Ahwehwɛde ma Ɔsomfo Foforo ne Nea ne ho Akokwaw Nyinaa
1 Odwontofo Dawid bisae sɛ: “[Yehowa], hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu atra mu? Hena na ɔbɛtra wo bepɔw kronkron no so?” Dawid paw nsɛm tiawa a ɛfata de buae sɛ: “Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware.” (Dwom 15:1, 2) Saa ahwehwɛde ahorow no nsakrae. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛsom wɔ Kristofo asafo no mu nnɛ nyinaa gyae ɔbrasɛe nneyɛe ne asabow. Wɔn a wɔyɛ keka, wɔn bo nkyɛ fuw, anaa wɔn ano yɛ ntanta nni afã biara wɔ Yehowa nkurɔfo mu. Sɛ́ yɛyɛ asomfo afoforo anaa wɔn a wɔn ho akokwaw no, ɛsɛ sɛ yɛde nokwaredi kura gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no mu.—Gal. 5:19-21.
2 Afoforofo pii ne Yehowa ahyehyɛde no rebɔ. Mmofra ne mpanyin nyinaa asakra wɔn nsusuwii sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow behyia. Abarimaa bi a na ɔwɔ Amerika Kesee Fam nyinii a wannya awofo akwankyerɛ, na su bɔne a onyae no de ɔhaw brɛɛ no. Bere a odii mfe 18 no, na nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so aka no hɔ, na na wada afiase pɛn esiane sɛ na owia ade na ama watumi akɔ so de nnuru adi dwuma ɔkwammɔne so nti. Ɛdenam Bible adesua so no, ogyae ne kan nnamfo no fekubɔ, onyaa nnamfo afoforo a wɔyɛ Yehowa Adansefo, na awiei koraa no, ohyiraa ne nkwa so maa Onyankopɔn.
3 Saa ara na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛde yɛn nneyɛe nyinaa bɛsɔ Onyankopɔn ani, wɔ “nokware trenee ne ahotew mu.” (Efe. 4:24) Sɛ yɛbɛkɔ so atra Onyankopɔn ahyehyɛde a ɛte sɛ bepɔw no mu a, ɛsɛ sɛ ‘yeyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe gu’ na ‘yɛhyɛ onipa foforo a wɔnam nokware nimdeɛ so reyɛ no foforo no.’—Kol. 3:9, 10.
4 Onyankopɔn Asɛm wɔ Nkɛntɛnso a Ano yɛ Den: Yehowa nipasu a ɔnam Bible no so ada no adi akyerɛ yɛn no betumi anya yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso pa. (Rom. 12:2) N’Asɛm no wɔ tumi a ɛma ɛsakra adwene na ɛhwehwɛ komam. (Heb. 4:12) Kyerɛwnsɛm a wɔde honhom kyerɛwee no kyerɛ yɛn sɛ nea Yehowa pɛ ne sɛ yebebu ɔbra pa, anya baguam asɛnka no mu kyɛfa kɛse, na yɛakɔ Kristofo nhyiam daa.
5 Wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu no, nhyɛso a ano kɔ so yɛ den betumi ama Kristoni abu Onyankopɔn mmara ahorow so. Sɛ Kristoni a ɔyɛ den mpo bu n’ani gu kokoam adesua, abusua adesua, asafo nhyiam horow, anaa asɛnka adwuma no so a, obetumi aman afi gyidi no ho, na ebia a ɔde ne ho ahyɛ ɔbrasɛe mu. Ɛno nti na Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ no so bere nyinaa” na “Dwen nea mereka yi ho bere nyinaa.”—1 Tim. 4:16; 2 Tim. 2:7, New World Translation.
6 Sɛ́ woyɛ ɔfoforo anaa obi a mfe pii mu osuahu ama wo ho akokwaw no, fa yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ asɛnka wɔ asram dummien a ɛwɔ ɔsom afe biara mu no nyinaa mu. Si wo bo sɛ wobɛboa afoforo ama wɔayɛ den wɔ gyidi mu, na nya nkɔso wɔ asɛnka adwuma no mu. (Rom. 1:12) Susuw nneɛma a ɛfata ho denam kokoam adesua ne abusua adesua a wobɛyɛ no daa, ne nhyiam a wobɛkɔ no daa so. (Fil. 4:8) Wubenya mmɔden a wobɔ sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani na woadi n’ahyɛde ahorow so no so akatua.—Kol. 3:23, 24.