Ɔdɔ Nyankopɔn No Kyi Awaregu
“Monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na ntwa wo mmerantebere mu yere nkontompo. Na me [Yehowa] metan awaregu.”—Mal. 2:15, 16.
1, 2. (a) Ɔkwan a ɛmfata bɛn na obi a na anka ɔyɛ ɔpanyin faa so nnansa yi? (b) Wɔda nsɛm a edi so yi adi na adi dɛn ho dwuma?
OBI a na wasom sɛ ɔpanyin mfe pii wɔ Kristofo asafo bi mu no fii ase hyiaa ɔhaw ahorow wɔ n’aware mu. Ɔne wiaseni bea bi sɛee aware, susuwii sɛ eyi bɛma ne yere agyaa no na wanya kwan aware ɔyɔnko gyidifo. Nea ɛmaa ne ho dwiriw no no, na ɛyɛ ne yere pɛ sɛ ɔde befiri no na wɔaka abom. Nanso, esiane sɛ ná wawe ahinam so sɛ ɔbɛtetew ne ho nti, otwaa aware no mu mmara kwan so na afei ɔwaree ɔbea foforo bere a oguu aware no wiei no. Nanso, bere a ɔyɛɛ saa no, wotuu no fii Kristofo asafo no mu.
2 Hwɛ pɛ ara a anka yɛbɛpɛ sɛ wɔbɛka sɛ adeyɛ a ɛyɛ ahodwiriw yi yɛ ade a ebi mmae da wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no mu! Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛnyɛ saa na asɛm no te. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ nnipa pii paw sɛ wobedi pɛsɛmenkominya akɔnnɔ akyi anaasɛ wɔbɛfa ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so afi aware a anigye nni mu mu mmom sen sɛ wɔbɛkɔ so adi Bible mu nnyinasosɛm akyi na wɔahwɛ Yehowa Nyankopɔn kwan wɔ mpaebɔ mu, ahwɛ n’Asɛm mu na wɔahwehwɛ mmoa afi mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no nkyɛn. Yɛwɔ anidaso sɛ nea wɔada no adi wɔ ha no bɛma Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa abɔ wɔn adwene ho ban wɔ saa asɛm yi mu na ama obiara a ɔresusuw pɛsɛmenkominya kwan a ɛte sɛɛ a ɔbɛfa so ho no asan asusuw nsɛm ho.
3. Ɛdefa awaregu ho no, dɛn ne suban a wiase no wɔ?
3 Bere a ɛsɛ sɛ yedi saa adeyɛ yi ho awerɛhow na yɛkasa tia no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa esiane nneɛma ahorow a yehu wɔ wiase nnɛ no nti. Akyinnye biara nni nokwasɛm a ɛyɛ sɛ awarefo pii regu aware no ho. Wɔ nsase te sɛ Amerika ne Rusia so no, aware baasa biara a wɔhyehyɛ no mu biako kowie awaregu mu, na aman horow bi so mpo no, ɛkame ayɛ sɛ abien biara a wɔhyehyɛ no mu biako gu. Aman horow bi wɔ mmara a ɛma awaregu ho kwan bere a obiara nyɛɛ ne yɔnko hwee, a akyinnye biara nni ho sɛ ɛno na ama awaregu akɔ soro saa no. Ampa, sɛ ɛnyɛ sɛ mmarima ne mmea pii bom tra a wɔnyɛ aware nhyehyɛe ankasa, anka aware dodow a egu no bɛkɔ anim asen saa. Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ ahorow da no adi sɛ wɔ Brazil nkutoo no, mmarima ne mmea akuw ahorow ɔpepem anan wɔ hɔ a wɔte hɔ saa kwan yi so.
SƐNEA YEHOWA BU AWAREGU
4, 5. (a) Yehowa Nyankopɔn bu nkontompo kwan a wɔfa so gu aware dɛn? (b) Dɛn na Yesu kae wɔ awaregu ho?
4 Yehowa Nyankopɔn bu awaregu dɛn? So ɔfa no sɛ ɛnyɛ hwee sɛnea Kristoman mu asɔfo pii yɛ no? Dabida! Yɛkenkan wɔ Malaki 2:15, 16 sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na ntwa wo mmerantebere mu yere nkontompo. Na metan awaregu, [Yehowa], Israel Nyankopɔn na ose, enti monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na munntwa nkontompo.” Yesu Kristo kaa biribi a ɛte saa ara. Bere a ne bere so asɔre mpanyimfo bisaa fata a awaregu fata ho asɛm no, Yesu buae sɛ: “Monkanee sɛ efi mfiase no, nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛnã, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro? Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa ntetew mu.”—Mat. 19:4-6.
5 Bere a wonyaa mmuae yi no, saa Farisifo no bisae sɛ: “Na adɛn nti na Mose hyɛe sɛ wɔmma awaregyae nhoma, na wonnyaa no no?” Yesu buae sɛ: “Mo koma den nti na Mose maa mo kwan sɛ munnyaa mo yerenom; na efi mfiase de, ɛnte sa. Enti mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na onipa gyaa ne yere na ɔware foforo a, na wasɛe aware.” (Mat. 19:7-9) Dɛn na saa kyerɛw nsɛm yi ka kyerɛ yɛn? Sɛ Yehowa Nyankopɔn anaa ne Ba Yesu Kristo mmu Onyankopɔn mmara a ɛfa aware ne awaregu ho no sobu adewa. Awaregu tetew nea Yehowa Nyankopɔn aka abom mu. Obu aware sɛ nhyehyɛe a ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ daa wɔ nnipa baanu no nkwa nna mu.
6. Dɛn na Mose mmara no kae wɔ awaresɛe ho?
6 Ɛno nti na mmara a ɛto so ason wɔ Mmaransɛm Du no mu no kae sɛ: “Nsɛe aware.” (Ex. 20:14) Nea ɛsen saa no, Mose mmara no hwehwɛe sɛ Israelfo siw ɔbarima biara a ɔne ɔbarima foforo yere sɛe aware no ne ɔbea no nyinaa abo. (Lev. 20:10) Nea ɛfata no, wɔ Hebrifo 13:4 no, ɔsomafo Paulo bɔ kɔkɔ sɛ Yehowa Nyankopɔn bebu awaresɛefo ne aguamammɔfo atɛn.
7. Dɛn nti na awaresɛe mu yɛ duru sen aguamammɔ?
7 Nokwarem no, awaresɛe yɛ nea anibere wom sen aguamammɔ, a nsɛm asekyerɛ nhoma horow kyerɛ ase sɛ ɛyɛ nnipa baanu a wɔnyɛ awarefo a wɔne wɔn ho da. Nanso awaresɛe de ɛtetew aware apam mu. Enti German asɛmfua ma awaresɛe no yɛ ehebruch, a sɛ wɔkyerɛ ase ankasa a, ɛkyerɛ aware apam no a wɔtetew mu.
DƐN NTI NA YEHOWA KYI AWAREGU?
8, 9. (a) Dɛn ne ade biako a enti Onyankopɔn kyi nkontompo kwan so awaregu? (b) Dɛn ne ade foforo nso a enti ɔyɛ saa?
8 Yehowa Nyankopɔn kyi awaregu a ennyiyina kyerɛwsɛm so, efisɛ nea edi kan koraa no, ɛyɛ bɔne a wɔyɛ tia no. Ɔwɔ kyɛfa wɔ aware nhyehyɛe no mu, na enti obiara a ɔyɛ biribi tia n’apɛde wɔ ho no yɛ bɔne tia Nyankopɔn ankasa. “Sɛ́ awaresɛe yɛ bɔne a etia Onyankopɔn no yɛ nea ɛda adi wɔ nea Yosef ka kyerɛɛ Potifar yere bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa no ma ɔne no asɛe aware no mu: “Na ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?” (Gen. 39:9) Na dɛn na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Yehowa bere a ɔrekyerɛ bɔne a ɔyɛe sɛ ɔne Uria yere sɛee aware no ho ahonu no? “Wo nko ara na mafom wo, na mayɛ nea ɛyɛ w’ani so bɔne.”—Dw. 51:4.a
9 Ade foforo nti a Yehowa Nyankopɔn kyi awaregu ne sɛ ɔpɛ atɛntrenee. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yakobo 5:1-6 no, n’Asɛm no kasa tia adefo a wɔhyɛ wɔn adwumayɛfo ahometew. Awaregu (a ennyina Kyerɛwnsɛm so) taa yɛ obi hokafo a otwa no nkontompo, sɛnea Onyankopɔn nam ne diyifo Malaki so kae no. Epira ɔhokafo a ne ho nni asɛm no. Sɛnea na ɛte wɔ Mose mmara no mu no, Yehowa Nyankopɔn tĩi mu kae mpɛn pii sɛ odi ma nnipa ne akunafo a wɔhyɛ wɔn so, na ɔbɛtwe wɔn a wɔyɛ eyinom ne nneɛma a ɛnsɛ no asõ, enti Yehowa Nyankopɔn bebu wɔn a wɔde mmara mu hokwan ahorow di dwuma gyaa wɔn yerenom sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi aware afoforo no atɛn.—Deut. 10:17, 18; 27:19.
10. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ awaresɛefo yɛ ɔhodomfo?
10 Nokwarem no, wobetumi aka sɛ ɔwaresɛefo no bɛyɛ ɔhodomfo. Ɔhodomfo? Yiw, ɔhodomfo yɛ obi a ne botae titiriw wɔ asetra mu ne sɛ obenya anigye ne biribiara a ne kɔn dɔ. Obi a ɔnom tawa anaasɛ sigaret, bere a onim sɛnea edi awu fa no, wobetumi aka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔhodomfo. (Luka 8:14; Tito 3:3) Enti wobetumi aka wɔn a wɔde anigye a wɔn hokafo a wobegyaa no aware foforo betumi de aba no di asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔbɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani anim no ho asɛm sɛ wɔyɛ ahodomfo. Wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn ampa.—2 Tim. 3:1, 2, 4.
11. Bɔne a ɔyɛ tia Onyankopɔn ne ne hokafo akyi no, hena bio na nea ɔnam awaregu so sɛe aware yɛ bɔne tia ho?
11 Nea ɛka bɔne a wɔyɛ tia Yehowa Nyankopɔn ne obi hokafo no ho no, obi a ɔsɛe aware no nso yɛ bɔne tia asafo a ɔwɔ mu no, efisɛ n’adeyɛ no sɛe din pa a asafo no wɔ no. Ɔyɛ bɔne tia nnipa nkorɛnkorɛ a wɔwɔ asafo no mu no nso denam ne nhwɛso bɔne no so. Enti wɔ New York Kurom asafo bi mu no, ɔbea bi a wonim no yiye faa ɔkwammɔne a ɛte saa so, na bere tiaa bi akyi no ɛhyɛɛ mmabaa baanu foforo nso den ma wodii ne nhwɛso akyi. Nyansam no, ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ tiaa afoforo a wɔbɛto wɔn hintidua.—Fil. 1:9, 10.
12. Nsemmisa a ɛkɔ akyiri bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni biara a ɔyɛ ɔwarefo bisa ne ho?
12 Bible no da sɛnea Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo te nka wɔ awaregu ho no adi pefee. Wokyi! Na wote nka wɔ ho dɛn? Wubu aware nhyehyɛe kronkron no dɛn? So wukura Onyankopɔn adwene wɔ ho, anaasɛ woama kwan ma ɔwaresɛefo kɛse, Satan Ɔbonsam, anya w’adwene so tumi sɛnea wayɛ wiase no nyinaa no anaa? So wubu wɔn a wɔato Onyankopɔn mmara a ɛfa aware, awaresɛe ne awaregu ho no nneyɛe sɛ ɛnyɛ hwee anaa? So woka wɔn a, ɛdenam nneɛma a ɛmfata a wɔne mmarima anaasɛ mmea yɛ so no wɔde ahohwibɔ di agoru no ho? (Mat. 5:28; 15:19) So worebɔ wo koma ho ban wɔ saa nsɛm yi mu, anaasɛ wotaa de w’adwene kɔ nneyɛe a ɛtete sɛɛ a ɛyɛ anigye nanso ɛmfata no so anaa?—Mmeb. 4:23.
13. Dɛn na ɛma ɛda adi sɛ ɛkame ayɛ sɛ nnaadaa ne awaresɛe na ɛnam bere nyinaa?
13 Ɛkame ayɛ sɛ awaregu ne awaresɛe nam bere nyinaa. Titiriw baabi a wogu aware mmara kwan so bere a ahokafo no mu biara mmɔɔ aguaman no, sɔhwɛ no mu yɛ den ma nea ne ho nni asɛm no sɛ ‘ɔbɛsɛe aware.’ (Mat. 5:32) Na akyinnye biara nni ho sɛ aware a wɔn mu biara bɛsɛe no no remma onii no nnya ahonim a ɛho tew wɔ Yehowa Nyankopɔn anim. Na ɛbɛyɛ dɛn na aba saa bere a wɔyɛ no nnaadaa kwan so, sɛnea yɛkenkan no: “Na ɔwaresɛefo aniwa twɛn sum bere, ɔka sɛ: Aniwa bi renhu me, na ɔde nkataho kata n’anim.” (Hiob 24:15) Ɔdaadaafo a awaresɛe ma obi yɛ no yɛ nea yetumi hu wɔ osuahu a wɔka kyerɛe wɔ adesua yi mfiase no mu.
14. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Dwom 36:1-4 fata obi a ɔnam awaregu so sɛe aware?
14 Nea ɛboa yɛn ma yenya awaregu a ɛsɛe aware ho adwene a ɛfata ne Dawid asɛm a ɛwɔ Dwom 36:1-4 no: “Ɔbɔnefo mmarato kasa wɔ ne koma mu: Onyankopɔn suro biara nni n’ani so. Na obu ne ho bi, n’ankasa ani so, sɛ wɔrenhu n’amumɔyɛ na wɔakyi. N’anom nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛ sua ne papayɛ. Odwen amumɔyɛde ne kɛtɛ so, ɔde ne nan asi ɔkwan a enye so; bɔne de, onkyi.” Hwɛ sɛnea nkyerɛkyerɛmu no fata obi a ɔnam awaregu so sɛe aware!
15. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnam awaregu so sɛe aware na wɔsan ware foforo no susuw Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm bɛn ho yiye?
15 Bere ne bere mu no wɔn a wɔasɛe aware no gyaa wɔn ahokafo, na bere a wɔasan aware foforo na wɔatu wɔn no, wɔsan gye wɔn bɛyɛ afe akyi anaa nea ɛte saa. Ɛda adi sɛ mpanyimfo de nsɛm a ɛtete saa ho gyinaesi no gyinaa nea Onyankopɔn Asɛm ka wɔ mmɔborohunu a ɛsɛ sɛ woyi adi kyerɛ no so. Ampa, Yehowa Nyankopɔn yɛ mmɔborohunufo na saa na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ. Nanso, ɛdefa ɔbarima ne ɔbea biara a wɔnam anifere kwan so ayɛ ade a ɛte saa ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaware wɔn ho no fam no, yebetumi aka sɛ ɛwom sɛ mpanyimfo no san gyee wɔn de, nanso ɛno nyɛ asɛm no awie. Mpanyimfo betumi agyina nea ɛte sɛ ahonu a ɛda adi no nkutoo so asi gyinae, nanso wontumi nhu komam ankasa. Esiane sɛ wontumi nhu obi tirim nti, ebia wɔbɛsan agye ɔbarima ne ɔbea a mprempren wɔaware no. Nanso mma nnipa baanu no werɛ mfi Paulo asɛm no, sɛ “nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (Heb. 13:4) Nsɛm a ɛtete sɛɛ nyinaa ho atemmu a etwa to no wɔ Yehowa Nyankopɔn a onim nsɛm tebea no nyinaa no nsam. Otumi hu komam, sɛnea Yeremia 17:9, 10 ka mpo no. ‘Onim nnipa a wɔto ne mmara a ɛfa aware ho no adwene na onim nnaadaa anaa nhyehyɛe biara a wɔnam anifere kwan so yɛe no. Yiw, “ade nyinaa ho da hɔ na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.” Nokwarem no ɛsɛ sɛ kyerɛw nsɛm a ɛtete sɛɛ no ma yegyina na yedwen.—Heb. 4:13.
16. Dɛn nti na ebia ɔhokafo a odi bem bɛpaw sɛ ɔrennyaa nea wafom no?
16 Nanso, wɔ eyi fam no ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn mmara nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no gyae aware. Ebia nsɛm tebea no bɛma ayɛ nea ɛfata sɛ nea ne ho nni asɛm no de firi nea wafom no, titiriw sɛ onii no de ahobrɛase anu ne ho ankasa a. Yiw, nokware a obi hokafo anni no betumi de animguase kɛse aba—sɛ onii no hokafo akɔhwehwɛ anigye ne abotɔyam afi baabi foforo. Nanso ɔyerenom ne ɛnãnom pii a wɔwɔ ɔdɔ ne okununom a wɔyɛ pɛsɛmenkominya anaasɛ wonni nokware tra esiane wɔn mma nti.
NEA ENTI NE ANO ADURU AHOROW
17. Dɛn ne ade biako a ebia enti ebinom hyɛ da bɔ aguaman na wɔnam so agu aware asan aware foforo?
17 Dɛn nti na ebinom ntumi nni mudi mu kura ho sɔhwɛ no mu nkonim denam wɔn aware nhyehyɛe no mu nokware a wobedi so? Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma ahorow bi ntia. So biako betumi ayɛ sɛ Yehowa adansefo Kristofo nsuro daa ayayadeyɛ, esiane sɛ wonim sɛ baabiara nni hɔ te sɛ hell a ogya dɛw mu nti anaa Lutheran sɔfo bi ka kyerɛɛ Ɔdansefo kumaa bi bere bi sɛ, sɛ onnye hell a ogya dɛw wɔ hɔ nni a, anka obedi bɔne pii. Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii a wɔwɔ Kristoman mu no te nka saa ara. Sɛ́ nokware Kristofo no, yensuro daa aninyanneyɛ, nanso yɛmpɛ sɛ ‘yɛde ahofadi yi di dwuma sɛ hokwan ma ɔhonam,’ ɛnte saa anaa?—Gal. 5:13.
18. Tebea horow bɛn na ɛma ɛyɛ nea ɛho hia sɛ obi kɔ so hwɛ yiye wɔ n’adwene ne ne nneyɛe wɔ mmea anaa mmarima ho?
18 Ɛnnɛ, wiase no abɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho dam. Aguamammɔ ne nea aba so. Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛmmɔnedi akɔ anim. (Mat. 24:12) Kristoni hyia sɔhwɛ ahorow wɔ n’adwuma mu, baabi a nnipa a wɔmfa Bible mu nnyinasosɛm nni dwuma, a ebia wɔn ho yɛ fɛ wɔ honam fam, atwa ne ho ahyia. Enti ɛsɛ sɛ obi hwɛ yiye bere nyinaa, di ne ho so na ɔma nkitaho a ɔne ɔbarima anaa ɔbea foforo a ɔnyɛ n’aware mu ɔhokafo di no yɛ te sɛ adwuma mu de nkutoo. Nea ɛsɛ sɛ obi hwɛ yiye wɔ ho nso ne atesɛm nkrataa, nsɛmma nhoma, TV ne sini ahorow. Ɛdenam TV so no, nto nsa mfrɛ aguamammɔfo, awaresɛefo ne nnipa a wɔtete saa mma wo fie. Na ɛnsɛ sɛ yebu ani gu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ aduan pa ne nsã pii dodow betumi ama Kristoni, titiriw onua barima ayɛ obi a ne nkate betumi asɔre ntɛm. Di wo ho so wɔ asetra mu biribiara mu! ‘Kyi bɔne.’—Dw. 97:10; Rom. 12:9.
19. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn aware yɛ nea nsɛm bi a emu yɛ den wom no susuw nsɛm ho dɛn?
19 Afei nso, ebetumi aba sɛ awarefo binom mfa atɛmpa nni dwuma bere a wɔrepaw wɔn ho wɔn ho. Ebia wobehu sɛ wɔne wɔn ho nhyia sɛnea anka wɔbɛpɛ sɛ ɛyɛ, anaasɛ ebia aware mu kokoam nkitahodi ankasa no bɛyɛ nea ɛnsɔ wɔn ani. Sɛ ɛba saa a, mmɔden ara na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔ tebea no ho, na wɔnam saa yɛ so hyɛ Yehowa nhyehyɛe no anuonyam. Bible no kamfo obi a ‘waka amanenya ntam nanso ɔnsakra no.’ (Dw. 15:4) Ne tiaa mu no, ɛno ara ne sɛ obedi nea ɛyɛ nwene no aka nea ɛyɛ dɛ no ho. Eyi ma yɛkae ɔpanyin bi a na wonim no yiye na ne nuanom mmarima ne mmea pii pɛ n’asɛm yiye. Ɔwaree ansa na ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo na ne yere a onnye nni no yɛɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔbɛma asetra mu ayɛ den ama no. Bere bi a wobisaa no ho asɛm no, obuae sɛ, “Wama mayɛ ɔbarima.” Sɛnea ɛbɛyɛ na wakɔ so ne no atra no na ɛsɛ sɛ osua abodwokyɛre na ɔde ahosodi kɛse di dwuma. Na na ɔwɔ anigye bere a ohu sɛ ɔredi ɔsomafo Paulo afotu no so no.—1 Kor. 7:12-16.
20. Dɛn ne tebea horow bi a ebetumi ama obi agyae ne hokafo wɔ awaresɛe kwan so?
20 Nanso, ɛda adi sɛ mpɛn pii no anka wobetumi akwati awaregu a egyina aguamammɔ so no, sɛ ɔhokafo a “ne ho nni asɛm” no de mmɔborohunu, nyansa, ɔdɔ ne ntease pii dii dwuma a. Ebia nkakrankakra no ɔyere bebu n’ani agu sɔ a ɔbɛsɔ ne kunu ani nipadua mu, adwene mu, nkate mu, ahosiesie mu ne honhom mu no so, na eyi betumi ama wadan n’ani akɔ baabi foforo a obenya saa nneɛma yi mu biako anaasɛ emu dodow bi. Enti ɔpɛ a na ne yere nni sɛ ɔbɛma no aware aboade no maa obi a ɔde ne bere nyinaa som no dan kɔɔ ne yere nuabea so na ɔde adwudwo ne ho. Ɛwom sɛ, sɛ mfomso bɛn ara na ɔyere no yɛe wɔ eyi fam a, okunu no nni bem koraa sɛ ɔsɛee aware.
21. (a) Dɛn nti na ɛyɛ mfomso sɛ obi begyae ne hokafo nkontompo kwan so? (b) Nanso, ɛdefa nkontompo kwan so aware ho no, dɛn na wobetumi aka wɔ Yehowa Adansefo nyinaa ho?
21 Nokwarem no, ntease pa bi nti na Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ no kyi awaregu. Nkontompo kwan so awaregu yɛ bɔne a etia Onyankopɔn, etia obi hokafo, etia Kristofo asafo a obi wom no na etia nnipa nkorɛnkorɛ a wɔwɔ mu no, efisɛ saa adeyɛ yi betumi ato obi hintidua. Nanso hwɛ fɛ ara a ɛyɛ sɛ Yehowa Adansefo nyinaa nyɛ nnipa a wɔpɛ awaregu! Wonim wɔn sɛ nnipa a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Onyankopɔn afotu a ɛfa aware ho no bedi dwuma. Eyi ma wɔyɛ nnipa a wɔwɔ anigye. Na wɔn aware horow a emu yɛ den na anigye wom no yɛ nea afoforo taa hu, na ɛtwetwe ebinom ba nokware no ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a Dawid yɛɛ bɔne tiaa Uria nso, nanso bɔne a ɔyɛ tiaa Onyankopɔn no so ara ma sɛ wɔde toto ho a na ɛte sɛ nea ɔyɛ tiaa Uria no nyɛ hwee.
[Kratafa 13 mfoni]
Awaregu A Ennyina Kyerɛwsɛm So Yɛ Bɔne A Etia Afoforo
Yehowa
Ɔhokafo
Asafo no
Nnipa Nkorɛnkorɛ