Ti 11
Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ama Nsɛmmɔnedi Ho Kwan?
1. (a) Tebea no te dɛn wɔ asase so nnɛ? (b) Asɛm bɛn na nnipa binom ka?
BAABIARA a wobɛhwɛ wɔ wiase no, amumɔyɛ, nitan ne ɔhaw wɔ hɔ. Mpɛn pii no ɛyɛ wɔn a wɔn ho nni asɛm no na wohu amane. Nnipa binom kasa tia Onyankopɔn. Ebia wɔbɛka sɛ: “Sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, dɛn nti na ɔma kwan ma saa nneɛma bɔne yi nyinaa ba?
2. (a) Henanom na wɔreyɛ nneɛma bɔne? (b) Ɔkwan bɛn na anka wobetumi afa so asiw amanehunu a ɛwɔ asase so no pii ano?
2 Nanso henanom na wɔreyɛ saa nneɛma bɔne yi tia afoforo? Ɛyɛ nnipa, ɛnyɛ Onyankopɔn. Onyankopɔn kasa tia nnebɔneyɛ. Nokwarem no, sɛ nnipa dii Onyankopɔn mmara so a, anka amanehunu a ɛwɔ asase so no fã kɛse no ara remma. Ɔhyɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho. Ɔbara awudi, adewia, aguamammɔ, adifudepɛ, asabow, ne nneyɛe bɔne afoforo a ɛma nnipa hu amane. (Romafo 13:9; Efesofo 5:3, 18) Onyankopɔn de amemene ne nipadua a ɛyɛ nwonwa maa Adam ne Hawa, na na wobetumi anya asetra mu anigye ankasa. Wampɛ da sɛ wɔn anaa wɔn mma behu amane anaasɛ wobehyia ɔhaw.
3. (a) Henanom na wɔde nsɛmmɔnedi bae? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ anka Adam ne Hawa betumi abɔ Satan sɔhwɛ horow no agu?
3 Satan Ɔbonsam na ofii nsɛmmɔnedi ase wɔ asase so. Nanso asodi no bi da Adam ne Hawa nso so. Ná wɔnyɛ mmerɛw dodo sɛ anka wɔrentumi nnyina, bere a Ɔbonsam sɔɔ wɔn hwɛe no. Anka wobetumi aka akyerɛ Satan sɛ ‘fi hɔ kɔ,’ sɛnea Yesu a ɔyɛ pɛ no yɛe akyiri yi no. (Mateo 4:10) Nanso wɔanyɛ saa. Ne saa nti, wɔbɛyɛɛ wɔn a wɔnyɛ pɛ. Wɔn mma nyinaa, a yɛn nso yɛka ho, abenya saa sintɔ, a ɛde ɔyare, awerɛhow ne owu bae no. (Romafo 5:12) Nanso dɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ma amanehunu akɔ so?
4. Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛte ase sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ betumi ama nsɛmmɔnedi ho kwan bere tiaa?
4 Mfiase no ebia obi besusuw sɛ ntease pa biara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ma amane a nnipa ahu wɔ mfehaha pii no mu no kwan. Nanso, so ɛfata sɛ yesusuw saa? So awofo a wɔdɔ wɔn mma ankasa mmaa kwan mma wɔnyɛɛ wɔn oprehyɛn a ɛyɛ yaw na wɔde ayi ɔyare bi afi hɔ? Yiw, hokwan a wɔma ma wohu amane bere tiaa bi no taa ma ɛyɛ yiye sɛ mmofra no benya akwahosan akyiri yi wɔ asetra mu. Ade pa bɛn na nsɛmmɔnedi ho kwan a Onyankopɔn ama no ayɛ?
ƆSƐMPƆW A ƐHO HIA A ƐSƐ SƐ WOHU ANO
5. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan totoo Onyankopɔn ano? (b) Dɛn na Satan de hyɛɛ Hawa bɔ?
5 Atua a wɔtew tiaa Onyankopɔn wɔ Eden turo no mu no maa ɔsɛmpɔw anaa asemmisa bi a ɛho hia sɔree. Ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ mu na yɛatumi ate nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan no ase. Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ mma onni dua pɔtee bi a ɛwɔ turom hɔ no aba. Sɛ Adam yɛ saa a, dɛn na ɛbɛba? Onyankopɔn kae sɛ: “Owu na wubewu.” (Genesis 2:17) Nanso, Satan kaa nea ɛbɔ eyi abira koraa. Ɔka kyerɛɛ Adam yere, Hawa, sɛ onni duaba a wɔabara no bi. Satan kae sɛ, “Ɛnyɛ owu na mubewu.” Nokwarem no, ɔkɔɔ so ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”—Genesis 3:1-5.
6. (a) Dɛn nti na Hawa antie Onyankopɔn? (b) Ná dua a wɔabara no aba a wodii no kyerɛ dɛn?
6 Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden na odii. Dɛn ntia? Hawa gyee Satan dii. Osusuwii pɛsɛmenkominya kwan so sɛ Onyankopɔn so asoɔden a ɔbɛyɛ no ho bɛba no mfaso. Osusuwii sɛ ɛho renhia bio sɛ ɔno anaa Adam bu akontaa kyerɛ Onyankopɔn. Ɛho renhia bio sɛ wodi ne mmara so. Ná wɔn ankasa betumi asi nea ɛyɛ “papa” ne “bɔne” ho gyinae ama wɔn ho. Adam ne Hawa yɛɛ adwene na ɔno nso dii. Ɛreka bɔne a edi kan a onipa yɛ tiaa Onyankopɔn no ho asɛm no, ase hɔ asɛm bi a ɛwɔ The Jerusalem Bible mu se: “Ɛyɛ tumi a obenya sɛ obesi nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne ho gyinae ama ne ho na wabɔ ne bra wɔ saa kwan no so ho asɛm, pɛ a na ɔpɛ sɛ ɔde ne ho wɔ abrabɔ mu koraa . . . Bɔne a edi kan no yɛ sɔre a wɔsɔre tiaa Onyankopɔn tumidi.” Kyerɛ sɛ, ɛyɛ sɔre a wɔsɔre tiaa hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔyɛ onipa sodifo a ɔkorɔn sen biara no.
7. (a) Ɔsɛmpɔw bɛn na onipa asoɔdenyɛ no ma ɛsɔree? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ wobua wɔ ɔsɛmpɔw yi ho?
7 Enti ɛdenam duaba a wɔabara no a wodii so no, Adam ne Hawa twee wɔn ho fii Onyankopɔn tumidi ase. Wɔfaa wɔn ankasa kwan so, yɛɛ nea ɛyɛ “papa” anaa “bɔne” wɔ wɔn ani so. Enti ɔsɛmpɔw anaa asemmisa a ɛho hia a ɛsɔree ne sɛ: So Onyankopɔn wɔ hokwan sɛ ɔyɛ adesamma sodifo a ɔkorɔn sen biara? Anaasɛ, so Yehowa na ɛsɛ sɛ osi nea ɛyɛ papa anaa bɔne ho gyinae ma adesamma? So Ɔno na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ suban pa ne nea ɛnyɛ suban pa? Anaa, so onipa betumi adi n’ankasa ne ho so yiye? Hena nniso na eye sen biara? Wɔ Satan akwankyerɛ a aniwa nhu ase no, so adesamma betumi adi tumi yiye a Yehowa akwankyerɛ nka ho? Na so Onyankopɔn akwankyerɛ ho hia na wɔatumi de trenee nniso a ɛde asomdwoe a enni awiei bɛba asase so asi hɔ? Nsemmisa a ɛtete sɛɛ nyinaa sɔree wɔ Onyankopɔn tumidi, hokwan a ɔwɔ sɛ adesamma sodifo koro pɛ, a wɔsɔre tiae no mu.
8. Dɛn nti na Yehowa ansɛe atuatewfo no amonom hɔ ara?
8 Ampa, bere a atuatew no bae ara pɛ no, anka Yehowa betumi asɛe atuatewfo baasa no. Na akyinnye biara nni ho sɛ ɔwɔ ahoɔden sen Satan anaasɛ Adam ne Hawa. Nanso na sɛe a ɔbɛsɛe wɔn no remma asɛm no ntwa wɔ ɔkwan pa so. Sɛ nhwɛso no, anka ɛremmua asɛm a ɛne sɛ ebia adesamma betumi adi wɔn ankasa ho so a Onyankopɔn mmoa biara nka ho no. Enti Yehowa maa bere bi twaam na wɔde ahu ɔsɛmpɔw a ɛho hia a ɛsɔree no ano.
ƆSƐMPƆW NO A WOBEHU ANO
9, 10. Dɛn na mmɔden a nnipa abɔ sɛ wobedi wɔn ankasa ho so a Onyankopɔn mmoa nka ho no de aba?
9 Afei a bere bi atwam no, dɛn na afi mu aba? Wiɛ, dɛn na wobɛka? So mfe 6,000 a atwam wɔ abakɔsɛm mu no akyerɛ sɛ nnipa atumi adi wɔn ho so yiye a Onyankopɔn akwankyerɛ nka ho anaa? So nnipa de nniso pa ama ma ɛde nhyira ne anigye abrɛ nnipa nyinaa anaa? Anaa, so abakɔsɛm ada no adi sɛ asɛm a odiyifo Yeremia kae no yɛ nokware: “Enni ɔbarima nsam sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn”?—Yeremia 10:23.
10 Abakɔsɛm mu nyinaa no, wɔasɔ nniso horow nyinaa ahwɛ, nanso emu biara nni hɔ a ɛde ahotɔ ne anigye ankasa brɛ wɔn a wɔte wɔn nniso no ase no nyinaa. Ebia nnipa binom bɛtwe adwene akɔ nkɔso a wɔanya so. Nanso so onipa betumi aka nkɔso ankasa ho asɛm bere a wɔde atomik ɔtopae asi ɛta ne agyan ananmu, na wiase nyinaa ko foforo ho hu kɛse aka wiase nyinaa mprempren no? Nkɔso bɛn na ɛyɛ bere a nnipa tumi nantew ɔsram so nanso wontumi mmɔ mu ntra asomdwoe mu wɔ asase so no? Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ nnipa besisi afie a nnɛyi nneɛma ahorow a ɛma asetra yɛ anigye nyinaa bi wom bere a ɔhaw ahorow ama mmusua a wɔte mu no mu apaapae? So basabasa a wɔyɛ wɔ mmɔnten so, nkwa ne nneɛma a wɔsɛe no ne amumɔyɛ a adɔɔso no yɛ ade a ɛsɛ sɛ nnipa de hoahoa wɔn ho? Dabida! Nanso eyinom ne nea afi mmɔden a onipa abɔ sɛ ɔbɛtwe ne ho afi Onyankopɔn ho adi n’ankasa ne ho so no mu aba.—Mmebusɛm 19:3.
11. Enti, dɛn na ɛda adi sɛ nnipa hia?
11 Ɛsɛ sɛ adanse no mu da hɔ ma obiara. Mmɔden a onipa abɔ sɛ ɔbɛtwe ne ho afi Onyankopɔn ho adi n’ankasa ho so no adi nkogu a ɛyɛ awerɛhow. Ɛde amanehunu kɛse aba nnipa so. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Ɛda adi pefee sɛ nnipa hia Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ wɔn nsɛm ho dwumadi mu. Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ onipa, a ɛho hia sɛ odidi na ɔno nsu no, saa ara na ɔyɛɛ onipa a ɛho hia sɛ odi Onyankopɔn mmara so. Sɛ onipa bu n’ani gu Onyankopɔn mmara so a, obehyia ɔhaw, sɛnea sɛ obu n’ani gu hia a ne nipadua hia aduan ne nsu so a, obehu amane no.—Mmebusɛm 3:5, 6.
DƐN NTI NA AKYƐ SAA?
12. Dɛn nti na Onyankopɔn ama bere tenten saa na wɔde ahu ɔsɛmpɔw no awiei?
12 Nanso, ebia obi bebisa sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn ama bere tenten saa, mprempren bɛboro mfe 6,000, na wɔde ahu saa asɛm yi ano? So anka wɔrentumi nwie saa asɛm no sɛnea ɛsɛ bere tenten a atwam ni?’ Dabi. Sɛ Onyankopɔn de ne ho gyee mu bere tenten a atwam ni a, anka wobetumi aka sɛ wɔamma adesamma bere pii a wɔde bɛsɔ wɔn mmɔdenbɔ ahwɛ. Nanso sɛnea ɛte yi de, nnipa anya bere pii de ahyehyɛ nniso a ɛbɛma wɔn a edi wɔn so anya nea wohia nyinaa, na wɔnam adebɔ ho nyansahu so ayɛ nneɛma pii a ebetumi de yiyedi abrɛ nnipa nyinaa. Mfehaha no nyinaa mu no, ɛkame ayɛ sɛ nnipa asɔ nniso biara a ɛwɔ hɔ ahwɛ. Na nkɔso a wɔanya wɔ adebɔ ho nyansahu mu no ayɛ nwonwa. Wɔatumi de atom adi dwuma na wɔatu kwan akɔ ɔsram so. Nanso dɛn na afi mu aba? So ɛde nhyehyɛe foforo fɛfɛ aba ma ayɛ nhyira ama adesamma anaa?
13. (a) Nyansahu mu nkɔso a nnipa anya nyinaa akyi no, tebea no te dɛn nnɛ? (b) Dɛn na eyi di ho adanse pefee?
13 Dabida! Mmom no, awerɛhow ne ɔhaw wɔ asase so kɛse sen bere biara. Nokwarem no, awudi, efĩ, akodi, mmusua a emu tetew ne nsɛm afoforo a emu yɛ den adu baabi a ɛyɛ hu a wiase nyansahufo gye di sɛ kɔ a nnipa betumi akɔ so atra ase ankasa ho aba asɛm. Yiw, mfe bɛyɛ 6,000 a nnipa de adi wɔn ankasa ho so akyi, ne adebɔ ho nyansahu mu “nkɔso” kɛse a wɔanya akyi no, adesamma rehyia ɔsɛe a wɔde bɛba wɔn ankasa so afei! Hwɛ sɛnea ɛda adi pefee sɛ adesamma rentumi ntew wɔn ho mfi Onyankopɔn ho na wonni wɔn ankasa ho so mma ɛnyɛ yiye! Nanso obiara rentumi nka sɛ Onyankopɔn amma bere pii a wɔde behu asɛm yi awiei.
14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ asɛm foforo a ɛho hia a Satan ma ɛsɔree no mu?
14 Ampa sɛ Onyankopɔn wɔ ntease pa bi a enti wama kwan ma nnipa a wɔwɔ Satan nniso ase no adi nsɛmmɔne a akɔ so bere tenteenten no. Ɛdenam n’atuatew no so no, Satan maa ɔsɛmpɔw foforo sɔree a ɛno nso agye bere na wɔde ahu nokware a ɛwom. Saa asɛm yi mu a yɛbɛhwehwɛ no nso bɛboa ma yɛate nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan no ase yiye. Ɛsɛ sɛ w’ani gye saa asɛm yi ho titiriw efisɛ ɛfa wo ankasa wo ho nso.
[Kratafa 100 mfoni]
Ntease pa bi nti, ɔwofo bɛma kwan ma wɔayɛ ne ba a ɔdɔ no oprehyɛn a ɛyɛ yaw. Onyankopɔn nso wɔ ntease pa a enti wama kwan bere tenten bi ma adesamma ahu amane
[Kratafa 101 mfoni]
Ɛdenam duaba a wɔabara a wodii no so no, Adam ne Hawa pow Onyankopɔn nniso. Wofii ase sisii wɔn ankasa gyinae wɔ nea ɛyɛ papa anaa bɔne ho
[Kratafa 103 mfoni]
Sɛnea wɔbɔɔ onipa a ɛho hia sɛ odidi na ɔnom nsu no, saa ara nso na wɔbɔɔ no a ohia Onyankopɔn akwankyerɛ