Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 9/15 kr. 3-7
  • Ahiafo a Wɔyɛ Adefo—Ɛbɛyɛ Dɛn na Atumi Ayɛ Yiye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahiafo a Wɔyɛ Adefo—Ɛbɛyɛ Dɛn na Atumi Ayɛ Yiye?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete Anokwafo
  • Nokwaredi Mu a Wokura
  • Adwenemhaw a Wɔko Tia
  • Tumi a Mpaebɔ Wɔ
  • Bible Adesua So Mfaso
  • Mmofra a Wɔtete Wɔn Ma Daa Nkwa
  • Ɔma Honhom
  • Nsiyɛ Honhom a Wɔda no Adi
  • Yehowa Wowaw Ne Nkurɔfo
  • Mmere Pa wɔ Yɛn Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Sɛnea Wubegyina Abrabɔ Mu Asɛnnennen A Ɛne Ohiani A Woyɛ No Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ohia Awiei Abɛn
    Nyan!—1998
  • Ɛnkyɛ, Obiara Renni Hia!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 9/15 kr. 3-7

Ahiafo a Wɔyɛ Adefo—Ɛbɛyɛ Dɛn na Atumi Ayɛ Yiye?

Mfehaha pii a atwam ni no, onyansafo bi bɔɔ mpae sɛ mma onni hia. Dɛn nti na ɔsrɛɛ saa? Efisɛ na osuro sɛ ohia bɛma wada su ne nneyɛe bi a ɛbɛma ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho aba asɛm adi. Eyi da adi wɔ ne nsɛm yi mu: ‘Ma minnya m’aduan a ehia me no minni; na manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.’—MMEBUSƐM 30:8, 9.

SO EYI kyerɛ sɛ ohiani ntumi nsom Onyankopɔn wɔ nokwaredi mu? Ɛnte saa koraa! Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa Nyankopɔn asomfo pii akura wɔn mudi mu ɛmfa ho ahokyere a ohia de ba no. Na Yehowa nso dɔ wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no, na ɔma wɔn wɔn ahiade.

Tete Anokwafo

Ɔsomafo Paulo ankasa dii hia mmere bi. (2 Korintofo 6:3, 4) Afei nso ɔkaa adansefo ‘mununkum kɛse’ bi a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba a wɔn mu binom ‘kyinii nguanten ne mmerekyi nhoma mu, ehiaa wɔn, wokyinkyinii sare so ne mmepɔw so, abodan ne asase so atu mu’ ho asɛm.—Hebrifo 11:37, 38; 12:1.

Saa anokwafo yi mu biako ne odiyifo Elia. Bere a ɔkɔm bi sii mfe abiɛsa no, Yehowa maa no aduan daa. Nea edi kan no, Nyankopɔn maa nkwaakwaadabi brɛɛ no abodoo ne nam. (1 Ahene 17:2-6) Akyiri yi, Yehowa nam anwonwakwan so amma asikresiam ne ngo a na ɔbea kunafo bi de bɛma Elia no ase antu. (1 Ahene 17:8-16) Ná ɛnyɛ aduan a edi mu biara, nanso ɛwowaw odiyifo no, ɔbea no, ne ne babarima.

Saa ara na Yehowa wowaw odiyifo nokwafo Yeremia, bere a na sikasɛm mu ayɛ den no. Yeremia nyaa ne ti didii mu wɔ ntua a Babilonfo de baa Yerusalem so, bere a na nkurɔfo di “abodoo nkarii so ne nkɔmmɔdi mu” no. (Hesekiel 4:16) Bere kɔɔ so no, ɔkɔm no ano bɛyɛɛ den wɔ kurow no mu araa ma, mmea bi wee wɔn ankasa mma nam. (Kwadwom 2:20) Ɛwom sɛ na Yeremia da afiase esiane akokoduru a ɔde kaa asɛm nti de, nanso Yehowa hwɛ hui sɛ wɔbɛma no “abodoo sebɔw” daa “kosii sɛ abodoo nyinaa sãe kurow no mu.”—Yeremia 37:21.

