Kɔ So Tu Mpɔn Sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo
DƐN ne wo botae sɛ ɔkyerɛkyerɛfo? Sɛ nnansa yi ara na wobɛyɛɛ Ahenni dawurubɔfo a, akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wɔyɛ ofie Bible adesua, efisɛ Yesu maa n’asuafo adwuma sɛ wɔnyɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20) Sɛ wowɔ adwuma yi mu suahu dedaw a, ebia wo botae ne sɛ wubetu mpɔn kɛse wɔ sɛnea wubedu wɔn a wopɛ sɛ woboa wɔn no komam ho. Sɛ woyɛ ɔwofo a, akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ woyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a wubetumi akanyan wo mma ma wɔahyira wɔn nkwa so ama Onyankopɔn. (3 Yoh. 4) Sɛ woyɛ asafo mu panyin anaasɛ worepere adu ho a, ebia wopɛ sɛ woyɛ baguam ɔkasafo a obetumi ama n’atiefo anya Yehowa ne n’akwan ho anisɔ kɛse. Wobɛyɛ dɛn atumi adu botae ahorow yi ho?
Sua biribi fi Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu Kristo nkyɛn. (Luka 6:40) Sɛ́ ebia na Yesu rekasa akyerɛ nkurɔfokuw wɔ bepɔw bi so anaasɛ nnipa kakraa bi a ɔne wɔn nam kwan so no, nea na ɔka ne ɔkwan a ɔfa so ka ne nsɛm no nyaa wɔn so nkɛntɛnso kɛse. Yesu kanyan n’atiefo adwene ne wɔn koma, na ɔyɛɛ sɛnea wɔde ne nsɛm no bedi dwuma ho nhwɛso a na wobetumi ate ase. So wubetumi ayɛ biribi a ɛte saa?
Fa Wo Ho To Yehowa So
Abusuabɔ a emu yɛ den a Yesu ne ne soro Agya nyae, ɛne Onyankopɔn honhom no nhyira na ɛmaa ne nkyerɛkyerɛ tuu mpɔn. So wufi komam bɔ Yehowa mpae sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ofie Bible adesua ma atu mpɔn? Sɛ woyɛ ɔwofo a, so wobɔ mpae daa de hwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ a wode bɛkyerɛkyerɛ wo mma? Sɛ woresiesie wo ho akɔma ɔkasa anaa woakɔhwɛ asafo nhyiam ahorow so a, wufi komam bɔ mpae? Mpaebɔ mu a wubefi de wo ho ato Yehowa so saa no bɛboa wo ma woayɛ ɔkyerɛkyerɛfo a otu mpɔn.
Yɛn ho a yɛde to Yehowa ne N’asɛm Bible no so nso kyerɛ sɛ yɛdan no. Wɔ mpae a Yesu bɔe wɔ anwummere a etwa to sɛ ɔdesani a ɔyɛ pɛ no mu no, ɔka kyerɛɛ N’agya sɛ: “Mede w’asɛm mama wɔn.” (Yoh. 17:14) Ɛwom sɛ na Yesu wɔ osuahu pii de, nanso wammɔ ne tirim anka biribi da. Bere nyinaa na ɔka nea N’agya akyerɛkyerɛ no, ma enti ɔnam saayɛ so gyaw yɛn nhwɛso a yebedi akyi. (Yoh. 12:49, 50) Onyankopɔn asɛm a wɔakora so wɔ Bible mu no wɔ ahoɔden a ebetumi anya nkurɔfo—wɔn nneyɛe, wɔn nsusuwii, ne wɔn nkate—so nkɛntɛnso. (Heb. 4:12) Bere a wunya Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ pii na wusua sɛ wode bedi dwuma yiye wɔ asɛnka mu no, wubehu ɔkyerɛkyerɛ a ɛtwetwe nkurɔfo bɛn Onyankopɔn no.—2 Tim. 3:16, 17.
Di Yehowa Ni
Ɛnyɛ nea ɔkyerɛkyerɛfo a wobɛyɛ de asuasua Kristo no kyerɛ ara ne sɛ wubetumi ama ɔkasa a ɛyɛ dɛ. Ɛwom, ‘nsɛm a ɛyɛ dɛ’ a Yesu kae no yɛɛ nkurɔfo nwonwa. (Luka 4:22) Nanso atirimpɔw bɛn nti na Yesu kasaa yiye no? Na ɛyɛ hyɛ a ɔde bɛhyɛ Yehowa anuonyam, na na ɛnyɛ sɛ ɔde bɛtwe adwene aba ne ho so. (Yoh. 7:16-18) Na ɔhyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ: ‘Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.’ (Mat. 5:16) Ɛsɛ sɛ saa afotu no nya sɛnea yɛkyerɛkyerɛ no so nkɛntɛnso. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkwati biribiara a ɛbɛtwe yɛn adwene afi saa botae no ho. Enti bere a yɛresusuw nea yɛbɛka anaa sɛnea yɛbɛka asɛm bi ho no, ɛfata sɛ yebebisa yɛn ho sɛ: ‘So eyi bɛma wɔanya Yehowa ho anisɔ kɛse anaasɛ ɛbɛtwetwe adwene aba me so?’
Sɛ nhwɛso no, yebetumi de mfatoho ne asetra mu nsɛm a asisi ankasa adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Nanso, sɛ yɛma mfatoho a ɛware anaasɛ yɛka osuahu bi a ɛware a, ebetumi ama aba a ɛwɔ afotu no mu ayera. Saa ara na sɛ yɛka nsɛm a ɛbɛma atiefo ani agye kɛkɛ a, ɛbɛsɛe yɛn som adwuma no atirimpɔw. Sɛ ɛba saa a na ɔkyerɛkyerɛfo no retwe adwene aba ne ho so sen sɛ anka obedi teokrase nkyerɛkyerɛ botae ankasa ho dwuma.
‘Ma Nsonsonoe Nna Adi’
Sɛ obi betumi abɛyɛ osuani ankasa a, ɛsɛ sɛ ɔte nea wɔrekyerɛkyerɛ no no ase yiye. Ɛsɛ sɛ ɔte nokware no ase, na ohu sɛnea ɛda nsow wɔ gyidi ahorow a aka no ho. Ntotoho a wɔyɛ boa ma wotumi yɛ eyi.
Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo bere nyinaa sɛ ‘wɔmma nsonsonoe’ a ɛda ade a ɛho tew ne nea ɛho ntew ntam nna adi. (Lev. 10:9-11) Ɔkae sɛ wɔn a wɔbɛsom wɔ ne honhom fam asɔrefie kɛse no mu bɛkyerɛkyerɛ ne man “akronkronne ne nea abu so ntam nsonoe.” (Hes. 44:23) Nneɛma a ɛteɛ ne nea ɛnteɛ, nea nyansa wom ne nea ɛyɛ nkwaseasɛm ntam nsonsonoe pii wɔ Mmebusɛm nhoma no mu. Yebetumi akyerɛ nneɛma a ɛmmɔ abira mpo ntam nsonsonoe. Ɔsomafo Paulo maa nsonsonoe a ɛda onipa trenee ne onipa pa ntam daa adi sɛnea wɔakyerɛw wɔ Romafo 5:7 no. Wɔ Hebrifo nhoma mu no, ɔkyerɛɛ korɔn a Kristo sɔfopanyin adwuma no korɔn sen Aaron de no. Nokwarem no, sɛnea afeha a ɛto so 17 no mu kyerɛkyerɛfo John Amos Comenius kyerɛwee no: “Nea adekyerɛ kyerɛ ara ne sɛ wobɛma nneɛma ntam nsonsonoe ne ɛho atirimpɔw a egu ahorow, su a ekura ne baabi a efi ada adi. . . . Enti obiara a ɔma nsonsonoe a ɛwɔ ne nkyerɛkyerɛ mu da adi yiye no kyerɛkyerɛ yiye.”
Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ worekyerɛkyerɛ obi Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Sɛ ɔnte nea Ahenni no kyerɛ ase a, wubetumi akyerɛ no sɛnea nsonsonoe wɔ nea Bible no ka ne adwene a ɛne sɛ Ahenni no yɛ tebea a ɛwɔ obi komam kɛkɛ mu no mu. Anaasɛ wubetumi akyerɛ no sɛnea ɛsono Ahenni no wɔ nnipa nniso ahorow no ho. Nanso, wɔ nnipa a wonim nokwasɛm atitiriw yi fam no, ebia ebehia sɛ wokyerɛkyerɛ nsɛm mu kɔ akyiri. Wubetumi akyerɛ wɔn nsonsonoe a ɛda Mesia Ahenni no ne Yehowa ankasa amansan tumidi no ntam a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Dwom 103:19 no mu, anaa nsonsonoe a ɛda ɛno ne “ne dɔba ahenni” a wɔaka ho asɛm wɔ Kolosefo 1:13 no ntam, anaa “afisiesie” a wɔkaa ho asɛm wɔ Efesofo 1:10 no mu. Ntotoho a wode bedi dwuma no betumi aboa ma woakyerɛkyerɛ Bible nkyerɛkyerɛ titiriw yi mu ma w’atiefo no ate ase yiye.
Yesu de ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ yi dii dwuma mpɛn pii. Ɔde ntease a na nnipa dodow no ara wɔ wɔ Mose Mmara mu no totoo Mmara no atirimpɔw ankasa ho. (Mat. 5:21-48) Ɔmaa nsonsonoe a ɛda ɔsom pa ne Farisifo no nyaatwomyɛ mu no daa adi. (Mat. 6:1-18) Ɔma wohuu nsonsonoe a ɛda wɔn a ‘wodi afoforo so’ ɛne ahofama honhom a n’akyidifo bɛda no adi ntam no. (Mat. 20:25-28) Bere foforo, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 21:28-32 no, Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo no sɛ wɔn ankasa nkyerɛ nsonsonoe a ɛda obi a ɔyɛ ne ho ɔtreneeni ne nea ɔkyerɛ nokware ahonu no ntam. Ɛno de yɛn kɔ ɔkyerɛkyerɛ pa ho ade foforo a ehia so.
Hyɛ Atiefo Nkuran Ma Wonnwen
Yɛkenkan wɔ Mateo 21:28 sɛ Yesu fii ne ntotoho no ase denam bisa a obisae sɛ: “Mudwen ho dɛn?” no so. Ɔkyerɛkyerɛfo pa mfiti prɛko pɛ nka nokwasɛm anaasɛ ɔmma nsɛm ho mmuae. Mmom no, ɔhyɛ n’atiefo nkuran ma wonya su a ɛbɛma wɔadwennwen nsɛm ho. (Mmeb. 3:21; Rom. 12:1) Akwan a wɔfa so yɛ eyi bi ne sɛ wubebisa nsɛm. Sɛnea yehu wɔ Mateo 17:25 no, Yesu bisae sɛ: ‘Simon wudwen ho dɛn? Hefo nkyɛn na asase so ahene gyigye amanne anaa tow? Wɔn mma anaa ananafo nkyɛn?’ Yesu nsɛmmisa a ɛkanyan adwene no boaa Petro maa n’ankasa kaa nokwasɛm a onim fa asɔrefie towtua no ho no. Saa ara na bere a Yesu rebua ɔbarima a obisae sɛ, “Hena ne me yɔnko?” no, ɔde ɔsɔfo no nneyɛe ne Lewini no nneyɛe totoo Samariani no de ho. Ɛnna obisaa asɛm yi sɛ: “Afei wɔn baasa yi mu hena na wususuw sɛ wayɛ nea ɔkɔtɔɔ akwanmukafo mu yi yɔnko?” (Luka 10:29-36) Ɛha nso, sɛ anka Yesu bedwen ama ne tiefo no, ɔmaa ɔbarima no ankasa buaa n’asɛmmisa no.—Luka 7:41-43.
Bɔ Mmɔden sɛ Wubedu Koma no Mu
Akyerɛkyerɛfo a wɔte Onyankopɔn Asɛm ase no hu sɛ ɛnyɛ nea nokware som kyerɛ ara ne sɛ obi bɛkyere nsɛm bi agu ne tirim na wadi mmara horow bi so kɛkɛ. Egyina Yehowa ntam abusuabɔ pa ne anisɔ a yɛbɛkyerɛ ama n’akwan so. Koma no ka ɔsom a ɛte saa ho. (Deut. 10:12, 13; Luka 10:25-27) Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, asɛm “koma” no taa kyerɛ onipa nsusuwii nyinaa, na nneɛma bi te sɛ akɔnnɔ, ɔdɔ, nkate, ne nkuranhyɛ ka ho.
Ná Yesu nim sɛ bere a nnipa hwɛ nea etua aniwa no, Onyankopɔn hwɛ nea ɛwɔ komam. (1 Sam. 16:7) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no kanyan yɛn ma yɛsom no, ɛnyɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛsɔ nnipa ani. (Mat. 6:5-8) Nanso, Farisifo no yɛɛ nneɛma pii sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa behu. Wɔtwee adwene sii Mmara no mu nsɛm akyi a wobedi ne wɔn ankasa mmara ahorow a wɔahyehyɛ a wobedi so no so. Nanso wɔantumi anna su a na ɛbɛma wɔahu Onyankopɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔsom no no adi wɔ wɔn asetra mu. (Mat. 9:13; Luka 11:42) Yesu kyerɛkyerɛe sɛ bere a Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow so a yebedi ho hia no, nea ɛwɔ komam no na ɛkyerɛ sɛnea osetie a ɛte saa no som bo fa. (Mat. 15:7-9; Marko 7:20-23; Yoh. 3:36) Sɛ yesuasua Yesu nhwɛso no a, yɛn nkyerɛkyerɛ so bɛba mfaso kɛse. Ehia sɛ yɛboa nkurɔfo ma wohu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn hɔ. Nanso ehia nso sɛ wohu Yehowa na wɔdɔ no sɛ obi ankasa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nneyɛe ne sɛnea wɔne nokware Nyankopɔn ntam abusuabɔ som bo ma wɔn no behyia.
Nokwarem no, sɛ nkurɔfo benya nkyerɛkyerɛ a ɛte saa so mfaso a, ehia sɛ wɔka wɔn komam nokware. Yesu hyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmpɛɛpɛɛ wɔn nsusuwii mu na wɔnhwehwɛ wɔn nkate mu. Sɛ ɔde mfomso bi ho nteɛso rema a, na obisa n’atiefo no nea enti a wodwen saa, wɔkaa saa, anaa wɔyɛɛ saa. Nanso, nea ɛbɛyɛ na Yesu rennyae no saa no, na ɔka asɛm bi, ɔyɛ mfatoho bi, anaasɛ ɔyɛ nneɛma bi a ɛbɛboa wɔn ma wɔasusuw nneɛma ho yiye ka ne nsɛmmisa no ho. (Marko 2:8; 4:40; 8:17; Luka 6:41, 46) Saa ara na yebetumi aboa yɛn atiefo denam hyɛ a yɛbɛhyɛ wɔn nyansa ma wɔabisa wɔn ho nsɛm te sɛ: ‘Dɛn nti na m’ani gye adeyɛ yi ho? Dɛn nti na meyɛɛ m’ade wɔ tebea yi ho sɛɛ?’ Afei hyɛ wɔn nkuran ma wonnyina Yehowa adwene so nsusuw nsɛm ho.
Kyerɛ Sɛnea Wɔde Di Dwuma
Ɔkyerɛkyerɛfo pa nim sɛ “nyansa ne ade titiriw.” (Mmeb. 4:7) Nyansa ne sɛ yebetumi de nimdeɛ adi nsɛnnennen ho dwuma, akwati asiane, adu botae ahorow ho, na yɛde aboa afoforo. Ɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo asɛde sɛ ɔboa asuafo ma wohu sɛnea wɔbɛyɛ saa, nanso onsisi gyinae ahorow mma wɔn. Sɛ moresusuw Bible mu nnyinasosɛm ahorow ho a, boa osuani no ma onnwen. Wubetumi atwe adwene asi tebea bi a ɛkɔ so da biara da wɔ asetram so de aka asɛm na afei woabisa osuani no sɛnea sɛ ohyia tebea a ɛte saa a, Bible nnyinasosɛm a moasua seesei ara no bɛboa no.—Heb. 5:14.
Wɔ ɔsomafo Petro kasa a ɔmae wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, ɔde sɛnea wɔde nsɛm di dwuma ho nhwɛso mae ma enyaa nkurɔfo asetra so nkɛntɛnso. (Aso. 2:14-36) Bere a Petro kyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm abiɛsa a nnipakuw no kyerɛ sɛ wogye di mu wiei no, ɔde dii dwuma de kyerɛɛ wɔn asɛm a asi a wɔn nyinaa yɛ ho adansefo no mu. Ne saa nti, nnipakuw no huu hia a ehia sɛ wɔyɛ nea wɔate no ho biribi. So wo nkyerɛkyerɛ nya nkurɔfo so nkɛntɛnso saa ara? So woyɛ nea ɛboro nsɛm a wobɛka ara kwa so na woboa nkurɔfo ma wɔte nea enti a nneɛma te saa no ase? So wohyɛ wɔn nkuran ma wosusuw sɛnea ɛsɛ sɛ nneɛma a wɔresua no ka wɔn asetra no ho? Ebia wɔremmisa sɛ: “Yɛnyɛ dɛn?” sɛnea nnipakuw no yɛe wɔ Pentekoste no, nanso sɛ wode kyerɛw nsɛm no di dwuma yiye a, ɛbɛka wɔn ma wɔasusuw nea ɛfata sɛ wɔyɛ ho.—Aso. 2:37.
Sɛ mo a moyɛ awofo ne mo mma rekenkan Bible no a, mowɔ hokwan kɛse a mode bɛtete wɔn ma wɔagyina Bible nnyinasosɛm ahorow so asusuw nneɛma ho. (Efe. 6:4) Sɛ nhwɛso no, ebia mobɛpaw dapɛn no mu Bible akenkan nkyekyem kakraa bi asusuw nea ɛkyerɛ ho, na afei moabisa nsɛm te sɛ eyi: ‘Ɔkwan bɛn so na eyi ma yɛn akwankyerɛ? Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nkyekyem ahorow yi adi dwuma wɔ asɛnka mu? Dɛn na ɛma yehu wɔ Yehowa ne ɔkwan a ɔfa so yɛ nneɛma no ho, na ɔkwan bɛn so na ɛma ne ho anisɔ a yɛwɔ no yɛ kɛse?’ Hyɛ w’abusua no nkuran ma wɔnka eyi ho asɛm bere a wɔresusuw Bible mu nsɛntitiriw ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu ase no. Ɛda adi sɛ nkyekyem ahorow a wɔkaa ho asɛm no na wɔbɛkae.
Yɛ Nhwɛso Pa
Ɛnyɛ nea woka nkutoo so na wonam kyerɛkyerɛ na mmom ɛdenam wo nneyɛe so nso. Wo nneyɛe na ɛma wohu sɛnea wode nea woka no di dwuma yiye. Saa kwan yi so na mmofra fa sua ade. Sɛ wosuasua wɔn awofo a, ɛyɛ adanse a wɔde kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ sɛ wɔn awofo. Wɔpɛ sɛ wohu sɛnea yɛ a wɔbɛyɛ wɔn ade sɛ wɔn awofo no te. Saa ara na sɛ wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no ‘suasua wo sɛnea wusua Kristo’ no a, wofi ase nya Yehowa akwan so a wɔnantew no mu nhyira horow. (1 Kor. 11:1) Wɔn ankasa behu sɛnea Onyankopɔn ne wɔn di no.
Eyi yɛ nkaesɛm a anibere wom a ɛkyerɛ sɛnea nhwɛso pa a wobɛyɛ no ho hia. ‘Nnipa ko a yɛyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu’ no bɛboa kɛse ma yɛayɛ nhwɛso ama wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no, na ama wɔahu sɛnea wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma. (2 Pet. 3:11) Sɛ wohyɛ Bible suani bi nkuran ma ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm daa a, bɔ mmɔden sɛ w’ankasa wobɛkenkan. Sɛ wopɛ sɛ wo mma sua sɛ wɔbɛbata Bible nnyinasosɛm ahorow ho a, hwɛ hu sɛ wo nneyɛe ne Onyankopɔn apɛde hyia. Sɛ wokyerɛkyerɛ asafo no sɛ wɔnyɛ nsi wɔ asɛnka mu a, hwɛ hu sɛ wunya saa adwuma no mu kyɛfa kɛse. Sɛ woyɛ nea wokyerɛkyerɛ no a, wubetumi akanyan afoforo kɛse.—Rom. 2:21-23.
Sɛ wopɛ sɛ woma wo nkyerɛkyerɛ tu mpɔn a, bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ mede akwankyerɛ rema a, so meyɛ no wɔ ɔkwan bi so a ɛma wɔn a wotie no yɛ nsakrae wɔ abrabɔ, kasa, anaa nneyɛe mu? Nea ɛbɛma nneɛma mu ada hɔ no, so mema nsonsonoe da adwene anaa nneyɛe ne nneɛma foforo mu? Dɛn na meyɛ de boa m’asuafo, me mma, anaa m’atiefo wɔ asafo nhyiam ase ma wɔkae nea meka no? So mitumi kyerɛ m’atiefo kwan a wɔbɛfa so de nea wɔresua no adi dwuma pefee? So wobetumi ahu afi me nhwɛso mu? So wɔte sɛnea nea wɔbɛyɛ wɔ asɛm a yɛresusuw ho mu no betumi aka wɔne Yehowa ntam abusuabɔ no ase?’ (Mmeb. 9:10) Kɔ so susuw eyinom ho bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ so atu mpɔn sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no. “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.”—1 Tim. 4:16.