So Woresua Nea Wubetumi Nyinaa Afi Yehowa Hɔ?
1. Adwene bɛn na Yehowa wɔ wɔ ntetee ho?
1 Yehowa, yɛn “Kyerɛkyerɛfo Kunini” no, pɛ sɛ yenya ntetee. (Yes. 30:20) Bere a ɔbɔɔ n’Abakan no wiei no na ofii nkyerɛkyerɛ ase. (Yoh. 8:28) Adam atuatew akyi no, Yehowa annyae nkyerɛkyerɛ, na mmom ofi ɔdɔ mu de akwankyerɛ maa nnipa a wɔnyɛ pɛ.—Yes. 48:17, 18; 2 Tim. 3:14, 15.
2. Ntetee bɛn na wɔde rema nnɛ?
2 Ɛnnɛ, Yehowa de akwankyerɛ rema na ama yɛanya ntetee a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu. Sɛnea Yesaia hyɛɛ nkɔm no, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa resen yuu akɔ “Yehowa fie bepɔw” no ho. (Yes. 2:2) Dɛn nti na wɔresen yuu akɔ hɔ? Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan. Nokwarem no, wɔpɛ sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn! (Yes. 2:3) Wɔ afe 2010 ɔsom afe no mu no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem 1.6 na edii adanse, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo Bible mu nokware no. Bio nso, nnawɔtwe biara, wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn ho ade wɔ asafo ahorow bɛboro 105,000 mu wɔ wiase nyinaa, na akoa nokwafo ne ɔbadwemma no tintim Kristofo nhoma ahorow wɔ kasa bɛboro 500 mu.
3. Ɔkwan bɛn so na w’ankasa woanya nkyerɛkyerɛ a Yehowa de ma no so mfaso?
3 Nya So Mfaso Kɛse: Hwɛ mfaso ara a yɛanya wɔ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ so! Yɛabehu sɛ Onyankopɔn wɔ din na odwen yɛn ho. (Dw. 83:18; 1 Pet. 5:6, 7) Yɛabenya nsɛmmisa a ɛho hia paa wɔ asetena mu no ho mmuae: Dɛn nti na nnipa hu amane na wowuwu? Mɛyɛ dɛn anya anigye ankasa? Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ nnipa? Yehowa asan ama yɛn abrabɔ mu akwankyerɛ a ɛboa ma ‘esi yɛn yiye.’—Yos. 1:8.
4. Ntetee bɛn na wɔayɛ ho nhyehyɛe ama Onyankopɔn asomfo, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua nea yebetumi nyinaa fi Yehowa hɔ?
4 Afei nso, Yehowa ayɛ ntetee soronko ho nhyehyɛe na ama n’asomfo binom atumi atrɛw ɔsom a wɔde ma no no mu. Yehu hokwan ahorow a ebinom betumi anya wɔ kratafa 4-6. Sɛ yɛn tebea nti yɛrentumi nnya ntetee a wɔaka ho asɛm wɔ hɔ no bi a, so yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ nea yɛwɔ ɛho kwan no mu na yɛanya so mfaso kɛse? Esiane sɛ mpɛn pii no sukuu akyerɛkyerɛfo ne afoforo piapia mmofra nkumaa sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ wiase no nhomasua mu nkɔ akyiri nti, so yɛrehyɛ wɔn nkuran mmom ma wɔde botae asisi wɔn ani so wɔ Onyankopɔn som mu, na ama wɔanya Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a ɛsen nhomasua biara no? Sɛ yesua nea yebetumi nyinaa fi Yehowa hɔ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya anigye nnɛ na daakye nso yɛanya daa nkwa.—Dw. 119:105; Yoh. 17:3.
Ntetee Ahorow Bi a Yehowa Ahyehyɛde no Ma Yenya
Akenkan ne Akyerɛw Sukuu
• Atirimpɔw: Wɔayɛ sɛ wɔmfa mmoa nkurɔfo ma wonhu akenkan ne akyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ankasa betumi akenkan Bible no na wɔde nokware no akyerɛkyerɛ afoforo.
• Bere Tenten: Egyina onipa no so.
• Beae a Wɔyɛ No: Ahenni Asa a ɛwɔ mpɔtam hɔ.
• Wɔn a Wobetumi Akɔ Bi: Adawurubɔfo nyinaa ne wɔn a wɔn ani gye ho.
• Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu hyehyɛ akenkan ne akyerɛw sukuu yi sɛnea wɔn asafo mu ahiade te, na wɔhyɛ obiara a obetumi no nkuran sɛ ɔmfa ne ho nhyem.
Teokrase Ɔsom Sukuu
• Atirimpɔw: Wɔde tete adawurubɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no yiye.
• Bere Tenten: Wɔyɛ no bere nyinaa.
• Beae a Wɔyɛ No: Ahenni Asa a ɛwɔ mpɔtam hɔ.
• Wɔn a Wobetumi De Wɔn Ho Ahyem: Adawurubɔfo nyinaa. Afei nso wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo no foforo a wogye Bible nkyerɛkyerɛ tom na wɔbɔ wɔn bra ma ɛne Kristofo gyinapɛn hyia no.
• Ɔkwan a Wɔfa so De Wɔn Ho Hyem: Ka ho asɛm kyerɛ Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no.
Ɔman Foforo so Kasa Adesua
• Atirimpɔw: Wɔkyerɛkyerɛ adawurubɔfo ma wohu sɛnea wɔbɛka asɛm no wɔ kasa foforo bi mu.
• Bere Tenten: Asram anan anaa anum. Wɔtaa de dɔnhwerew biako anaa abien sua ade Memeneda anɔpa.
• Beae a Wɔyɛ No: Wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa bi a ɛbɛn mpɔtam hɔ so.
• Wɔn a Wobetumi De Wɔn Ho Ahyem: Adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa a wɔpɛ sɛ wɔka asɛm no wɔ ɔman foforo so kasa mu.
• Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Baa dwumadibea no na ɛyɛ ho nhyehyɛe sɛnea wɔn ahiade te.
Ahenni Asa Adansi Adwuma
• Atirimpɔw: Wosisi Ahenni Asa na wosiesie nso. Eyi nyɛ sukuu, nanso wɔ nhyehyɛe yi mu no, wɔkyerɛ atuhoamafo no nneɛma pii na wɔatumi aboa adansi adwuma no.
• Bere Tenten: Egyina otuhoamafo no nsɛm tebea so.
• Beae a Wɔyɛ No: Baabi a ɛwɔ ɔmantam no mu a ɛhyɛ Ɔmantam Adansi Boayikuw no nsa nyinaa. Wotumi to nsa frɛ atuhoamafo no bi ma wɔkɔboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn wɔ mmeae a ɛwɔ akyiri.
• Nea Wɔhwehwɛ: Ɛsɛ sɛ wɔyɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔabɔ asu na asafo mu mpanyimfo kuw no apene wɔn so. Wobetumi ayɛ wɔn a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ anaasɛ wonni bi.
• Ɔkwan a Wɔfa so De Wɔn Ho Hyem: Gye Kingdom Hall Volunteer Worker Questionnaire (S-82) no bi fi asafo mu mpanyimfo no hɔ na hyehyɛ.
Akwampaefo Ɔsom Sukuu
• Atirimpɔw: Ɛboa akwampaefo ma ‘wɔyɛ wɔn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.’—2 Tim. 4:5.
• Bere Tenten: Nnawɔtwe abien.
• Beae a Wɔyɛ No: Baa dwumadibea no na esi ho gyinae; wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn mpɔtam hɔ so.
• Nea Wɔhwehwɛ: Wɔn a anyɛ yiye koraa no wɔde afe biako ayɛ daa akwampaefo.
• Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Wɔn a wɔadi afe no nyinaa fata, na ɔmansin sohwɛfo no na ɔto nsa frɛ wɔn.
Sukuu a Wɔyɛ Ma Wɔn a Wɔaba Betel Foforo
• Atirimpɔw: Sukuu yi boa wɔn a wɔaba foforo no ma wotumi som wɔ Betel.
• Bere Tenten: Dapɛn biara wɔyɛ dɔnhwerew biako wɔ adapɛn dunsia mu.
• Beae a Wɔyɛ No: Betel.
• Nea Wɔhwehwɛ: Ɛsɛ sɛ wɔyɛ Betel abusua no mufo ankasa anaa wɔn a wɔatu wɔn ho ama bere tenten (afe anaa nea ɛboro saa).
• Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Betel abusua no mufo a wɔwɔ hokwan sɛ wɔkɔ bi nyinaa.
Ahenni Som Sukuu
• Atirimpɔw: Wɔde tete asafo mu mpanyimfo ne asomfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi nguanhwɛ ne asɛyɛde ahorow a wɔwɔ wɔ ahyehyɛde no mu ho dwuma yiye. (Aso. 20:28) Wɔyɛ sukuu yi wɔ mfe kakraa bi ntam sɛnea Sodikuw no besi ho gyinae.
• Bere Tenten: Nnansa yi, wɔde da koro ne fã na ɛyɛ asafo mu mpanyimfo de no, na asomfo no nso wɔde da koro na ɛyɛ wɔn de no.
• Beae a Wɔyɛ No: Wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa anaa Nhyiam Asa a ɛbɛn mpɔtam hɔ so.
• Nea Wɔhwehwɛ: Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.
• Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Ɔmansin sohwɛfo no to nsa frɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo a ɛsɛ sɛ wɔkɔ bi nyinaa.
Sukuu a Wɔyɛ Ma Asafo mu Mpanyimfoa
• Atirimpɔw: Ɛboa asafo mu mpanyimfo ma wodi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ asafo no mu.
• Bere Tenten: Nnanum.
• Beae a Wɔyɛ No: Baa dwumadibea no na ɛkyerɛ; wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa anaa Nhyiam Asa a ɛbɛn mpɔtam hɔ so.
• Nea Wɔhwehwɛ: Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asafo mu mpanyimfo.
• Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Baa dwumadibea no na ɛto nsa frɛ asafo mu mpanyimfo a ɛsɛ sɛ wɔkɔ bi no.
Sukuu a Wɔyɛ Ma Ahwɛfo Akwantufo ne Wɔn Yerenomb
• Atirimpɔw: Ɛboa amansin ne amantam so ahwɛfo ma wɔsom asafo ahorow no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so na ‘wɔabɔ wɔn ho mmɔden wɔ ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu,’ na wɔahwɛ nguan a wɔde ahyɛ wɔn nsa no.—1 Tim. 5:17; 1 Pet. 5:2, 3.
• Bere Tenten: Asram abien.
• Beae a Wɔyɛ No: Baa dwumadibea no na ɛkyerɛ.
• Nea Wɔhwehwɛ: Ɛsɛ sɛ wɔyɛ amansin anaa amantam so ahwɛfo.
• Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Baa dwumadibea no na ɛto nsa frɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom a ɛsɛ sɛ wɔkɔ bi no.
Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafoc
• Atirimpɔw: Esiesie asafo mu mpanyimfo ne asomfo a wɔnwaree ma wɔde asɛyɛde pii hyɛ wɔn nsa. Wɔtaa de wɔn a wowie no kɔ mmeae a wohia mmoa kɛse wɔ wɔn man mu no. Wɔn mu kakra a wɔpɛ sɛ wɔkɔsom wɔ aman afoforo so no nso, wɔma wɔyɛ saa.
• Bere Tenten: Asram abien.
• Beae a Wɔyɛ No: Baa dwumadibea no na ɛkyerɛ; wɔtaa yɛ wɔ Nhyiam Asa anaa Ahenni Asa so.
• Nea Wɔhwehwɛ: Anuanom mmarima a wɔnwaree a wɔadi fi mfe 23 kosi 62 a wɔwɔ akwahosan pa na wɔpɛ sɛ wɔsom wɔn nuanom na wɔboa ma Ahenni nneɛma nya nkɔso wɔ mmeae a wohia mmoa no. (Mar. 10:29, 30) Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wɔde mfe abien akɔ so asom sɛ mpanyimfo anaa asomfo.
• Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Sɛ wɔyɛ sukuu yi bi wɔ wo man mu a, wɔyɛ ho nhyiam ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ bi no nyinaa wɔ ɔmansin nhyiam ase. Wɔde ɛho nsɛm pii ma wɔ nhyiam a ɛte saa ase.
Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefod
• Atirimpɔw: Wɔde ntetee soronko ma awarefo sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa betumi de wɔn adi dwuma yiye wɔ n’ahyehyɛde no mu. Sɛ wowie sukuu no a, wɔma adesuafo no kɔsom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse wɔ wɔn man mu. Wɔn mu kakra a wɔpɛ sɛ wɔkɔsom wɔ aman afoforo so no nso, wɔma wɔyɛ saa.
• Bere Tenten: Asram abien.
• Beae a Wɔyɛ No: Wɔafi ase reyɛ sukuu yi bi wɔ Watchtower Educational Center a ɛwɔ Patterson, New York, U.S.A. Sɛ nea edi kan yi ba awiei a, wɔbɛyɛ sukuu yi bi wɔ mmeae a baa dwumadibea ahorow no bɛkyerɛ. Wɔbɛyɛ dodow no ara wɔ Nhyiam Asa anaa Ahenni Asa so.
• Nea Wɔhwehwɛ: Awarefo a wɔadi mfe 25 kosi 50 a wɔwɔ akwahosan pa na wɔn tebea bɛma wɔakɔsom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse, na wobefi wɔn pɛ mu aka sɛ, “Mini, soma me.” (Yes. 6:8) Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔaware anyɛ yiye koraa no bɛyɛ mfe abien na wɔakɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no bɛyɛ mfe abien.
• Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Sɛ wɔyɛ sukuu yi bi wɔ wo man mu a, wɔyɛ nhyiam ma wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ bi no wɔ da koro titiriw nhyiam ase. Wɔde ho nsɛm pii ma wɔ nhyiam a ɛte saa ase.
Ɔwɛn-Aban Gilead Bible Sukuu
• Atirimpɔw: Wɔde tetew akwampaefo ne afoforo a wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu ma wɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo.
• Bere Tenten: Asram anum.
• Beae a Wɔyɛ No: Watchtower Educational Center, Patterson, New York, U.S.A.
• Nea Wɔhwehwɛ: Awarefo a wɔabɔ asu mfe abiɛsa na bere a wɔde wɔn akwammisa krataa a edi kan rema no na wɔadi mfe 21 kosi 38. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔte Borɔfo na anyɛ yiye koraa no wɔaware bɛyɛ mfe abien, na wɔakɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no bɛyɛ mfe abien. Ɛsɛ sɛ wɔwɔ akwahosan pa. Akwampaefo a wɔresom wɔ amannɔne (a wɔn a wobu wɔn sɛ asɛmpatrɛwfo nso ka ho); ahwɛfo akwantufo; Betel abusua mufo; ne wɔn a bere bi wɔkɔɔ Asomfo Ntetee Sukuu, Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo, ne Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo nso betumi ahyehyɛ akwammisa krataa no bi bere a wodu ahwehwɛde ahorow no ho no.
• Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Wɔ baa dwumadibea ahorow bi mu no, wɔyɛ nhyiam ma wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔkɔ sukuu yi bi no wɔ ɔmantam nhyiam ase. Wɔde ho nsɛm pii ma wɔ nhyiam a ɛte saa ase. Sɛ wɔnyɛ nhyiam yi bi wɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛ wɔ wo man mu ase na sɛ wopɛ sɛ wode ɛho akwammisa krataa kɔ a, wubetumi akyerɛw baa dwumadibea a ɛwɔ wo man mu no ahwehwɛ ho nsɛm pii.
Sukuu a Wɔyɛ Ma Baa Boayikuw Mufo ne Wɔn Yerenom
• Atirimpɔw: Wɔde boa Baa Boayikuw mufo ma wotumi hwɛ Betel adwuma a wɔyɛ no so yiye, wɔhwɛ ɔsom ho nsɛm a ɛfa asafo ahorow no ho, wɔhwɛ amansin ne amantam a ɛwɔ wɔn asasesin mu no so, ne nsɛm asekyerɛ, nhoma tintim, nhoma a wɔde mena ne dwumadibea ahorow so.—Luka 12:48b.
• Bere Tenten: Asram abien.
• Beae a Wɔyɛ No: Watchtower Educational Center, Patterson, New York, U.S.A.
• Nea Wɔhwehwɛ: Baa Boayikuw anaa Ɔman Boayikuw mufo anaa obi a wɔrepaw no ma wasom saa.
• Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Sodikuw no na ɛto nsa frɛ anuanom mmarima ne wɔn yerenom a ɛsɛ sɛ wɔkɔ bi.
[Ase hɔ nsɛm]
a Seesei ɛnyɛ ɔman biara mu na wɔyɛ sukuu yi bi.
b Seesei ɛnyɛ ɔman biara mu na wɔyɛ sukuu yi bi.
c Seesei ɛnyɛ ɔman biara mu na wɔyɛ sukuu yi bi.
d Seesei ɛnyɛ ɔman biara mu na wɔyɛ sukuu yi bi.