So Ɛsɛ sɛ Wo Ba Kɔ Sukuu a Sukuufo No Te Hɔ?
FA NO sɛ wote kurow ketewa bi mu wɔ ɔman bi a afei na ɛrenya nkɔso mu. Wo mma pii wɔ mfitiase sukuu, nanso sɛ wodi mfe 12 a, wɔbɛkɔ ntoaso sukuu. Baabi a mote no, nnipa a wɔwɔ ntoaso sukuu ahorow mu no dɔɔso dodo, wonni nnwinnade a ɛfata, na wonni akyerɛkyerɛfo a ɛsɛ. Ɛtɔ mmere bi a atuatew ma wɔtoto sukuu no mu adapɛn anaa asram pii.
Obi ma wo nsɛmma nhoma fɛfɛ bi a ɛka kuropɔn mu sukuu bi a sukuufo no te hɔ ho asɛm. Wuhu sukuufo a wɔn ani agye na wɔasiesie wɔn ho kama sɛ wɔresua ade wɔ sukuu adan, adufradan ahorow, ne nhomakorabea ahorow a nnwinnade a ɛsɛ wom, ho mfonini ahorow. Sukuufo no tete kɔmputa anim, na wɔn ho dwo wɔn wɔ atrae a emu adan mu tew na ɛyɛ fɛ mu. Wokenkan sɛ sukuu no botae biako ne sɛ ɛbɛboa sukuufo ma “wɔanya nhomanim a ɛkyɛn so a ɛnyɛ wɔn nya na.” Wotoa so kenkan sɛ: “Ɛsɛ sɛ sukuufo no nyinaa di abrabɔ nhyehyɛe bi a ɛte sɛ nea wɔtaa hwehwɛ wɔ abusua mu no so a esi su pa, ɔpɔw, obu a wɔkyerɛ ma awofo ne mpanyimfo, asoɔmmerɛw, abotare, ayamye, nokwaredi, ne mudi mu kura so dua.”
Wɔfa aberantewa bi a ɔrenwenwe anom asɛm ka sɛ: “M’awofo ama me hokwan a ɛso nni sɛ memmra sukuu a eye sen biara yi.” Abeawa bi ka sɛ: “Sukuu yɛ adwuma kɛse na ɛyɛ anigye. Ɛha tebea no boa adesua.” Wode wo babarima anaa wo babea bɛkɔ sukuu a ɛte saa a sukuufo no te hɔ no?
Nhomasua ne Honhom Fam Yiyedi
Awofo a wɔwɔ tema nyinaa pɛ sɛ wɔma wɔn mma nhyɛase pa wɔ asetra mu, ma enti nhomasua a etu mpɔn a ɛkari pɛ ho hia. Mpɛn pii no, wiase nhomasua bɔ kwan ma daakye adwumayɛ hokwan ahorow, na ɛboa mmofra ma wonyin bɛyɛ mpanyimfo a wobetumi ahwɛ wɔn ho ne wɔn daakye mmusua.
Ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ wɔkyerɛ ade yiye wɔ sukuu bi a sukuufo no te hɔ, na sɛ wɔkyerɛ suban pa nso wɔ hɔ a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ minya mu mfaso?’ Wɔ saa asɛmmisa no mmuaema mu no, ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo de mpaebɔ susuw biribi a ɛho hia paa ho—wɔn mma honhom fam yiyedi. Yesu Kristo bisae sɛ: “Sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?” (Marko 8:36) Nokwarem no, mfaso biara nni eyi so koraa. Enti, ansa na awofo a wɔyɛ Kristofo besi gyinae sɛ wɔde wɔn mma bɛkɔ sukuu a sukuufo no te hɔ no, ɛsɛ sɛ wosusuw sɛnea eyi betumi aka wɔn mma daa nkwa anidaso no ho.
Sukuufo Foforo Nkɛntɛnso
Ebia na sukuu a sukuufo no te hɔ no bi bɔ mmɔden kɛse wɔ nhomasua mu. Nanso wɔn a wɔkɔ sukuu a ɛtete saa no anaa wɔn a wɔhwɛ so no bi mpo abrabɔ te dɛn? Ɔsomafo Paulo kyerɛw faa nnipa a yebehu wɔn kɛse wɔ saa “nna a edi akyiri” yi mu no ho sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!”—2 Timoteo 3:1-5.
Saa abrabɔ ne honhom fam tebea a ɛresɛe yi rekɔ so wɔ wiase nyinaa, na ɛma ɛyɛ den ma Yehowa Adansefo sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow bɛbɔ wɔn bra. Sukuufo a wɔkɔ ba fie da biara no hu sɛ fekuw ketewaa bi a wɔne mfɛfo sukuufo wiasefo nya no mpo tumi nya wɔn honhom fam yiyedi so nkɛntɛnso bɔne. Saa nkɛntɛnso no a wɔbɛko atia no betumi ayɛ den kɛse ama Adansefo mmofra, ɛmfa ho mpo sɛ wonya mmoa, afotu, ne nkuranhyɛ fi wɔn awofo hɔ da biara da no.
Ɛnde mmofra a wɔde wɔn kɔtra sukuu ahorow a ɛmmɛn wɔn fie mu no nso tebea te dɛn? Wɔbɛyɛ kɔntɛkoro, ma honhom fam mmoa a wobenya afi awofo a wɔdɔ wɔn hɔ bere nyinaa no bɔ wɔn. Esiane sɛ wɔne wɔn mfɛfo sukuufo tra nnɔnhwerew 24 da biara da nti, nhyɛso a ɛbɛma wɔayɛ wɔn ade sɛ nnipa dodow no ara no kɛntɛn wɔn adwene ne wɔn koma a enyinii no so kɛse sen sɛnea ebia anka ɛbɛyɛ sukuufo a wɔte fie no. Sukuuni bi kae sɛ: “Sukuuni a ɔte sukuu mu hyia abrabɔ fam asiane fi anɔpa kosi anadwo.”
Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33, NW) Ɛnsɛ sɛ wɔdaadaa awofo a wɔyɛ Kristofo ma wosusuw sɛ bere a wɔn mma ne wɔn a wɔnsom Nyankopɔn bɔ bere nyinaa no, wɔn honhom fam yiyedi rensɛe. Nkakrankakra, ebetumi aba sɛ mmofra a wosuro Nyankopɔn no remmu Kristofo gyinapɛn ahorow sɛ ɛyɛ ade titiriw, na wobetumi ahwere honhom fam nneɛma ho anisɔ a wɔwɔ nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a eyi nna adi mma awofo nhu kosi bere a wɔn mma no befi sukuu no mu. Mpɛn pii no, ebedu saa bere no, na aka akyiri dodo sɛ wobesiesie tebea no.
Saa na Clement tebea no yɛe. Ɔka sɛ: “Ansa na merekɔtra sukuu mu no, na mewɔ nokware no ho dɔ na na me ne anuanom no kɔ asɛnka. Nea m’ani gyee ho kɛse koraa ne abusua Bible adesua ne Asafo Nhoma Adesua mu kyɛfa a minyae no. Nanso, minya kɔtraa sukuu mu bere a na madi mfe 14 no ara pɛ, migyaee nokware no koraa. Mfe anum a midii wɔ sukuu mu no nyinaa mu no, mankɔ asafo nhyiam da. Esiane fekubɔne nti, mede me ho hyɛɛ nnubɔnenom, sigaretnom, ne asanom ntraso mu.”
Akyerɛkyerɛfo Nkɛntɛnso
Wobetumi anya akyerɛkyerɛfo a wɔn bra asɛe na wodi tumi ɔkwammɔne so wɔ sukuu biara mu. Ebinom tirim yɛ den, na wɔyɛ nhyɛso, na afoforo nso ne wɔn sukuufo no da. Wɔ sukuu a sukuufo no te hɔ mu no, wobetumi ahwɛ akyerɛkyerɛfo a wɔte saa no nneyɛe a wɔmmɔ so.
Nanso akyerɛkyerɛfo dodow no ara fi adwempa mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtete mmofra ma wɔabɛyɛ ɔmamma a wɔn so wɔ mfaso, ma wɔn asetra ne wiase a wɔte mu no akɔ pɛ, na wɔayɛ wɔn ade sɛ afoforo. Nanso Adansefo mmofra hyia ɔhaw foforo wɔ eyi mu. Ɛnyɛ bere nyinaa na wiase gyinapɛn ahorow ne Kristofo nnyinasosɛm ahorow hyia. Bere a akyerɛkyerɛfo hyɛ sukuufo nkuran sɛ wɔmma wɔn asetra ne wiase yi de nkɔ no, Yesu kae sɛ n’akyidifo renyɛ “wiase no fã.”—Yohane 17:16, NW.
Na sɛ Bible mu nnyinasosɛm ahorow a mmofra de di dwuma no ma ɔhaw ahorow sɔre nso ɛ? Sɛ mmofra no kɔ sukuu a ɛbɛn wɔn na sɛ wɔte fie a, wobetumi ne wɔn awofo asusuw nsɛm a ɛtete saa ho. Awofo no nso betumi de akwankyerɛ ama wɔn mma no, na ebia wɔne ɔkyerɛkyerɛfo no akasa. Eyi taa ma wodi ɔhaw ne akameakame ahorow ho dwuma ntɛm.
Tebea no nte saa wɔ sukuu ahorow a sukuufo no te hɔ mu. Sukuufo a wɔte saa no hyɛ wɔn akyerɛkyerɛfo ase bere nyinaa. Sɛ mmofra de Kristofo nnyinasosɛm sisi gyinae a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa bere a wɔn awofo nni hɔ a wɔbɛboa wɔn da biara da. Ɛtɔ mmere bi a mmofra no tumi di Nyankopɔn nokware wɔ tebea a ɛtete saa mu. Nanso, mpɛn pii no, wontumi. Ɛyɛ mmerɛw sɛ abofra bɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo no apɛde.
Hokwan Pii a Wonni
Sukuu ahorow a sukuufo no te hɔ no nte sɛ sukuupɔn a sukuufo no taa nya hokwan kɔ baabiara a wɔpɛ no, na mmom wɔmma mmofra nnya hokwan pii. Sukuu ahorow yi mu pii mma sukuufo no kwan mma womfi sukuu hɔ gye sɛ Kwasida, na emu bi mma ɛno mpo ho kwan. Sukuuni bi a ɔte sukuu mu a wadi mfe 11 a wɔfrɛ no Eru ka sɛ: “Sukuu mpanyimfo no mma yɛn kwan da sɛ yɛnkɔ asafo nhyiam ahorow, na kampɛsɛ yɛakɔ asɛnka. Wɔ sukuu hɔ no, Katolekfo ne Nkramofo nkutoo na wɔyɛ wɔn asɔre. Ɛsɛ sɛ sukuuni biara yi mu biako anaa ohyia ɔtaa a emu yɛ den fi akyerɛkyerɛfo ne sukuufo nyinaa hɔ. Wɔhyɛ sukuufo ma wɔto ɔman dwom ne asɔre nnwom nso.”
Sɛ awofo de wɔn mma kɔ sukuu a ɛte saa a, na dɛn na wɔrepɛ akyerɛ wɔn mma? Nea ebetumi akyerɛ ankasa ne sɛ wiase nhomasua ho hia sen hyia a wobehyiam asom ne asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa a wobenya—ɛho hia mpo sen mudi a wobekura mu ama Onyankopɔn.—Mateo 24:14; 28:19, 20; 2 Korintofo 6:14-18; Hebrifo 10:24, 25.
Wɔ sukuu ahorow a sukuufo no te hɔ mu no, sukuufo a wɔyɛ Adansefo no tumi bom sua Bible, nanso mpɛn pii no, eyi mpo yɛ den. Abofra bi a ɔde Blessing a wadi mfe 16 ka saa asɛm yi fa sukuu a sukuufo no te hɔ a ɔkɔ no ho: “Da biara da, wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no hyiam bɔ mpae. Yɛn a yɛyɛ Adansefo no srɛ wɔn sɛ wɔmma yɛnyɛ yɛn adesua, nanso sukuufo no mu mpanyimfo no ka kyerɛ yɛn sɛ wommu yɛn ahyehyɛde no. Afei wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ yɛn ma yɛne wɔn abɔ mpae. Sɛ yɛampene a, wɔtwe yɛn aso. Sɛ yɛkɔka kyerɛ akyerɛkyerɛfo a, ɛsɛe asɛm no koraa. Wɔmoma yɛn din pii, na wɔka kyerɛ sukuufo no mu mpanyimfo no sɛ wɔntwe yɛn aso.”
Da a Wɔbɛda Nsow Wɔ Afoforo Ho
Sɛ wohu sukuufo a wɔte sukuu mu no pefee sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo a, eyi so betumi aba wɔn mfaso. Ebia sukuu mpanyimfo remma wɔnyɛ atoro som mu nneyɛe a wɔhyɛ obiara ma ɔyɛ bi a ɛne Adansefo no gyidi nhyia no bi. Ebia mfɛfo sukuufo remmɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔanya dwumadi ahorow ne nkɔmmɔ a ɛmfata mu kyɛfa. Ebetumi abue hokwan ahorow ma wɔadi mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo adanse. Afei nso, ɛyɛ den sɛ wɔde bɔne a anibere wom besusuw wɔn a wɔde Kristofo nnyinasosɛm ahorow bɔ wɔn bra no, na ɛtɔ mmere bi a wonya obu fi wɔn akyerɛkyerɛfo ne mfɛfo sukuufo hɔ.
Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na tebea no te saa. Sɛ abofra bi da nsow wɔ afoforo mu a, ɛtaa ma sukuufo ne akyerɛkyerɛfo nyinaa de ɔtaa ne fɛwdi ba ne so. Yinka, abarimaa bi a wadi mfe 15 a ɔte sukuu mu ka sɛ: “Sɛ wonim wo wɔ sukuu mu sɛ woyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a, wɔde wɔn ani si wo so. Esiane sɛ wonim yɛn honhom ne abrabɔ fam gyinabea nti, wosunsum mfiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya yɛn.”
Awofo Asɛyɛde
Ɔkyerɛkyerɛfo, sukuu, anaa kɔlege biara ntumi mfa adwuma a ɛne sɛ wɔbɛtete mmofra ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so no nto wɔn ho so mma ɛnyɛ yiye. Ɛno nyɛ wɔn adwuma, na saa ara nso na ɛnyɛ wɔn asɛyɛde. Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ awofo ankasa na ɛsɛ sɛ wodi wɔn mma honhom fam ahiade ahorow ho dwuma. Paulo kyerɛwee sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Ɛbɛyɛ dɛn na awofo atumi de Onyankopɔn afotu yi adi dwuma bere a wɔn mma afi wɔn nkyɛn akɔtra sukuu bi mu, a pɛnkoro anaa mprenu pɛ na wotumi kɔsra wɔn ɔsram biara no?
Tebea no gu ahorow pii, nanso ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo bɔ mmɔden yɛ wɔn ade ma ɛne saa asɛm a efi honhom mu yi hyia: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”—1 Timoteo 5:8.
Nneɛma Foforo Wɔ Hɔ a Wobetumi Ayɛ Anaa?
Dɛn na awofo betumi ayɛ bere a ayɛ te sɛ nea nneɛma abien pɛ na wobetumi apaw mu biako—sukuu a sukuufo no te hɔ anaa sukuu a ɛbɛn wɔn a wonni nnwinnade a ɛsɛ—no? Ebinom a wɔkɔ saa tebea yi mu no yɛ nhyehyɛe ma wɔkyerɛ wɔn mma ade wɔ fie de ka nhomasua a wonya wɔ sukuu a ɛbɛn wɔn mu no ho. Awofo foforo ankasa nso de bere si hɔ de kyerɛ wɔn mma ade.
Ɛtɔ mmere bi a awofo kwati ɔhaw ahorow denam ahoboa a wobedi kan ayɛ koraa ansa na wɔn mma no anyin adu baabi a wɔbɛkɔ ntoaso sukuu no so. Sɛ wowɔ mmofra nketewa anaa woresusuw ho sɛ wubenya mma a, wubetumi abisa mu ahwɛ sɛ ntoaso sukuu papa bi wɔ baabi a wote no anaa. Sɛ ɛnte saa a, ebia wubetumi atu akɔtra baabi a ebi bɛn hɔ.
Sɛnea awofo nim yiye no, egye ahokokwaw, boasetɔ, ne bere pii na wɔde Yehowa ho dɔ adua abofra mu. Sɛ eyi yɛ den bere a abofra no te fie a, mpɛn ahe na ɛrenyɛ den nsen bere a abofra no te akyirikyiri! Esiane sɛ ɛfa abofra no daa nkwa ho nti, ɛsɛ sɛ awofo fa no aniberesɛm de mpaebɔ si gyinae sɛ ebia ɛfata sɛ wɔde wɔn abofra no kɔto sukuu a sukuufo no te hɔ mu anaa. Hwɛ sɛnea ɛbɛkyerɛ sɛ wɔnhwɛ nneɛma nkɔ akyiri, bere a wɔde abofra honhom fam ahiade bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sukuu a sukuufo no te hɔ mu adesua no! Eyi bɛyɛ te sɛ obi a ɔbɔ wura dan bi a ɛrehyew mu sɛ ɔrekɔfa ɔbohene ketewaa bi—ma ogya no hyew no.
Onyankopɔn Asɛm se: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” (Mmebusɛm 22:3) Eye mmom sɛ wɔbɛkwati tebea bɔne sen sɛ wobesiesie no akyiri yi. Sɛ wubisa wo ho sɛ, ‘So Ɛsɛ sɛ Me Ba Kɔ Sukuu a Sukuufo no Te Hɔ?’ a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubesusuw ɛno ho.
[Kratafa 28 adaka]
Adansefo Nkumaa Kae Sukuu A Sukuufo No Te Hɔ Mu Nsɛm
“Wɔ sukuu a sukuufo no te hɔ mu no, Adansefo mmofra nnya honhom fam fekubɔ biara. Ɛyɛ baabi a enye koraa a wuhyia nhyɛso a ɛbɛma woayɛ bɔne kɛse.”—Rotimi a ɔkɔɔ sukuu a sukuufo no te hɔ fi mfe 11 kosii mfe 14.
“Ná Kristofo nhyiam ahorow kɔ yɛ den kɛse. Kwasida nkutoo na na mitumi kɔ, na sɛ mɛyɛ saa a, na gye sɛ bere a sukuufo no ato santen rekɔ asɔre no miwia me ho kɔ. M’ani annye da, efisɛ mewɔ fie no, na asafo nhyiam nyinaa a mekɔ, ne asɛnka a mekɔ no Memeneda ne Kwasida no akokwaw me. Mannya suahu a ɛhyɛ nkuran biara wɔ sukuu. Mehweree nneɛma pii.”—Esther a na wotwa no mmaa bere nyinaa esiane sɛ na ɔmfa ne ho nhyɛ sukuu asɔre nneyɛe mu nti no.
“Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ medi me mfɛfo sukuufo adanse wɔ sukuu a sukuufo no te hɔ mu. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛda nsow wɔ afoforo mu. Mepɛe sɛ mɛyɛ nea afoforo yɛ. Sɛ mitumi kɔɔ asafo nhyiam horow, yɛɛ asɛnka adwuma a, ebia anka me bo bɛyɛ duru asen saa. Nanso bere a na mitumi yɛ saa ara ne akwamma bere a na ɛyɛ mprɛnsa pɛ wɔ afe biara mu no. Sɛ wowɔ kanea na sɛ woamfa krasin foforo angu mu a, kanea no yɛ wusiwusi. Saa ara na na ɛte wɔ sukuu mu.”—Lara a ɔkɔɔ sukuu a sukuufo no te hɔ bere a na wadi mfe 11 kosi mfe 16 no.
“Afei a minni sukuu a sukuufo no te hɔ mu bio no, ɛyɛ me anigye sɛ metumi akɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa, anya asɛnka adwuma mu kyɛfa, na me ne abusua no mufo a aka no ayɛ daa asɛm no. Ɛwom sɛ na mfaso horow bi wɔ sukuu hɔ a na mete no mu de, nanso biribiara ho nhia nsen me ne Yehowa ntam abusuabɔ.”—Naomi a ɔne ne papa kae ma oyii no fii sukuu a sukuufo no te hɔ mu.