Asase Gye Abɛn
UNITED AIRLINES guamtrani ne ne mpanyimfo no mu otitiriw, Stephen M. Wolf kae wɔ samufo asɛm bi mu sɛ: “Sɛ́ obi yɛ nea ɔpɛ sɛ wɔkora adebɔ nneɛma so anaa ɔnyɛ bi no, wɔrentumi nnye kyim sɛ ahude a ebetumi aba wuram mmoa ne sare a wɔaba asiane mu so kyerɛ sɛ tebea bɔne bi rebɛba asase so nyinaa—ma awiei koraa no, ɛde tra a abɔde nyinaa a nnipa ka ho bɛkɔ so atra ase no to asiane mu. Sɛnea wɔadi kan aka no, ‘Ɛnyɛ yɛn na yɛnwenee nkwa pɔw no, yɛyɛ pɔw no mu hama biako kɛkɛ. Nea yɛde yɛ pɔw no biara no, yɛde yɛ yɛn ho.’” Nea ɔkae no ye ampa.
Ɔkae wɔ samufo asɛm no mu nso sɛ: “Yɛn na yɛde aba. Na yɛn nkutoo na yebetumi anya ano aduru.” Wɔ eyi mu no, ne fã bi na ɛyɛ nokware. Yɛn na yɛde aba; na ɛnyɛ yɛn na yebenya ano aduru. Yenya nkɔso, nanso sɛ wosusuw adesɛe a ɛrekɔ so wɔ asase nyinaa so no ho a ɛyɛ ketewaa.
Afe a etwaam no, A1 Gore kyerɛwee nhoma Earth in the Balance—Ecology and the Human Spirit. Ɛyɛ nhoma a ɛde wiase nyinaa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho asɛnnennen a emu kɔ so yɛ den ho kɔkɔbɔ ma, na ɔkaa asɛntitiriw yi wom: “Dodow a mehwehwɛ nea ɛde nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛnnennen wɔ wiase nyinaa mu no aba kɔ akyiri no, dodow no ara na mihu sɛ ɛyɛ asɛnnennen bi a ɛwɔ nnipa mu a, esiane asɛmfua a ɛfata a yenya mfa nkyerɛkyerɛ mu nti, yɛbɛka sɛ ɛyɛ honhom mu de, a ɛreda adi.”
Ɛyɛ honhom mu asɛnnennen ampa. Ɛyɛ ɔdesani honhom a abotow. Na ɛyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔde asase yi fɛ ne nneɛma a ɛwom, afifide ne mmoadoma mpempem nkwa, ne nnipa akwahosan ne ne nkwa mpo bɛbɔ afɔre. Bio nso, ɛyɛ mma ne mma nananom a ɛsɛ sɛ wogyina asase a ɛso asɛe a wobegyaw ama wɔn no no ho a wonsusuw koraa. Afei nso ɛyɛ anisɔ ne obu koraa a wɔnkyerɛ mma Nea ɔbɔɔ asase na osiesiee no sɛ adesamma fie no.
Yesaia 45:18 ka Yehowa ho asɛm sɛ ‘nea Ɔbɔɔ ɔsoro, na ɔnwenee asase—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wɔammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.’ Mfiase no ɔde onipa duaa asase so sɛ ɔnhwɛ so: “Na Yehowa Nyankopɔn de onipa no koduaa Eden turom sɛ ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ.” (Genesis 2:15) Ɛwom sɛ wɔbɔɔ no pɛ de, nanso Adam gyaw ne pɛyɛ no kɔfaa ɔkwan a n’ankasa pɛ so. Wanyɛ adwuma a ɛne sɛ ‘ɔnwɛn asase no’ bio.
Saa nkogudi no akɔ so abedu yɛn nna yi mu, na sɛnea wɔresɛe asase no mprempren no abɛyɛ asɛnkɛse. “Onyankopɔn bɔɔ onipa yiye, na wɔn de, wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.” (Ɔsɛnkafo 7:29) “Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekae nti wɔnna so nyɛ ne mma, wɔyɛ awo ntoatoaso kɔntɔnkye a wɔakyea.” (Deuteronomium 32:5) Nanso, nnipa bɛkɔ so atra asase no so, nanso ɛrenyɛ awo ntoatoaso kɔntɔnkye a wɔakyea. Odwontofo no kae sɛ wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, ‘treneefo nkutoo na wɔbɛtra so’.—Dwom 37:29.
Sɛnea Asase no ho Hia Yehowa
Bere a Yehowa bɔɔ asase no wiei no, ‘ohuu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.’ Ɔpɛe sɛ ɛkɔ so tra hɔ saa ara. Ɔyɛɛ turo fɛfɛ bi wɔ Eden na ɔde Adam koduaa mu sɛ ɔnwɛn hɔ. Na ɛnyɛ onipa nko na ɔde afifide a ɛwɔ hɔ no bedi dwuma. Onyankopɔn kae sɛ: “Na asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa a ɔkra a ɛte ase wɔ wɔn mu no, mede nhaban momono mama wɔn sɛ wonni.”—Genesis 1: 30, 31.
Bere a akyiri yi wɔde Mose mmara no maa Israelfo no, ɔyɛɛ nhyehyɛe maa asase no sohwɛ. Ná afe a ɛto so ason biara bɛyɛ “ahomegye home ma asase no.” Na ɛnsɛ sɛ wotwa biribiara a ɛno ankasa fifii asase no so, na mmom na ɛsɛ sɛ wogyaw ma ahiafo ne wɔn nyɛmmoa ne wuram mmoa a wɔwɔ asase no so no.—Leviticus 25:4-7.
Yehowa kyerɛɛ sɛnea abɔde a nkwa wom so kora hia no no denam sɛnea ɔmaa wɔde mmoa ahorow no mu biara onini ne ɔbere kɔɔ adaka no mu wɔ Noa Nsuyiri bere no mu. Sɛnea na mmoa ho hia no no daa adi nso wɔ Mmara apam no mu. Sɛ nhwɛso no, na ɛnsɛ sɛ wɔkata nantwi a ɔporow awi ano. Na ɔwɔ hokwan sɛ ɔwe aba no bi. Na ɛnsɛ sɛ wɔma nantwi ne afurum bom fɛtɛw. Na ɛno bɛyɛ nsisi ama aboa a osua na ɔyɛ mmerɛw sen ɔfoforo no. Ná ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn yɔnkonom mmoa a wɔso adesoa a wɔwɔ ahokyere mu, sɛ ne wura no yɛ onii no tamfo mpo a, na sɛ ɛho behia mpo sɛ onii no yɛ adwuma Homeda a. (Exodus 23:4, 5; Deuteronomium 22:1, 2, 10; 25:4; Luka 14:5) Na wobetumi asesaw anomaa nkesua anaa ne mma afi ne berebuw mu, nanso na ɛnsɛ sɛ wɔkyere ɛnã no. Ná ɛsɛ sɛ wogyaa no na ama n’ase afɛe. Na Yesu kae sɛ ɛwom mpo sɛ akasanoma nsom bo pii de, ‘nanso wɔn mu biako nhwe ase a Onyankopɔn nnim.”—Mateo 10:29; Deuteronomium 22:6, 7.
Odwontofo a honhom kaa no no kae sɛ: “Ɔsoro yɛ [Yehowa] soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” (Dwom 115:16) Yesu kae wɔ Mateo 5:5 sɛ: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.” So wususuw sɛ saa ademude yi a efi Yehowa hɔ no bɛyɛ asase bi a ɛso wɔ fĩ? Sɛ wowɔ ofie fɛfɛ bi a wode begyaw wo mma a, so wobɛma ahɔho a wɔte fie no mu a wɔresɛe ɔdan no ne n’adiho no akɔ so atra mu? Anaasɛ, so wubetu wɔn na woasiesie ofie no ansa na wode agyaw wo mma no?
Saa ara na Yehowa yɛe ansa na ɔde Israelfo no rekɔ asase a ɔde hyɛɛ wɔn bɔ no so. Na Kanaanfo no de wɔn ɔbrasɛe a ɛkyɛn so no agu asase no ho fĩ, ɛno nti na Yehowa tuu wɔn. Bere koro no ara mu no, ɔbɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ, sɛ wogu asase no ho tĩ sɛnea Kanaanfo no yɛe no a, obetu wɔn nso. Wɔayɛ asɛm yi ho kyerɛwtohɔ wɔ Leviticus 18: 24-28:
“Mommmfa nneɛma yi biara nngu mo ho fĩ [mogya fra, ɔbarima ne ɔbarima nna, onipa ne aboa nna, mogya ho asodi], efisɛ eyinom nyinaa na amanaman a merebetu wɔn afi mo anim yi de agu wɔn ho fĩ, na asase no so agu fĩ, enti na meretua ɛso amumɔyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefo no. Na mo de, munni m’ahyɛde ne m’atemmude so, na monnyɛ saa akyide yi mu biara, okuroni oo, ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu oo, efisɛ saa akyide yi nyinaa na asase no sofo a wodi mo kan no ayɛ, na asase no amfe mo sɛ moagu ho fĩ, sɛnea ɛfee amanaman a wodii mo anim no.”
Nanso, Israelfo no nam ɔbrasɛe a Kanaanfo no yii no adi no ara so guu asase no ho fĩ. Sɛnea Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ no, ɔnam Babilonfo a ɔma wɔbɛfaa wɔn nnommum kɔɔ Babilon no so tuu wɔn. Bere tenten a ansa na eyi reba no, Yehowa nam ne diyifo Yesaia so bɔɔ Israelfo no kɔkɔ: “Hwɛ, [Yehowa resɛe asase ama ada mpan, na wadan ani abutuw, na wabɔ ɛsofo apete. Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔatõ daa apam no. Enti na nnome amene asase, na ɛsotefo di sõ; enti na asase sofo ahyew, na aka so adesamma ketewaa bi.”—Yesaia 24:1, 5, 6.
Wɔbɛsɛe Wɔn a Wɔresɛe Asase No
Ɛnnɛ, yɛwɔ gyinabea koro no ara mu. Nhoma, nsɛmma nhoma, atesɛm nkrataa, TV, video, ne atesɛm amanneɛbɔ nyinaa da nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe, basabasayɛ, ne amammui mu porɔwee adi. Nnwuma akuw horow a wɔyɛ adifudipɛfo sɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no, na mpo wɔde aguade ahorow a wɔabara wɔ wɔn ankasa aman a wodi yiye wɔ so sɛ enye mma akwahosan no kɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso a wonni biribi a wɔde bɔ wɔn ho ban sɛɛ no so. Wɔbɔ Kristofo kɔkɔ sɛ wɔnkwati nneyɛe a ɛte saa:
“Enti meka eyi na midi adanse Awurade mu, sɛ monnnatew bio sɛnea amanaman a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no. Wɔn na wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonnim de na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo. Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.”—Efesofo 4:17-19; 2 Timoteo 3:1-5.
Ɔdesani honhom ne nea atwa ne ho ahyia nyinaa ho agu tĩ. Asase no wɔ mmara ahorow a ɛma nneɛma kari pɛ. Esiane sɛ n’ankasa mu mmara a ɛma ɔkari pɛ asɛe nti, ɔdesani ahonim, biribi a ɛwɔ ne mu a edi ne so no ho agu fĩ, na ama wɔagu asase no ho fĩ. Mprempren Onyankopɔn nkutoo na obetumi asiw onipa kwan. Onyankopɔn nkutoo na obetumi agye asase no. Yɛwɔ nea yegyina so nya ahotoso sɛ ɔbɛyɛ saa wɔ Adiyisɛm 11:18, faako a Yehowa hyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’