Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 August kr. 5
  • Yɛ Akwampae Adwuma No Bi Fa Yi Yehowa Ayɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ Akwampae Adwuma No Bi Fa Yi Yehowa Ayɛ
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Hwehwɛ Hokwan Pii a Wode Bɛkamfo Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 August kr. 5
Onua bi rekan kyerɛwsɛm akyerɛ papa bi a ɔte mpoano.

KRISTOFO ABRABƆ

Yɛ Akwampae Adwuma No Bi Fa Yi Yehowa Ayɛ

Yehowa yɛɛ nneɛma pa pii maa Israelfo no, enti na wobetumi ahwɛ nea wayɛ ama wɔn no so ayi no ayɛ. Oyii wɔn fii Egypt, na ogyee wɔn fii Farao ne n’asraafo nsam! (Ex 15:1, 2) Ɛnnɛ nso, Yehowa yɛ nneɛma pa pii ma n’asomfo. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn no?—Dw 116:12.

Ɔkwan baako ne sɛ, yɛbɛyɛ akwampae boafo anaa daa kwampaefo. Wubetumi abɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wunnya akwampae adwuma no ho akɔnnɔ ne ahoɔden a wode bɛyɛ. (Flp 2:13) Nea ebinom yɛ ne sɛ, wodi kan yɛ akwampae boafo de sɔ wɔn ho hwɛ. Sɛ edu March ne April anaa ɔmansin sohwɛfo bɛsra mo a, wubetumi de nnɔnhwerew 30 anaa 50 ayɛ akwampae boafo. Sɛ woyɛ akwampae boafo adwuma no bi na wubehu anigye a ɛwɔ mu a, ebetumi aka wo ama woabɛyɛ daa kwampaefo. Anuanom a wɔde nnɔnhwerew pii yɛ adwuma anaa wɔn a wonni ahoɔden papa mpo atumi abɛyɛ akwampaefo. (mwb16.07 8) Yehowa fata sɛ yeyi n’ayɛ! Enti momma yɛmfa yɛn ahoɔden nyinaa nyi no ayɛ.—1Be 16:25.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ANUANOM MMIƐNSA BI A WƆWƆ MONGOLIA NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Video a yɛato din ‘Anuanom Mmiɛnsa Bi a Wɔwɔ Mongolia’ no ho mfoni bi. Akwampaefo no mu baako a ne din de Undraa rebɛforo bɔs.

    Nsɛnnennen bɛn na yɛn nuanom mmea mmiɛnsa bi hyiae ansa na wɔretumi abɛyɛ akwampaefo?

  • Video a yɛato din ‘Anuanom Mmiɛnsa Bi a Wɔwɔ Mongolia’ no ho mfoni bi. Akwampaefo no mu baako a ne din de Oyun reyɛ adwuma wɔ Betel.

    Nhyira bɛn na Yehowa de ama wɔn?

  • Video a yɛato din ‘Anuanom Mmiɛnsa Bi a Wɔwɔ Mongolia’ no ho mfoni bi. Akwampaefo no mu baako a ne din de Dorjkhand reka asɛmpa no akyerɛ papa bi.

    Wogu so reyɛ akwampae adwuma no, hokwan bɛn na wonyae?

  •  Video a yɛato din ‘Anuanom Mmiɛnsa Bi a Wɔwɔ Mongolia’ no ho mfoni bi. Akwampaefo mmiɛnsa no ne wɔn maame.

    Nea wɔyɛe no, ɛkaa afoforo sɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena