-
Nkaebɔ AhorowAhenni Som—1999 | September
-
-
Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. October: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! November: Dɛn Na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaasɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. December: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne New World Translation.
◼ Sɛ wokɔ asɛnka a, ebia wubehyia mum. Sɛ kuw a wɔka mum kasa wɔ mo mpɔtam hɔ a, ɛsɛ sɛ wudi akwankyerɛ a wɔde ama wɔ Asafo ti krataa a wɔkyerɛw no December 15, 1998, de kɔmaa asafo ahorow nyinaa mu no akyi. Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mobɛkyerɛw nnipa a ɛsono kasa a wɔka, a mum kasa ka ho, a ebia wɔte mo asafo no asasesin mu anaa wɔnte mu no ho asɛm wɔ ‘Please Follow Up’ kratasin no so. Sɛ onii no ani nnye Ahenni asɛm no ho mpo a, ɛsɛ sɛ mode kratasin yi di atirimpɔw yi ho dwuma. . . . Sɛ wohyehyɛ ‘Please Follow Up’ kratasin no wie a, ɛsɛ sɛ wode ma asafo no kyerɛwfo tee anaa fa to Ahenni Asa so asɛnka akontaabu adaka no mu.” Sɛ ɔdawurubɔfo biara ma n’ani da hɔ sɛ ɔbɛboa wɔ saa kwan yi so a, akuw a wɔka mum kasa no betumi akyerɛw mum a wɔte wɔn mpɔtam hɔ no nyinaa din ato hɔ.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ muwie a, mommɔ mo asafo no amanneɛ bere a mode mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ no ama akyi.
◼ Yɛrekae mpanyimfo no sɛ wonni obiara a wɔatu no anaa watwe ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3 no akyi.
◼ Ɛho hia sɛ akuw a emu nnipa yɛ 20 anaa nea ɛboro saa a wɔreyɛ nhyehyɛe abɛsra Betel no di kan kyerɛw krataa de kyerɛ nnipa no dodow ne da a wɔbɛba no. Akuw a emufo dɔɔso a wɔde wɔn kyinkyin Accra Betel ma wɔhwehwɛ hɔ no taa gye nnɔnhwerew abien a video a woyi kyerɛ wɔn no ka ho. Enti sɛ moreyɛ mo nsrahwɛ no ho nhyehyɛe a, yɛsrɛ sɛ monkae sɛ eyi ne Betel adwumayɛ bere: Anɔpa 8 kosi awia 12 ne awia 1:15 kosi anwummere 5:10. Memeneda yɛ anɔpa 8 kosi awia 12.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo no mufo de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔma afoforo kra ne nea asa a wɔresan akra nyinaa a wɔn ankasa de ka ho, fa asafo no so.
◼ Asafo ti no nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nhoma a wɔkra ho nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma no abrɛ Asafo ti no ɔsram biara sɛnea ɛbɛyɛ na obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no betumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nneɛma a wɔkra ma wɔn a wobisa ntra mo adwenem.
◼ Wɔn a wɔkɔɔ 1998 “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam ne Amanaman Ntam Nhyiam nyinaa no nyaa nhyira pii. Wɔn a wɔkɔe no bi ne asɛmpatrɛwfo 2,764 ne amanaman ntam asomfo a ntoboa ahorow a asafo ahorow no fii ayamye mu yii no tumi ma wɔkɔɔ wɔn man mu no. Yɛn ani sɔ nhyehyɛe yi a moboae no yiye. Bere a yɛawie nhyiam ahorow yi no, yɛde sika a woyii a aka no bɛboa wiase nyinaa asɛnka adwuma no.
◼ Video a Ebi Aba Bio:
Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name—Engiresi
◼ Efi September 1, 1999 no, wobetintim Ɔwɛn-Aban no wɔ Kazakh kasa mu ɔsram biara.
-
-
Asɛmmisa AfãAhenni Som—1999 | September
-
-
Asɛmmisa Afã
◼ So woasiesie wo ho ama tebea a egye ntɛmpɛ?
Wɔ yɛn nnɛ wiase yi mu no, “ɛbere ne asiane” taa ma tebea a egye ntɛmpɛ sɔre wɔ aduyɛ mu, na ebi ne hyɛ a wɔhyɛ obi sɛ onnye mogya. (Ɔsɛnk. 9:11, NW) Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi asiesie yɛn ho ama tebea a ɛte saa no, Yehowa nam n’ahyehyɛde so de mmoa ama wɔ akwan pii so, nanso ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ yɛn fam de. Nneɛma a wobɛyɛ na aboa wo na ɛwɔ ase hɔ no.
• Fa “Advance Medical Directive/Release” kratasin hyɛ wo ho bere nyinaa.
• Hwɛ hu sɛ wo mma de “Identity Card” a entwaam ahyɛ wɔn ho.
• Kenkan krataa a ɛhyɛ January 1995 Yɛn Ahenni Som mu no, na sua sɛnea wo ne nnuruyɛfo ne atemmufo besusuw wo ba ayaresa ho.
• Kenkan mogya mu nneɛma bi ne nnuru a wɔde si mogya ananmu ho asɛm. (Eyinom na wɔkamfo kyerɛ: Ɔwɛn-Aban a ɛyɛ October 1, 1994, kratafa 31; June 1, 1990, nkratafa 14-15; March 1, 1989, nkratafa 30-1; Engiresi Nyan! a ɛyɛ December 8, 1994, nkratafa 23-7; August 8, 1993, nkratafa 22-5; November 22, 1991, kratafa 10; ne krataa a ɛhyɛ January 1995 ne January 1991 Yɛn Ahenni Som mu. Fa hyɛ baabi a wubehu no ntɛm.)
• Fi ahonim mu si gyinae a emu da hɔ sɛ ebia wubetumi ama wɔde mfiri a wɔma obi mogya fa mu san kɔ ne nipadua mu adi dwuma anaa sɛ ebia wubetumi agye nnuru a mogya mu nneɛma bi wom a.
• Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ansa na wobɛkɔ ayaresabea no, ma mpanyimfo no nhu na wɔatumi aboa wo, na sɛ ɛho hia a, wɔakohu Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw (HLC) no. Sɛ ɔyɛ abofra na tebea no gye ntɛmpɛ anaa wɔpɛ sɛ wɔma no mogya ma adan asɛnnennen a, ka kyerɛ mpanyimfo no ma wɔnka nkyerɛ HLC no ntɛm.
Ma Wonhu Pefee sɛ Wompɛ Mogya: Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ anuanom bi twɛn ma ɛka akyi dodo ansa na wɔaka akyerɛ nnuruyɛfo a wɔsa wɔn yare no sɛ wɔmpɛ mogya. Eyi haw nnuruyɛfo na ebetumi ama wɔama wo mogya. Sɛ nnuruyɛfo no hu sɛ wode nkrataa a wode wo nsa ahyɛ ase a ɛkyerɛ dekode pɔtee a wopɛ sɛ wɔyɛ ma wo agyina wo gyidi ne nea wopɛ akyi a, ɛboa wɔn ma wofi ayaresa no ase ntɛm na ɛtaa ma wohu akwan foforo a wɔbɛfa so asa wo yare a wɔmma wo mogya.
Esiane sɛ tebea a egye ntɛmpɛ wɔ aduyɛ mu betumi asɔre bere biara, mpɛn pii wɔ bere a wonhwɛ kwan koraa nti, yɛ nhyehyɛe seesei ara fa bɔ wo ne wo mma ho ban na wɔamma mo mogya.—Mmeb. 16:20; 22:3.
-