Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 11/1 kr. 4-7
  • Aduankɔm​—Dɛn Na Ɛkyerɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aduankɔm​—Dɛn Na Ɛkyerɛ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkɔm, Bere A Aduan Pii Wɔ Hɔ
  • Wɔ “Mmeaemmeae”
  • “Ɛda Nsow Wɔ Adesamma Abakɔsɛm Mu”
  • Asɛmpa No
  • Ɔpɔnkɔbiri A Ogyina Hɔ Ma Aduankɔm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Ɔkɔm a Ɛwɔ Wiase Nnɛ—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nna A Edi Akyiri​—Ɔkɔm, Ɔyaredɔm, Efĩ Ne Ahenni Ho Asɛmpaka
    Nyan!—1988
  • Apɔnkɔsotefo Baanan Tu Mmirikaden!
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 11/1 kr. 4-7

Aduankɔm​—Dɛn Na Ɛkyerɛ?

BERE a ɛyɛ nokware sɛ kuadwuma anya nkɔso kɛse wɔ nnansa yi mfe yi mu no, ɛyɛ nokware nso sɛ aduankɔm ahorow pii aka adesamma fi 1914. Momma yɛnhwehwɛ eyinom bi mu nhwɛ sɛ ebetumi ama Yesu nkɔmhyɛ no ne Yohane anisoadehu no anya mmamu wɔ asɛm no mu. Sɛ ɛne no hyia a, ɛnde yɛbɛkɔ so ahwehwɛ mu ahwɛ sɛ ebia biribi wɔ afeha a ɛto so 20 aduankɔm ahorow no ho a ɛma ɛyɛ soronko wɔ nea wɔahu a atwam wɔ wiase abakɔsɛm mu no ho.

Ɔkɔm, Bere A Aduan Pii Wɔ Hɔ

Ebia ebinom bɛte nka sɛ esiane sɛ sika pii wɔ hɔ nnɛ nti, ɛnyɛ nea ntease wom sɛ wɔbɛka sɛ eyi ne bere a ɔpɔnkɔbiri a ogyina hɔ ma aduankɔm no tu mmirika fa asase nyinaa so. Nanso Bible no nka sɛ ɔkɔm bɛde obiara saa bere no. Nokwarem, ɛnne a ɛbɔɔ aduan atitiriwa bo a ɛbɛkɔ soro kɛse ho amanneɛ no kae nso sɛ: “Ngo ne nsa de, nyɛ no hwee!” (Adiyisɛm 6:6) Ná ngo ne nsa yɛ asetra a ahotɔ wom nneɛma. Enti, Adiyisɛm kyerɛ sɛ ebinom benya ama abu so bere a ɔkɔm de afoforo.

Yesu nso, bere a ɔhyɛɛ aduankɔm ho nkɔm no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.” (Luka 21:34, 35) Bere a ebinom nnya aduan nni no, na afoforo nso wɔ adiditraso ho asiane mu. So saa na tebea no te nnɛ?

Yiw. Nokwarem, amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ kɔ a nnipa binom asetra gyinapɛn horow akɔ soro no rema ɔkɔm ade afoforo. “Nkɔsɔ a aba wɔ asetra gyinapɛn horow mu ne aduan a wohia wɔ wiase nyinaa a ayɛ kɛse no ama aduan bo akɔ soro ma ayɛ den ama aman a ahia wɔn kɛse no sɛ wɔbɛkra nnuan horow a wohia.” (The New York Times, August 16, 1981) Wɔ ɔkwan foforo so no, ebinom “potwaa” no rema afoforo “ɔkɔm” no mu ayɛ den.

Wɔ “Mmeaemmeae”

Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ “ɔkɔm bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:7) So efi 1914 no ɛno aba? Yiw. Sɛ yɛbɛbobɔ kakra bi din a: Wɔ 1921 mu no ɔkɔm kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 5 wɔ Rusia. Wɔ 1929 mu no, wobuu akontaa sɛ ɔkɔm kunkum nnipa ɔpepem 3 wɔ China. Wɔ 1930 mfe no mu no nnipa ɔpepem 5 wuwui wɔ Rusia esiane ɔkɔm nti. Wɔ mfe kakraa a atwam yi mu no ɔpɛ a asi bere tenten wɔ aman a ɛbɛn Sahara Anhweatan no so no ama nnipa pii adan aguanfo, na bɛyɛ 100,000 awuwu.

Kae nso sɛ, wɔ ɔsomafo Yohane anisoadehu no mu no na ɔpɔnkɔbiri a ogyina hɔ ma ɔkɔm no di ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ a ogyina hɔ ma ɔko no akyi. Saa ara nso na aduankɔm ahorow a ɛwɔ yɛn bere yi mu no pii yɛ nea ɔko na ama aba. (Adiyisɛm 6:3, 4) Sɛ nhwɛso no, ɔko a esii wɔ Spain no de ɔkɔm baa asase no so wɔ 1930 mfe no mu. Wiase Ko II maa ɔkɔm baa Greece, Poland, Rusia, Holland ne mmeae afoforo. Nnipa bɛboro 1,500,000 wuwui wɔ Bengal, India, wɔ mfe 1943-44 mu wɔ ɔkɔm bi a ne fã bi fi saa ɔko koro no ara mu.

Nnansa yi ara, wɔ 1960 mfe no mu no, ɔkɔm kunkum nnipa wɔ Congo (mprempren wɔfrɛ no Zaire) ne Nigeria esiane akodi wɔ aman no mu nti. Kampuchea mmofra a ɔkɔm de wɔn hwɛɛ yɛn anim wɔ yɛn atesɛm nkrataa mu bere a na wɔreko wɔ asase no so no. Nnansa yi ara yɛkenkanee sɛ ɔkɔm rede aguanfo bɛboro ɔpepem biako wɔ Somalia, faako a wɔaguan afi ɔpɛ a asi bere tenten ne ɔko wɔ Ethiopia mu akɔ no. Nsɛm ho amanneɛbɔ fibea ahorow kyerɛ sɛ ɔkɔm reyɛ ade aguanfo bɛboro ɔpepem 9 wɔ Thailand, Sudan, Zaire, Nicaragua, Honduras ne Pakistan. Saa na asɛm a ɛyɛ awerɛhow yi kɔ so.

Wɔ abakɔsɛm mu no, nea ɛma ɔkɔm ba ne ɔko, ɔpɛ a esi bere tenten bi, mmoawa a wɔsɛe ade anaa asiane afoforo bi. So yɛahu ɔkɔm ahorow a ɛte sɛɛ pii sen kan awo ntoatoaso ahorow no? Yɛrentumi nka no pi, efisɛ ɛho akontaabu ahorow no nwie pɛyɛ. Nanso saa afeha yi nso ahyia asiane ahorow na ahu amane wɔ ɔko mu sen awo ntoatoaso foforo biara wɔ abakɔsɛm mu. Enti ebetumi aba sɛ wɔ ne nyinaa mu no ɔkɔm ahorow pii aba sen bere biara a atwam. Ampa, yɛahu ɔkɔm bere a aduan pii wɔ hɔ, ɔkɔm a akodi ama aba wɔ “mmeaemmeae” sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no.

Mprempren mpo aduankɔm foforo bi reba a ɛhyɛ yɛn bere yi agyirae sɛ ɛyɛ soronko.

“Ɛda Nsow Wɔ Adesamma Abakɔsɛm Mu”

Wɔ ne nnianim asɛm ma nhoma The Dimensions of World Food Problems no mu no, ne samufo, E.R. Duncan, kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛde besi nnansa yi ara no nnipa a wɔn dodow rekɔ anim no ama aduan a wohia no nso dodow akɔ anim. Ampa, asiane ahorow maa ɔkɔm no mu trɛwee. Nanso nnipa no san bɛdɔɔso bio. Nanso ɛdefi 1940 mfe no so no, asɛm foforo bɛboom: wiase nnipa dodow a ɛrekɔ anim ntɛmntɛm a ɛsɛe ahoɔden a wiase no wɔ sɛ ɛbɛma ne ho aduan bere tenten no. Ose: “Tebea yi da nsow wɔ adesamma abakɔsɛm mu.”

