Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Mudi Mu a Wokura wɔ Bere a Wɔabara Wɔn Mu
BƐYƐ mfe 11 ni no, aban no abara asɛnka adwuma no wɔ Asia Kesee Fam Apuei ɔman bi mu. Nanso wɔ nnansa yi mfe no mu no, anuanom no anya biribi a wobegyina so agye adi sɛ aban no mu nnipa bi a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no bɛpɛ sɛ wɔma asɛnka adwuma no ho kwan. Ɛte sɛ nea nkɛntɛnso a ano yɛ den a Kristoman mu asɔre ahorow no wɔ wɔ aban no so no na ɛma wɔbaraa wɔn.
Ɛtɔ bere bi a wɔtetɛw anuanom no, wɔkyere wɔn na wobisabisa wɔn nsɛm. Wɔahunahuna wɔn a wɔyɛ aban nnwuma no sɛ wɔbɛtew wɔn dibea so anaasɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔagyae adwuma no sɛ wɔammɛdɔm Ɔman no amanyɛkuw no a. Wɔhwee adawurubɔfo kuw bi pasaa.
Wɔagye mmara mu hokwan ahorow te sɛ asɛm a ɔmanfo asennibea bedi ama Adansefo no, ne hokwan a wɔwɔ sɛ wɔyɛ ayi no afi wɔn nsam. (Aban mpanyimfo no paw ɔsɔfo bi ma ɔyɛ eyi.) Wɔ mmeae ahorow bi no, wɔmma Adansefo no mfa wɔn aware nhyɛ mmara ase!
Nanso wɔn a wɔhwɛ adwuma no so wɔ hɔ no bɔ amanneɛ sɛ: “Bere nyinaa wɔ faako a anuanom de akokoduru gyina tebea no ano no, wofi Bible no mu de obu di adanse na awiei koraa no wogyae nsɛm a wobisabisa wɔn no, tɛw a wɔtetɛw wɔn no ano brɛ ase, na ɛma anuanom yɛ wɔn asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so”—Mateo 28:19, 20.
Sɛ nhwɛso no, wobisaa onuawa bi a na wɔrebisabisa no nsɛm sɛ ɛhe na yehu din Yehowa no. Ɔde akokoduru buee ne Bible mu wɔ Exodus 15:3, faako a edin no pue wɔ hɔ no. Nea na ɔrebisabisa onuawa no nsɛm a ɔyɛ asraafo panyin no kenkan dii akyi wɔ Bible no mu na ɔkae sɛ: “Yiw, ɛyɛ ampa. Ɛwɔ Bible no mu.” Afei bere a ɔdan n’ani kyerɛɛ ɔsɔfo bi a na ɔka ho na wɔrebisabisa onuawa no nsɛm no, obisae sɛ: “Dɛn nti na monka edin no ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo?” Ɔsɔfo no buae sɛ: “Oo, yiw, din no wɔ Apam Dedaw no mu. Nanso esiane sɛ ɔman yi ne Israel nni ayɔnkofa nti, yɛmfa din no nni dwuma.” Wogyaee onuawa no ntɛm ara!
Asɛm bi a “onigyeni” bi kɔka kyerɛɛ polisifo no ma wotwaa ɔmantam nhyiam ahorow abiɛsa no mu nea edi kan no mu bere a ade rebɛkye ma wɔafi ase no! Nanso polisifo pii a wɔwɔ anuanom ho adwene pa no boae ma wogyaee nsɛm a na eyi nti wɔrebisabisa anuanom no. Anuanom de akokoduru yɛɛ nhyiam abien a aka no.
Wɔ ɔsom mu ɔsɔretia a ano yɛ den a ɛwɔ ɔman yi mu nyinaa akyi no, nkurɔfo da so ara wɔ hɔ a wɔdɔ trenee. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ adwumawura bi ahu sɛ anuanom mmu wɔn nnyinasosɛm ne wɔn gyidi so nti, wanya anuanom mu ahotoso kɛse mpo. Ɔde asɛyɛde afoforo pii hyɛ wɔn nsa wɔ adwuma mu.
Sukuufo mmofra hyia nsɛm a ɛte saa. Akyerɛkyerɛfo koma pafo ani gye wɔn ho esiane gyinabea pintinn a wɔapaw wɔ wɔn gyidi ho nti.
Ɛwom sɛ asɛnka mu tebea no reyɛ mmerɛw ama anuanom de, nanso asɔre ahorow no kɔ so ara haw wɔn na wɔbɔ mmɔden biara a wobetumi sɛ wɔbɛma wɔagyae adansedi adwuma no. Ɛtɔ bere bi a, wɔbɔ mmɔden sɛ wobepira wɔn a wɔne Adansefo no resua Bible no. Nanso, anigyefo da so ara reba Yehowa ahyehyɛde no mu. Osuahu biako ne nea ɛfa ɔbea bi a ɔwɔ ne mfe 70 mu no ho no. Bere a wɔyɛɛ n’aniwa biako oprehyɛn akyi no, ɔdaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo boafo no adi. Esiane mfe a wadi no nti, mfiase no ɔtee nka sɛ nnɔnhwerew 60 a wɔhwehwɛ no dɔɔso dodo ma no, nanso bere a ɔsɔ hwɛe akyi no, ohui sɛ obetumi ayɛ. Nokwarem no, onyaa nnɔnhwerew 38 wɔ asɛnka mu wɔ nnafua du a edi kan no mu, ɔmaa nhoma abien, nhomawa abiɛsa, ne nsɛmma nhoma abien wɔ asasesin bi a emu yɛ den mu; na ofii ofie Bible adesua abien ase. N’ani gyei!
Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ ɔman yi mu no yɛ kɛse. Ne titiriw no bere a wɔtow aba wiei akyi no, anuanom no atumi de wɔn ho ahyɛ adansedi adwuma no afa horow mu. Eyi ama adwuma no akɔ so ntɛmntɛm ankasa. Ɔdawurubɔfo a obu akontaa daa no tumi nya Bible adesua ason kosi du. Kan no na afiewuranom pɛ sɛ wohu nnipa ko a yɛyɛ, faako a yefi, ne nea ɛkeka ho. Mprempren de, anuanom ntaa nkyerɛ nnipa ko a wɔyɛ. Honhom fam aduan a ɛmee ho kɔm de nnipa no. Bere adu sɛ wotwa afuw no mu nneɛma.—Mateo 9:37, 38.
Ampa, anuanom a wɔwɔ saa asase yi so no akura wɔn mudi mu wɔ sɔhwɛ mu, na nnansa yi wonyaa adawurubɔfo mu nkɔanim ɔha biara mu 7. Wɔapaw gyinabea koro no ara a odwontofo Dawid paw no bere a ɔkaa eyi no: “Na me de, m’ankasa mudi mu na manantew.”—Dwom 26:11, NW.