Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/93 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Ahorow Ma October

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Ahorow Ma October
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 4
  • Dapɛn a Efi Ase October 11
  • Dapɛn a Efi Ase October 18
  • Dapɛn a Efi Ase October 25
Yɛn Ahenni Som—1993
km 10/93 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Ahorow Ma October

Dapɛn a Efi Ase October 4

Dwom 225

10 min: Asafo no mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ ahorow a wɔapaw. Fa akwan afoforo a mubetumi afa so de nsɛmma nhoma ahorow no adi dwuma wɔ mo asasesin no mu ho nyansahyɛ ma. Si hia a ehia sɛ wɔsan kɔsra wɔn a wogye nsɛmma nhoma no nyinaa a atirimpɔw no ne sɛ wɔde wɔn bɛyɛ wɔn a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa no so dua. Yebetumi de adwempa ama wɔakra nsɛmma nhoma wɔ hokwan biara a yebenya mu.

15 min: “Yɛn Nsɛmma Nhoma Ahorow no a Yɛde Bedi Dwuma Afie Afie Mu.” Nkɔmmɔ a wɔne atiefo bɔ. Yɛwɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ yɛda anigye adi bere a yɛde nsɛmma nhoma ahorow no ma wɔn a yehyia wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu ne wɔn a yedi wɔn adanse bɔnnɔ so no. Ɛwom sɛ date wɔ nsɛmma nhoma ahorow no so, ma nea aba foforo na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ nsɛmma nhoma ɔsatɔ de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛde dedaw bɛma. Hwɛ ara na ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ nsɛmma nhoma no a wode ma no ho tew na ɛnsɛee. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ ɔkwan a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 4 no ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: Trɛw Afie Afie Asɛnka Adwuma Mu wɔ October Mu. Ɔsom adwuma sohwɛfo anaa onua foforo a ne ho akokwaw ne atiefo susuw mfaso a ɛwɔ afie afie asɛnka adwuma no so ho. Fakaa a yɛbɛyɛ de nhoma ama October mu no ma yetumi fa akwan a egu ahorow so ka asɛm no. Yɛ ɔyɛkyerɛ: (1) Ɔdawurubɔfo bi fi nkɔmmɔbɔ a ɛbɛdan adwene akɔ Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban a aba foforo mu asɛm bi so ase. Ɔdawurubɔfo no ma nsɛmma nhoma a aba foforo anaa kratawa. (2) Ɔdawurubɔfo bi fi nkɔmmɔbɔ bi a ɔde bɛdan adwene akɔ Mankind’s Search for God nhoma no so ase. Sɛnea ɛne tebea ahorow no hyia no, ɔdawurubɔfo no betumi ama nhoma no anaa nsɛmma nhoma abien. (3) Ɔdawurubɔfo bi de kratawa di dwuma de fi bɔnnɔ so nkɔmmɔbɔ bi ase na afei ɔde nsɛmma nhoma ahorow a aba foforo ma onigyefo no. (4) Ɔdawurubɔfo a ɔkɔsra obi a ɔma no nsɛmma nhoma daa yɛ n’adwene sɛ ɔbɛma wakra. Ɛsɛ sɛ fakaayɛ a ɛte saa hyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran ma wɔyɛ afie afie asɛnka adwuma pii wɔ October mu. Akyinnye biara nni ho sɛ asafo no mufo bi bɛsom sɛ akwampaefo aboafo ɔsram yi. Ɛnkaa akyiri dodo sɛ afoforo a wobetumi de wɔn ho ahyem no bɛyɛ saa.

Dwom 42 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 11

Dwom 4

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Kenkan ntoboa biara a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm, na kamfo asafo no wɔ ayamye mu a wofi de sika boa Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no ne mo asafo no honam fam ahiade no ho. Ka dapɛn no asɛnka nhyehyɛe ho asɛm tiawa, na kyerɛ sɛnea adawurubɔfo no de nsi boa no ho anisɔ.

15 min: “So Wokyerɛ Obu Ma Beae a Wosom wɔ Hɔ No?” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina asɛm a ɛwɔ June 15, 1993, Ɔwɛn-Aban mu so. Kyerɛ sɛnea mo asafo no betumi de adi ɛhɔ tebea no ho dwuma. Sɛ asɛnnennen pɔtee bi wɔ hɔ a ehia sɛ wɔka ho asɛm a, fa afotu a ɛfata ma wɔ anifere mu.

20 min: “Ahwehwɛde ma Ɔsomfo Foforo ne Nea ne ho Akokwaw Nyinaa.” Asemmisa ne mmuae a ɔpanyin di ho dwuma. Fa ɔkwan a ɛkayan anigye so bɔ nsɛm a ɛfa asafo no ahiade ho no mua wɔ ɔkwan tiawa so fa ba awiei.

Dwom 6 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 18

Dwom 65

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Teokrase Nsɛmmansɛmma.

15 min: “Kyerɛ a Yɛbɛkyerɛ sɛ Yɛnhwɛ Nnipa Anim wɔ Yɛn Asɛnka Adwuma no Mu.” Asemmisa ne mmuae. Si asɛm yi afã a ɛho hia wɔ mo asasesin no mu titiriw no so dua.

15 min: “Ma W’ani Nkũ Anigyefo a Wunya Wɔn no Ho.” Ɔkasa a wobisa atiefo nsɛm bi wom. Yɛ sɛnea adawurubɔfo akanyan asɛm no ho anigye wɔ mo asasesin no mu ho ɔyɛkyerɛ, anaa ma ɔdawurubɔfo bi nka osuahu a wanya nnansa yi ara a ɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛsan akɔsra wɔn a wɔagye Nyan! ne Ɔwɛn-Aban nkorɛnkorɛ no.

10 min: Asafo no ahiade anaa ɔkasa a emu yɛ hyew a n’asɛmti ne “Tete Kristofo ne Wiase No,” a egyina asɛm a edi kan wɔ July 1, 1993 Ɔwɛn-Aban mu no so. Si hia a ehia sɛ yedi tete Kristofo no nhwɛso akyi nnɛ no so dua.

Dwom 60 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 25

Dwom 75

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka dapɛn no mu asɛnka nhyehyɛe nso ho asɛm, na twe adwene si nsɛmma nhoma a aba foforo no mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu wɔ nna a edi hɔ no mu so. Sɛ bere ma kwan a, yɛ akwan a wobetumi afa so aka asɛm a ɛfata ma mo asasesin no ho ɔyɛkyerɛ tiawa biako anaa abien. Bɔ nkae wɔ hia a ehia sɛ wɔsan kɔsra wɔn a wɔakyerɛ anigye nyinaa no ho.

15 min: Siesie Wo Ho sɛ Wobɛkyekye Wɔn a Wɔregyam Wɔn Awufo Werɛ (egyina Reasoning nhoma no nkratafa 102-4 ne April 15, 1985 The Watchtower, nkratafa 23-5 so). (3 min.) Onua a odi ɔfã yi ho dwuma no da no adi sɛ ɛnyɛ amammerɛ a ɛfa owu ho nyinaa na Yehowa Adansefo pow. (5 min.) Yɛ ɔkwan a Ɔdansefo bi bɛkyerɛkyerɛ nea enti a Yehowa Adansefo kwati ayiyɛ ho amammerɛ a agye din binom ho ɔyɛkyerɛ, a nkɔmmɔbɔ no gyina Reasoning nhoma no nkratafa 102-3, ne April 15, 1985 The Watchtower, nkratafa 23-4 so. Ɛsɛ sɛ nkɔmmɔbɔ no kari pɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. (7 min.) Ɛne atiefo nsusuw ɔfã a n’asɛmti ne “Sɛ Obi Ka Sɛ—” a ɛwɔ nkratafa 103-4 no ho.

20 min: “Ofie Bible Adesua a Wobɛyɛ.” Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Yɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a ɛkyerɛ ɔdawurubɔfo a ɔreboa ne suani ma wɔate sɛnea kyerɛwsɛm a wɔabɔ din no ne nkyekyem no mu asɛm a wɔresusuw ho no hyia ase. Wɔ ɔyɛkyerɛ koro no ara mu no, ɔdawurubɔfo no de nsemmisa afoforo di dwuma de boa osuani no ma ɔde nokware no yɛ ne de. Fa nsɛm a wɔapaw afi Biako a Wɔayɛ De Resom anaa Tra Ase Daa nhoma no mu di dwuma. Ka nsɛm a ɛwɔ May 1987 Yɛn Ahenni Som no Asemmisa Afã a ɛfa ɔkwan a wɔfa so bu Bible adesua afoforo ho akontaa nso ho asɛm.

Dwom 78 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena