Asɛmmisa Afã
◼ Adawurubɔfo bɛtumi adi obi a ɔwɔ ɔman foforo so adanse anaa wɔne no asua ade wɔ Intanɛt so?
Aman bi so no, wɔabra yɛn adwuma no, na baabi nso wɔ hɔ a anuanom nnɔɔso. Enti adawurubɔfo bi ne nnipa a wɔwɔ aman a ɛte saa so sua Bible wɔ Intanɛt so. Ampa, adesua a ɛte saa no bi atumi aso aba, nanso ɛyɛ hu paa sɛ adawurubɔfo ne nnipa a wɔnnim wɔn bɛdi nkitaho wɔ Intanɛt so. (Hwɛ July 2007 Yɛn Ahenni Som, kr. 3.) Ɛwom, yɛbɛtumi afa Intanɛt so adi nnipa bi adanse, nanso sɛ yɛanhwɛ yie a, ɛbɛwie aseɛ no na yɛne nnipa a wɔmfata anaa awaefo mpo redi nkitaho. (1 Kor. 1:19-25; Kol. 2:8) Afei nso, baabi a wɔabra Ahenni adwuma no, aban mpanimfoɔ taa huahua yɛn nsɛm. Enti sɛ yɛne nkurɔfo a wɔwɔ aman a ɛte saa so di nkitaho wɔ Intanɛt so a, ɛbɛtumi de anuanom ato asiane mu. Wei nti, ɛnsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara kɔ Intanɛt so sɛ ɔrekɔpɛ obi a ɔwɔ ɔman foforo so aka asɛmpa no akyerɛ no.
Sɛ yɛhyia ɔhɔho bi na yɛdi no adanse na ɔsan kɔ ne man mu a, ɛnsɛ sɛ yɛtoa nkɔmmɔbɔ no so wɔ Intanɛt so, gye sɛ Betel kyerɛ sɛ yɛbɛtumi ayɛ saa. Momm, yɛbɛtumi aka akyerɛ no sɛ ɔnkɔhwehwɛ nsɛm pii wɔ jw.org so anaa ɔne Betel adwumayɛbea a ɛwɔ ne man mu nni nkitaho. Bio nso yɛbɛtumi ahyɛ no nkuran sɛ ɔnhwehwɛ Ahenni Asa a ɛwɔ ne mpɔtam hɔ. Nanso yɛreka yi, ɛnyɛ ɔman biara na Ahenni Asa wɔ so. Enti sɛ ɔpɛ sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ ne man mu bɛsra no a, yɛbɛtumi ahyehyɛ Please Follow Up (S-43) kratasin no, na yɛde ama yɛn asafo mu kyerɛwfo. Ɔno nso de bɛfa jw.org so de amane. Betel adwumayɛbea a ɛhwɛ asɛnka adwuma so wɔ saa man no mu no nim ɛhɔ nsɛm tebea yie, enti wɔbɛtumi de mmoa a ɛfata ama onigyefo no.—Hwɛ June 2014 Yɛn Ahenni Som, kr. 7, ne November 2011 Yɛn Ahenni Som, kr. 2.
Sɛ obi a yɛne no resua ade seesei tu kɔ ɔman foforo so, anaa yɛne obi a ɔte ɔman foforo so a yɛnnim no koraa resua ade wɔ Intanɛt so a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛdi akwankyerɛ a yɛaka ho asɛm yi so. Nanso yɛbɛtumi ne no abɔ nkɔmmɔ nkakrankakra kɔsi sɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ ne kurom bɛkɔ akɔtoa so. Ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ asɛm yi nso: Sɛ obi te baabi a wɔabra yɛn adwuma no a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyie paa bere a yɛrekyerɛw krataa akɔma no anaa yɛne no rebɔ Bible mu nkɔmmɔ wɔ tɛlɛfon anaa afidie foforo biara so no.—Mat. 10:16.