Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 8/8 kr. 16-17
  • Wo Ntadehyɛ ne W’ahosiesie So Ɛfa Onyankopɔn Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Ntadehyɛ ne W’ahosiesie So Ɛfa Onyankopɔn Ho?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ankorankoro Asɛm
  • “Ani a Ewu Ade ne Adwenemtew”
  • Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Yɛn Ntaadehyɛ Ne Yɛn Ahosiesie Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ahosiesie a Ɛfata Kyerɛ Obu a Yɛwɔ Ma Onyankopɔn
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Ntadehyɛ ne Ahosiesie a Ɛfata
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 8/8 kr. 16-17

Bible No Adwene

Wo Ntadehyɛ ne W’ahosiesie So Ɛfa Onyankopɔn Ho?

“Sɛnea Nsɛmti Ma Yehu Nhoma Mu Nsɛm No, . . . Saa Pɛpɛɛpɛ Na Ɔbarima Anaa Ɔbea Ahosiesie Anaa Ne Ntade Ma Yehu Sɛnea ƆTE.”—Engiresi agorukyerɛwfo Philip Massinger.

WƆ AFEHA a ɛto so abiɛsa Y.B. mu no, asɔre ho nhomakyerɛwfo Titus Clemens hyehyɛɛ mmara tenten pii bi a ɛfa ntadehyɛ ne ahosiesie ho. Wɔbarae sɛ wɔnnhyɛ agude ne ntade a ne bo yɛ den anaa kɔla ahorow wom. Ná ɛnsɛ sɛ mmea de aduru hyɛ wɔn ti nhwi, na saa ara na na ɛnsɛ sɛ “wɔde nneɛma a esum afiri nnaadaa kwan so sra wɔn anim,” kyerɛ sɛ, “ɛnsɛ sɛ wotwiw wɔn anim.” Wɔhyɛɛ mmarima sɛ wonyi wɔn ti nhwi efisɛ “ti nhwi a wɔatwa ma ɛkɔ fam . . . kyerɛ sɛnea ɔbarima anim yɛ duru,” nanso na ɛnsɛ sɛ woyi wɔn abogyesɛ, efisɛ “ɛma wɔde nidi ne osuro ma no sɛ agya.”a

Mfehaha pii akyi no, Protestantni kannifo John Calvin hyɛɛ mmara kyerɛɛ ntade ne kɔla pɔtee a ɛsɛ sɛ n’akyidifo hyɛ. Ná ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ agude yeyɛ wɔn ntade ano nnwow, na na wotumi de ɔbea a osiesie ne ti nhwi “ma ɛtra so” to afiase.

Adwene a ɛkɔ akyiri saa a nyamesom akannifo no nyae mfe no mu no ama nnipa komapafo pii abisa sɛ, So nea mehyɛ fa Onyankopɔn ho ankasa? So ɔmpene so sɛ mɛhyɛ ntade ahorow bi anaasɛ metwiw m’anim? Dɛn na Bible no kyerɛkyerɛ?

Ankorankoro Asɛm

Anigyesɛm ne sɛ, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 8:31, 32 no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, . . . mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” Yiw, na nokware a Yesu kyerɛkyerɛe no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma nnipa ade wɔn ho afi nnesoa a ɛyɛ duru a atetesɛm ne atoro nkyerɛkyerɛ de bae no ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ eyi na ama wɔn a ‘wɔasoa wɔn nnosoa’ no anya ɔhome. (Mateo 11:28) Yesu ne N’agya, Yehowa Nyankopɔn, nyinaa ani nnye ho sɛ wobedi nnipa asetra so akodu baabi a ankorankoro ntumi mfi wɔn pɛ mu nyɛ ade bio na wɔn ankasa ntumi si gyinae wɔ wɔn ankasa nsɛm ho. Yehowa pɛ sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wɔn ho akokwaw a “anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.”—Hebrifo 5:14.

Enti, sɛ ntadehyɛ ho ahwehwɛde pɔtee a ɔde maa Yudafo no wɔ Mose Mmara no mu a na atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛboa wɔn ma wɔada nsow wɔ aman a atwa wɔn ho ahyia no ne wɔn brasɛe nkɛntɛnso ho no da nkyɛn a, Bible no mfa mmara pɔtee bi mma wɔ ntadehyɛ ne ahosiesie anaa nneɛma a wɔde yɛ honam yiye ho. (Numeri 15:38-41; Deuteronomium 22:5) Wɔ Kristofo nhyehyɛe mu no, ntadehyɛ ne ahosiesie gyina nea obi ani gye ho so titiriw.

Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ yɛreka sɛ nea yɛhyɛ no mfa Onyankopɔn ho anaasɛ ‘ogye biribiara tom.’ Nea ɛne no bɔ abira no, Bible no kura akwankyerɛ a ntease wom a ɛda Onyankopɔn adwene fa ntadehyɛ ne ahosiesie ho adi.

“Ani a Ewu Ade ne Adwenemtew”

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ Kristofo mmea “nhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔw anaa sika anaa nhene pa anaa ntade a ɛwɔ bo mu.” Saa ara na Petro tu fo sɛ ‘wɔmmma wɔn ahyehyɛde nnyɛ ɔhonam ani de, mmɛsawɔw ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu.’—1 Timoteo 2:9; 1 Petro 3:3.

So na Petro ne Paulo rekyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo mmea ne mmarima siesie wɔn ho? Dabida! Nokwarem no, Bible ka mmarima ne mmea anokwafo a na wɔde agude anaa nnuhuam siesie wɔn ho ho asɛm. Ansa na Ester rekɔ Ɔhene Ahasweros anim no, ɔde nnuhuam siesiee ne ho yiye. Na wɔde sedaa nnwera atade hyɛɛ Joseph de sika ntweaban guu ne kɔn mu.—Genesis 41:42; Exodus 32:2, 3; Ester 2:7, 12, 15.

Asɛm “adwenemtew” a Paulo de dii dwuma no boa yɛn ma yɛte afotu no ase. Nea Hela asɛmfua no ankasa kyerɛ ne sɛ obi ani so bɛda hɔ anaa obedi ne ho so. Ɛkyerɛ sɛ obi nsusuw ne ho ntra so, na ɔntwe adwene nkɔ ne ho so sɛnea ɛmfata. Bible nkyerɛase foforo kyerɛ saa asɛmfua yi ase “anifere,” “nyansam,” “nea ɛho tew,” anaa “ahohyɛso.” Saa su yi ho hia titiriw ma Kristofo mpanyimfo.—1 Timoteo 3:2.

Enti, sɛ Kyerɛwnsɛm no reka akyerɛ yɛn sɛ yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie nyɛ nea ɛfata a, na ɛrehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkwati ntadehyɛ a ɛbɛhaw afoforo na ɛde ahohorabɔ aba din pa a yɛwɔ ne Kristofo asafo no so. Sɛ́ anka wɔn a wɔfɛre Nyankopɔn bɛma wɔn ahosiesie atwetwe afoforo adwene aba wɔn so no, ɛsɛ sɛ wɔda adwenemtew adi mmom, na wɔde adwene si “komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu” no so. Petro de ba awiei sɛ, eyi “na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.”—1 Petro 3:4; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Kristofo yɛ ‘ahwɛde ma wiase’ no. Ehia sɛ wohu adwene a wɔma afoforo nya, titiriw bere a wɔresusuw hokwan a wɔwɔ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ ho no. (1 Korintofo 4:9; Mateo 24:14) Enti, wɔrempɛ sɛ wɔbɛma biribiara, a wɔn ahosiesie ka ho, apam afoforo afi asɛm a ɛho hia yi tie ho.—2 Korintofo 4:2.

Bere a ahosiesie gu ahorow koraa wɔ mmeae mmeae no, Bible de akwankyerɛ a emu da hɔ na ntease wom ma ankorankoro a ɛbɛboa wɔn ma wɔapaw nneɛma nyansam. Bere tenten a nkurɔfo di nnyinasosɛm ahorow yi so no, Onyankopɔn fi ɔpɛ ne ɔdɔ mu ma obiara kwan sɛ ɔbɛpaw ntadehyɛ ne ahosiesie a n’ankasa pɛ.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔnam Kyerɛwnsɛm no a wokyinkyimii so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma saa anohyeto ahorow yi ayɛ adwuma. Ɛwom sɛ Bible no nka biribi a ɛte saa de, nanso nyamekyerɛfo Tertullian a na ɔwɔ nkɛntɛnso no kyerɛkyerɛe sɛ esiane sɛ ɔbea “na odii kan yɛɛ bɔne, na ɛmaa . . . nnome baa nnipa so nti,” ɛsɛ sɛ mmea yɛ wɔn ho sɛ “Hawa a ɔredi awerɛhow na wɔkyerɛ ahonu.” Nokwarem no, ɔkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea a ne ho yɛ fɛ fi awo mu mpo kata n’ahoɔfɛ so.—Fa toto Romafo 5:12-14; 1 Timoteo 2:13, 14 ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena