Sankɔhwɛ a Ɛwɔ Atirimpɔw
1 Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden de kyerɛwsɛm bi a ɛbɛma onii no anya Bible mu nkɔmmɔ a moabɔ atwam no ho nimdeɛ no bi ka ho.
2 Atirimpɔw titiriw biako nti a yɛsan kɔ wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma nkyɛn ne sɛ yɛde wɔn bɛka wɔn a yɛma wɔn bi daa no ho. Ebia asɛm a wɔka kyerɛ tiawa te sɛ eyi bɛyɛ nea etu mpɔn:
◼ “Migye di sɛ w’ani gyee Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a mede kyerɛɛ wo a ɛkyerɛɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yesuro Onyankopɔn no ho. Ɛnnɛ mede Nyan! nsɛmma nhoma bi bae a emu asɛm bi bisa sɛ, ‘Dɛn Nti na Nkwa Yɛ Tiawa Saa?’ Ɛyɛ asemmisa a ɛfata, ɛnte saa?” Wubetumi atoa so aka sɛ: “Yesu nsɛm a wonim no yiye a ɛwɔ Yohane 3:16 no de daa nkwa ho bɔhyɛ ma. Mesrɛ wo gye nsɛmma nhoma yi na ma Onyankopɔn Asɛm mu anidaso pintinn no nhyɛ wo nkuran.” Afei kyerɛkyerɛ mu sɛ wobɛsan aba na wode nea ɛbɛba no bi abrɛ no, na ebia moatoa so abɔ nea Onyankopɔn de ahyɛ adesamma asoɔmmerɛfo bɔ ho nkɔmmɔ. Kae sɛ bere biara a wode nsɛmma nhoma bɛkɔ akɔma no no, wubetumi abu ho akontaa sɛ sankɔhwɛ.
3 Sɛ wode asɛm a ɛne sɛ “Wiase a Akodi Nnim—Bere Bɛn?” na edii dwuma a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Sɛ akodi nni asase so bio a, anka ɛso asetra bɛyɛ dɛn? [Twɛn ma ommua.] Ma menkyerɛ wo nea Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ.” Kenkan Dwom 37:10, 11, na kyerɛ sɛnea nneɛma bɛyɛ bere a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so no. Kae onii no nea Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ ho mpae a wɔakyerɛw wɔ Mateo 6:9, 10 no. Boa no ma onsusuw nea Yesu nsɛm no kyerɛ ho. Wubetumi ama wakra Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! na woayɛ nhyehyɛe asan akɔ hɔ ne no akɔtoa nkɔmmɔbɔ no so.
4 Sɛ wosan kɔ sɛ morekɔtoa nkɔmmɔ a mobɔe wɔ anim nsɛm a ɛtoatoa so a ɛne sɛ “Dɛn Nti na Nkwa Yɛ Tiawa Saa?” ho no so a, wubetumi afi ase wɔ saa kwan yi so:
◼ “Bere a etwa to a mebaa ha no, yɛkaa ɔdesani nyinkyɛ ho asɛm. Sɛnea akyinnye biara nni ho sɛ wuhui wɔ Nyan! mu nsɛm no mu no, nyansahufo nni anidaso kɛse biara sɛ wobetumi aboa yɛn ma yɛanyin aboro mfe 70 anaa 80. Nanso w’adwene yɛ wo dɛn wɔ Bible bɔhyɛ ahorow no ho? [Twɛn ma ommua.] Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma onipa nea ɛsen saa.” Afei kenkan Yohane 17:3, na kyerɛ sɛnea nimdeɛ a obi benya no betumi ama wanya daa nkwa. Wɔ ha no, wubetumi ne no ahyehyɛ Bible adesua anaa moayɛ Bible nkɔmmɔbɔ foforo ho nhyehyɛe.
5 Bible adesua a yebefi ase no yɛ botae a ɛho hia wɔ yɛn som adwuma no mu. Ebia woakɔ obi a wagye nsɛmma nhoma hɔ mpɛn pii. Dɛn nti na bere a edi hɔ a wobɛkɔ hɔ no, womfa saa kwan yi so nhwɛ?:
◼ “Nkurɔfo wɔ adwenhorow pii wɔ nyamesom ne ɛso mfaso wɔ nnɛyi asetra mu ho. Nkurɔfo wɔ nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan anaa nea enti a yenyinyin wuwu ho gyidi ahorow a enhyia. Ebinom bɛpɛ sɛ wohu ɔkwan a wɔfa so bɔ mpae ma Onyankopɔn tie.” Bue asɛm bi a wote nka sɛ ofiewura no ani begye ho wɔ yɛn nhoma a yɛde sua Bible no biako mu, na fa bere tiaa bi kyerɛ no ɔkwan a wɔfa so yɛ adesua.
6 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ atirimpɔw. Momma yensuasua no wɔ October mu denam sankɔhwɛ ahorow a ɛwɔ atirimpɔw a yɛbɛyɛ so.