Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/94 kr. 8
  • Fa Nsɛmma Nhoma no Ka Nokware no Kyerɛ Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nsɛmma Nhoma no Ka Nokware no Kyerɛ Afoforo
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Bere a Ɛfata mu Nsɛmma Nhoma a Ɛka Nokware
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma So
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 5/94 kr. 8

Fa Nsɛmma Nhoma no Ka Nokware no Kyerɛ Afoforo

1 Nneɛma ho dawurubɔ a wogugu mu dodo, amammuifo nnaadaa bɔhyɛ ahorow, ne nnaadaasɛm a amanaman no ka titiriw nti, wɔasɛe mfaso a ɛwɔ nokwasɛm so wɔ adesamma abusua mu nnɛ. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no da nsow, efisɛ ɛno nkutoo na ɛka nokware a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho, na ɛkyerɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ na yɛanya daa nhyira horow a ɛde bɛba no.

2 Wɔ ɔman bi mu no, nsɛm ho amanneɛbɔ asoɛe panyin bi a ɔkyerɛɛ bo a nsɛmma nhoma abien yi som no boae ntɛm ara ma wɔmaa ne kyekyɛ ho kwan. Ɔkae sɛ: “Mibu Ɔwɛn-Aban no sɛ nsɛmma nhoma a eye sen biara no mu biako; M‘ani agye yiye sɛ maboa.” Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛboa afoforo denam nsɛmma nhoma yi a etumi de nimdeɛ a ɛma nkwa ma a yɛbɛkyeyɛ no so. (Yoh. 17:3) Ɔkwan bɛn so na wode nsɛmma nhoma a ɛsom bo yi bɛma wɔ May mu? Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi betumi aboa.

3 Sɛ wode May 15 “Ɔwɛn-Aban” no mu nsɛm a edi kan no redi dwuma a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Yɛreka wiase no mu nhoma a wɔatɔ sen biara ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. So wunim nhoma ko? [Twɛn ma ommua.] Yɛreka Bible no ho asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ ntease pa bi nti na nnipa pii atɔ Bible no bi no. Yehu nea enti a wɔatɔ bi no wɔ 1 Timoteo 3:16.” Bere a woakenkan kyerɛwsɛm no awie no, si asɛm no biako mu nsɛm a ɛfata so dua.

4 Anaasɛ bere a wode bere tiaa bi ada wo ho adi awie no, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:

◼ “Ebetumi aba sɛ woahu sɛ nnipa kɔ so haw wɔ wiase nyinaa wɔ ɔhaw ahorow a mmofra rehyia no ho wɔ nnansa yi mfe no mu. Ɔhaw ahorow a mmofra hyia bɛn na wuhu wɔ mpɔtam ha a ɛhaw wo?” Twɛn ma ommua. Kyerɛ ɔhaw ahorow a emu yɛ den a mmofra hyia wɔ wiase nyinaa a wɔka ho asɛm wɔ May 8, Awake! no mu nsɛm a edi kan no mu, na twe adwene si ano aduru a Onyankopɔn Ahenni de ama no so.

5 Ebia wubehu wɔn a wɔkyerɛ anigye kakra mfiase no nanso hwee amfi mu amma no din wɔ wo sankɔhwɛ ho kyerɛwtohɔ no mu. Esiane sɛ wɔanna anigye kɛse adi nti, ebia wote nka sɛ ɛho nhia sɛ wosan kɔ hɔ. Nanso wubetumi de din yi anya wɔn a wobɛma wɔn nsɛmma nhoma daa. Sɛ wuhu asɛm bi a wote nka sɛ onipa pɔtee bi ani begye ho a, hwɛ hu sɛ wobɛkɔ saa onii no nkyɛn de nsɛmma nhoma no akɔma no.

6 Bɔnnɔ so Adansedi: Eyi yɛ ɔkwan a eye kyɛn so a wobɛfa so akanyan nsɛmma nhoma no ho anigye. Anim mfonini a ɛyɛ fɛfɛ a wonam anifere so de bɛkyerɛ no nkutoo betumi ama woafi nkɔmmɔbɔ ase. Onuawa bi de bi guu ne pon so na ne mfɛfo adwumayɛfo atumi ahu bere a wotwam no; otumi de pii mae. Hwɛ sɛ wobɛfa kakra ahyɛ wo nneɛma mu, na fa ma ɔsram yi bere a wukodi gua, wokɔ sukuu, wote bɔs mu anaa wuhyia nnipa afoforo wɔ mmeae afoforo no.

7 Yɛnam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no so anya Yehowa ne ne som ho nsemmisa a ɛho hia ho mmuae. Yɛpɛ sɛ yɛde nsɛmma nhoma yi di dwuma ɔkwan biara a ɛbɛyɛ yiye so de boa afoforo ma wobehu “[Yehowa], nokware Nyankopɔn” no.—Dw. 31:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena