Yehowa Mu Ahotoso A Yɛbɛda Adi Denam Akwampae Adwuma A Yɛbɛyɛ So
1 Ahenni nneɛma a yɛde bedi kan no hwehwɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso. (Dw. 56:11; Mmeb. 3:5; Mat. 6:33) Ɛsɛ sɛ yeyi yɛn adwene fi nea wiase no bu no sɛ ɛho hia so na yɛde yɛn adwene si honhom mu nneɛma a ɛsom bo so. Bere a wiase no kamfo honam fam nneɛma no, Yehowa tu yɛn fo sɛ yɛmma nneɛma a ɛho hia ankasa no nkutoo nnɔɔ yɛn so.—1 Tim. 6:8; Fil. 1:10.
2 Eyi yɛ asɛnnennen ma Kristofo mmofra a wɔpɛ sɛ wɔfa Yehowa ahyɛde horow aniberesɛm no titiriw. Ebia wɔn akyerɛkyerɛfo ne wɔn atipɛnfo a wɔwɔ sukuu a wobu nhomasua a ɛkɔ anim sɛ ɛho hia ma wɔadi yiye wɔ asetra mu no de nhyɛso bɛba wɔn so. Bere a Kristofo mmofra pii hu sɛ wɔwɔ honam fam ahiade no, wofi nyansa mu ko tia nhyɛso a ɛte saa na wɔpaw akwampae adwuma no sɛ wɔn adwuma. Esiane sɛ wɔwɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu ahotoso nti, wɔhwɛ no ma wadi wɔn ahiade ahorow ho dwuma.—Dw. 62:2; 68:19; 1 Tim. 5:8; 6:9 10.
HWEHWƐ W’ANKASA NSƐM TEBEA HOROW MU
3 November 15, 1982 Watchtower no hyɛɛ yɛn mu biara nkuran sɛ ommisa ne ho sɛ: “So metumi ayi me ho ano ankasa wɔ Yehowa anim wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ menyɛ ɔkwampaefo no ho?” Ɛda adi yiye sɛ na pii nni gyinabea a ebetumi ama wɔayɛ akwampae adwuma saa bere no mu nanso wɔn aba mu ammu, na na wonim sɛ Yehowa ani gye koma nyinaa mu ɔsom adwuma biara a wotumi yɛ no ho. (Mika 6:8; 2 Kor. 8:12) Akyiri yi bere a ebinom nsɛm tebea horow sakrae no, mpaebɔ a wɔsan de susuw 1982 Watchtower mu asɛm no ho aboa wɔn ma wɔabɛka ankorankoro ɔpepem pii a wɔabɛyɛ daa akwampaefo adwuma wiase nyinaa no ho.
4 Sɛ wo nsɛm tebea horow amma woantumi anyɛ akwampae adwuma ho asɛm a wotintimii wɔ 1982 mu no ho biribi a, so wo nsɛm tebea horow no asakra? Akyinnye biara nni ho sɛ ɔpepem pii a wɔayɛ akwampae adwuma nnansa yi no pɛe sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo mfiase no nanso na ɛsɛ sɛ wɔtwɛn ma wɔn nsɛm tebea ahorow sakra.
5 Wɔ nsɛm no bi mu no, ebia na nsakrae a ɛho hia no bi fa obi adwene a ɔwɔ wɔ akwampae adwuma no ho. Anaasɛ ebia na ɛyɛ ɔsom nhyehyɛe pa a ɔbɛyɛ ara kɛkɛ. Ɛtɔ mmere bi a na ehia nsakrae wɔ obi asɛyɛde ne ahyɛde ahorow mu na ama akwampae adwuma hokwan abue. Enti, eye sɛ yɛde eyi bɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu daa a yɛn ho mu ne yɛn nsɛm tebea horow mu a yɛde nokwaredi pɛɛpɛe ka ho. Ɔpepem pii ayɛ saa na mprempren wɔanya akwampae adwuma mu nhyira horow mu anigye.
6 Sɛ wohwehwɛ wo nsɛm tebea horow mu yiye na ɛda adi sɛ ebia ɛrenkyɛ na woatumi afi akwampae adwuma ase a, dɛn nti na wumfi akwampaefo aboafo adwuma no ase na wontoa so nyɛ mprempren? Wɔ asram kakraa bi mu no, ɛda adi sɛ wubenya sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow. Eyi betumi aboa wo ma woadan akɔ daa akwampae adwuma so wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so, ebia ansa na ɔsom afe foforo no afi ase.
7 Yehowa reyɛ nneɛma akɛseakɛse mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri yi mu. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛbɛn no kɛse na yehyira ne din “daa nyinaa.” (Dw. 145:2; Yak. 4:8) Sɛ wo nsɛm tebea horow ma wo kwan na wofata a, ma akwampae adwuma nyɛ Yehowa mu ahotoso a wowɔ no ho adanse foforo.—Dw. 94:18.