India ma yɛn nhwɛso. Aduankɔm a emu yɛ den akɔ so wɔ India abakɔsɛm nyinaa mu, nanso nnɛ de ɛyɛ soronko. “Ɛyɛ afeha a etwaam no mu, na wɔ ɔkwan a emu yɛ den so no, ɛyɛ afeha a ɛto so aduonu yi mu na tebea no abɛyɛ nea wontumi nnyina ano [wɔ India]. Wɔrentumi nsi nokwasɛm yi so dua pii mfa nkyerɛ sɛ nsɛm pii a wɔka fa aduankɔm ne abakɔsɛm ho sɛ wɔyɛ ahokafo a wontumi ntetew wɔn mu no nyɛ nokware.” Saa na Georg Borgstrom a ɔyɛ amanaman ntam ɔbenfo kɛse wɔ wiase aduan pa ho nsɛm mu no ka.

Ɔkɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a England baa asasepɔn a edi yiye yi so nea edi kan, bɛyɛ mfirihyia ahanu a atwam ni no, na nnipa bɛyɛ ɔpepem aduosia na wɔte beae a ɛyɛ nnɛyi India no. Ná eyinom mu bɛyɛ ɔpepem du di kɔm. Efi saa bere no nnipa no dodow abu abɔ ho mpɛn ason ma mprempren tebea no asan akyi ma nnipa a wonya aduan di sɛnea ɛsɛ no dodow bɛyɛ ɔpepem du.”​—The Hungry Planet a Georg Borgstrom kyerɛwee.

Tebea a ɛte saa ara rekɔ so wɔ nsase afoforo so. Ampa, sɛnea wɔkyerɛ no, sɛ wɔka ne nyinaa bom wɔ wiase a, nsa da so ara ka aduan a ɛdɔɔso a ɛbɛma obiara anya bi adi. Nanso sɛ nnipa no dodow kɔ so ara kɔ anim a, ɛrenkyɛ ɛno renyɛ nea ɛyɛ nokware bio. Mprempren mpo, aman a ahia wɔn no mu pii a na anka wonya aduan a ɔdɔɔso sɛnea wohia no ntumi nyɛ saa bio, na esiane sɛ ahia wɔn nti wontumi ntɔ aduan a ɛdɔɔso a ɛbɛso nnipa no. Ɛtɔ bere bi a, wɔ ɔman a ɛwɔ aduan a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ mu mpo no, nnipa no dodow yɛ ahiafo araa ma wontumi ntɔ aduan no. Enti wodi kɔm.

Los Angeles Times bɔɔ amanneɛ afe a etwaam sɛ: “Aduan ho asɛm wɔ Afrika no mu ayɛ den wɔ asram asia a atwam no mu na aman 28 redi kɔm kɛse.”

Vancouver Sun no kae sɛ: “Ɛnnɛ, wɔ afe no awiei, ‘sɛnea ɛte daa no’ FAO [Aduan ne kuadwuma ahyehyɛde] bu akontaa sɛ nnipa ɔpepem 450 wɔ hɔ a ɔkɔm de wɔn, ne kosi ɔpepepem biako a wonnya aduan a ɛdɔɔso nni.”

Amanneɛbɔ a efi Amanaman Nkabom no fã a ɛhwɛ mmofra ho nsɛm so bu akontaa sɛ ɔkɔm ne nyarewa kunkum mmofra a wɔwɔ wiase no mu ɔpepem 17 wɔ 1981 mu. Ɛno dɔɔso sen nnipa a wobuu akontaa sɛ wowuwui wɔ China ɔkɔm kɛse a esii wɔ 1878-79 mfe no mu no.

So ano aduru bi wɔ hɔ? The New York Times bɔ amanneɛ sɛ: “Wiase Sikakorabea Kɛse no bu akontaa sɛ sika a ne dodow yɛ Amerika sika dɔla ɔpepepem 600 ho behia . . . wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no so wɔ mfirihyia 10 a ɛreba no mu ma wɔde anya aduan na ama ɔkɔm no ayɛ te sɛ nea ɛte yi ara. Obiara nnim faako a sika kɛse yi befi aba.” Enti, ano aduru ankasa biara nni hɔ a wohu.

Asɛmpa No

Yɛ a ɔkɔm ho asɛm no mu reyɛ den nnɛ ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ emu betumi ayɛ den kɛse no ma ɛyɛ soronko. Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛda nsow wɔ ho. Ɛde nsɛnnennen afoforo pii abɛka ho a ɛte sɛnea wontumi nyɛ ho hwee.

Wɔ ɔsomafo Yohane anisoadehu no mu no, na ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ a ogyina hɔ ma ɔko no ne ɔpɔnkɔ nsõnso a ogyina hɔ ma ɔyare no ka ɔpɔnkɔbiri a ogyina hɔ ma ɔkɔm no ho. Na bere a Yesu hyɛɛ aduankɔm wɔ “mmeaemmeae” ho nkɔm no, ɔkae sɛ asasewosow, ɔyaredɔm, ɔko ne ɔhaw afoforo a ɛkyerɛ biribi bɛka eyinom ho. (Mateo 24:7-14; Luka 21:10-28) Nokware a ɛyɛ sɛ nneɛma yi nyinaa resisi nnɛ no hyɛ eyi agyirae sɛ bere soronko a Yesu ne ɔsomafo Yohane hyɛɛ ho nkɔm no.

Ná tra a apɔnkɔ sotefo baanan a wɔwɔ Adiyisɛm no mu bɛtra apɔnkɔ no so no bɛkyerɛ sɛ Yesu a ɔyɛ ɔhene foforo no refi adi ‘akodi nkonim na wakodi nkonim.’ (Adiyisɛm 6:1-8) Nneɛma a ebesisi wɔ wiase ho nsɛm pii a Yesu kae no yɛ asɛm a n’akyidifo bisae no ho mmuae sɛ: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?”​—Mateo 24:3.

Yɛte nna a ɛho hia titiriw mu. Yesu redi tumi mprempren sɛ Ɔhene a aniwa nhu no. Ɛrenkyɛ ‘obewie ne nkonimdi’ no denam nsɛmmɔnedifo a obeyi wɔn afi hɔ ne nea ɔyɛ nsɛmmɔnedi farebae, Satan Ɔbonsam, a obesiw n’ano no so. (Dwom 37:9-11; Adiyisɛm 20:1-3) Ɛno nti na Yesu kɔɔ so kae sɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.”​—Luka 21:31.

Ɛno ne asɛmpa a ɛwɔ amanehunu ahorow a yɛkenkan ho nsɛm wɔ atesɛm nkrataa mu no akyi. Ɛrenkyɛ ɔpɔnkɔbiri a ogyina hɔ ma ɔkɔm no so tra no bɛba awiei na Onyankopɔn Ahenni de trenee nniso aba asase so. (Dwom 72:1, 16) Eyi bɛyɛ nsakrae a ɛso sen biara a eye wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu. Dɛn nti na wunsua ho ade wɔ wo ankasa wo Bible no mu? Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔde mmoa biara a wuhia bɛma wo. Enti wubetumi ahu nea ɔpɔnkɔbiri a ogyina hɔ ma ɔkɔm no amanehunu kwan no kyerɛ ankasa.

[Ase hɔ asɛm]

a “Awi susukora denare biako, na aburo susukora abiɛsa denare biako.” (Adiyisɛm 6:6, Twi Bible Dedaw) Ná denare biako yɛ da koro akatua wɔ Yohane bere so.​—Mateo 20:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena