Asɛmmisa Afã
◼ Henanom na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ nkratasin a wɔde kra nhoma ne nea ɛwɔ Intanɛt so?
Mpɛn pii no, nkratasin a obi betumi ahyehyɛ de akra nhoma afi Betel anaa ɔde akyerɛ sɛ Yehowa Adansefo mmra ne nkyɛn wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Afei nso, obi betumi afa yɛn Intanɛt dwumadibea www.watchtower.org so abisa sɛ wɔne no mmɛyɛ Bible adesua. Saa nhyehyɛe yi ama nnipa pii resua nokware no. Nanso, akwan yi a adawurubɔfo bi afa so ayɛ nhyehyɛe na ama wɔaboa wɔn abusuafo anaa afoforo wɔ honhom fam no de ɔhaw ahorow aba.
Ebinom a Betel de nhoma kɔmaa wɔn a ɛnyɛ wɔn ankasa na wɔkae sɛ wɔmfa mmrɛ wɔn no anwiinwii, efisɛ wɔte nka sɛ ahyehyɛde no rehaw wɔn adwene na wɔde wɔn din aka wɔn a wɔde nhoma mena wɔn no ho. Ɛma adawurubɔfo a wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔsra obi a ɛnyɛ ɔno na ɔkae sɛ wɔmmra ne nkyɛn no ani wu bere a onipa no bo fuw wɔn no. Enti, ɛsɛ sɛ anigyefo ankasa na wɔfa yɛn Intanɛt dwumadibea yi so anaa wɔhyehyɛ kratasin de kra nhoma anaa wɔde kyerɛ sɛ obi mmra wɔn nkyɛn, na ɛnyɛ adawurubɔfo. Sɛ wohu sɛ ɔdawurubɔfo bi na ɔhyehyɛɛ biribi a ɛte saa maa obi a, wɔrenyɛ ho adwuma.
Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa yɛn busuani anaa ɔmannifo bi ma wɔasua Bible? Sɛ wopɛ sɛ ne nsa ka nhoma bi a, dɛn nti na w’ankasa womfa nkɔma no sɛ akyɛde? Sɛ wakyerɛ asɛm no ho anigye na ɔpɛ sɛ ɔdansefo bi bɛsra no nanso wunnim ɔkwan a wobɛfa so anya asafo a ɛwɔ hɔ no mu mpanyimfo a, ɛsɛ sɛ wohyehyɛ Please Follow Up (S-43) kratasin no bi de ma w’asafo mu kyerɛwfo, na ɔno nso bɛhwɛ mu de amena Betel. Nanso, sɛ onigyeni no da afiase, ayaresabea, anaa baabi a wɔde wɔn a wɔnom nnubɔne gu a, ɛnsɛ sɛ wugyina n’ananmu kyerɛw Betel sɛ wɔmma obi nkɔ ne nkyɛn. Mmom, wubetumi ahyɛ no nkuran sɛ onkohu anuanom a wɔba baabi a ɔwɔ no anaa n’ankasa nkyerɛw Betel.