Abraham—Onyankopɔn Diyifo Ne N’adamfo
APUEI FAM ahene baanan asraafo a wɔaka abom twa Asubɔnten Eufrate. Na wɔato santen rekɔ Ɔhene Tempɔn a ɛwɔ Asubɔnten Yordan bon no apuei fam. Bere a wɔrekɔ no wodi Refaimfo, Susifo, Emifo ne Horifo so nkonim. Afei ntuafo no dan wɔn ho na wodi wɔn a wɔte Negeb kesee fam nyinaa so nkonim.
Na sraadi ɔsatu yi atirimpɔw ne dɛn? Na nkonim bo a wɔhwehwɛ no da Yordan asuo’ gya a wɔako afa no ne Negeb ntam. Ɛyɛ Ɔbon bi a ɛsom bo a wɔfrɛ no Yordan Dantaban. (Genesis 13:10) Ɛha na nkuropɔn-amansin, Sodom, Gomora, Adma, Seboim ne Bela de wɔn ho hyɛ yiyedi dwoodwoo asetra a hwee mfa wɔn ho no mu. (Hesekiel 16:49, 50) Bere bi na wɔyɛ Elam hene Kedorlaomer a ɔne asraafo a wɔaka abom no kannifo no nkoa. Nanso na wɔatew atua atia no. Afei, na wɔne no bebu akontaa a wɔrennya mmoa biara mfi aman a ɛbemmɛn hɔ no nkyɛn. Kedorlaomer ne n’ahokafo no di nkonim wɔ ɔko a efi mu ba no mu na wofi ɔkwan tenten a wobetwa akɔ wɔn man mu no ase a wokura asade pii.
Na ɔbarima treneeni bi, Lot, ka nnommum no ho. Ɔyɛ Abraham wɔfase a na wasi ne ntamadan wɔ Hebron mmepɔw a ɛbɛn no mu. Bere a Abraham te awerɛhosɛm no, ɔboaboa ne mmarima no mu 318 ano ntɛm ara. Ɛdenam mpɔtam hɔfo bi mmoa so no, wɔde akokoduru tiw ahene baanan no na wɔtow hyɛ wɔn asraafo no so mpofirim anadwo. Ntuafo no guan. Wogye Lot ne ne fifo ne nnommum afoforo ne nneɛma.
Ntease bɛn na yɛwɔ nti a ɛsɛ sɛ ɛma yegye Genesis ti 14 no mu kyerɛwtohɔ yi di? So wɔbɔɔ wɔn tirim na wɔkaa asɛm no na ama aman dodow bi a Yudafo ka ho agya no ayɛ ɔman dɔmmarima? Na nsɛm a esisii wɔ Abraham asetra mu no nso ɛ?
Nea Asɔfo Aka
Wɔ afeha a ɛto so 19 mfiase pɛɛ no, Lutheranfo nyamekyerɛfo Peter von Bohlen kae sɛ Abraham yɛ anansesɛm mu nipa ne sɛ, Kedorlaomer ntua no nni abakɔsɛm mu nnyinaso biara. Nyamekyerɛfo foforo, Ɔbenfo Julius Wellhausen kae sɛ: “Yɛannya tete agyanom no ho abakɔsɛm biara.” Ɔkae sɛ: “Ɛda adi kɛse sɛ wobetumi abu [Abraham] sɛ abɔde a wɔde adwene bu kɛkɛ sɛ ɔtraa ase.”
Engiresi nyamekyerɛfo suasuaa wɔn mfɛfo Germanfo no. Ɔsɔfo Stopford Brooke kyerɛwee wɔ ne nhoma The Old Testament and Modern Life no mu sɛ: “Tete agyanom a wɔwɔ din no ho nsɛm a ɛwɔ Genesis nhoma no mu no nni abakɔsɛm mu, ɛnyɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm bio te sɛ nea anansesɛm a ɛfa Ɔhene Arthur . . . ho no te no. John Colenso, Natal a anka Britaniafo di so no sɔfo panyin no kyerɛwee sɛ: “Yenya tete agyanom no mu biara asetra ne ne su ho adwene a emu nna hɔ asinasin. . . fi . . . Genesis mu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Yɛrentumi nnya kyerɛwtohɔ ahorow yi mu biara mu ahotoso a edi mu.”
Ɔkasatia a ɛte saa no trɛw te sɛ ɔyare bɔne bi. (2 Timoteo 2:17) Ɛnnɛ, asɔrekɔfo ɔpepem pii mmu tete agyanom no asetra aniberesɛm bio. Nanso mprempren wɔn a wonnye onyame biara nni no ka sɛ wɔakasa atia Bible no dodo ma Kristoman nyamekyerɛfo ani awu. Sɛ nhwɛso no, Bol’shaia Sovetskaia Entsiklopediia (Great Soviet Encyclopedia) ka sɛ: “Wɔ nnansa yi mfe no mu no, wɔagyina nhwehwɛmu foforo, ne titiriw no nea wɔfrɛ no fam a wotutu de hwehwɛ Bible nneɛma mu no so asan ahwehwɛ nsɛm ahorow a wogyina so kasa tia Bible no mu. Ɛte sɛ nea Bible mu atetesɛm ahorow bi a wɔabu no sɛ anansesɛm no . . . wɔ abakɔsɛm mu nnyinaso.” Susuw sɛnea fam tutu a wɔde hwehwɛ tete nneɛma mu no ama Abraham ho kyerɛwtohɔ no mu ada hɔ yiye.
Kaldeafo Ur
Sɛnea Bible kyerɛ no, wɔtetee Abraham wɔ “Ur a ɛwɔ Kaldea.” (Genesis 11:27-31; 15:7) Mfehaha pii no na faako a Ur wɔ yɛ ahintasɛm. Akasatiafo gye dii sɛ na ɛwɔ hɔ mpo a, na ɛnyɛ beae titiriw bi na na anibuei nni hɔ. Afei nea ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw no, wohui pefee sɛ amamfo a ɛda Babilon ne Persia Ɛpo Basa no ntam no yɛ Ur amamfo a mfomso biara nnim. Abopon mpempem pii a wotutui wɔ hɔ no daa no adi sɛ na Ur yɛ wiase no aguadibea titiriw a na amamfrafo pii tete hɔ. Wɔ Abraham bere so no, na kurow no wɔ sukuu a wɔkyerɛ mmarimaa akyerɛw ne akontaabu wom.
Afei nso, fam a wotutui wɔ Ur no daa no adi sɛ n’adansifo de adum dii dwuma, wosisii adan a wɔakɔntɔn atifi ne nea atifi yɛ kurukuruwa. Ur adwinfo yɛɛ agude a ɛyɛ fɛ, asanku a wɔadi adwin pii agu ho ne sɛpɔ a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tete nneɛma mu tutuu adorobɛn a wɔde dɔte a wɔato ayɛ a nsu fa mu sian kɔ amoa akɛse a emu dɔ yɛ anammɔn 40 mu wɔ afi pii mu.
Saa nneɛma a wɔahu yi ama nhomanimfo anya Abraham ho adwene foforo. Owura Leonard Woolley kyerɛwee wɔ ne nhoma Digging Up the Past no mu sɛ: “Na yɛtaa dwen Abraham ho sɛ ntamadan mu trafo a ɔmpɛ akɛsesɛm, nanso yehu no sɛ obi a ebetumi aba sɛ ɔtraa ntayaa dan pa bi mu wɔ kuropɔn bi mu.” Alan Millard a otutu fam de hwehwɛ tete nneɛma mu no kae wɔ ne nhoma Treasures From Bible Times no mu sɛ “Abraham fii anibuei kuropɔn a ahobammɔ ne ahotɔ wom no mu na ɔbɛyɛɛ atutrafo a wobu wɔn animtiaa no mu biako!”
Kedorlaomer Ntua No
Na Elam hene Kedorlaomer so nkonim a Abraham dii no nso ɛ? Wɔ afeha 19 mfiase mu hɔ no, na Elamfo ho asɛm kakraa bi na wonim. Bible akasatiafo pow adwene a ɛkyerɛ sɛ na Elam anya Babilon so nkɛntɛnso pɛn, na mene Palestina. Mprempren ɛsono sɛnea wobu Elamfo. Fam a wotutu de hwehwɛ tete nneɛma mu da no adi sɛ na ɛyɛ ɔman a edi ako a ɛwɔ tumi. Funk & Wagnalls Standard Reference Encyclopedia ka sɛ: Elamfo sɛee Ur kurow no bɛyɛ 1950 A.Y.B. . . . Enti, wonyaa Babilon sodifo so nkɛntɛnso kɛse.”
Afei nso, wɔahu Elam ahene din wɔ tetefo nkyerɛwee a wotutu fii fam no mu. Asɛm “Kudur” a ɛte sɛ “Kedor” na efi ebinom ase. Enti mprempren wiasefo nhoma ahorow bi gye Kedorlaomer tom sɛ abakɔsɛm mu sodifo na ne din no betumi akyerɛ “Lagamar Akoa.” Babilonfo nkyerɛwee biako kura din a ɛte sɛ ahene a wonyaa ntua no mu kyɛfa no mu baasa din—Tudhula (Tideal), Eriaku (Ariok), ne Kudur-lahmil (Kedorlaomer). (Genesis 14:1) Ɔbenfo A. Custance de ka ho wɔ Hidden Things of God’s Revelation no mu sɛ: “Wɔ din ahorow yi akyi no, nkyerɛkyerɛmu a ɛte sɛ nea ɛtwe adwene si nsɛm a esisii wɔ Babilon bere a Elamfo dii ɔman no so tumi no so nso wɔ hɔ. . . . Enti saa abopon a Bible akasatiafo kasa tia na wɔyɛ biribiara a wobetumi de ka nea ɛkyerɛ no hyɛ no si Kyerɛwnsɛm no so dua.”
Na ahene baanan no ntua no nso ɛ? So fam a wotutu de hwehwɛ tete nneɛma mu adanse bi wɔ Yordan asuogya ne Negeb a wɔde begyina eyi akyi? Yiw. Wɔ Ɔbenfo Yohanan Aharoni nhoma The Archaeology of the Land of Israel no mu no, ɔka nnipa bi a na wɔn ani abue a wɔtraa ase ansa na wɔrekyekye Israel a na wɔwɔ “nkurow a ɛyɛ fɛ” wɔ Yordan asuogya ne Negeb “bɛyɛ 2000 A.Y.B.” a wɔn ase atɔre ho asɛm.
Afoforo a wotutu fam de hwehwɛ tete nneɛma mu ka sɛ eyi sii bɛyɛ 1900 A.Y.B. Ɔbenfo Harold Stigers ka wɔ ne Commentary on Genesis no mu se “Negeb ne Yordan asuogya nneɛma a wɔde dɔte anwene a na ɛwɔ hɔ wɔ saa bere yi mu no sɛ, na ne nyinaa kyerɛ anibuei no a ɛbaa awiei mpofirim wɔ asiane mu.” Bible akasatiafo te sɛ John Van Peters mpo gye eyi ho adanse no tom. Ɔka wɔ ne nhoma Abraham in History and Tradition no mu sɛ “Asɛnnennen biako a yentumi nhu ano ne faako a saa nnipa yi kɔe wɔ saa bere no awiei, sɛ wɔkɔɔ baabi a.”
Genesis ti 14 de biribi a ebetumi ayɛ asɛnnennen no ano aduru ma. Sɛnea Bible mmerebu kyerɛ no, Abraham duu Kanaan 1943 A.Y.B. Ɛbɛyɛ sɛ Kedorlaomer ntua a ɛsɛee nneɛma no sii wɔ eyi akyi bere tiaa bi. Akyiri yi Onyankopɔn de ɔsɛe a ɛyɛ hu baa ɔbrasɛe nkurow a ɛne Sodom ne Gomora so wɔ saa afeha koro no ara mu. Eyi sakraa Yordan bon anafo a na anka ɛyɛ asase a ɛma nnɔbae no wim tebea koraa. (Genesis 13:10-13; 19:24, 25) Na ɛnyɛ amannɔne ntuafo nkonim bo bio.
Nhwɛso afoforo pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛnea fam a wotutu de hwehwɛ tete nneɛma mu ne Kyerɛwnsɛm no ka bom ma nsɛm a esisii wɔ Abraham asetra mu no mu da hɔ kɛse. Nanso fam a wotutu de hwehwɛ tete nneɛma mu wɔ ne sintɔ ahorow. Adanse a ɛde ma no ntaa nyɛ tee na ɛsɛ sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ kyerɛ ase.
Adanse a Wotumi De Ho To So Sen Biara
Adanse a emu yɛ den sen biara a ɛkyerɛ sɛ Abraham traa ase ankasa no ne nea onipa Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn de ma no. Onyankopɔn kaa Abraham, Isak, ne Yakob ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wɔsɔ n’ani sɛ ‘n’adiyifo’ no so wɔ Dwom 105:9-15. Bɛboro mfirihyia apem wɔ Abraham wu akyi no, anyɛ yiye koraa no Yehowa Nyankopɔn nam adiyifo baasa anom nsɛm so kaa Abraham ho asɛm na ɔfrɛɛ no mpo sɛ “n’adamfo.” (Yesaia 41:8, New World Translation; 51:2; Yeremia 33:26; Hesekiel 33:24) Yesu Kristo nso kaa Abraham ho asɛm sɛ ɔyɛ nhwɛso ma afoforo. Wɔ Onyankopɔn Ba no asetra wɔ soro ansa na ɔrebɛyɛ onipa no mu no, n’ankasa hui sɛnea n’Agya ne tete agya panyin no dii. Enti, otumi ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ:
“Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma; na afei morehwehwɛ me akum me, me a maka mo nokware a mate Onyankopɔn nkyɛn no. Eyi de, Abraham anyɛ. Mo agya Abraham ho san no sɛ obehu me da; na ohui, na n’ani gyei. Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Wunnya nni mfirihyia aduonum, na wuhuu Abraham? Yesu see wɔn sɛ: Nokware, nokware, mise mo sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.”—Yohane 8:39, 40, 56-58.
Esiane adanse ne nkuranhyɛ a amansan no mu Nnipa baanu a wɔsen biara no de ma nti, yɛwɔ nea ɛsen biara a yebegyina so agye biribiara a Bible no ka wɔ Abraham ho no atom. (Yohane 17:5, 17) Ɛwom sɛ Bible de Abraham ma sɛ nhwɛso de, nanso ɛmpagyaw no ɔkwan a ɛnteɛ so sɛ ɔman bi dɔmmarima. Yɛnam nkonim a odii wɔ ahene baanan a na wɔayɛ biako no so ho kyerɛwtohɔ a yɛbɛhwehwɛ mu no so betumi ahu eyi. Bere a Abraham fii ɔko no bae no, Salem hene Melkisedek bekyiaa no na ɔkae sɛ: “Nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa.” Yehowa na ɔkamfoo no wɔ saa ogye no ho.—Genesis 14:18-20.
Nanso nkonimdi a ɛsen eyi abɛn! Ɛrenkyɛ saa Onyankopɔn nuonyamfo koro yi ara bedi “wiase nyinaa ahene” so nkonim wɔ wiase nyinaa ko a wɔfrɛ no Harmagedon no mu. (Adiyisɛm 16:14, 16) Afei Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔde maa Abraham, ne ne diyifo ne n’adamfo no benya mmamu awie: “Na w’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” Ɔpepem pii renya saa nhyira horow no mu anigye. Wubetumi ayɛ wɔn mu biako sɛnea nsɛm a epue wɔ nsɛmma nhoma yi nkratafa 18-28 bɛkyerɛ no.—Genesis 22:18.
[Asase Mfonini/Mfonini wɔ kratafa 7]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Ɛpo Kɛse
NEGEB
Damasko
Haran
Asubɔnten Eufrate
Asubɔnten Tigri
Ur
ELAM
Persian Ɛpo Basa
[Asase Mfonini]
Damasko
Dan
REFAIM
SUSIM
Sekem
Betel
Yordan Dantaban
Nkyene Po
Hebron
THE NEGEB
Ɔhene Tempɔn
EMIM
Gomora
Sodom
HORIFO
[Mfonini]
Abraham tiei na otu fii Ur, kurow a na anya nkɔso wɔ aguadi mu no mu
Nnwinne a efi Ur amamfo so:
1. Sika kɔkɔɔ nnwinnade
2. Dwom adaka a wɔadi adwin agu ho
3. Sanku adaka (sika kɔkɔɔ nantwinini fi)
4. Asonkaa ne kɔnmuade
5. Abohene abotiri
[Mfonini Fibea]
Photos: Courtesy of the British Museum