Munni Ho Dwuma Ntɛm
Efi bere a yɛyɛɛ yɛn Intanɛt Wɛbsaet no foforo no, nnipa a wɔfa wɛbsaet no so kyerɛ sɛ yɛmma obi ne wɔn mesua Bible akɔ anim paa. Ebinom nso wɔ hɔ a, baguam adansedi dwumadi foforo yi mu na wohyiaa wɔn. Sɛ Betel nsa ka wɔn abisade no a, wodi ho dwuma ntɛm. Sɛ obi fa jw.org so ka sɛ yɛne no mmesua ade a, Betel nsa ka ara pɛ a, bɛyɛ nnanu akyi na wɔde akɔma asafo a onipa no te wɔn asasesin mu no mpanyimfo. Nanso, amanneɛbɔ a yɛn asa aka kyerɛ sɛ, wɔn a wɔakyerɛ sɛ yɛne wɔn mmesua ade no pii wɔ hɔ a, besi saa bere yi obiara nkɔɔ wɔn nkyɛn. Yɛbɛyɛ dɛn akɔboa saafo yi ansa na asɛm no ho anigye ate afi wɔn ani so?—Mar. 4:14, 15.
Sɛ wuhyia obi a ɔnte mo asasesin mu, na ɔkyerɛ asɛm no ho anigye a, ntɛm ara hyehyɛ Please Follow Up (S-43) fɔɔm no. Da a edi hɔ a mobɛkɔ asafo nhyiam no, fa ma ɔkyerɛwfo no. Sɛ ɔkyerɛwfo no nsa ka a, da no ara anaa n’adekyee ɛsɛ sɛ ɔde ma asafo a obetumi adi ho dwuma anaa ɔde fa jw.org, “Congregation” afã hɔ de kɔ Betel. Asafo mu mpanyimfo mmɔ mmɔden sɛ bere nyinaa wɔbɛkɔ Wɛbsaet no so akɔhwɛ sɛ wɔde biribi ato hɔ ama wɔn anaa. Sɛ muhu sɛ wɔde krataa ato hɔ a ɛkyerɛ sɛ monkɔhwehwɛ obi a, monyɛ ntɛm nni ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara a wɔde bɛhyɛ ne nsa sɛ ɔnkɔhwehwɛ obi a ɔte saa no ma ɛyɛ no ahia asɛm. Wokɔ na woanto onipa no wɔ fie a, wubetumi akyerɛw wo telefon nɔma ne w’address de agyaw no.