Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/13 kr. 2
  • Hena na N’ani Begye Eyi Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena na N’ani Begye Eyi Ho?
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Fa Bere Si Hɔ ma Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 5/13 kr. 2

Hena na N’ani Begye Eyi Ho?

1. Sɛ yɛkenkan Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! a, dɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho, na dɛn ntia?

1 Wɔkyerɛw Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no sɛnea nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ani begye ho. Enti ɛka nneɛma ahorow pii ho asɛm. Emu asɛm biara a yɛbɛkenkan no, ɛsɛ sɛ yesusuw nnipa pɔtee a ebetumi aboa wɔn no ho, na yɛbɔ mmɔden de ma wɔn.

2. Nsɛm a ɛba yɛn nsɛmma nhoma mu bɛn na nnipa pɔtee bi ani begye ho?

2 So asɛm bi a wo ne wo yɔnko dwumayɛni bi abɔ ho nkɔmmɔ pɛn apue Ɔwɛn-Aban a aba foforo no mu? Woahu asɛm bi a ɛfa abusua asetena ho a wubetumi de aboa wo busuani bi? Wunim ɔmannifo bi a ɔreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman bi a wɔaka ho asɛm wɔ Nyan! mu so? So nnwuma anaa aban nnwuma bi wɔ mo asasesin mu a wɔn ani begye nsɛmma nhoma ahorow no bi ho? Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔwɔ ayaresabea ani begye nsɛmma nhoma a ɛfa apɔwmuden ho. Ebia asoɛe ahorow a ɛhwɛ ma wodi mmara so ani begye nsɛmma nhoma a ɛka nsɛmmɔnedi ho asɛm ho.

3. Ka osuahu a ɛkyerɛ sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛde nsɛmma nhoma pɔtee bi ma wɔn a yesusuw sɛ wɔn ani begye emu nsɛm ho no kyerɛ.

3 Nea Afi Mu Aba: Bere a awarefo bi a wɔwɔ South Africa nsa kaa January-March 2012 Nyan! a ɛka “Sɛnea Wobɛtete Mmofra Yiye” ho asɛm no, wɔfrɛɛ sukuu ahorow 25 a ɛwɔ wɔn asafo no asasesin mu no wɔ telefon so (Borɔfo de no yɛ October 2011 Awake! “How to Raise Responsible Children”). Wɔn mu 22 gyee bi kyekyɛ maa wɔn sukuufo no. Awarefo bi nso a wɔwɔ saa ɔman no mu nyaa adwene a ɛte saa ara, na wɔde bi kɔmaa sukuu ahorow a ɛwowɔ wɔn mpɔtam hɔ no. Akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ sukuu biako mu yɛɛ nhyehyɛe maa sukuufo no kenkan de kaa wɔn sukuu adesua ho. Awarefo no kaa wɔn suahu no kyerɛɛ ɔmansin sohwɛfo bi. Ɔno nso hyɛɛ asafo ahorow a ɛwɔ ne mansin mu nkuran sɛ wɔn nso nkɔyɛ saa wɔ sukuu a ɛwowɔ wɔn asasesin mu no mu. Nkurɔfo gyee nsɛmma nhoma no araa ma na ɛsɛ sɛ Betel adwumayɛbea a ɛwɔ hɔ no san tintim bio!

4. Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛkyekyɛ nsɛmma nhoma no ma nnipa dodow no ara nsa ka bi?

4 Yɛn nsɛmma nhoma ahorow no ma yehu nea enti a nsɛm bi sisi ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na ɛtwe adwene si Bible ne Onyankopɔn Ahenni no so. Ɛno nkutoo ne nsɛmma nhoma a ‘ɛka asomdwoesɛm’ wɔ asase so. (Yes. 52:7) Enti yɛpɛ sɛ yɛkyekyɛ ma nnipa dodow no ara nsa ka bi. Ɔkwampa a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wubebisa wo ho sɛ, ‘Hena na n’ani begye eyi ho?’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena