Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/07 kr. 8
  • Woasiesie Wo Ho Ama Asiane?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woasiesie Wo Ho Ama Asiane?
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woasiesie Wo Ho Anaa?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Boa Afoforo Ma Wɔntumi Nnyina Mmere Bɔne Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Asɛmmisa afã
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Ko a Onipa Ko Tia Asiane Ahorow
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 1/07 kr. 8

Woasiesie Wo Ho Ama Asiane?

1. Dɛn nti na nyansa wom sɛ yesiesie yɛn ho ma asiane?

1 Afe biara asasewosow, mframa gyampantrudu, nsuyiri, ne asiane afoforo a ɛtete saa to nnipa ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa a yɛn nuanom bebree ka ho. Esiane sɛ asiane sisi mpofirim na ebetumi ato yɛn mu biara nti, nyansa wom sɛ yedi kan siesie yɛn ho.—Mmeb. 21:5.

2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma asafo mu mpanyimfo hu yɛn address ne telefon nɔma a yɛde di dwuma no?

2 Munni Kan Nsiesie Mo Ho: Ɛtɔ mmere bi a atumfoɔ tumi bɔ asiane bi a ɛrebesi ho kɔkɔ. Ɛho hia sɛ yetie kɔkɔbɔ a ɛtete saa no. (Mmeb. 22:3) Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, asafo mu mpanyimfo bɛbɔ mmɔden ne obiara a ɔwɔ asafo no mu adi nkitaho na wɔaboa no ma wasiesie ne ho sɛnea ɛfata. Sɛ asiane bi si a, mpanyimfo no bɛbɔ mmɔden nso ne asafo no mufo nyinaa adi nkitaho ahwɛ sɛ obiara ho ye anaa na wɔahwɛ mmoa a ebia wobehia. Sɛ mpanyimfo nnim baabi a anuanom tete ne wɔn telefon nɔma a, ɛbɛma wɔasɛe bere pii. Enti ɛsɛ sɛ adawurubɔfo ma ɔkyerɛwfo no ne wɔn nhoma adesua sohwɛfo hu wɔn address ne telefon nɔma a wɔde di dwuma no.

3. Sɛ yɛte baabi a asiane taa sisi a, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa mpanyimfo no?

3 Sɛ asafo no wɔ baabi a asiane taa sisi a, mpanyimfo no betumi agye adawurubɔfo no busuani anaa n’adamfo bi a ɔnte ne mpɔtam no din ne ne telefon nɔma a sɛ asiane bi si mpofirim a wobetumi de ahwehwɛ no. Eyi betumi aboa mpanyimfo no ma wɔahu wɔn a wɔafi baabi a asiane no asi no. Mpanyimfo no betumi ayɛ nhyehyɛe wɔ nea sɛ asiane bi si a wɔbɛyɛ ama asafo no nso ho. Nea wobetumi ayɛ no bi ni: nneɛma a ɛsɛ sɛ obiara nya wɔ ne ho bere a asiane asi no, nhyehyɛe a wɔde beyi wɔn afi beae a asiane asi no, ne nhyehyɛe a wɔbɛyɛ aboa wɔn a wohia mmoa titiriw. Ɛho hia sɛ yɛboa ma nhyehyɛe pa yi kɔ so.—Heb.13:17.

4. Sɛ asiane bi si wɔ yɛn mpɔtam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

4 Bere a Asiane Bi Asi: Sɛ asiane bi si wɔ wo mpɔtam a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Hwɛ hu sɛ wode nea w’abusua hia wɔ honam fam no bɛma wɔn ntɛm. Sɛ wubetumi a, boa afoforo a wɔn ho akã no. Bɔ mmɔden sɛ wo ne wo nhoma adesua kuw sohwɛfo anaa asafo no mu ɔpanyin foforo bedi nkitaho ntɛm. Sɛ wo ho ye na wunhia mmoa biara mpo a, ɛsɛ sɛ woyɛ eyi. Sɛ wuhia mmoa a, nya awerɛhyem sɛ wo nuanom reyɛ nea wobetumi biara de aboa wo. (1 Kor. 13:4, 7) Kae sɛ Yehowa nim tebea a wowom no; fa wo ho to no so na ɔbɛboa wo. (Dw. 37:39; 62:8) Bɔ mmɔden sɛ wobɛboa afoforo wɔ honhom fam ne nkate fam. (2 Kor. 1:3, 4) San fi teokrase dwumadi ase ntɛm ara.—Mat. 6:33.

5. Sɛ́ Kristofo no, asiane a ebetumi asi ka yɛn dɛn?

5 Bere a asiane a ebetumi asi ma wiase no bɔ hu no, yɛn de, yebetumi anya ahotoso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye. Ɛrenkyɛ asiane nyinaa betwam. (Adi. 21:4) Ɛnkosi saa bere no, yɛde nsi bɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo, na yɛayɛ nhyehyɛe de asiesie yɛn ho ama ɔhaw ne nsɛnnennen a yebehyia no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena