Menam Nnubɔne So Hwehwɛɛ Asetra a Eye
NÁ METE sumii dedaw bi a ayɛ fĩ so wɔ afiase dan a emu kanea nhyerɛn yiye mu. Misusuw nneɛma a na asisi da no mu no ho wɔ m’adwene mu. Ɔkwan bɛn so na na yebetumi ayɛ nkwaseade saa ma wɔakyere yɛn!
Sɛ yɛyɛɛ komm na yɛammɔ hu a, anka polisifo rentumi nkyere yɛn kar no. Sɛ anka yɛtoo saa wii asinasin no gui na yɛde kotoku a nhahan no bi wom no siei ansa na polisifo rehwehwɛ nsõ kuruwa no mu ɛ. Ɔkwan bɛn so na mede me ho bɛhyɛɛ saa ɔhaw yi mu? M’adwene kyinkyin kɔɔ mfe a abɛsen no mu . . .
Sɛ obi a onnii mfe 20 no, na meware na na minni honam na enti metee nka sɛ me ho yɛ tan na me ho nhia. Ná mefɛre ade yiye na na mewɔ nnamfo kakraa bi. Nanso, mepɛe sɛ migye din wɔ sukuu, meba so. Nkakrankakra no, mifii ase maa me ti nhwi fuw yɛɛ atenten. Mehyɛɛ ntade a ani apaw, na me ne mmofra afoforo a wɔaba so traa sukuu dan no mu akyi hɔ.
Afei da koro bi ɛbae ara kɛkɛ. Na me ne mmofra bi wɔ faako a wɔnom sigaret no. Wɔde wii sigaret maa me. Bere a mempɛ sɛ wobu me animtiaa no, mede me ho hyeem na menom bi. Ankyɛ na mihui sɛ mede me ho afra nnamfo afoforo mu. Awiei koraa no migyee din araa yiye na na mewɔ nnamfo pii.
Akyiri yi mifii ase nom nnuru a ano yɛ den. Na ne nyinaa yɛ anigye ne abanimsɛmdi, sɛ wubeguan na woanom nnuru abow na afei woayɛ nneɛma afoforo a ɛwɔ ahohwibra mu. Mifii ase ka kyerɛɛ me ho sɛ sɛ obiara nom wii a anka asetra bɛyɛ yiye. Dɛn ntia? Efisɛ ɛboa wo ma wuhu afɛfɛde a atwa wo ho ahyia no na wo ho dwo wo, enti ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea eye ma wo. Saa na misusuwii. Nanso mprempren, wɔ saa afiase dan a emu ayɛ fĩ yi mu no, nokwasɛm no aka me ankasa.
Ná m’awofo nnim sɛ menom nnubɔne. Sɛ wohui a anka ɛbɛhaw wɔn kɛse dɛn ara! Wɔ nea na ayɛ te sɛ bere tenteenten akyi no, wobuee afiase dan ɔpon no. Ɔpanyin bi ka kyerɛɛ me sɛ me papa aba hɔ sɛ ɔrebedi me agyinam. Na ofie kɔ no yɛ asɛnkɛse.
Me papa frɛɛ mmaranimfo bi sɛ ɔmmɛboa me wɔ asenni no mu. Ná ɔyɛ abusua no adamfo. Ne ho dwiriw no sɛ ɔtee sɛ manya asɛm. Akyiri yi wɔ polisifo dwumadibea hɔ no, mmaranimfo no gyinaa m’ananmu ne mpanyimfo no kasae. Mede ahoyeraw twɛn nea ebefi mu aba no.
Awiei koraa no. wosii gyinae sɛ wobeyi me esiane sɛ na wɔnkyeree me da no nti. Mmaranimfo no fi ayamye mu tuu me fo sɛ memfa m’adwene nsi nneɛma afoforo hwehwɛ sommom sen nnubɔne. Meka kyerɛɛ no sɛ mɛyɛ saa. Nanso nsɛm yɛ fo sen nneyɛe.
