Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 8/1 kr. 30-31
  • Mifi Owu Kwan So Aba Nkwa Kwan So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mifi Owu Kwan So Aba Nkwa Kwan So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Asɛm mu Tumi a Ɛtew Nnipa Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Basabasayɛ Asetra A Midii So Nkonim
    Nyan!—1992
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 8/1 kr. 30-31

Mifi Owu Kwan So Aba Nkwa Kwan So

MFE pii mu no na nnubɔne nom asɛe m’asetra. Mifii ase nom nnubɔne a ano nyɛ den na metoaa so nom nea ano yɛ den te sɛ LSD. Nnubɔne bɛyɛɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ made me ho afi m’ankasa ne asetra mu ɔhaw ahorow nyinaa ho. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ mehyɛɛ mmofra afoforo nkuran ma wɔbɛkaa me ho wɔ owu kwan no so.

Esiane sɛ na wonim sɛ metɔn nnubɔne nti, na polisifo tetɛw me. Ɛsɛ sɛ migye tom sɛ na misuro efisɛ na minim sɛ, sɛ wɔkyere me a, wɔde me bɛto afiase mfe pii. Ɛwom sɛ na mahaw kɛse de, nanso na ɛnyɛ nea ɛdɔɔso a ɛbɛma masakra m’akwan.

M’awofo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa me denam adwenemyarefo ayaresabea a wɔde me kɔe sɛ wɔkɔsa me yare no so. Na wɔhwɛ kwan sɛ nnuru ne ayaresa a menya wɔ hɔ no bedi me haw no ho dwuma, nanso bere a mifii hɔ pɛ, m’awofo hui sɛ ayaresabea ayaresa mpo rentumi nsakra me. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsan aboa me denam ɔsɔfo bi a wɔma me ne no kɔkasae no so. Eyi nso ammoa. Minom wii ne nsa wɔ n’anim te sɛ nea onni hɔ. Na mempɛ sɛ mɛsakra!

Ná Oriana a merebɛware no no mpɛ m’asetra kwan no koraa nanso na mempɛ sɛ ogyae me. Na ɛda adi sɛ eyi te sɛ nkuranhyɛ a eye a ɛbɛma masakra. Nanso, mekɔɔ so nom nnubɔne wɔ kokoam mmom. Memaa Oriana gye dii sɛ meyare. Ankyɛ mebɛyɛɛ onipa a wasɛe ankasa. Mekɔɔ so hyɛɛ me ho bɔ sɛ megyae nom, ne sɛ metumi ayɛ ho biribi nanso ankosi hwee. Na merekɔ m’anim mmom wɔ owu kwan no so.

Esiane sɛ na mepɛ sɛ meware Oriana ntɛm nti, yekohuu obi a osiesie adan mu ma ɔbɛyɛɛ adwuma bi wɔ yɛn fi. Na ne yere yɛ Yehowa Adansefo mu biako na ɔkaa ne gyidi ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Mfiase no nkɔmmɔbɔ no nyaa Oriana so nkɛntɛnso kɛse sen me, nanso bere a ɛkɔɔ so no, mihui sɛ Yehowa Adansefo gye di pintinn sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛyɛ asase yi paradise ne sɛ nnipa bɛtra ha daa wɔ asomdwoe mu.

Na m’ankasa mepɛ sɛ mihu sɛ ɛyɛ nokware sɛ “mprempren mpo Yehowa Adansefo yi ɔdɔ ne obu adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho,” sɛnea na awuraa no aka no. Enti me ne Oriana kɔɔ Ahenni Asa so. Me ti nhwi atenten ne m’atade tantan no maa m’ani wui, nanso akwaaba a Adansefo no maa yɛn no maa me ho san me ntɛm ara. Metee nka sɛ metumi de me ho ato wɔn so. Na ɛda adi pefee sɛ ɔdɔ ne obu a efi koma mu a woyi adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no yɛ ade a ne yɛ aka wɔn hɔ dedaw.

Efi saa da no, mifii ase kɔɔ Kristofo nhyiam daa na mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Metwitwaa me ti nhwi no so, mesakraa m’ahosiesie na menam mmɔdenbɔ kɛse so gyaee sigaret ne nnubɔne nom. (2 Korintofo 7:1) Nanso na mihyia ɔhaw foforo bi a anibere wom wɔ m’asetra mu. Na madan ɔsadweam a minnim. Sɛ menom nsa a, metɔ ɔhaw mu. Me ne nkurɔfo gye akyinnye na metwee Oriana ho ninkunu yiye. Midii awerɛhow kɛse. (Mmebusɛm 23:29-35) Mebɔɔ mmɔden sɛ megyae asanom na mitumi dii subammɔne yi so wɔ m’asetra mu denam Yehowa mmoa, mpaebɔ tumi, ne Kristofo anuanom mmoa so.

Wɔbɔɔ me ne me yere asu August 23, 1974. Esiane nokware no nti, yɛn asetra wɔ atirimpɔw. Esiane sɛ na masan anya m’ankasa ho mu ahotoso nti, na woyi obu adi kyerɛ me wɔ adwuma mu. Me ne me yere nyinaa nyaa sika a ɛkɔ anim nanso afei yehui sɛ bere kakraa bi na yɛwɔ ma ɔsom kronn. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ahorow wɔ yɛn asetra mu. Anyɛ saa a, yebetumi atɔ asiane a ɛne sɛ yɛn kan dɔ ma nokware no ano bedwo no mu. Enti yefii akwampae adwuma ase 1979 mu na yɛde yɛn bere pii yɛɛ asɛnka adwuma.

Dɛn nti na misii gyinae yi? Wiɛ, sɛ ɛnyɛ nokware hann no a, anka nnɛ ɛhe na mewɔ? Mprempren wɔn a na wɔne me nam owu kwan no so no yɛ asadweam anaa wonni abusua bio anaa wɔda afiase​—anaasɛ wɔawuwu. Nanso, Bible nkrasɛm no na egyee me. Na ayaresa ne nkate so di ara kwa nnɔɔso. Na biribi a emu yɛ den a ɛbɛkanyan me ho hia. Esiane adamfofa a na mehwehwɛ sɛ me ne Yehowa benya nti, ɔma minyaa biribi a ɛte saa. Mprempren mewɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ meyɛ nea metumi nyinaa de aboa wɔn a wɔyɛ nnubɔne nkoa ne wɔn a wohu amane anaa wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so adi wɔn haw ho dwuma no. Me ne me yere nam Kristofo som adwuma no mu kyɛfa a yenya no nnam so no so reyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Yɛanya hokwan aboa nnipa pii ma wɔaba nkwa kwan no so. Nnipa baasa a m’ankasa mekyerɛɛ wɔn nnubɔne nom ka eyinom ho. Mprempren meresom sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Italy kusuu fam.

Ɛyɛ nokware: Nnubɔne nom te sɛ ɔkwan a ɛde wo kɔ owu anaa anyɛ yiye koraa no asetra hunu a enni daakye biara mu ntɛm. Minnya nsɛm a mede bɛda Yehowa Nyankopɔn ase! Ɔkyerɛɛ me kwan fii sum a na miwom no mu na ɔkyerɛɛ me nkwa kwan a ɛso nyinaa yɛ hann a ɛkɔ daakye a enni awiei mu.​—Sɛnea Ruggero Polotti ka kyerɛe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena