Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/95 kr. 8
  • Boa Wɔn a Wonni Gyidi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Wɔn a Wonni Gyidi
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahyɛ Yɛn Bɔfo No Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Yehowa Ne Yɛn Bɔfo
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Sɛnea Yɛde Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Bɛma
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 6/95 kr. 8

Boa Wɔn a Wonni Gyidi

1 Wɔ nnɛ bere yi mu no, nea aba so ne sɛ wobebu obi sɛ nhomanimfo a n’adwenem dɔ. Wɔkamfo nnipa nyansapɛ ne nsusuwii hunu, na wobu ani gu honhom fam gyinapɛn ahorow so. Nnipa komapafo a wɔn ani gye nokwasɛm a asete nyɛ den ne nokware ahorow a ntease wom ho begye hokwan a ɛbɛma wɔahwehwɛ nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? mu no atom. Nhoma yi betumi aboa wɔn a wonni gyidi no. (Rom. 1:19, 20) Hwɛ hu sɛ wobɛsan akɔsra wɔn a wɔkyerɛ anigye no nyinaa.

2 Wubetumi afi wo nkɔmmɔbɔ no ase wɔ saa kwan yi so:

◼ “Migye di sɛ wunim sɛ akyerɛkyerɛfo pii pene gyidi a ɛne sɛ adesamma abusua no nam adannandi so na ɛbaa ha no so. Ɛkyerɛkyerɛ sɛ biribiara bae ara kwa. Wote nka dɛn wɔ ho? [Twɛn ma ommua.] Wɔda so ara ka sɛ adwene yi yɛ obi nsusuwii. Nsusuwii yɛ ‘adwenkyerɛ a wɔnkyerɛe sɛ ɛyɛ nokware.’ Mfehaha pii mu no, na nnipa gye di sɛ asase yɛ tratraa; seesei yenim sɛ na ɛyɛ nsusuwii hunu a ennyina nokwasɛm so. Ebetumi aba sɛ saa ara na adannandi nkyerɛkyerɛ no te?” Kenkan nnianim asɛm a ɛwɔ kratafa 4 no, na munsusuw Yesaia 42:5 ho.

3 Anaasɛ sɛ wosan kɔ hɔ a, wubetumi afa saa kwan yi so:

◼ “Yɛtaa hyia nnipa a wonnye Onyankopɔn nni. Mfe bi a atwam no, na ɛntaa mma saa. Wususuw sɛ dɛn nti na nnipa pii ahwere Onyankopɔn mu gyidi? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii kyerɛ sɛ yɛn wiase yi mu basabasayɛ ne ɔhaw ahorow a anya nkɔanim kɛse ama wɔahwere wɔn gyidi. Wɔka sɛ sɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn bi wɔ hɔ a, dɛn nti na ɔmma amanehunu yi nyinaa to ntwa? Wɔn a wontumi nnya saa asemmisa no ho mmuae a ɛma akomatɔyam no taa yɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso adanse bebree wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na ɛrenkyɛ na wama asase no ayɛ beae a anigye ne asomdwoe wɔ.” Fa Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛwɔ kratafa 196 nkyekyem 19 toa nkɔmmɔbɔ no so.

4 Bere a wukura wo Bible wɔ wo nsam no, wubetumi aka eyi de afi nkɔmmɔbɔ no ase:

◼ “Yɛreba wo nkyɛn bio abɛka nea enti a mfaso wɔ Bible sua so wɔ yɛn mmere yi mu. Nnipa dodow no ara wɔ Bible, nanso wɔn mu pii nnye bere mfa nkenkan. Ebinom ka no pen kyerɛ yɛn sɛ wonni Bible no mu ahotoso bio. Wote nka dɛn wɔ ho? [Twɛn ma ommua.] Ade biako a ɛma yegye di sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu ne emu nkɔmhyɛ ahorow a enya mmamu.” Twe adwene si Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛwɔ kratafa 234 nkyekyem 6 no so.

5 Ebia wobetie asɛm a edi so yi:

◼ “Yetumi hu nyansa a ɛwɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia wɔ asase yi so no mu ho adanse a ɛyɛ nwonwa ne ne fɛ. Owia a ɛrekɔtɔ ho mfonini fɛfɛ yi yɛ nhwɛso a ɛfata.” Fa nkratafa 12 ne 13 hɔnom mfonini no kyerɛ no. Ka “Some Things to Think About” [Nneɛma Bi a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho] no mu nsɛm bi na kyerɛkyerɛ sɛnea nhoma yi de yɛn wiase yi ho nsemmisa a ɛho hia ho mmuae a ɛma akomatɔyam ma no mu.

6 Yebetumi ayɛ nhyira ama afoforo denam nhoma yi a yɛde bɛboa wɔn ma wɔanya nnyinaso pintinn ama gyidi wɔ wɔn Bɔfo no mu no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena