So Wɔde Nnianim Asɛm A Ɛfata Di Dwuma?
1 Sɛ ofiewura bue ɔpon no a, asɛmpa no ho ɔdawurubɔfo hyia Ahenni nkrasɛm no a obeyi anim wɔ ɔkwan a ɛfata so no ho asɛnnennen. Mpɛn pii no wɔ anibu du a edi hɔ no mu no, ofiewura no besi gyinae sɛ obetie asɛm no anaasɛ ɔbɛma Ɔdansefo no akɔ. Sɛ́ Ahenni asɛnkafo no, yenim sɛ asɛm a yɛka no ho hia kɛse, na yɛpɛ ankasa sɛ yɛboa wɔn a yɛne wɔn kasa no. (Rom. 10:14) Nanso sɛ yɛn nnianim asɛm no kanyan onipa no adwene a na yebenya ho kwan ne no akyɛ Bible mu nokware ahorow no.—Kol. 4:6: fa toto Mmebusɛm 25:11 ho.
2 Bere a yesusuw sɛnea yɛn nnianim asɛm fata ho no, ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ ebia aka yɛn hɔ sɛ nnianim asɛm koro no ara na yɛde di dwuma efisɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkae na ɛma yɛn ho tɔ yɛn nti anaa. So nsɛm bi wɔ yɛn nnianim asɛm no mu a ebia ebetumi ama adwenkyea asɔre wɔ nsasesin bi mu? So esi biribi pɔtee bi so a ɛbɛkanyan anigye mfiase no ara, anaasɛ ɛma ofiewura no kwan ma otwa nkɔmmɔbɔ no so ansa na yɛakɔ yɛn asɛm no so? Ɔkwan bɛn so na yebetumi akanyan ofiewura no anigye wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ no mfiase pɛɛ? Nnianim nsɛm a etu mpɔn mma ara kwa. Egye adwumaden, ahosiesie a wɔyɛ no yiye, ne sua a wosuasua daa.
NNIANIM ASƐM A ƐFATA NO A WOBƐPAW
3 Efi Reasoning nhoma no kratafa 9 no, ɔfã bi a eye wɔ hɔ a wɔato din “Nnianim Nsɛms for Use in the Field Ministry.” (“Nnianim Nsɛm a Wɔde Bedi Dwuma Wɔ Asɛnka Mu.”) Akyinnye biara nni ho sɛ saa ɔfã yi nsɛm a wɔde di anim no mu a wobɛhwehwɛ no betumi aboa wo. Mfiase pɛɛ no, wɔkae yɛn sɛ akwan horow a yɛfa so ho hia wɔ nsasesin, nnipa, ne tebea horow fam. Nnianim asɛm a ɛfata a wobɛpaw no gye nsusuwho a woyɛ no yiye.
4 Bere a wuyi Ahenni nkrasɛm no anim no, so wubetumi akyerɛ sɛnea ɛho bɛba ofiewura no ankasa mfaso no? Sɛ nhwɛso no, susuw nnianim asɛm a edi kan wɔ asɛmti “Crime/Safety” a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 10 ase no ho. Wɔ asɛm a edi kan no mu no, wɔda asɛmti bi a ɛho hia ofiewura no kɛse adi. Nkɔmmɔbɔ a edi so no bɛkyerɛ Ahenni no afã wɔ nsɛmmɔnedi a wobeyi afi hɔ no mu.
5 Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayi akwanside ahorow a ebesiw ofiewura no ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obetie yɛn nkrasɛm no afi hɔ? Nsɛmti a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 14 ne 15 no de nyansahyɛ pa ahorow ma. Sɛ nwhɛso no, susuw sɛnea wubetumi de nnianim asɛm a ɛwɔ “When Many People Say: ‘I Have My Own Religion’” (“Bere a Nkurɔfo Pii Ka Sɛ: ‘Mewɔ M’ankasa Me Som’”) ase no adi dwuma no ho. Ebia asɛm a edi kan no bɛkanyan ofiewura no anigye. So wubetumi de saa kwan yi adi dwuma wɔ w’asasesin no mu?
6 Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada yɛn ani a egye ofiewura no yiyedi ho ampa no adi? (Marko 6:34) W’ano a wobɛserew nokwarem, adamfofa kwan so betumi aboa. Adamfofa su twetwe afoforo na ɛne yɛn atirimpɔw a ɛne sɛ yɛbɛboa nkurɔfo no hyia. Yɛkyerɛ yɛn ani a egye ofiewura no ho denam nkuran a yɛbɛhyɛ no ma wakasa so nso. Nokwaredi mu a yebefi ahwehwɛ sɛ ɔkyerɛ n’adwene no betumi ayɛ pii de aboa no ma watie yɛn nkrasɛm no. Yehu eyi ho nhwɛso wɔ nnianim asɛm a ɛto so abien wɔ “Kingdom” ase wɔ kratafa 12. So wode eyi adi dwuma? Sɛnea ɛte wɔ nnipa ho no, nkurɔfo pɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene, na wɔbɛpɛ sɛ wohu asɛm a wurebebisa no. Nanso, sɛ yebetumi ama wɔakura wɔn anigye no mu a, ɛsɛ sɛ yetie wɔn nnyeso na afei yɛdan yɛn asɛm a yɛreka no ma ɛne nea yɛahu afi wɔn adwenkyerɛ no mu no kɔ.
TEBEA HOROW A YƐBƐMA YƐN ANI ADA HƆ WƆ HO
7 Sɛ wudu ɔpon no ano a, hwɛ nneɛma a atwa hɔ ahyia no. So agode ahorow wɔ adiwo hɔ, wɔahata nneɛma wɔ hama so, ɔsom ho nneɛma wɔ ɔpon no ano, ne nea ɛkeka ho? Sɛ ofiewura no ba ɔpon no ano a, so ɔbarima anaa ɔbea, abofra anaa obi a ne mfe akɔ anim, ɛna, agya, anaa ɔba na okyia yɛn? Saa nokwasɛm ahorow yi mu biara betumi aboa yɛn ma yɛapaw nnianim asɛm a ɛfata a ɛne onipa a okyia yɛn no ahiade ne nea n’ani gye ho kɔ.
8 Wɔasɔ nnianim nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu no nyinaa ahwɛ, na atumi ayɛ adwuma. Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wode bedi dwuma wɔ w’asasesin mu? Hwɛ nea etumi tu mpɔn kɛse no. Ɛda adi sɛ sɛ wusiesie wo ho yiye a sua a wusuasua daa ka ho a, wo nnianim nsɛm bɛyɛ nea etu mpɔn kɛse na wubedi nkonim kɛse wɔ nkwa Asɛm no a wotrɛw mu no mu.—Mat. 13:18-23.