Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Tete Bible Asuafo Ma Wɔn Ani Nnye Adesua Ho
Nea Enti a Ɛho Hia: Sɛ Bible asuafo gye bere sua nneɛma foforo ka nea wɔnim dada ho a, ɛbɛma wɔanya nkɔso ntɛmtɛm. (Heb. 5:12–6:1) Ɛgye animia na obi atumi asua adeɛ yie. Sɛ obi resua adeɛ a, ɔhwehwɛ nneɛma foforo ka nea ɔnim dada ho na ɔhwɛ sɛnea ɔbɛtumi de ayɛ adwuma. (Mmeb. 2:1-6) Sɛ yɛboa Bible suani no ma ɔno ara tumi yɛ nhwehwɛmu a, ɛrenyɛ den mma no sɛ ɔbɛnya nsɛmmisa ahorow ho mmuaeɛ wɔ yɛn nwoma mu. Sɛ asuafo no bɔ mmɔden de nea wɔresua yɛ adwuma a, ɛbɛsiesie wɔn na sɛ daakye wɔhyia sɔhwɛ wɔ wɔn som mu a, wɔatumi agyina ano.—Luka 6:47, 48.
Sɔ Wei Hwɛ Bosome Yi Mu:
Mosusu asɛmti anaa ɔfã bi ho wie a, ma osuani no mmɔ nea wasua no mua. Sɛ wonni Bible suani a, ɛnneɛ worekenkan Bible anaa woresua Ɔwɛn-Aban a, bɔ mmɔden sɛ wobɛbɔ nea woasua no mua. Wei bɛboa ama woate aseɛ yie.