Dwom 97
Ahenni Asomfo, Monkɔ Mo Anim!
1. Kɔ w’anim kɔka Asɛmpa no
Wɔ asase nyinaa so.
Fi wo koma mu dɔ wo yɔnko,
Na boa ahobrɛasefo.
Yɛanya hokwan resom Nyankopɔn;
Yɛreka Ahenni asɛm.
Enti wo nso kɔka asɛmpa;
Di Nyankopɔn ho adanse.
(NNYESO)
Monkɔ anim, momfa
akokod’ru nka asɛm no.
Monkɔ, momfa nokwaredi
nnyina Yehowa afã.
2. Monkɔ mo anim, mo asomfo,
Monhwɛ nkwa botae no.
Yedi Yesu nhwɛso akyi,
Yɛde yɛn koma nyinaa.
Nyankopɔn Ahenni asɛm no,
Ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa te.
Yɛn Nyankopɔn na ɔhyɛ yɛn den;
Ɔka yɛn ho nti yensuro!
(NNYESO)
Monkɔ anim, momfa
akokod’ru nka asɛm no.
Monkɔ, momfa nokwaredi
nnyina Yehowa afã.
3. Yɛkɔ yɛn anim ahoɔden so,
Nkaefo ne kuw kɛse.
Mmofra ne mpanyimfo nyinaa
Refa nokware kwan so.
Yɛbɛma yɛn som no ho atew;
Yebefi koma nyinaa mu.
Yɛbɛhyɛ Nyankopɔn anuonyam,
Yɛbɛnantew sɛ Kristofo.
(NNYESO)
Monkɔ anim, momfa
akokod’ru nka asɛm no.
Monkɔ, momfa nokwaredi
nnyina Yehowa afã.
(Hwɛ Dw. 23:4; Aso. 4:29, 31; 1 Pet. 2:21 nso.)