Yɛrewɛn—Yɛmma Biribiara Nnye Yɛn Asabawmu?
1 Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monwɛn, . . . na moanya ahoɔden de aguan afi” amanehunu a ɛda adi pefee sɛ ɛbɛba no nyinaa mu. (Luka 21:36) Yɛte abakɔsɛm mu mmere a ɛyɛ hu sen biara mu. Wɔn a wɔda wɔ honhom fam no bɛtɔ asiane mu. Eyi yɛ asiane ma yɛn mu biara. Yesu kaa adidi, ɔnom, ne da biara da asetram nneɛma ho dadwen ho asɛm. Dɛn ntia? Efisɛ saa nneɛma yi mpo betumi agye yɛn adwene, agye yɛn asabawmu, na ama honhom fam anikum a asiane wom aka yɛn.
2 Nneɛma a Ɛtaa Gye Yɛn Asabawmu: Ebinom ama ahomegye ntraso anaa nea ɛmfata agye wɔn adwene, na wɔabɛyɛ wɔn a TV hwɛ aka wɔn hɔ mpo. Nokwarem no, Ahenni no a yɛbɛhwehwɛ kan no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkwati ahomegye ahorow nyinaa. Sɛ yegye yɛn ahome nyansam ne ɔkwan a ɛfata so a, ɛso betumi aba yɛn mfaso. (Fa toto 1 Timoteo 4:8 ho.) Nanso egye asabawmu bere a ɛbɛyɛ yɛn asetra mu ade titiriw, na egye yɛn bere, yɛn nneɛma, anaa kyɛfa a yenya wɔ Ahenni ho asɛmpaka adwuma no mu pii no.
3 Ade foforo a ɛtaa gye obi asabawmu a ɛma ɔtɔ nko wɔ honhom mu ne honam fam nneɛma a ɛho nhia ho akɔnnɔ a yebenya. Eyi hwehwɛ sɛ ɔde bere pii yɛ honam fam adwuma ma ebunkam honhom fam nneɛma so. Ebinom nam honam fam nneɛma a wobenya no pii sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asetra a ahotɔ wom a wɔama agye wɔn adwene no so abu wɔn ani agu honhom fam botae so. Bere a yehia “nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho” no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ sikanibere a ebetumi atwe yɛn afi gyidi ho no ho. (1 Tim. 6:8-10) Sɛ yɛamfa yɛn ani ansi Ahenni ho nneɛma so a, yebetumi ayɛ anibiannaso wɔ yɛn abusua honhom fam ahiade ho dwuma a yebedi mu na yentumi nwie yɛn som adwuma no.—1 Tim. 5:8; 2 Tim. 4:5.
4 Nanso afoforo ma kwan ma ‘asetra mu nneɛma ho dadwen hyɛ wɔn koma so’ araa ma wɔda wɔ honhom mu. (Luka 21:34) Ɛtɔ mmere bi a, yehyia dadwen esiane akwahosan ho haw ne abusua mu tebea horow a ɛhaw adwene nti. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma nneɛma a ɛtete saa a ɛhaw yɛn no brɛ nim a yenim sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei rebɛn ntɛmntɛm no ase.—Marko 13:33.
5 Biribiara nni hɔ a ɛbɛsɔ Ɔbonsam ani sen sɛ obetumi ama yɛakɔ adaeso tebea bi mu, a yɛredi wiase nsusuwii bi akyi. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho wɛn honhom fam. Yenim sɛ ‘Yehowa da no reba sɛ owifo,’ na ɛho hia sɛ ‘yɛwɛn, na yɛn ani da hɔ.’ (1 Tes. 5:2, 6) Sɛ yehu nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ yɛreda a, ɛho hia ntɛm sɛ ‘yeyi sum mu nnwuma no gu.’—Rom. 13:11-13.
6 Nneɛma a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛawɛn: Dɛn ne nneɛma a ɛtete saa no? Mpaebɔ ho hia. Ɛnsɛ sɛ yegyae mpaebɔ da. (1 Tes. 5:17) Kristofo asafo no a yɛbɛbɛn no ‘bɛtwetwe yɛn akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Heb. 10:24) Yɛn ho mu a yɛde nokwaredi bɛhwehwɛ daa no betumi aboa yɛn ma yɛahu hia a ehia sɛ yedi mmerɛwyɛ ahorow so. (2 Kor. 13:5) Kokoam adesua ho su pa a yebenya no bɛma yɛayɛ wɔn a ‘wɔde gyidi nsɛm ayɛn wɔn.’ (1 Tim. 4:6) Sɛ yɛyɛ nsi a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebetumi akwati nneɛma a egye asabawmu, ‘yɛawɛn, na yɛagyina gyidi mu.’—1 Kor. 16:13.