Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Nkaedi Bere No Mu
1 Nkaedi bere no abɛto yɛn bio. Wɔ yɛn Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no nyinaa fam no, eyi kyerɛ ɔsom dwumadi kɛse. Esiane nea Yesu Kristo yɛ maa yɛn no ho anisɔ nti, yɛpɛ sɛ yɛde mmɔdenbɔ di n’anammɔn akyi pɛɛ.—1 Pet. 2:21.
2 Afe biara no, yɛn mu mpempem pii hu sɛ Nkaedi bere no yɛ bere pa a wɔde bɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma. Ɔpedudu pii a wontumi nyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nea wotumi yɛ wɔ asɛnka mu no abu abɔ ho anaasɛ ɛbɛbɔ ho mprɛnsa mpo, bere a daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw yɛ nea wobetumi nyinaa de yɛ honhom mu otwa adwuma ampa ara no.
3 Yenim sɛ ɔpepem pii resusuw akwampaefo aboafo adwuma no ho Nkaedi bere yi mu. Ebia wususuw sɛ nea ɛyɛ asɛnnennen no ne “nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so” a ɛde besi bere a yɛkyerɛw eyi no na ɛda so wɔ hɔ no. Nanso ɛnsɛ sɛ saa tebea yi yɛ akwanside a wontumi nni so wɔ akwampaefo aboafo adwuma a wɔbɛyɛ wɔ Nkaedi bere yi mu no mu. Egye nhyehyɛe a akokoduru, akwan afoforo a wobetumi afa so adi adanse a wotumi hu ne anifere ka ho.
4 Esiane sɛ Nkaedi bere no ne Kristoman Easter afahyɛ no hyia nti, ɛsɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wubefi Yesu Kristo ne afa a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho dwumadi mu no ho bɔnnɔ so adansedi ase. (2 Kor. 1:20) Wɔkyerɛ sɛ wɔrehyɛ Yesu Kristo wusɔre no ho fa. Ɛsɛ sɛ ɛno ma wunya hokwan a wode bebue wɔn ani wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu Kristo nna so ara nyɛ afɔrebɔde a ontumi nyɛ ne ho hwee bio na mmom ɔyɛ Ɔhene a wɔde no asi agua so a ɛrenkyɛ ne nniso no de mfirihyia apem asomdwoe bɛbrɛ adesamma no ho. Esiane sɛ yɛde Revelation Climax nhoma no rema April mu no nti, wubetumi de mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 294 no akyerɛ na woama wo tiefo no anya nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no mu ntease wɔ sɛnea ɛrenya mmamu wɔ Yesu Kristo mu ne sɛnea nea efi mu ba no ka ɔno no mu nhumu a emu dɔ. Yegye di yiye sɛ ɛno bɛkanyan n’akɔnnɔ ma wahwehwɛ pii.
5 Akwan afoforo a wubetumi afa so adi adanse a wubehu ho hia. Efi bere a ‘wɔde nsa too yɛn dwumadi so‘ no, Yɛn Ahenni Som de nyansahyɛ ahorow wɔ sɛnea yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ tebea ahorow ase no pii ama. Akyinnye biara nni ho sɛ nyansahyɛ ahorow no bi a wubeti mu no bɛboa. Saa bere yi nso no, yebetumi anya nnepa pii afi wɔn a na anka yɛne wɔn sua Bible, wɔn a na anka yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa, wɔn a na wɔkra bi ne mpo wɔn a na yɛkɔ wɔn nkyɛn nnakoro nnakoro a yɛbɛsan akɔsra wɔn no mu. Wɔn mu pii retwɛn sɛ wobehu yɛn. Wɔn ho pere wɔn sɛ wobebisa sɛnea yɛn ho te ne nea yɛreyɛ de ama wɔasan ahwehwɛ yɛn tebea no mu. Wonim sɛ yɛnyɛ nnipa abɔnefo ne sɛ wɔasisi yɛn. Ebinom mpo ho pere wɔn sɛ wobegye nhoma ne nsɛmma nhoma. Enti dɛn nti na wommfa nyɛ wo botae sɛ wobɛsan ne nnamfo a na wokɔ wɔn nkyɛn no nyinaa adi nkitaho? Ebia saa a wobɛyɛ no bɛma woanya sankɔhwɛ ne Bible adesua pii a ebegye wo bere sɛ ɔkwampaefo boafo April ne May mu.
6 Anisɔ a efi komam a yɛwɔ ma Yesu Kristo afɔrebɔ wu no hyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ pii. Yɛpɛ sɛ yɛboa pii ma wobenya Yehowa dɔ no ho anisɔ koro no ara bi. Titiriw wɔ Nkaedi bere no mu no. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ yɛn anisɔ denam nea yɛyɛ wɔ asɛnka mu no a yɛbɛma anya nkɔanim so, nea ɛfata kɛse no sɛ akwampaefo aboafo, sɛ yɛn nsɛm tebea horow bɛma kwan a. Fa wo ho to Yehowa so. Yɛ obi a otumi hu akwan horow a ɔbɛfa so adi adanse. Obehyira wo ma woadu saa botae no.