Adwenemhaw ne Me ho a Mepɛe sɛ Mekum
Mekɔɔ so ne me nnamfo dedaw no bɔe. Enti esiane atipɛnfo nhyɛso nti, mifii ase nom nnubɔne bio. Bere bi akyi no emu anigye no kɔe. Nanso na merentumi ntra ase a mennom bi. Na mihia biribi a ebeyi m’adwene afi nsɛnnennen a atwa me ho ahyia no so na aboa me ama matra ase wɔ ɛda no mu. Na me ne me nnamfonom no rentumi nnye yɛn ani a nnubɔne nka ho. Wɔ ɛda a ɛyɛ fɛ a yɛredi agoru wɔ ɔtare no so mu mpo no, yɛn nyinaa di abooboo na yɛka sɛ, “Oo, sɛ anka yɛwɔ wii kakraa ɛ!”
Nkakrankakra no mifii ase tee adwenemhaw kɛse nka. Na asetra mu nni atirimpɔw biara. Na minni biribiara a mehwɛ kwan sɛ mɛnom nnubɔne abow. Mifii ase susuw ahokum ho. Da koro bi anka mereyɛ anom me nanabea nnuru adaka mu nnuru a ɛwom nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboro so na akum me. Nanso nea ɛyɛɛ me awerɛhow no, mesɔree bio anɔpa a edi hɔ no.
Anwummere bi a mennom nnubɔne no, meforo kogyinaa yɛn ɔdan no suhyɛ so. Anadwo no fɛ a ɛyɛ no kaa me titiriw. Na ɔsram no apue kɛse, na mununkum kɛse fitaa bi nenam wim, na na Buronya nnua atenten no rehinhim wɔ mframa nwininwini no mu. Misusuwii sɛ: ‘So obi hyɛ saa afɛfɛde ne nhyehyɛe a ɛwɔ adebɔ mu yi akyi? So atirimpɔw bi a ɛkorɔn wɔ asetra mu sen sɛ obi bɛtra ase te sɛ aboa a ɔhwehwɛ sɛ obedi honam fam akɔnnɔ ho dwuma ara kwa?’ Na m’ani reba me ho so wɔ me honhom mu ahiade ho.
Mifii ase kenkan onipa a owu kɔ san ba ho ade. Mehwehwɛɛ Sen Buddasom mu. Afei nso mekɔfaa Bible dedaw bi popaa ho na mifii ase kenkan “Apam Foforo” no. Emu na mihuu nsɛm bi a na m’ani gye ho, te sɛ Yesu nsɛm a ose: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara” no.—Mateo 7:12.
Misusuwii sɛ: ‘Hena na ɔde nneɛma a ɛte sɛɛ di dwuma wɔ asase so? Hena na obetumi akyerɛkyerɛ me Bible no mu?’ Misii gyinae sɛ mɛkɔ asɔre ahorow no mu akɔhwehwɛ mmuae. Nanso esiane me fɛre no nti, na ɛyɛ den mpo sɛ mɛhyɛn emu biara mu.
Mmuae wɔ Nhoma Dedaw bi Mu
Anwummere bi mebɔɔ mmɔden sɛ mɛbɔ Onyankopɔn mpae. Mibisae sɛ: “Mesrɛ wo boa me ma minhu wɔn a wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma nokwarem no.” Dapɛn biako akyi no na merehwehwɛ nneɛma dedaw adetɔnbea bi mu. Wɔ nhoma ahorow bi na wɔde adi dwuma mu no, m’ani tɔɔ ketewaa bi a ɛho yɛ bruu a wɔato din Nokware a Ɛde kɔ Daa Nkwa Mu so. Metɔe na mekenkan ne nyinaa. Ɛkyerɛkyerɛɛ Bible mu nkyerɛkyerɛ atitiriw mu na ɛde Bible mu nsɛm boaa nsɛm a ɛka no. Misii gyinae sɛ medi afotu a ɛwɔ kratafa 138 a ɛfa nhyiam a wobɛkɔ wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so ho no akyi.
Ná me ne Adansefo no mu biara nkasae da. Nanso na mekae sɛ me maame ka kyerɛɛ me bere bi sɛ ɔbarima a oduraa ne nkongua ho maa no no yɛ Ɔdansefo. Ɔbɔɔ me kɔkɔ sɛ me ne no nka nyamesom ho asɛm da ɛfisɛ ɔbɛbɔ me asɔn. Mehwehwɛɛ ne din wɔ telefon nhoma no mu na me ne no kasae na mibisaa faako a Ahenni Asa no wɔ.
Ɔbarima a odura nkongua ho no behyiaa me asa no abranaa so na ɔde me kɔɔ mu. Ofii ase de me kyerɛɛ obiara a obetwam. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ wɔn nyinaa nim wɔn ho wɔn ho no ne sɛ na nnamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ ama asa no so nni adagyew mmom sen sɛnea anka ɛhɔ bɛyɛ dinn sɛnea misusuwii sɛ ɛbɛyɛ wɔ asɔre mu no. Ɛbɛyɛ sɛ me ho yɛɛ wɔn nwonwa sɛ na mahyɛ T-Shirt ne dungaree (John Green) bruu na me ti nhwi gu me mmati so besi m’akyi no. Nanso obiara amma mante nka bɔne biara. Wɔmaa me akwaaba.
Nhyiam no akyi no. Owura Parciacepe a ɔne ɔbarima a odura nkongua ho no bisaa me sɛ mɛpɛ sɛ misua Bible no anaa. Mepenee so. Bere a adesua no rekɔ so no, mihuu hia a ɛho hia sɛ meyɛ nsakrae ahorow wɔm’asetra mu no. Me ntadehyɛ ne m’ahosiesie sakrae. Metwee me ho fii nnubɔne ho. Mede nnamfo afoforo a wofi Yehowa Adansefo mu hyɛɛ me nnamfo dedaw no ananmu.
Mmaranimfo no ne Onii a Odii N’asɛm No
Wɔ 1979 mu bɛyɛ bere a mebɔɔ asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako no akyi afe biako no, mitumi de me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Ahohuru bere a edi kan a meyɛɛ saa no mu no, biribi a na menhwɛ kwan sii.
Adansefo no mu biako a na ɔyɛ mmaranimfo na ɔyɛ asafo mu ɔpanyin sii gyinae sɛ ɔbɛsrasra mmaranimfo binom a wɔwɔ kurom hɔ na waka yɛn gyidi ahorow no ho asɛm akyerɛ wɔn. Ɔde me kaa ne ho kɔe. Na mmaranimfo a yɛrekɔsra wɔn no mu biako yɛ nea ɔboaa me bere a wɔkyeree me mfe bi a atwam ni wɔ nnubɔne ho no.
Me hokafo no kyerɛkyerɛɛ yɛn nsrahwɛ no atirimpɔw mu pefee na ɔde me kyiaa no. Bere a yɛrekyia yɛn nsam no, ahodwiriw ne gye a onnye nni maa n’anim sakrae, na afei ɔserewee na ɔteeɛm sɛ: “Ladd Stansel! Anka merenhu wo da! Woasesa koraa!”
Bere a mfitiase ahodwiriw no afi hɔ akyi no, mede nhoma a mekenkanee no bi kyerɛɛ no na mekae sɛ:
”Saa nhoma yi aboa me yiye ma mate Bible nnyinasosɛm ahorow ase na mahu sɛnea ɛho hia sɛ meyɛ saa nsakrae ahorow yi. Mɛpɛ sɛ wunya biako.” Bere a ogyee nhoma no, ofi ayamye mu daa me ase. Yɛrefi hɔ no yesusuw sɛnea eyi aka no no ho.
Wɔ nna kakraa bi akyi no yehui. Me maame ne me ɔhokafo mmaranimfo no nsa kaa nkrataa ahorow a ɛka koma yiye fii mmaranimfo a odii m’asɛm no hɔ. Ɔkyerewee sɛ wahu anwonwade—abofra a onii mfe 20 a ɔde nnubɔne di dwuma na onni ahobammɔ a wasakra abɛyɛ aberantewaa fɛfɛ a afei de otumi yɛ biribi boa ɔman no.
Mfe ason a edi akyiri yi aboa me kɛse wɔ me onyin mu. Wɔ 1981 mu no wɔpenee so ma mebɛyɛɛ adwuma a wofi wɔn pɛ mu yɛ wɔ Betel a ɛyɛ Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti no wɔ New York. M’asetra sii yiye kɛse mpo bere a wɔ afe a etwaam no mu no mewaree Sue a ɔbɛkaa me hɔ wɔ Betel no.
Enti ɛnyɛ nnubɔne na ɛma minyaa asetra a eye —ɛbɔ no abira koraa! Ɛyɛ nnubɔne ho a metwee mo ho fii na mesom me Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn no na ɛmaa m’asetra bɛyɛɛ yiye ne nea abotɔyam ne anigye ahyɛ no ma. (Mateo 6:22)—Sɛnea Ladd Stansel ka kyerɛe.
[Kratafa 17 mfoni]
Ladd ne Sue Stansel nnɛ.