Nya 1993 “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no Mu Mfaso Kɛse
1 “O Yehowa, kyerɛkyerɛ me.” (Dw. 86:11, New World Translation) Ɛsɛ sɛ eyi yɛ Onyankopɔn akoa biara a wahyira ne ho so adesrɛ titiriw. Yɛasi yɛn bo sɛ yebesua ade daa na yɛde nea yesua no adi dwuma daa. Ɛtɔ mmere bi a, ehia sɛ wɔteɛ yɛn so te sɛ odwontofo no, na yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnka yɛn koma mmom na anyɛ ntanta. “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no bɛma yɛanya nkyerɛkyerɛ pa ne nteɛso a yehia na yɛde nokwaredi asom Yehowa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu nhyɛso horow no mu.
2 Nnanan Nhyiam: Wɔbɛyɛ nhyiam 12 wɔ nkurow 9 mu wɔ Ghana nyinaa. June Yɛn Ahenni Som no bobɔ nkurow no nyinaa din. Wɔbɛyɛ dwumadi no wɔ Twi, Fanti, Ewe, Ga, ne Engiresi kasa mu, na ebegyina faako a wɔbɛyɛ no so. Yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ nhyiam dwumadi no nyinaa wɔ Krobo ne Twi kasa mu wɔ bere koro mu wɔ Koforidua, a ɛne bere a edi kan koraa a wɔyɛ saa. Wɔ Tamale no, wɔbɛyɛ bi wɔ Frafra kasa nso mu. Wobefi dwumadi no ase Yawda awia 1:20 na aba awiei Kwasida awia bɛyɛ 4:15. Hwɛ hu sɛ wobɛkɔ akotie dwumadi no biara na wonam saayɛ so anya honhom mu mfaso pii.
3 Dɛn na wɔasiesie ama yɛn? Honhom fam aduan pii a ɛyɛ den a wɔde bɛma wɔ akwan horow so: ɔkasa ahorow, ɔyɛkyerɛ ahorow, nsɛm a wobebisabisa ebinom ne drama abien. Ɛnsɛ sɛ woma nkyerɛkyerɛ a ɛho hia yi bi pa wo ti so! Afei nso, yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛsan ahyia amannifo ne afoforofo pii. Anuanom Ghanafo a wɔresom wɔ amannɔne nsase so bɛba nhyiam no wɔ ha. Fa saa hokwan no hu saa anuanom anokwafo yi. Sɛ woyɛ ɔwofo a, ma wo mma nnya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa. Anigye ne ho a wɔde bɔ afɔre honhom a nuanom anokwafo yi wɔ no betumi ato fapem ama wo mma ma wɔasusuw ho sɛ wɔde bere nyinaa som adwuma no bɛyɛ wɔn asetra mu adwuma.
4 So Wode Ntotoso Du Du no Nyinaa Bɛba Adekora Dan no Mu? Wɔ Malaki 3:10 no, Yehowa hyɛɛ Israelfo no bɔ sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ na wɔde ntotoso du du no nyinaa ba adekora dan no mu a, obehyira wɔn ma aboro so.
5 Ebinom fam no, Yehowa a wɔbɛsɔ no ahwɛ no bɛkyerɛ sɛ wɔbɛkɔ wɔn adwumawura nkyɛn ntɛm akɔka sɛ ɔmma wɔn bere bi anaa wɔn akwamma wɔ afe no mu na ama wɔakɔ nhyiam no. Ɛtɔ mmere bi a, anuanom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ eyi, wosusuw sɛ wɔn adwumawura no remma wɔnkɔ nhyiam no da. Nanso, ebia ɛnyɛ wɔn den kɛse sɛ wɔbɛma wɔn adwumawura no ahu nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔ nneɛma a ɛnyɛ honhom fam de (te sɛ ayi) ho.
6 Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: Sɛ yɛn adamfo bi a yɛdɔ no reware wɔ baabi foforo a, so anka yɛrenkohu yɛn adwumawura no sɛ ɔmma yɛn bere bi nkɔ ayeforohyia no? Na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔpene so a, so anka yɛremfa obu nkyerɛkyerɛ sɛnea ɛho behia sɛ yɛkɔ no mu nkyerɛ no? Nokwarem no, ɛho hia kɛse sɛ Yehowa bɛkyerɛkyerɛ yɛn sen sɛ yɛbɛkɔ ayeforohyia ase! Sɛ yegye di ampa sɛ nhyiam no ho hia na yɛanya nkɔso wɔ honhom fam a, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ma yɛn adwumawura no ate ase na wama yɛn kwan ma yɛakɔ nhyiam no.—Yak. 1:7, 8.
7 Wɔ Israel no, na ntotoso du du no yɛ honam fam nneɛma a wɔde boa wɔ faako a wɔsom Yehowa no. Wɔ yɛn bere yi mu no, ntotoso du du no yɛ bere, ahoɔden, ne sika a yɛde di dwuma tee wɔ Yehowa som mu de boa Ahenni adwuma no. Bere a yɛde kɔ adesua, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam, na yɛde siesie mmeae a yehyiam no ka ntotoso du du no ho. “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no bɛma yɛanya hokwan pii de ntotoso du du no nyinaa aba Yehowa honhom fam adekora dan no mu. Eyi bi ne nea ɛwɔ he?
8 Yebetumi de ntotoso du du no aba denam nhyiam no dwumadi no a yɛbɛyɛ komm atie, Ahenni nnwom biara a yɛde anigye bɛto bi, ne mpaebɔ biara a yebetie no yiye na yɛatumi afi komam agye so Amen no so.
9 Nkɔso a yebenya wɔ nokware no mu no gyina sɛnea yetie asɛm no so kɛse. Wɔ nhyiam kɛse ase no, ɛyɛ mmerɛw sɛ nea afoforo reyɛ wɔ yɛn nkyɛn no bɛtwetwe yɛn adwene, ma enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si dwumadi no so. Hwɛ hu sɛ wobɛba nhyiam no na woasiesie wo ho koraa a wukura wo Bible, dwom nhoma, pɛn ne nhoma a wobɛkyerɛw mu, ne Ɔwɛn-Aban a yebesua saa dapɛn no. Mfaso wɔ so sɛ wobɛkyerɛw nsɛntitiriw ne kyerɛw nsɛm a ɔkasafo biara de di dwuma no ato hɔ. Kyerɛw nsɛm no ntiantiaa; nsɛm pii dodo a wobɛkyerɛw no bɛma w’adwene afi dwumadi no so. Ɛsɛ sɛ wɔtete mmofra nso ma wɔyɛ asõ tie asɛm. Mmofra betumi ne wɔn awofo abom de ntotoso du du aba denam mmɔden biara a wɔbɛbɔ atie dwumadi no so.
10 Awofo bi yɛ nhyehyɛe ma wɔyɛ komm bere bi wɔ fie da biara, a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn mma bɛkenkan Asafo ti no nhoma ahorow no biako anaa wɔbɛhwɛ emu mfonini ahorow no. Ntetee pa yi ma ɛyɛ mmerɛw ma mmofra no sɛ wɔbɛtra ase komm bere a adesua ne nhyiam rekɔ so no. Awofo a wɔatete mma a wɔyɛ nhwɛso pa ka sɛ wɔmma wɔn mma no kwan mma wɔmmfa agode anaa nhoma a wɔyɛ mu mfonini kyerɛkyerɛw mu mma nhyiam horow ase da. Mmofra nkumaa mpo betumi ahu sɛ yɛkɔ nhyiam horow sɛ yɛkɔsom Yehowa. Awofo a wɔkyerɛ wɔn mmofra sɛ ɛho hia wɔn yiye sɛ wɔde ntotoso du du no nyinaa ba adekora dan no mu no fata nkamfo ankasa!
11 Yebetumi de ntotoso du du no nso aba denam yɛn bere ne yɛn ahoɔden a yebefi yɛn pɛ mu de aboa nhyiam no ho nhyehyɛe no so. Wɔ mmeae a wɔyɛ nhyiam no dodow ara no, wɔbɛyɛ nhyiam no ho nnwuma kakra a aka no bere a aka da koro anaa nnanu ma wɔafi ase no. Sɛ mote bɛn hɔ a, dɛn nti na monyɛ nhyehyɛe na mo abusua no nyinaa akɔyɛ bi? Anuanom bi de wɔn Bible asuafo a wɔrenya nkɔso akɔ bi sɛnea ɛbɛyɛ na afoforofo ahu sɛnea wɔboa Yehowa som ankasa ansa na wɔabɔ wɔn asu mpo. Pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama nhyiam no akɔ so pɛpɛɛpɛ. Dɛn nti na muntu mo ho mma sɛ abusua?
12 Sika a yɛde boa nhyiam no yɛ ɔkwan foforo a yɛfa so de ntotoso du du no ba. Bere a Yehowa reka sɛnea wɔmfa honam fam akyɛde mmoa ɔsom kronn no, ɔhyɛɛ Israel man no sɛ: “Wɔmmfa nsapan mmmeyi wɔn ho adi, [Yehowa] anim; obiara mma nea ne nsa bɛso so, sɛnea [Yehowa] wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira wo no te.” (Deut. 16:16, 17) Sɛ ebia nnipa no tumi maa pii anaa ketewaa bi no, Yehowa ani sɔɔ wɔn ayɛyɛde a na wɔadi kan asiesie no. Saa ara na anuanom pii de mpaebɔ susuw ntoboa a wobeyi no ho, sɛ́ ɛyɛ sika ankasa anaa bank draft (a wɔde ma “Watch Tower Convention” no wɔ nhyiam kurow no mu) no. So woma wo mma nkumaa de ntoboa to adaka no mu?
13 Hyɛ Yɛn Agyenkwa, Nyankopɔn Nkyerɛkyerɛ No: Yɛnam yɛn suban ne yɛn abrabɔ pa so betumi “ahyehyɛ yɛn agyenkwa Onyankopɔn kyerɛ, ade nyinaa mu.” (Tito 2:10) Ɔkwan foforo so no, yebetumi akyerɛ sɛ yɛde ɔsoro nkyerɛkyerɛ redi dwuma wɔ yɛn asetra mu wɔ nhyiam no ase pɛɛ.
14 Yɛn suban nso ɛ? Wɔntaa nsusuw afoforo ho wɔ wiase no mu nnɛ. Nanso Yehowa nkurɔfo a Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm kyerɛ wɔn kwan no nnwen nea eye ma wɔn nkutoo ho, na mmom nea eye ma afoforo nso. (Fil. 2:4) Yesusuw afoforo a wɔatwa yɛn ho ahyia no ho. Yensunsum afoforo anaa yempiapia wɔn bere a yɛato santen rekɔtɔ aduan anaa nhoma no. Yesusuw wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne mmofra nkumaa a ebia wɔne wɔn awofo wɔ santento no mu a ɛyɛ mmerɛw sɛ mpanyimfo a ebia wɔanhu wɔn betumi asum wɔn no ho. Wɔ adidibea ahorow no, yɛkyerɛ obu ma ɛhɔnom adwumayɛfo, na sɛ wɔn adwumayɛ nsɔ ani a, yemmu wɔn animtiaa anaa yemmisa nneɛma pii dodo. Na ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛbɛma wɔn a wɔsom yɛn no sika a ɛfata sɛnea wɔtaa yɛ no.—Hwɛ asɛm a wɔato din “To Tip—Or Not” a ɛwɔ June 22, 1986, Awake! no kratafa 24 kosi 27 na woanya ho nsɛm pii.
15 Yɛn abrabɔ pa nya wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no so nkɛntɛnso ankasa. Wɔ nhyiam biako ase wɔ afe a etwaam no mu no, wiaseni bi kae sɛ: “M’ani gye sɛnea mo nkurɔfo no di wɔn ho ni no ho. Wɔda nsow; wɔsesaw nwura a obiara nka sɛ wɔnyɛ saa na wɔyɛ wɔn ade wɔ ano wɔ ano, na moayɛ mo nhyiam no ho nhyehyɛe yiye.” Suban pa ho adanse pa bɛn ara ni!
16 Aban panyin bi a afe a etwaam no ɔkɔɔ nhyiam no biako da a etwa to no kyerɛw nea odii kan hui no kɔmaa nhyiam no boayikuw no sɛ: “Eyi ne bere a edi kan a maba nhyiam a ɛte sɛɛ ase. Nea edi kan a m’ani gyee ho ne ahobrɛase, obu ne ɔdɔ a wɔn a wogye ahɔho no daa no adi no. Nea ɛto so abien no, ɛwom sɛ na nnipa bebree wɔ nhyiam no ase de, nanso sɛnea na ɛhɔ tew no maa me ho dwiriw me. Esiane sɛ ‘ahotew ne onyamesom na ɛnam’ nti, m’ani gyee ahotew kɛse a wɔdaa no adi wɔ nhyiambea hɔ no ho kɛse.”
17 So w’ankasa wonam wo suban pa so bɛhyehyɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ no? Akwan horow a wubetumi afa so ayɛ saa no bi ni:
Ntade ne ahosiesie: Sɛ yɛkɔ nhyiam bi a, ɛnsɛ sɛ yɛfa no sɛ yɛakɔ akwamma. Mmom no, yɛrekɔ ma Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn. Esiane sɛ saa na ɛte nti, so ɛnsɛ sɛ yesiesie yɛn ho te sɛ nea yɛbɛyɛ bere a yɛrekɔ adesua wɔ Ahenni Asa so no? (1 Tim. 2:9, 10) Afei nso, ɛsɛ sɛ yesusuw nea yɛbɛhyɛ bere a yɛapɔn dwumadi no ho yiye. Ɛmfa ho sɛ mfe ahe na yɛadi no, sɛ yɛsan kɔ yɛn dabere a, so ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ yebeyi ntade a ɛfata a nidi wom a yɛhyɛ kɔɔ nhyiam no ase no agu hɔ na yɛahyɛ nea ɛbɛma yɛayɛ te sɛ wiasefo a wɔasiesie wɔn ho basaa? So eyi remma afoforo nnya adwene sɛ ntade a yɛhyɛ kɔ nhyiam no yɛ nea yɛhyɛ de kyerɛ kɛkɛ, na ɛnyɛ saa na asetra kwan te ankasa? Momma yɛnkae sɛ Yehowa din da yɛn so, na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hwɛ hu sɛ ɔremma wonnya asɛmmɔne bi nka wɔ nokware no ho.
Ɛsɛ sɛ wɔkae asubɔhwehwɛfo sɛ ɛmfata sɛ wɔbɛhyɛ T-shɛt a wɔakyerɛw wiasefo nsɛm anaa aguade ho dawurubɔ nsɛm wom wɔ adeyɛ kronkron a ɛte sɛɛ mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ hu sɛ wobedi kan koraa ne asubɔhwehwɛfo no asusuw asubɔ ho nsemmisa no ho, na wɔka kyerɛ obiara a ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu no ntɛm sɛ ɔfata sɛ wɔbɔ no asu anaa ɔmfata. (Bere a wosusuw nsemmisa no ho no, ebia ɛbɛyɛ bere a ɛfata sɛ wɔde asubɔ atade a ɛfata ho nyansahyɛ bɛma.) Ɛho renhia sɛ asubɔhwehwɛfo a mpanyimfo no akyerɛ sɛ wɔfata ma asubɔ kɔkyerɛw wɔn din wɔ nhyiam no ase. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn ma wɔtra anim nkongua a wɔagyaw ama asubɔhwehwɛfo no na wɔatie asubɔ ɔkasa no.
Ahɔhodan ahorow ne ankorankoro afie: Da honhom aba no adi bere a wɔrekɔ ahɔhodan anaa ofie a wobɛda mu no mu no. Sɛ wɔyɛ adwuma nyaa kakra a, tɔ wo bo ase, nya tema, na sɛnea yɛaka dedaw no, kyɛ wɔn ade sɛnea ɛfata.
Mmofra betumi ayɛ wɔn fam de denam ahɔhodan mu nneɛma a wɔrensɛe no na wɔadi sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde asubura ne nneɛma afoforo di dwuma ho ahyɛde so no so. Ansa na wɔbɛkɔ nhyiam no, mfaso bɛba so sɛ awofo begye bere bi ne wɔn mma asusuw suban a wɔhwɛ kwan sɛ wobeyi adi akyerɛ no ho, na wɔkae wɔn sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wobedi Kristofo abrabɔ ho gyinapɛn so.
Mfiri a Wɔde Kyere Dwumadi No: Ɛwom sɛ wɔma kwan ma wɔde video di dwuma de, nanso yenim sɛ wubesusuw afoforo ho. Ɛrenkyerɛ ɔdɔ sɛ wubesiw wo mfɛfo nhyiamfo no anim bere a wode video twa dwumadi no mfonini no. Sɛ wubetumi atra w’akongua so de anifere atwa a, wubetumi ayɛ saa. Nanso, yɛsrɛ wo, kae sɛ ɛnsɛ sɛ wode kamera anaa nea wode kyere dwumadi no biara sa nhyiam no ase anyinam ahoɔden akanea ne akasam nhama no, na ɛnsɛ sɛ wode nnwinnade sisi kwan mu anaa baabi a lɔre fa no.
Baabi a Yɛbɛtra: Yɛsrɛ wo sɛ ma ɛntra w’adwene mu sɛ WƆN A WUBETUMI AGYAW KWAN ATO HƆ AMA WƆN NE W’ABUSUAFO ANKASA NE OBI A EBIA ƆKA WO HO WƆ WO KAR MU NKUTOO. Afei nso, yɛsrɛ wo, susuw wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho. Wɔ mmere a atwam mu no, anuanom a wɔn mfe akɔ anim no mu binom kɔtra mmeae a enye mma wɔn. Eye sɛ wode w’akongua bɛma obi a ne mfe akɔ anim a ebia a ɔpɛ akongua atra so no, ne titiriw bere a ɛnyɛ nea mote hɔ sɛ abusua anaa nnipa a wɔde kar koro bae no. Eyi bɛkyerɛ sɛ mudwen afoforo ho sɛ Kristofo.
W’ankasa nneɛma: Yɛhyɛ nyansa sɛ ma nneɛma a wode bɛba nhyiam no ase nyɛ kakraa bi. Sɛ biribi nkɔ w’akongua ase a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wubegyaw wɔ fie anaa wo kar mu. Ahobammɔ nti wɔmma kwan sɛ wɔde nneɛma a wɔde nnuan ne annone hyem akɛse besisi kwan mu, na sɛ wode si akongua a ɛbɛn wo so a, ebia obi rennya baabi ntra.
Nnuan a Ɛho Adwumayɛ Nyɛ Den: Nea ɛne Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 4:4 ne Yohane 6:27 hyia no, wɔbɛbɔ mmɔden yiye wɔ nhyiam no nyinaa ase sɛ wɔbɛkɔ so anoa nnuan a ɛho adwumayɛ nyɛ den. So wunnye ntom sɛ ɛfata sɛ wɔn a wotu wɔn ho ma wɔ Aduanma Dwumadibea no nso nya honhom mu dwumadi no mu mfaso kosi ase? Nanso sɛ wɔyɛ adwuma tra so bere a wɔredi yɛn honam fam ahiade ho dwuma, ma enti bere a dwumadi no rekɔ so no na wɔabrɛ na wɔn ani kum a, wɔbɛyɛ dɛn anya mu mfaso wɔ honhom fam? Enti wɔbɛnoa nnuan a ɛho adwumayɛ nyɛ den wɔ baabiara. Wobeyi nnuan a ne nnoa gye bere pii na ɛyɛ den afi mu. Nea wɔbɛnoa biara ho adwumayɛ renyɛ den, na ɛbɛyɛ nnuan pa a ne bo fata. Wɔn a wobetumi adidi anɔpa wɔ fie na wɔde wɔn awia aduan aba nhyiambea hɔ no betumi ayɛ saa. Wɔhyɛ obiara nkuran sɛ omfi ayamye mu nyi ntoboa wɔ nhyiam a ɔbɛkɔ no ase. Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ani to kafeteria no so sɛ ɛno titiriw so na yɛnam benya sika de aboa Ahenni adwuma no.
18 Honhom mu apontow kɛse retwɛn yɛn nyinaa. Kotie dwumadi no nyinaa wɔ bere ano, a nea wɔde fi ase Yawda no nso ka ho. Yɛ komm tie na nya nkyerɛkyerɛ a ɛsom bi fi Onyankopɔn Asɛm mu.—Deut. 31:12.
19 Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ Yehowa bɛkyerɛkyerɛ yɛn! Yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn honam fam nneɛma a yɛde bɛboa “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no de honhom mu nhyira a ɛtra hɔ daa bɛbrɛ yɛn ankasa ne yɛn mmusua nyinaa.
Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow
Suban a Ɛfata: Ɛho hia sɛ wɔn a wɔbɛkɔ nhyiam no nyinaa da suban pa adi, wɔde obu bu nhyiambea hɔ sɛ “Onyankopɔn fi.” (Dw. 55:14) Bere a wɔrema ɔkasa ahorow, wɔyɛ drama, wɔto nnwom, ne titiriw wɔbɔ mpae no, yɛsrɛ wo nyɛ biribi a ɛbɛtwetwe afoforo a wɔretie dwumadi no adwene afi so. Nantew a yɛbɛnantew hɔnom kwa, nkɔmmɔ a yɛbɛbɔ, anaa kamera a ɛwɔ akanea a etwa nyinam ne video a yɛde bedi dwuma ma atwetwe wɔn a wɔrebɔ mmɔden de wɔn adwene asi nea wɔreka no so adwene no renkyerɛ sɛ yɛda obu adi. Afoforo ho a yebedwen ne yɛn abrabɔ pa bɛma ada adi sɛ yefi koma mu kyerɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ ho anisɔ, na yɛaba nhyiam no ase sɛ Yehowa nkyerɛkyerɛ yɛn.
Dabere: Yɛsrɛ wo sɛ boa nhyiam no Adammisa Dwumadibea no denam wo dabere a wɔde ama wo a wobɛtra hɔ no so. Eyi ma wɔkwati nkyereso ne aniwu wɔ dabere afoforo a wobu no sɛ ɛhɔ ye kɛse no. Bɔ mmɔden sɛ wubedu hɔ ntɛm na ama wɔakyerɛ wo dabere wɔ bere pa mu. Kyerɛ wo fiwura no ahɔhoyɛ su no ho anisɔ na kae sɛ wobɛma w’abrabɔ adi adanse. (1 Pet. 2:12; 1 Kor. 4:9b; Kol. 3:15) Ma wo dabere hɔ ntew na biribiara nyɛ pɛpɛɛpɛ. Sɛnea yɛaka dedaw no, Asafo ti no ani sɔ nhyiamfo a wodwen nneɛma ho a woyi ntoboa a ɛyɛ sika de ma nhyiam no wɔ wɔn dabere ho, ɛwom sɛ wɔaka sɛ wonnye hwee wɔ dabere no ho de.
Asubɔ: Ɛsɛ sɛ asubɔhwehwɛfo no tra beae a wɔde ama wɔn no ansa na wɔafi dwumadi no ase Memeneda anɔpa. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛbɔ asu no de asuguare atade ne mpopaho a ɛfata ba. Bere a ɔkasafo no ama asubɔ ɔkasa no abɔ mpae awie no, dwumadi no guamtrani de akwankyerɛ tiaa bɛma asubɔhwehwɛfo no, na afei wama wɔato dwom. Sɛ wɔto nkyekyem a etwa to no wie a, wɔn a wogye ahɔho no bɛkyerɛ asubɔhwehwɛfo no kwan akɔ faako a wɔbɛbɔ wɔn asu no anaa lɔre ahorow a ɛde wɔn bɛkɔ hɔ no ho. Esiane sɛ asubɔ a obi de yɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne no yɛ ɔno ankasa ne Yehowa ntam kokoam asɛm nti, wɔrenyɛ nsiesiei biara mma nea wose ɛyɛ ahokafo asubɔ a asubɔhwehwɛfo baanu anaa nea wɔboro saa bɛbam wɔn ho anaa woso wɔn nsam bere a wɔrebɔ wɔn asu no.
Adwuma a Wotu Ho Ma Yɛ: Wohia wɔn a wotu wɔn ho ma mmoa na nhyiam no akɔ so pɛpɛɛpɛ. Sɛ ebia wubetumi ayɛ adwuma wɔ nhyiam no dwumadi fã bi pɛ mu mpo a, ani bɛsɔ nnwuma a wobɛyɛ no. Sɛ wubetumi aboa a, yɛsrɛ wo sɛ kɔ Adwuma a Wotu Ho Ma Yɛ Dwumadibea wɔ nhyiam no ase. Mmofra a wonnii mfe 16 nso betumi aboa ma nhyiam no akɔ so yiye, nanso wɔhwehwɛ sɛ wɔne ɔwofo anaa ɔpanyin foforo bi a otumi di asɛyɛde ho dwuma yɛ adwuma.
Baagye: Yɛsrɛ wo bɔ baagye a wɔahyɛ da ayɛ no wɔ nhyiam no ase ne bere a worekɔ nhyiambea hɔ ne bere a worefi hɔ. Eyi ma yetumi di adanse fɛfɛ bere a yɛretu kwan no. Ɛsɛ sɛ mo nsa ka baagye yi denam mo asafo no so, efisɛ morennya bi wɔ nhyiam no ase.
Yɛn Ankasa Agyiraehyɛde Kratasin: “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam baagye no akyi no, wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa ne “Medical Directive” kratasin no nhyɛ ne ho. Eyi ho hia.
Akwampaefo Adansedi Kratasin: Ebehia sɛ daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw, ne ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom ne Betel abusua mufo nyinaa de wɔn “Pioneer Service Identification” kratasin (S-202) ba nhyiam no ase. Akwampaefo benya nhoma a woyi adi a wɔde kyɛ wɔn ne nhoma afoforo wɔ akwampaefo bo so wɔ Nhomatɔnbea hɔ bere a wɔde wɔn “Pioneer Service Identification” kratasin akyerɛ nkutoo. Wɔbɛma akwampaefo a bere a wɔbɛkɔ nhyiam no, anyɛ yiye koraa no na wɔayɛ akwampaefo asram asia no nhyiam ase tekit ₵2,000 bere a wɔde wɔn Adansedi kratasin akyerɛ wɔ saa nhyiam no nkutoo ase no. Wɔmma akwampaefo kwan sɛ wɔntɔn nhyiam tekit yi. Ɛsɛ sɛ wɔsan de tekit biara a wɔamfa antɔ ade no kɔ Sika ho Nsɛm so Dwumadibea wɔ nhyiam no awiei.
Kɔkɔbɔ: Ɛmfa ho sɛ ɛhe na wode wo kar besi no, ɛsɛ sɛ wode safe tom bere nyinaa, na nnyaw biribi wom a wobehu da. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, to wo nneɛma no mu hyɛ faako a wɔde nneɛma hyɛ no. Afei nso, hwɛ wo ho yiye wɔ akorɔnfo ne atotobotomfo a wɔpɛ mmeae a nnipa pii ahyiam no ho. Nea ɛka eyi ho ne sɛ ɛnsɛ sɛ wugyaw biribi a ɛsom bo to akongua so wɔ nhyiam no ase a obi nhwɛ so. Wɔde amanneɛbɔ bi ama mpo sɛ wɔahu nnipa bɔne bi sɛ wɔrebɔ mmɔden adaadaa mmofra nkumaa bi afi nhyiambea hɔ. Yɛsrɛ wo sɛ hwɛ yiye.
Wɔde amanneɛbɔ ama sɛ ahɔhodan bi ma wotumi hwɛ television so dwumadi ahorow a ɔbrasɛe anaa nguamansɛm mpo wom. Eyi si sɛnea ehia sɛ wɔkwati TV a wɔbɛma mmofra nkutoo ahwɛ a obiara nhwɛ wɔn so wɔ dabere ahorow yi so dua.