Mateo 6:33.

Sɛ ɛte sɛ nea nneɛma a woakyerɛw no dɔɔso dodo a, ebia wubehu sɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ woyɛ no mu binom ho bɛyɛ nea ɛho nhia kɛse ankasa. Anaasɛ wubetumi abɔ mmɔden sɛ wobɛka nnwuma no bi abom biako. Sɛ nhwɛso no, sɛ wowɔ fie nnwuma a, dɛn nti na wonkyerɛ wo mma sɛnea wɔyɛ mu binom? Ɛnyɛ sɛ eyi betumi ama woakɔ so atumi ayɛ nneɛma nko, na mmom ɛbɛma woanya bere na wo ne wo mma ayɛ nneɛma abom nso.

Na nneɛma a “wobɛpɛ sɛ woyɛ” a woakyerɛw no so ɛ? Ebetumi ayɛ nea ɛdɔɔso pii. Nanso worentumi nyɛ ne nyinaa. Enti susuw nea dwumadi a ɛte saa no bɛma woasɛe no ho. (Luka 14:28) So ɛbɛma ahokyere a mihyia wɔ asetra mu no​—so atew​—anaasɛ ɛbɛma ebi abɛka ho? So ɛbɛma sika a yɛsɛe wɔ fie no adɔɔso? So ebetumi asiw nneɛma a ɛho hia sɛ yɛyɛ no kwan?

Kwati yɛ a wobɛyɛ nneɛma pii ho nhyehyɛe​—a nneɛma no bɛyɛ nea ɛdɔɔso araa ma wode ahopere bekyinkyin. Ma wo ho bere a ɛdɔɔso a wode bɛyɛ wo nnwuma awie. Ɔdansifo bi a wagyae adwumayɛ de afotu tia yi maa aberante bi a ɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛnom tii no. Aberante no ampene nsa a ɔto frɛɛ no so bere a ɔkaa eyi no, sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ kurow no kesee fam bere a 4:50 p.m. abɔ no.”

Ɔdansifo no bisae sɛ: “Ɛyɛ nhyehyɛe bɛn?” Otuu no fo sɛ: “Bɔ mmɔden nya bere ma nneɛma ahorow yɛ anyɛ sa a wubetumi akum wo ho.”

Nea Enti a Ano a Wubegyina no Yɛ Den

Nyansahyɛ ahorow yi betumi aboa wo. Nanso kae sɛ ahokyere ne ntɛmpɛ yɛ nneɛma a bere a “emu yɛ den” a yɛte mu no de aba. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛnnɛ wiase no yɛ nea ɛpɛ ntɛm ampa. Nanso nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa ntam abusuabɔ resɛe na wiase no mu ɔhaw ahorow redɔɔso no da no adi sɛ ntɛmpɛ yi mfa nkurɔfo nnu baabiara.

Nokwarem no, bere a ɛsɛ sɛ wiase no de tra hɔ no atwam. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Bere a aka no yɛ tiaa.” (1 Korintofo 7:29, NW) Yesu Kristo twee adwene sii saa bere yi a yɛwom mprempren no so na ɔkae sɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase mprempren no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ n’Ahenni abɛn. (Luka 21:10, 11, 28-31) Enti Satan Ɔbonsam “afa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.’ (Adiyisɛm 12:12) Ne wiase nhyehyɛe no nyinaa retu mmirika akɔ ɔsɛe mu na mmɔden a ɔbɔ nyinaa sɛ obesiw eyi ano no nkosi baabiara!

Ampa, ade kakraa bi na wubetumi ayɛ wɔ baabi a wiase no de n’ani akyerɛ no ho. Nanso wubetumi ayɛ pii na ama woanya asomdwoe wɔ w’ankasa asetra mu. Dabi, ɛnyɛ nnuru a obi nom a ɛma ne ho yɛ no fɔmm no ne ano aduru; saa ara so na ɛnyɛ obiara na akwan horow a wɔfa so yɛ bere ho nhyehyɛe betumi ayɛ yiye ama no. Nea ɛbɛboa wo kɛse ne Bible no mu nimdeɛ ne ntease a wubenya. Bible no?

Yiw, Bible no kyerɛ sɛ eye sɛ Kristofo bɛkɔ so “atra ase komm ahodwo mu, ne Onyankopɔn som pa ahofama koraa ne animduru mu.” (2 Timoteo 2:2, NW) So ɛyɛ ade a wubetumi ayɛ? Yiw, ɛwom sɛ “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu nhyɛso ahorow da so ara ka wo de, nanso Bible no betumi aboa wo ma woanya asetra ho adwene foforo.

Fa adwuma a woyɛ no sɛ nhwɛso. Sɛ ɛyɛ nea w’asetra gyina ‘Onyankopɔn som pa ne animduru’ so na ɛnyɛ honam fam nneɛma so a, wo ho rempere wo kɛse sɛ wobɛboaboa nneɛma a worentumi ntua ho ka ano. Esiane sɛ wunim sɛ “bɔne nyinaa ntini ne sika ho dɔ” nti, w’ani betumi asɔ “nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho” a wowɔ no. (1 Timoteo 6:8, 10, NW) Na esiane sɛ adwuma a woyɛ no bɛyɛ ade a ɛto so abien wɔ w’asetra mu nti, wubetumi anya bere a wuhia na wode agye w’ahome no mpo. “Nsa ma ne ɔhome ye sen nsa abien amaama ne ɔbrɛ ne ɔdadwen hunu.”​—Ɔsɛnkafo 4:6.

Ebinom tumi tew honam fam adwuma a wɔyɛ no so. Ɔbarima bi a na ɔyɛ adwumakuw kɛse bi panyin no ka sɛ: “Bere a mede mfe 23 ayɛ adwuma abrɛ akyi no, na m’akatua ye, wɔhwɛ me yare kwa na minya nneɛma afoforo a ɛkeka ho. Nanso ansa na wubenya saa nneɛma yi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wosɛe bere pii ne ahoɔden kɛse wɔ w’adwuma no ho. Awiei koraa no worennya bere a wode bɛyɛ w’ankasa nneɛma. Na bere biara a wɔbɛka biribi foforo a ɛnyɛ adwuma ho asɛm akyerɛ wo no, wubehu sɛ wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ me yaw, minni adagyew koraa.’” Enti ɔbarima yi gyaee n’adwuma a n’akatua ye no. Ampa, na eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a n’asetra ba fam. Nanso ɛkyerɛe nso sɛ onyaa bere pii maa n’abusua ne Kristofo dwumadi ahorow.

Nneɛma a Ɛho Hia Titiriw ho Nhyehyɛe a Wobɛyɛ

Esiane sɛ yɛte bere a emu yɛ den mu nti, nokware Kristoni rentumi nyɛ anibiannaso wɔ honhom fam nneɛma ho. Susuw Sakeo, ɔbarima bi a Bible no ka ne ho asɛm sɛ na ɔyɛ towgyeni sikani no ho. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ohu Yesu ho ade pii nti, akɔforo dua bere bi sɛnea ɛbɛyɛ a obehu Yesu yiye bere a ɔretwam wɔ kurow no mu no. Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Na Yesu duu hɔ no, ɔmaa n’ani so huu no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sakeo, yɛ ntɛm si fam; na wo fi na ɛsɛ sɛ metra nnɛ. Na ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ɔde fɛw begyee no.”​—Luka 19:2-6.

Susuw mfaso horow a Sakeo nyae denam gye a ogyee Yesu ani na ɔne no bɔɔ honhom mu nneɛma ho nkɔmmɔ no so no ho! Yesu boaa Sakeo ma ɔyɛɛ nneɛma a ɛho hia titiriw ho nhyehyɛe ma enti Sakeo gyaee n’adwene a na ɔde si honam fam nneɛma a obenya so. “Awurade, hwɛ, mede m’ahode fa mekyɛ ahiafo, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mpɛn anan matua ka.”​—Luka 19:8.

Saa ara nso na nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ pɛ sɛ wode hokwan ahorow a wonya no bedi dwuma de abɔ honhom mu nneɛma ho nkɔmmɔ. Honam fam nneɛma a wobenya no nyɛ ade titiriw mma wɔn. Mmom no, sɛ wɔn nsa ka Kristofo nhoma horow a ɛbɛboa wɔn ma wɔasua Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho ade a, kenkan a wɔbɛkenkan no ba bɛyɛ nea ɛho hia titiriw ma wɔn. Na sɛ wɔne wɔn mfɛfo Kristofo hyiam a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔremma afotu ne fekubɔ a ɛhyɛ nkuran no mu simma biako mpo mpa wɔn ti so.

Nhwɛso foforo a eye ma yɛn nso ne Lot de no. Na Onyankopɔn abɔfo abɔ no kɔkɔ sɛ wɔrebɛsɛe Sodom ne Gomora. Esiane sɛ na Lot wɔ afoforo ho anigye nti, “Lot fii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmabea no kɔkasae sɛ: Monsɔre mfi ha, na [Yehowa] rebɛsɛe kurow yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom no ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.” Nanso Lot ankasa ‘twentwɛn ne nan ase’ na ɛmaa ɔbɔfo no hyɛɛ no sɛ onguan nkɔ baabi a Onyankopɔn begye no nkwa ntɛm ara bere a ɔkaa eyi no, sɛ: “Yɛ ntɛm guan kɔ hɔ, efisɛ merentumi menyɛ hwee gye sɛ woakodu hɔ ansa.”​—Genesis 19: 14, 16, 22.

Ɛnnɛ wiase no abɛyɛ te sɛ Sodom ne Gomora ma enti wɔrebɛsɛe no. Ɛno nti na afoforo a Yehowa Adansefo bɔ wɔn kɔkɔ wɔ saa ɔsɛe a ɛreba a wɔaka ho asɛm asie wɔ Bible no mu no ho yi yɛ ade a ɛho hia wɔn no. So wobɛma hwehwɛ a wobɛhwehwɛ kɔkɔbɔ yi mu no ayɛ ade a ɛho hia wɔ w’asetra mu?

Ahopere a wode bɛhwehwɛ nneɛma a mfaso nni so no remma wunnya hwee na mmom ɛbɛma woadi yaw na woayɛ basaa. Nea eye kɛse sen eyi ne sɛ wubesua Onyankopɔn ne n’atirimpɔw a ɛkyerɛ sɛ ɔde nhyehyɛe foforo bi a emu asetra renyɛ nea ahopere wom bio bɛba no ho ade!​—2 Petro 3:13; Yesaia, 65:17, 21-25; Dwom 37:10, 11.

Mprempren de, sua sɛ wobɛsow aba sen sɛ wobɛyɛ obi a onni adagyew koraa. Na sɛ edu Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho ade a wubesua so a, ntwentwɛn wo nan ase. Ma ɛnyɛ ade a edi kan a ɛho hia wo!

[Kratafa 8 adaka]

Kɔkɔbɔ a Nyansa Wom a Ɛfa Ntɛmpɛ a Enye Ho!

“Nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorotɔ.”​—Mmebusɛm 28:20.

“Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ne ho ne ɛde no kɔ ohia nko mu.”​—Mmebusɛm 21:5.

“Wuhu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.”​—Mmebusɛm 29:20.

“Mma w’ano nyɛ birebire, na wo koma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi, Onyankopɔn anim.”​—Ɔsɛnkafo 5:2.

[Kratafa 7 mfoni]

Bere ho nhyehyɛe a obi nyɛ no yiye ne nneɛma pii ho nhyehyɛe a ɔyɛ na ɛtaa ma apere no ho

[Kratafa 9 mfoni]

Yesu boaa Sakeo ma ɔyɛɛ nneɛma a eye hɔ nhyehyɛe wɔ n’asetra mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena