Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/95 kr. 2
  • October Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 2
  • Dapɛn a Efi Ase October 9
  • Dapɛn a Efi Ase October 16
  • Dapɛn a Efi Ase October 23
  • Dapɛn a Efi Ase October 30
Yɛn Ahenni Som—1995
km 10/95 kr. 2

October Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase October 2

Dwom 149

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Sɛ ɛfata mo asasesin no a, dan adwene kɔ nkaebɔ a ɛfa November 8 Nyan! ho no so wɔ ɔkwan titiriw so.

15 min: “Yi Yehowa Ayɛ Daa.” Nsemmisa ne mmuae. Si Kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din ne nea wɔafa mu nsɛm aka no nkyerɛkyerɛmu so dua.

20 min: “Fa Nsɛmma Nhoma Ma Bere Biara.” Munsusuw nsɛntitiriw no ho, na afei ka nea aba foforo no mu nsɛm bi a wobetumi agyina so de ama. Ma wɔnyɛ ɔkwan a wɔfa so de ma ho ɔyɛkyerɛ abien anaa abiɛsa.

Dwom 153 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 9

Dwom 131

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika ho amanneɛbɔ.

15 min: Asafo ahiade. Anaasɛ ɔkasa a ɔpanyin ma a ese “Tu a Wotu Obi—Ɛyɛ Nsiesiei a Ɔdɔ Wom?” a egyina July 15, 1995 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 25-7 so.

20 min: “Yɛrewɛn—Yɛmma Biribiara Nnye Yɛn Asabawmu?” Nsemmisa ne mmuae. Sɛnea bere bɛma kwan no, ka nsɛm foforo a egyina May 1, 1992 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-2 so.

Dwom 128 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 16

Dwom 120

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Twe adwene si nhomawa a wɔato din Good News for All Nations a ɛde asɛm a wɔka kyerɛ wɔ afie afie ama wɔ kasa horow 59 mu, no so. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa nhomawa yi nni dwuma bere a wohyia nnipa a wɔka kasa foforo wɔ asasesin no mu no.

15 min: Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw Asemmisa Afã no ho. Ka October 1994 Yɛn Ahenni Som no Asemmisa Afã mu nsɛm bi nso.

20 min: “Sankɔhwɛ a Ɛwɔ Atirimpɔw.” Munsusuw botae horow a enti yɛyɛ sankɔhwɛ no ho. Yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo a wɔfata nyɛ asɛm a wɔka kyerɛ ahorow abien ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 130 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 23

Dwom 100

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma.

15 min: “Yehia Asafo No.” Nsemmisa ne mmuae.

20 min: Dan Anigyefo Adwene Kɔ Ahyehyɛde no So. Ɔsom adwuma sohwɛfo ne adawurubɔfo baanu anaa baasa bɔ nkɔmmɔ fi Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Wiase Nyinaa brochure no mu. Kyerɛ nea enti a mfaso wɔ so sɛ wɔbɛma anigyefo ahu sɛnea ahyehyɛde no di dwuma, ɔkwan a wɔfa so yɛ dwumadi ahorow ho nhyehyɛe, ne sɛnea wobetumi de wɔn ho ahyem. Munsusuw nsɛm a ɛwɔ nkratafa 14 ne 15 a ese “Nhyiam Horow a Wɔde Twetwe Yɛn Kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu” no ho. Adawurubɔfo no yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa de kyerɛ sɛnea yebetumi de nsɛm yi aka nkɔmmɔ a yɛne onigyefo bi bɔ ho wɔ sankɔhwɛ anaa Bible adesua ase de aboa no ma wahu hia a ɛho hia sɛ ɔkɔ bi.

Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 30

Dwom 159

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Bere a wiase nnapɔnna rebɛba wɔ December ne January mu no, hyɛ obiara nkuran sɛ onsusuw akwampaefo aboafo adwuma a ɔbɛyɛ ho.

15 min: Woasɔ Afoforo a Wɔnam Ebinom so Hwehwɛ Wɔn Ahwɛ? Ɔkasa. Adawurubɔfo binom atumi afa saa kwan yi so afi Bible adesua foforo ase: Bere a wɔne onigyefo bi asua ade akosi baabi no, wobisa onii no sɛ onim obi foforo wɔ ne nnamfo, abusuafo, anaa n’amannifo mu a n’ani begye Bible adesua ho anaa. Mpɛn pii no, wɔbobɔ nnipa pii din. Bisa no sɛ wubetumi de ne din akɔhwehwɛ saafo yi a. Sɛ wokɔ onipa no hɔ a, wubetumi aka sɛ: “Asiamasi ani agye Bible a osua no ho araa ma osusuw sɛ wo nso wobɛpɛ sɛ wunya yɛn Bible adesua nhyehyɛe a yennye hwee no mu mfaso.” Eyi betumi ama woanya edin a ɛbɛboa wo ma woayɛ sankɔhwɛ ahorow a ebetumi adan Bible adesua a ɛsow aba. Ma adawurubɔfo biako anaa baanu a wɔafa saa kwan yi so anya anigyefo anaa wɔafi adesua foforo ase nka wɔn suahu ahorow nkyerɛ.

20 min: New World Translation ne The Bible—God’s Word or Man’s? Nhoma no a Yɛde Bɛma November mu. Ka New World Translation no ho nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 276-80 no. Kenkan “Nkyerɛkyerɛmu,” a ɛkyerɛ nea enti a wɔyɛe no. Bua nsemmisa yi: Dɛn so na wogyina yɛɛ nkyerɛase yi? Henanom na wɔkyerɛɛ ase? Ɛyɛ nkyerɛase a egyina nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri so ankasa? Dɛn nti na wɔde Yehowa din dii dwuma wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu? Afei kyerɛ nea enti a yɛn ani betumi asɔ sɛ yɛwɔ nkyerɛase yi. (Hwɛ “All Scripture” nhoma no kratafa 331, nkyekyem 22 ne 23.) Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa nnianim nsɛm a ɛwɔ The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no ti 14 a ɛwɔ kratafa 184 no nyɛ asɛm a wɔka kyerɛ tiawa ho ɔyɛkyerɛ. Kae obiara sɛ onnye bi nkɔ asɛnka dapɛn yi.

Dwom 138 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena