Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 4/8 kr. 16-18
  • So Metumi Abɔ Mmɔden Asen Nea Meyɛ Wɔ Sukuu Mu No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Metumi Abɔ Mmɔden Asen Nea Meyɛ Wɔ Sukuu Mu No?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ebinom Nyere Wɔn Ho
  • Nkuranhyɛ a Wubenya
  • Nya Adesua Ho Su Pa
  • Nya Adwempa
  • Nkɔso a Wubenya Ɛmfa Ho Nsɛnnennen
  • Nneɛma a Ɛboa Ma Wonya Nhomasua Papa
    Nyan!—1996
  • So Ɛsɛ Sɛ Mekɔ Sukuu?
    Nyan!—1984
  • Siesie Wo Ho Honhom Mu Ma Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Sukuu Adesua Mu Mmɔdenbɔ ho hia Dɛn?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 4/8 kr. 16-18

Mmofra Bisa Sɛ . . .

So Metumi Abɔ Mmɔden Asen Nea Meyɛ Wɔ Sukuu Mu No?

“Sɔhwɛ mu mmɔdenbɔ ho hia m’awofo sen biribiara. ‘Wutwaa sɛn wɔ akontaabu ho sɔhwɛ mu? Wutwaa sɛn wɔ Engiresi kasa ho sɔhwɛ mu?’ Mikyi saa!”—Sam a wadi mfe 13.

ƐNYƐ Sam nkutoo na ɔwɔ ɔhaw yi mu. Nokwarem no, “Could Do Better” (Wubetumi Abɔ Mmɔden Asen Saa) nhoma no akyerɛwfo kyerɛwee sɛ: “Yennya nhyiaa ɔwofo a osusuw sɛ mmɔden a ne ba betumi abɔ wɔ sukuu mu ara na ɔrebɔ no.” Nanso mmofra pii te sɛ Sam te nka sɛ wɔn awofo rehyɛ wɔn dodo wɔ nkɔso a wobenya wɔ sukuu adesua mu ho—ebia wɔpɛ sɛ wɔkyɛn so mpo. Wobetumi ahyia nhyɛso foforo wɔ sukuu dan mu. Abofra bi a wadu mpanyin afe so ka sɛ: “Akyerɛkyerɛfo ntɔ wɔn bo ase koraa. Wɔpɛ sɛ wokae nneɛma amonom hɔ ara, na sɛ woankae a, wɔma wo te nka sɛnea wunnim nyansa. Enti menka hwee.”

Wɔtaa ka sɛ mmofra a wontumi nnu nea wɔn awofo ne wɔn akyerɛkyerɛfo hwehwɛ ho no nyere wɔn ho. Na ɛkame ayɛ sɛ sukuufo nyinaa nyere wɔn ho wɔ wɔn sukuukɔ bere bi mu. Dɛn ntia? Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛnyɛ bere nyinaa na efi akwadworɔ ne ade a wontumi nsua.a

Nea Enti a Ebinom Nyere Wɔn Ho

Ampa, ɛdefa sukuu adesua ho no, mmofra bi wɔ hɔ a ɛte sɛ nea wɔn ani gye nea wotumi yɛ biara ho. Herman a wadi mfe 15 no ka sɛ: “Sɛ kakra na metumi ayɛ na mafa mu a, meyɛ saa.” Nanso, nokwarem no, ɛnyɛ saa mmofra yi nyinaa na wɔyɛ anibiannaso wɔ adesua ho. Ebetumi aba sɛ wɔn ani na ennye adesua bi ho. Afei nso ebinom wɔ hɔ a wonhu mfaso biara a ɛwɔ nea wɔresua no so. Reuben a wadi mfe 17 ka no saa kwan yi so sɛ: “Adesua ahorow bi wɔ hɔ a migye di sɛ sɛ miwie sukuu a memfa nyɛ hwee bio.” Ɛnyɛ den sɛ obi ani a ennye biribi ho anaa nkuranhyɛ a onnya betumi ama wayɛ obi a ɔnyere ne ho wɔ ne yɛ mu.

Nneɛma foforo wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔkyerɛkyerɛni bi nto ne bo ase wɔ adekyerɛ mu a, w’abam bebu. Sɛ ɔkyerɛ ade nyaa a, w’ani bɛhaw. Atipɛnfo nhyɛso nso betumi anya sɛnea woyere wo ho wɔ sukuu mu no so tumi. Kids Who Underachieve (Mmofra a Wɔnyere Wɔn Ho) nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ abofra bi a waben wɔ adesua mu pɛ sɛ n’atipɛnfo a wɔmmɔ mmɔden gye no tom a, ebia ɛbɛhyɛ no ma wabɛyɛ obi a ɔnyere ne ho.” Enti abofra bi a wadu mpanyin afe so kae sɛ bere a na ɔyere ne ho wɔ sukuu mu wɔ ne mmofraase no, na afoforo ani bere no, na na wodi ne ho fɛw. Yiw, abofra bi betumi ahu nokware a nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 14:17, NW mu no yɛ: “Wɔtan ɔbadwemma.”

Ɛtɔ mmere bi a, nneɛma pii na ɛmma ebinom nyere wɔn ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, mmofra bi nyin a wonni wɔn ankasa ho adwempa. Eyi tumi ba bere a wɔtoto abofra bi din atirimɔden so bere nyinaa te sɛ nyaanyaa, ɔkwasea, anaa ɔkwadwofo no. Nea ɛyɛ yaw no, abofra no tumi bɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Sɛnea oduruyɛfo bi kaa no no, “sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ woyɛ ɔsotifo na wugye di a, wobɛyɛ w’ade saa ara.”

Mpɛn pii no, adwempa na awofo ne akyerɛkyerɛfo de piapia wɔn. Nanso, ɛno mpo no, mmofra betumi ate nka sɛ wɔhwehwɛ nea ɛkyɛn so fi wɔn hɔ. Sɛ ɛte saa wɔ wo fam a, nya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ nea w’awofo ne w’akyerɛkyerɛfo reguan wo ho. Ebia wɔpɛ sɛ woyɛ nea wubetumi nyinaa. Nanso, saa a wobɛyɛ no ho adwennwen betumi ama woate nka sɛ nea worepa abaw. Nanso mpa abaw: Wubetumi abɔ mmɔden wɔ sukuu mu.

Nkuranhyɛ a Wubenya

Nea edi kan ne sɛ wubenya nkuranhyɛ! Sɛ wubetumi anya nkuranhyɛ a, ɛsɛ sɛ wuhu atirimpɔw a ɛwɔ nea woresua no mu. Bible ka sɛ: “Ɛsɛ nea ofuntum asase no sɛ ofuntum no anidaso so, na nea ɔporow aburow no yɛ no anidaso so, sɛ obenya mu bi.” (1 Korintofo 9:10) Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wubehu “ofuntum” so mfaso wɔ adesua ahorow bi mu. Sɛ nhwɛso no, ebia wobɛka sɛ, ‘Mepɛ sɛ meyɛ kɔmputa ho dwumayɛni. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ misua abakɔsɛm?’

Ampa, ɛnyɛ biribiara a wusua wɔ sukuu no na ɛbɛyɛ sɛ nea mfaso wɔ so—sɛ ɛbɛyɛ biribi koraa a, ɛnyɛ seesei. Nanso bɔ mmɔden hwɛ ade kɔ akyiri. Nhomasua a ɛma wusua nneɛma pii ho ade no bɛma ntease a wowɔ wɔ nneɛma a atwa wo ho ahyia ho no atu mpɔn. Yehowa Adansefo mmofra pii ahu sɛ nhomasua a ɛma wosua nneɛma pii ho ade no aboa wɔn ma ‘wɔabɛyɛ ade nyinaa ama nnipa ahorow nyinaa,’ na ama wɔatumi adannan wɔn nsɛm mu bere a wɔka Ahenni asɛm kyerɛ nnipa ahorow nyinaa no. (1 Korintofo 9:22) Sɛ ɛte sɛ nea mfaso nni ade bi a musua so mpo a, sɛ wusua no yiye a wubenya so mfaso. Anyɛ yiye koraa no, ɛbɛma wo ‘nimdeɛ’ adɔɔso, ade a awiei koraa no, ɛso bɛba wo mfaso.—Mmebusɛm 1:1-4.

Sukuu nso betumi aboa ma wo dom akyɛde a ahintaw ada adi. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: ‘Nyan Onyankopɔn dom akyɛde a ɛwɔ wo mu no.’ (2 Timoteo 1:6) Ɛda adi sɛ na wɔapaw Timoteo ama ɔreyɛ adwuma titiriw bi wɔ Kristofo asafo no mu. Nanso na ɛsɛ sɛ osiesie ɔdom akyɛde a Onyankopɔn de ama no—‘n’akyɛde’—no, anyɛ saa a na ɛbɛda hɔ asɛe kwa. Nokwarem no, Onyankopɔn amfa nhomasua mu mmɔdenbɔ a wowɔ no amma wo tee te sɛ Timoteo akyɛde no. Nanso, mmɔdenbɔ a wowɔ—sɛ́ ɛyɛ adwinni, nnwonto, akontaabu, nyansahu, anaa biribi foforo mu no—som bo ma wo, na sukuu betumi aboa ma woahu akyɛde ahorow a ɛte saa no, na woahwɛ ama atu mpɔn.

Nya Adesua Ho Su Pa

Nanso, sɛ wubenya sukuu so mfaso pii a, ebehia sɛ wunya adesua ho nhyehyɛe pa. (Fa toto Filipifo 3:16 ho.) Yɛ bere nhyehyɛe a ɛfata a ɛbɛma woatumi asua nneɛma pii, nanso gye bere fa home sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi anya ahoɔden. Sɛ akenkan ka w’adesua no ho a, nea edi kan no, hwɛ mu na woatumi ahu n’ani so. Nea edi hɔ no, bisa nsɛm bi a egyina nsɛmti ahorow so. Afei kenkan, na hwehwɛ wo nsɛmmisa no ho mmuae. Nea edi akyiri koraa no, hwɛ sɛ wubetumi afi wo tirim aka nea woasua no a.

Fa nea wusua toto nea wunim dedaw no ho. Sɛ nhwɛso no, nyansahu ho adesua betumi ayɛ ɔkwan a wobɛfa so ‘ahu Onyankopɔn su ahorow a wonhu no pefee.’ (Romafo 1:20, NW) Abakɔsɛm betumi aboa wo ma woahu sɛnea asɛm yi yɛ nokware: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Sɛ wusua ade a, ɛda adi sɛ wubehu sɛ adesua bɛyɛ mmerɛw—ɛbɛyɛ anigye kɛse mpo! Salomo kae sɛ: “Nimdeɛ nyɛ nhumufo nyanã.”—Mmebusɛm 14:6.

Nya Adwempa

Nanso, ɛtɔ mmere bi a, yere a obi nyere ne ho no gyina nnamfo a ɔpaw so. So wo nnamfo yɛ wɔn a wɔhyɛ nkɔso ho nkuran, anaa wɔn ankasa yɛ nkurɔfo a wɔnyere wɔn ho? Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Enti paw w’ayɔnkofo nyansam. Ɛne wɔn a wɔwɔ sukuu ho adwempa mmɔ. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wo ne wo kyerɛkyerɛfo bɛka botae a wowɔ sɛ wubetu mpɔn wɔ sɔhwɛ mu no ho asɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ wo kyerɛkyerɛfo bɛyere ne ho aboa wo ma woayɛ saa.

Sɛ wunya wo mmɔdenbɔ ho adwene a ɛmfata a, susuw ɔsomafo Paulo nhwɛso yi ho. Bere a nkurɔfo kasa tiaa no wɔ ne kasa ho no, obuae sɛ: “Sɛ meyɛ atetekwaa ɔkasa mu mpo a, menyɛ no nimdeɛ mu.” (2 Korintofo 10:10; 11:6) Yiw, Paulo de n’adwene sii ne mmɔdenbɔ so sen ne mmerɛwyɛ. Nneɛma bɛn na wobɔ mu mmɔden? Sɛ wuntumi nhu a, dɛn nti na wo ne ɔpanyin bi a ɔyɛ ɔboafo mmɔ ho nkɔmmɔ? Adamfo a ɔte saa betumi aboa wo ma woahu nneɛma a wobɔ mu mmɔden na woanya so mfaso kɛse.

Nkɔso a Wubenya Ɛmfa Ho Nsɛnnennen

“Fa w’adwene nyinaa, w’ahoɔden nyinaa, si saa nneɛma yi so na ama wo nkɔso ada adi ma obiara ahu.” (1 Timoteo 4:15, Phillips) Te sɛ agya bi a ɔrekasa akyerɛ ne ba no, Paulo hyɛɛ Timoteo a na wanya nkɔanim dedaw no nkuran sɛ onnya nkɔso wɔ ne som adwuma mu. Wɔ Bible mmere mu no, na nea Hela adeyɛ asɛm “nkɔso” kyerɛ ankasa ne “twa kɔ anim,” a ɛkae yɛn obi a ɔretwa sa. Ɛtɔ mmere bi a, sukuukɔ betumi ayɛ saa. Nanso sɛ wususuw sɛ akatua a wubenya akyiri yi no som bo a, ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wobɛfa mu.

Mmɔdenbɔ, nkuranhyɛ, ne adesua na ɛnam. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Susuw obi a ɔbɔ sanku ho hwɛ. Sɛ n’ani gye ho a, ɔbɔ no pii. Dodow a ɔbɔ no, dodow no ara na otumi bɔ no yiye, na ɛma n’anigye yɛ kɛse. Dodow a yesua ade no, dodow no ara na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebesua pii. Enti mpa abaw wɔ sukuu adesua mu. Bɔ mmɔden sɛnea ɛfata, ɛne wɔn a wɔbɛboa wo ma woabɔ mmɔden akyɛn so mmɔ, na kae Asaria nsɛm a ɔka kyerɛɛ tete Hene Asa no: “Monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngow, na mo adwuma so wɔ akatua.”—2 Beresosɛm 15:7.

[Ase hɔ asɛm]

a Mmofra a wɔwɔ adesua ho nsɛnnennen betumi ahyia ɔhaw soronko wɔ eyi mu. Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ June 22, 1996, Engiresi Nyan! nkratafa 11-13.

[Kratafa 17 mfonini]

Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wo ne wo kyerɛkyerɛfo bɛka botae a wowɔ sɛ wubetu mpɔn wɔ sɔhwɛ mu no ho asɛm

[Kratafa 18 mfonini]

Sɛ ɛte sɛ nea mfaso nni ade bi a musua so mpo a, sɛ wusua no yiye a wubenya so mfaso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena