KRISTOFO ABRABƆ
Mmabun—Mommɔ “Nnwuma Pa Ho Mmɔden”
Krataa a honhom kaa ɔsomafo Paul ma ɔkyerɛw kɔmaa Tito mu no, ɔka kyerɛɛ Tito ne mmerante nyinaa sɛ wɔnna wɔn ho adi “biribiara mu” sɛ nnipa a wɔyɛ “nhwɛso wɔ nnwuma pa mu.” (Tit 2:6, 7) Wohwɛ saa ti no ara mu a, Paul kaa sɛ Yesu bɛtew Yehowa nkurɔfo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ “nnwuma pa ho mmɔden.” (Tit 2:14) Nnwuma pa no mu baako ne sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm, na yɛakyerɛkyerɛ nkurɔfo. Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a, bisa wo ho sɛ, ‘Metumi de ahoɔden a mewɔ seesei no ayɛ akwampaefo boafo anaa daa akwampae adwuma no bi anaa?’—Mme 20:29.
Sɛ wopɛ sɛ woyɛ ɔkwampaefo a, ɛho hia sɛ wototo wo nneɛma yiye. (Lu 14:28-30) Sɛ nhwɛso no, wobɛyɛ dɛn anya sika de atwitwa wo ho na ama woatumi ayɛ akwampae adwuma no? Wobɛyɛ dɛn anya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ fi wo hɔ no? Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtoto wo nneɛma yiye. (Dw 37:5) Nhyehyɛe a woayɛ no, wo ne w’awofo ne wɔn a wɔatumi ayɛ akwampae adwuma no yiye no bi mmɔ ho nkɔmmɔ. Afei tu anammɔn a ɛbɛboa ama woadu wo botae no ho. Kae sɛ, sɛ woyere wo ho wɔ Yehowa som mu a, ɔremma wo nsa nsi fam; obehyira wo!
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MMABUN A WƆREYI YEHOWA AYƐ NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Nsɛnnennen bɛn na ebinom atumi adi so ma enti wɔatumi abɛyɛ akwampaefo, na wɔyɛɛ no sɛn?
Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔabɛyɛ daa akwampaefo?
Adɛn nti na ɛho hia sɛ yenya nhyehyɛe pa a yɛde bɛkɔ asɛnka?
Ɔkwan bɛn so na anuanom a wɔwɔ asafo no mu betumi aboa akwampaefo na wɔahyɛ wɔn nkuran?
Sɛ obi yɛ akwampae adwuma no bi a, nhyira bɛn na obenya?
Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na matumi abɛyɛ ɔkwampaefo?