Ofie Bible Adesua a Wobɛyɛ
1 Ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ ofie Bible adesua a etu mpɔn? Nhwɛso titiriw bɛn na yɛwɔ? Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so asusuw adesua asɛm no mu kyerɛw nsɛm no ho? Hena na ɛsɛ sɛ ɔkenkan nkyekyem ahorow no? Ɔkwan titiriw a yɛfa so yɛ adesua no akyi no, dɛn bio na ehia na ama yɛatumi aboa osuani no ma ɔde nokware no ayɛ n’ankasa de? Nneyɛe horow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?
2 Ɔkwan a Wɔfa so Yɛ Adesua: Sɛ yɛbɛka a, wɔyɛ ofie Bible adesua sɛnea wɔyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no ara pɛ. Nea edi kan no, wɔkenkan nkyekyem a wɔrebesusuw ho no. Afei nea ɔhwɛ adesua no so no bisa asɛm a ɛwɔ nkyekyem no ase no, na ɔma osuani no bua. Sɛ osuani no annya anoyi a, ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ adesua no so no siesie ne ho sɛ obebisa nsɛm afoforo a ɛka adwene, a ɛbɛboa osuani no ma wasusuw asɛm no ho na ɔde nsɛm aba awiei wɔ ɔkwampa so.
3 Munsusuw sɛnea kyerɛw nsɛm no ne nkyekyem no mu asɛm no hyia no ho. Kyerɛ osuani no ɔkwan a ɔbɛfa so ahu kyerɛw nsɛm a wɔafa mu asɛm aka no, na wone no nsusuw sɛnea ɛne asɛm no hyia no ho. Sɛ wɔabobɔ kyerɛw nsɛm bi din, na sɛ wɔamfa mu nsɛm anka a, sɛ ɛnyɛ tenten dodo a, eye sɛ mobɛhwehwɛ afi Bible no mu. Afei ma osuani no nkenkan na ɔnka sɛnea esi nea nkyekyem no ka no so dua anaa ɛkyerɛkyerɛ mu no ho asɛm.
4 Boa Osuani no na Ɔmma Nokware no Nyɛ N’ankasa De: Hyɛ asuafo nkuran na wonsiesie wɔn ho yiye mma adesua no. Si so dua sɛ akenkan boa adesua. Dodow a osuani no kenkan adesua nsɛm na odwen ho no, dodow no ara na eye. Adesua so ahwɛfo binom ma osuani no kenkan nkyekyem no nyinaa wɔ Bible adesua no mu. Afoforo ne osuani no kenkan nkyekyem no nnidiso nnidiso. Ɛsɛ sɛ yɛde atɛmpa di dwuma, na yɛma osuani no honhom mu nkɔso tra yɛn adwene mu.
5 Ebia adesua asɛm no a mubesua kɛkɛ, a wonkyerɛ ɔkwampa a osuani no betumi afa so de adi dwuma no bɛma wanya nimdeɛ, nanso so ogye nea ɔresua no di? Sɛ ɔde nokware no bɛyɛ ne de a, ɛsɛ sɛ ohu sɛnea asɛm no ka n’ankasa. Ɔte nka dɛn wɔ nea ɔresua no ho? Ɔkwan bɛn so na obetumi de nea wasua no adi dwuma? Fa nsemmisa a wɔde hwehwɛ nsɛm mu di dwuma fa du ne koma mu.
6 Kwati Nneyɛe Horow Bi: Ɛsɛ sɛ yɛkwati nneyɛe horow bi bere a yɛreyɛ Bible adesua no. Sɛ nsɛm a ɛmfa nea moresua no ho sɔre a, mpɛn pii no eye sen biara sɛ mubesusuw ho wɔ adesua no awiei anaa bere foforo. Afei nso, ɛho hia sɛ woma osuani no de n’ankasa nsɛm bua nsɛm sen sɛ ɔbɛkenkan afi nhoma no mu. Eyi bɛboa wo a wohwɛ adesua no so no ma woahu sɛ ebia osuani no rete asɛm no ase anaasɛ ɛnte saa.
7 Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛyɛ Bible adesua biako? Sɛ wode wo ho to Yehowa so na wudi ɔkwan titiriw a wɔfa so yɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no akyi a, ɛnyɛ ade a ne yɛ yɛ den. Ɔkwan a etu mpɔn sen biara a yebetumi afa so akyerɛkyerɛ afoforo nokware no na yɛayɛ asuafo ne sɛ yɛbɛyɛ ofie Bible adesua. Ɛdenam eyi a wobɛyɛ so no, wo nso wubetumi anya anigye a efi kyɛfa kɛse a wunya wɔ Yesu ahyɛde a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 no mmamu mu no.