Mmofra Bisa Sɛ . . .
‘Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Gye a Megye M’ani no Ho?’
FIDA biara anwummere Pauline (ɛnyɛ ne din ankasa nen) taa kɔ Kristofo nhyiam ase. Ɛwom sɛ na n’ani gye nneɛma a wɔbɔ ho nkɔmmɔ wo hɔ no ho de, nanso na onim sɛ ne mfɛfo sukuufo wɔ apontow ase wɔ saa bere no ara mu.
Pauline ka sɛ, sɛ wɔpɔn nhyiam no a, ɔkɔfa mmofra agorudibea a ɛwɔ kurow no mu hɔ no. Ose: “Esiane sɛ na m’ani gye nnwom a ano yɛ den ne nkanea a ɛresosɔ yerɛwyerɛw no ho nti, mitwa m’ani kɔhwɛ mfɛnsere no mu bere a yɛretwam no na misusuw anigye a wɔrenya no ho.” Ankyɛ biara na ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔne ne mfɛfo begye wɔn ani no bɛyɛɛ ade titiriw wɔ n’asetra mu.
‘So Merehwere Biribi?’
So saa na gye a wubegye w’ani no ho hia titiriw ma wo? Ebia ɛnte saa. Nanso ebia ɛtɔ bere bi a wote nka sɛ worehwere biribi te sɛ Pauline. Ɛte sɛ nea wo nnamfo ne wo mfɛfo sukuufo nyinaa renya anigye kɛse. Na wo nso ɛ? Nea woyɛ bere nyinaa ne sukuu a wokɔ, adwuma a wode ama wo wɔ sukuu sɛ bɛyɛ wɔ fie, ne fie nnwuma. Sɛ w’awofo yɛ Kristofo na wɔhyɛ wo sɛ di Bible mu nnyinasosɛm ahorow akyi a, asetra betumi ayɛ te sɛ nea anohyeto pii wom mpo.
Wopɛ sɛ wohwɛ TV so dwumadi a afoforo nyinaa reka ho asɛm no, nanso w’awofo ka sɛ basabasayɛ wom dodo. Wopɛ sɛ wo ne wo mfɛfo sukuufo binom fi adi, nanso wɔka ho asɛm sɛ ɛyɛ fekubɔ bɔne. (1 Korintofo 15:33) Wopɛ sɛ wotow pon ma wo nnamfo nanso wo Maame ne wo Papa ka sɛ wɔbɛhwɛ apontow no so.
Nanso ebia wɔmmfa anohyeto a ɛte sɛɛ mma wo mfɛfo sukuufo no mu binom. Wɔn awofo ma wɔn kwan anaasɛ wobu wɔn ani gu marijuana a wɔnom, kɔnsɛt a dede kɛse wɔ ase a wɔkɔ, ne aguaman a wɔbɔ mpo no so. Ɛnyɛ sɛ wopɛ sɛ woyɛ nneɛma bɔne yi. Nanso wo kɔn betumi adɔ ahofadi a wo nnamfo wɔ sɛ wɔbɛyɛ nea wɔpɛ no. Wubisa sɛ: ‘Mfomso bɛn na ɛwɔ gye a megye m’ani wɔ bere ne bere mu no ho?’
Onipa—Wɔyɛɛ no sɛ Onnya Asetra mu Anigye
Wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Yɛfo no fam no mfomso biara nni gye a yebegye yɛn ani wɔ bere ne bere mu no ho. Adebɔ di eyi ho adanse. Yɛ aboa bi a wɔfrɛ no otter a odi aforosian wɔ pempe bi a n’ankasa ayɛ so no ho mfonini. Ɔkɔ so di aforosian na ɔde ne ti di kan wura nsu no mu—ɔredi agoru kɛkɛ. Ɛte sɛ nea agoru a ɛyɛ anigye yi mfono aboa ketewa yi. So eyi nyɛ nea ɛkyerɛ wo biribi wɔ Nea ɔyɛɛ abɔde a ɔpɛ agoru yi no nipasu ho?
Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11, NW) Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ n’abɔde ahorow tra ase ara kwa na mmom sɛ wobenya anigye ankasa wɔ asetra mu nso. Ɛsɛ sɛ eyi ba saa titiriw wɔ yɛn nnipa a wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so no fam.—Genesis 1:25, 27.
Enti Onyankopɔn de tumi a ɛbɛma onipa a odi kan, Adam agye n’ani hyɛɛ ne mu. Na ɔnyɛ robɔt kɛkɛ. Saa ara na na ɔnyɛ obi a ontumi nwo mma a ade nkutoo na osua anaasɛ adwuma nkutoo na ɔyɛ. Na ɔwɔ asetra ho anigye ankasa. Esiane eyi nti, Onyankopɔn maa Adam tumi a ɛbɛma watumi ahu nneɛma ahorow, wate nneɛma dɛ, nnyigyei, ne hua ahorow. Ɔsan huu hia a na fekubɔ ho hia Adam ma enti ɔmaa no ɔhokafo a ɔyɛ pɛ.—Genesis 2:18, 23.
Enti ɛnyɛ nea Onyankopɔn de anigye kame mmofra. Ɔnam onyansafo Salomo so kae sɛ: “Mo mmofra, momma mo ani nnye mo mmofraase. Ma w’ani nnye bere a woda so ara yɛ abofra no. Yɛ nea wopɛ na di nea wo koma pɛ akyi.”—Ɔsɛnkafo 11:9, Today’s English Version.
So Biribiara Ye?
Na so eyi kyerɛ sɛ biribiara a yɛde gye yɛn ani no ye? Dabida. Efisɛ bere a Salomo aka asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no akyi no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu mu.” Ampa, Onyankopɔn pɛ sɛ wunya asetra mu anigye kosi ase. Nanso wɔ bere koro no ara mu no, ɔbɛma wabu wo nneyɛe ho akontaa. Salomo toa so sɛ: “Na yi awerɛhow fi wo koma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmofraase ne mmerantebere yɛ ahuhude.”—Ɔsɛnkafo 11:10.
Enti ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu Bible nnyinasosɛm ahorow so sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya anigye. Efisɛ nea ɛma wunya “anigye” nnɛ no taa yɛ nea ɛde ɔhaw ba ɔkyena. Sɛ nhwɛso no, mmofra binom ka sɛ marijuana a wɔnom no yɛ anigye. Nanso ahrawa mu akisikuru anaasɛ amemene no ho a ɛka no nyɛ anigye; saa ara na nea efi aguamammɔ mu ba—nyinsɛn ne nyarewa a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu—no, nyɛ anigye.a Nanso ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛn werɛ befi eyi na yɛafi ase ama yɛn kɔn adɔ ahofadi a ɛte sɛ nea mmofra binom wɔ no.
Bere bi no, odwontofo no tee nka saa. Ɔkae sɛ: “Na metwee ahupofo ho ninkunu efisɛ mihuu abɔnefo yiye a wodi no.” N’adwenem fii ase yɛɛ no naa mpo wɔ trenee nnyinasosɛm a ɔde bɛtra ase no ho. Ɔkae sɛ: “Ampa ara, matew me koma ho kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa.” Nanso afei onyaa nhumu bi a ɛkanyan no: Nsɛmmɔnedifo “gyina nea ɛhɔ yɛ toro” ankasa—asiane bɛsiane wɔn! (Dwom 73:3, 13, 18) Akyinnye biara nni ho sɛ wonya Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow a wobu so no ho asotwe.
Pauline nso huu eyi—wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so. Ɔpɛ a onyae sɛ obegye n’ani no bukam no so. Enti ogyaee Kristofo nhyiam kɔ na ɔfaa mmofra a wɔhwehwɛ anigye nnamfo. Efi hɔ no, n’abrabɔ sɛee. “Mihui sɛ mereyɛ nneɛma ahorow a enye a wɔde kɔkɔbɔ ama me wɔ ho no nyinaa.” N’abrabɔ bɔne no ma wɔkyeree no mpo na wɔde no kɔɔ mmofra bɔne sukuu! Nanso sɛ otiee Salomo kɔkɔbɔ a ese “ma adebɔne mpare wo honam” no a, anka obekwati awerɛhow yi nyinaa.
Kari a Wubekari Pɛ
Eyi nti na w’awofo de anohyeto ahorow ma wo no. Ɛnyɛ sɛ wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔremma wunnye w’ani. Mmom no, wɔpɛ sɛ ‘wuyi awerɛhow fi wo koma mu’ na wukwati ɔhaw ahorow a emu yɛ den. Nanso ‘awerɛhow a wubeyi’ no kyerɛ pii sen nneyɛe bɔne a wubekwati ara kwa. Ɛkyerɛ nso sɛ wode nneɛma a ɛho hia titiriw no bedi kan. Salomo kae sɛ: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ . . . osu wɔ ne bere, na ɔserew wɔ ne bere; nkɔmmɔdi wɔ ne bere na asaw wɔ bere.”—Ɔsɛnkafo 3:1, 4.
Yɛte wiase a wɔde anigyede di biribiara anim mu. Nhoma a ɛfa ɔkwan a wɔfa so di gua ho no ka nea wɔfrɛ no Anigye Ho Nkyerɛkyerɛ Foforo No ho asɛm: “Woyi su titiriw bi adi wɔ tra a wɔbɛtra asase ama nnɛ na ɛnyɛ daakye no ho; wɔ anigye a wobenya mprempren na ɛnyɛ akyiri yi mmom no mu. Nkurɔfo pɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra mprempren na nnwuma ahorow a ɛma wonya nneɛma a ɛma wɔn a wɔtɔ no nya kwan yɛ eyi no adi yiye kɛse.” Bible no hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no bɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede.”—2 Timoteo 3:1, 4.
Ɛwom, Kristoni bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ so akari pɛ. Anigyede ahorow no te sɛ atomde ahorow a ahoɔden wom. Ɛma aduan yɛ dɛ kɛse. Nanso so ɛnonom na wubedi sɛ aduan ankasa? (Fa toto Mmebusɛm 24:13 ne 25:27 ho.) Mmofra pii bɔ wɔn bra denam anigyede ahorow pii a wɔde wɔn ho hyem no so. Nea efi mu ba taa yɛ anigye a ɛma wɔyɛ basaa. Salomo kae sɛ: “Na biribiara a m’aniwa hwehwɛ no, mankame no; mansiw me koma anigye biara ho kwan . . . na hwɛ ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.”—Ɔsɛnkafo 2:10, 11.
Dabi, asetra nnyina anigye ahorow nkutoo so. Yesu Kristo maa anigyede traa n’afã. Bible no ka sɛ ɔkɔɔ ayeforohyia bi ase wɔ Kana. Na aduan, nnwom, asaw ne fekubɔ a ɛhyɛ nkuran ka apontow ahorow a ɛte sɛɛ ho. Yesu maa ayeforohyia apontow no tumi yɛɛ yiye mpo denam bobesa a ɔnam anwonwa kwan so de mae no so. (Yohane 2:3-11) Na onim sɛnea obetumi anya anigye.
Nanso na ɛnyɛ bere nyinaa na Yesu kɔ apontow ase. Ɔde ne bere mu fã kɛse dii honhom mu nneɛma akyi na ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo Onyankopɔn apɛde. Ɔkae sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me ne apɛde, na mawie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Onyankopɔn apɛde a Yesu yɛe no ma onyaa anigye kɛse a enni awiei sen biribi foforo a ɔyɛe wɔ bere tiaa mu no.
Bere a Pauline de ne ho hyɛɛ wiase no nneyɛe mu akyi no, ɔyɛɛ nsakrae kɛse wɔ n’asetra mu. Ɔno nso huu anigye a ɛwɔ koma nyinaa mu a wobefi ayɛ Onyankopɔn apɛde no. Mprempren ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde anigyede bɛto n’afã. Na bere a anigyede ho hia na ɛfata no nso ɛ? Nneɛma a wubetumi ayɛ wɔ saa bere no mu ne nea ɛwɔ he? Nea ɛbɛba akyiri yi bɛka eyi ho asɛm.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ January 8, 1986 Nyan! mu asɛm a ɛne “So Marijuana Nom Betumi Asɛe M’akwahosan?” no.
[Kratafa 17 mfoni]
So mmofra a wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma ntumi nnye wɔn ani?