Enti, te sɛ Elia no, Yeremia nyaa biribi koraa dii. Kyerɛwnsɛm no nka nea Yeremia dii anaa bere dodow a odidii, bere a abodoo sae wɔ Yerusalem no ho asɛm nkyerɛ yɛn. Nanso yenim sɛ Yehowa wowaw no, ne sɛ onyaa ne ti didii mu wɔ ɔkɔm bere a na ano yɛ den no mu.

Ɛnnɛ, ohia wɔ wiase mmaa nyinaa. Sɛnea Amanaman Nkabom no kyerɛ no, Afrika na ohia wɔ kɛse. UN amanneɛbɔ bi kae wɔ 1996 sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, Afrikafo mu fã di hia.” Ɛmfa ho sikasɛm tebea a ɛkɔ so yɛ den no, Afrikafo pii de Bible nnyinasosɛm ahorow redi dwuma wɔ wɔn asetra mu, na wɔde nokwaredi resom Nyankopɔn, a wɔwɔ ahotoso sɛ ɔbɛwowaw wɔn. Susuw nhwɛso ahorow bi a efi yɛn wiase a ahaw yi fã bi ho hwɛ.

Nokwaredi Mu a Wokura

Michaela a ɔte Nigeria no yɛ okuafo a mmofra baasia gu ne so. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wubedi nokware bere a wunni sika a wode bɛhwɛ w’abusua no. Nanso sɛ biribi sɔ me nokwaredi hwɛ a, mekae Efesofo 4:28 a ɛka sɛ: ‘Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa,’ no. Enti sɛ mekɔ sɔhwɛ mu a, mibisa me ho sɛ, ‘So mayɛ sika yi ho adwuma?’”

Michael de ka ho sɛ: “Sɛ nhwɛso no, da bi a na menam no, mihuu bag bi sɛ afi moto so atɔ fam. Mantumi annyina nea ɔte so no, enti mefaa bag no hui sɛ sika ahyɛ mu ma! Bere a mede krataa a ɔde da ne ho adi a ɛhyɛ bag no mu dii dwuma no, mihuu ne wura no, na mesan de bag no maa no.”

Adwenemhaw a Wɔko Tia

Ɔbarima bi a ɔwɔ Afrika Kusuu fam kae sɛ: “Ohia te sɛ nea wɔde wo ato amena donkudonku bi mu a wutumi hu hann ne nkurɔfo sɛ wɔnenam hɔ, nanso wuntumi nteɛm sɛ obi mmegye wo anaasɛ ɔmma wo antweri a wode bɛforo afi mu.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ mpɛn pii no, ohia de adwenemhaw ne abasamtu ba! Ebia Onyankopɔn asomfo behu afoforo ahonyade na wɔafi ase asusuw sɛ nokwaredi a wɔde bɛtra ase ho nni mfaso. (Fa toto Dwom 73:2-13 ho.) Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi adi nsusuwii a ɛte saa so?

Bere a Peter a ofi Afrika Atɔe fam ayɛ aban adwuma mfe 19 akyi no, wɔmaa ogyaee adwuma kɔɔ fie. Mprempren, pɛnhyen sika ketewaa bi na ogye de hwɛ ne ho. Peter ka sɛ: “Sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ m’abam bu a, mekaakae nea makenkan wɔ Bible mu ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma horow mu no. Nhyehyɛe bɔne yi rebetwam, na yɛretwɛn nhyehyɛe papa.

“Afei nso, misusuw 1 Petro 5:9 a ɛka sɛ: ‘Momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw Ɔbonsam kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu’ no ho. Enti ɛnyɛ me nko na merehu amane. Nkaesɛm yi boa me ma mebɔ nsusuwii a ebu abam na ɛma adwenemhaw no gu.”

Peter de ka ho sɛ: “Sɛ ɛno da nkyɛn a, bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ anwonwade pii nanso wamma obiara annya ne ho honam fam. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mehwɛ kwan sɛ ɔbɛma manya me ho?”

Tumi a Mpaebɔ Wɔ

Yehowa Nyankopɔn a yɛbɛbɛn no wɔ mpaebɔ mu no ne ɔkwan foforo a yɛbɛfa so ako atia adwemmɔne. Bere a Mary bɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako wɔ 1960 mu no, n’abusua poo no. Mprempren wadi mfe 50 ne akyiri na ɔnwaree, onni ahoɔden ne ahode pii. Nanso, ɔyɛ nsi wɔ Kristofo som adwuma no mu.

Mary ka sɛ: “Sɛ m’abam bu a, mekɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu. Minim sɛ obiara ntumi mmoa me nsen ɔno. Mahu sɛ sɛ wode wo ho to Yehowa so a, ɔboa wo. Bere nyinaa mekae Ɔhene Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 37:25 yi: ‘Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.’

“Afei nso, minya nkuranhyɛ fi honhom fam anuanom mmarima ne mmea suahu ahorow a wɔka wɔ Ɔwɛn-Aban mu no mu. Yehowa Nyankopɔn boaa wɔn, enti minim sɛ ɔbɛkɔ so aboa me nso. Ohyira m’adwuma ketewa a meyɛ, fufu a metɔn no so, na minya nea mede twitwa me ho da biara da. Sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ minni sika biara na minhu nea menyɛ a, Yehowa soma obi ma ɔbɛkyɛ me ade ka sɛ, ‘Me nuabea, gye eyi bɔ wo ho.’ Yehowa nnii me huammɔ da.”

Bible Adesua So Mfaso

Yehowa Adansefo nim mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, sua so, na wɔn mu ahiafo no nso nim no saa. John a wadi mfe 60 no som sɛ ɔkwampaefo (bere nyinaa Ahenni sɛnkafo) ne asafo mu somfo. Ɔte adangow abansoro bi a ɛtoa so abien a mmusua 13 na ɛte mu mu. Ɔte fam dan no abrannaa a wɔde ntaboo akyem fã bi mu. Nkongua dedaw abien ne ɔpon bi a wahyehyɛ Bible adesua mmoa nhoma tenteenten wɔ so na ɛwɔ mu. Ɔda kɛtɛ so.

John nya bɛyɛ dɔla biako da biara fi paanoo a ɔtɔn mu, nanso bere a wɔbaraa awi a wɔkra no, ɔkwan a ɔnam so nya n’asetrade yi bɔɔ no. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, nneɛma mu tumi yɛ den paa ma me, nanso mekɔ so yɛ akwampae adwuma. Ɛyɛ Yehowa na ɔwowaw me. Adwuma biara a minya no meyɛ, na memfa me ho nto obiara so mfa nhwehwɛ mmoa anaa aduan, ɛwom sɛ anuanom a wɔwɔ asafo no mu no boa me de. Wɔboa me ma mehwehwɛ adwuma, na ɛtɔ mmere bi a, wɔkyɛ me sika.

“Migye bere de kenkan Bible ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma horow. Misua ade ahemadakye bere a ofie hɔ ayɛ dinn no, na mekenkan ade anadwo biara a yɛwɔ anyinam nkanea no. Minim sɛ ɛsɛ sɛ mekɔ so yɛ me kokoam adesua.”

Mmofra a Wɔtete Wɔn Ma Daa Nkwa

Daniel yɛ ɔbarima kunafo a ɔwɔ mma baasia. Wɔ 1985 mu no, n’adwuma a ɔde mfe 25 ayɛ no fii ne nsa, nanso onyaa adwuma sɛ ɔdetɔnfo. Ɔka sɛ: “Asetra yɛ den ma abusua no wɔ sika fam. Mprempren yetumi didi pɛnkoro pɛ da biara. Bere bi yɛannidi nnansa. Nsu nko na yɛnom de traa ase.”

Daniel som sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu. Ɔka sɛ: “Kristofo nhyiam mpa me ti so da, na meyɛ pii wɔ teokrase dwumadi ahorow mu. Bere biara a adwuma bi bɛsɔre wɔ Ahenni Asa ho no, mehwɛ hu sɛ ɛrempa me ti so. Na sɛ tebea no mu yɛ den a, mekae Petro nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yesu a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 6:68 yi: ‘Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ?’ Sɛ migyae Yehowa som a, ɛhefa na mɛkɔ? Paulo nsɛm a ɛwɔ Romafo 8:35-39 no nso hyɛ me den, efisɛ, ɛkyerɛ sɛ biribiara ntumi ntetew yɛne Onyankopɔn ne Kristo dɔ mu. Eyi ne su a mede dua me mma mu. Meka kyerɛ wɔn daa sɛ ɛnsɛ sɛ yegyae Yehowa akyidi da.” Daniel nsiyɛ ne abusua Bible adesua a ɔyɛ daa no anya ne mma so nkɛntɛnso pa.

Ɔma Honhom

Ebia obi besusuw sɛ wɔn a wodi hia buruburoo no ntumi nyi ntoboa mfa mma Ahenni nneɛma nnya nkɔso. Nanso ɛnte saa. (Fa toto Luka 21:1-4 ho.) Adansefo bi a wɔwɔ Ghana a wɔn adwuma titiriw ne mfikyifuw no twa wɔn asase a wɔyɛ so adwuma no bi ma wɔyɛ so adwuma de boa ma Onyankopɔn Ahenni nneɛma nya nkɔso. Sɛ wɔtɔn asase no so nnɔbae a, wɔde sika no di saa atirimpɔw no nkutoo ho dwuma, a nea ɛka ho ne ntoboa a woyi wɔ ɛhɔnom Yehowa Adansefo Ahenni Asa so.

Joan a ɔte Afrika Mfinimfini fam no yɛ ɔkwampaefo. Nea ɛbɛyɛ na ɔbɛhwɛ ne kunu a wadwudwo ne afoforo baanan no, ɔtɔn paanoo. Bere a na asafo a ɔwom no hia benkyi wɔ wɔn Ahenni Asa so no, Joan abusua no sii gyinae sɛ wɔde sika a wɔwɔ wɔ fie no nyinaa bɛma. Ɛno maa wɔn ho sika sae. Nanso ade kyee no, obi a na wɔnhwɛ no kwan betuaa ne ka dedaw bi a na akyɛ yiye, maa wɔn nsa kaa sika a na wɔn ani nna so da sɛ wɔn nsa bɛka no!

Joan ani gye, na ɔnnwen sika ho sɛnea ɛnsɛ. “Meka me tebea ho asɛm kyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu, na afei mifi adi kɔ asɛnka. Yenim sɛ yiyedi ho anidaso biara nni hɔ wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu. Nanso, yenim sɛ Yehowa bɛma yɛn nsa aka yɛn ahiade.”

Nsiyɛ Honhom a Wɔda no Adi

Wɔde ɔdɔ a Yehowa Adansefo wɔ ma wɔn ho wɔn ho na ehu wɔn. (Yohane 13:35) Wɔn a wɔwɔ sika no boa wɔn mfɛfo Kristofo a ahia wɔn no. Mpɛn pii no, ɛyɛ adekyɛ, na ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ adwuma a wɔma wonya yɛ.

Mark a ɔte Congo no yare kwata. Asɛe ne nansoaa ne ne nsateaa. Enti ɔde dua hyɛ ne mmɔtoam na ɛnantew. Bere a Mark sii gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa no, ofii ase yɛɛ nsakrae atitiriw wɔ n’asetra mu. Sɛ́ anka ɔbɛsrɛsrɛ ade sɛnea na ɔyɛ kan no, ofii ase yɛɛ n’ankasa afuw. Afei nso, otwaa ntayaa tɔnee.

Ɛmfa ho ne nipadua mu mmerɛwyɛ no, Mark kɔɔ so de nsi yɛɛ adwuma. Bere kɔɔ so no, ɔtɔɔ asase bi sii dan wɔ so. Ɛnnɛ, Mark som sɛ asafo mu panyin, na wobu no yiye wɔ kurow a ɔte mu no mu. Mprempren ɔboa afoforo a ahia wɔn.

Ɛwom, adwuma ho yɛ na wɔ mmeae pii. Kristoni panyin bi a ɔsom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea horow a ɛwɔ Afrika Mfinimfini fam no biako kyerɛwee sɛ: “Anuanom a wɔwɔ ha no mu pii nni adwuma. Ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ankasa nnwuma, nanso eyi nna fam. Pii ayɛ wɔn adwene sɛ esiane sɛ wɔrennya ahotɔ, ɛmfa ho nea wɔbɛyɛ biara nti no, wɔde honam fam nneɛma bɛbɔ afɔre ayɛ akwampaefo. Wɔ saayɛ mu no, pii hu sɛ wonya nhyira pii sen sɛ anka wɔwɔ nnwuma a akatua no sua anaasɛ wontua ka mu.”

Yehowa Wowaw Ne Nkurɔfo

Yesu Kristo kaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw; na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.” (Luka 9:58) Saa ara na ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛde besi dɔn yi mu, ɔkɔm ne sukɔm de yɛn, na yɛda adagyaw, na wɔboro yɛn, na yenni baabi te.”—1 Korintofo 4:11.

Yesu ne Paulo nyinaa anhwehwɛ ahonyade pii sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ wɔn som adwuma akosi ase. Nnɛyi Kristofo pii di hia esiane sɛ wontumi nyɛ tebea no ho hwee nti. Nanso, wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma wɔ wɔn asetram, na wɔde nsiyɛ som Onyankopɔn. Wonim sɛ Yehowa dɔ wɔn yiye bere a wohu nokware a ɛwɔ Yesu nsɛm a ɛma awerɛhyem yi mu no: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom [honam fam nneɛma] bɛka mo ho.” (Mateo 6:25-33) Bio nso, Onyankopɔn asomfo a wɔyɛ ahiafo yi wɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ ‘Yehowa nhyira—na ɛyɛ ɔdefo.’—Mmebusɛm 10:22.

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛde din afoforo na adi dwuma wɔ nsɛm yi mu.

[Kratafa 6 adaka]

Henanom na Wɔyɛ “Asɛm no Yɛfo”?

SƐNEA 1994 Gallup nhwehwɛmu kyerɛ no, Amerikafo ɔha biara mu nkyem 96 “gye Onyankopɔn anaa honhom bi a odi amansan nyinaa so di.” Afei nso U.S.News & World Report kae sɛ: “Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, asɔre bebree wɔ United States sen ɔman foforo biara a ɛwɔ Asase so.” Nyamesom ho anigye a ɛte saa nyinaa akyi no, nhwehwɛmufo George Gallup kumaa ka sɛ: “Nokwasɛm ankasa no ne sɛ, Amerikafo dodow no ara nnim nea wogye di anaa nea enti a wogye di.”

Akontaabu nso kyerɛ sɛ nsonsonoe kɛse da nnipa bebree nyamesom mu gyidi ne wɔn nneyɛe ntam. Sɛ nhwɛso no, nhoma kyerɛwfo Jeffery Sheler ka sɛ: “Nnipa asetra ho animdefo da no adi sɛ ɔman no mu mmeae bi a wodi nsɛmmɔne wɔ hɔ kɛse paa no ara ne mmeae a wɔda nyamesom mu gyidi ne nneyɛe adi kɛse paa.”

Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. Dɛn ntia? Efisɛ efi afeha a edi kan no mu tɔnn na ɔsomafo Paulo bɔɔ mfɛfo Kristofo kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ wɔn a “wɔka sɛ wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no” no ho. (Tito 1:​16) Afei nso, Paulo ka kyerɛɛ aberantewaa Timoteo sɛ nnipa a “wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden” bɛyɛ “nna a edi akyiri” no sɛnkyerɛnne.​—2 Timoteo 3:​1, 5.

Nanso, nokware Kristofo yɛ nea wobetumi nyinaa de di Yesu Kristo ahyɛde a ɛse “monkɔ nkɔyɛ amanaman ­nyinaa m’asuafo” no so. (Mateo 28:19) Wɔnam saa kwan yi so ‘yɛ asɛm no yɛfo, na ɛnyɛ atiefo nko.’​—Yakobo 1:​22.

[Kratafa 7 mfonini]

Nnipa a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa nim mfaso a ɛwɔ Bible adesua so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena