Siesie Wo Ho na Woatumi Akyerɛkyerɛ Yie
Nnipa bi bisaa Yesu asɛm bi faa daa nkwa ho. Ná ɛyɛ asɛnkoro, nanso Yesu hwɛɛ obiara ho maa no mmuaeɛ a ɛfata no. (Luka 10:25-28; 18:18-20) Enti sɛ woasua nwoma a yɛde yɛ Bible adesua no ma ɛda wo nsa ano mpo a, bere biara a wo ne obi rekɔsua no, ɛsɛ sɛ wogye bere siesie wo ho, efisɛ ɛsono osuani biara. Woresiesie wo ho a bisa wo ho sɛ: Nneɛma bɛn na ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔbɛte aseɛ? Kyerɛwsɛm bɛn na mɛkenkan akyerɛ no? Yɛbɛsua akɔsi he? Ebia ɛbɛhia sɛ yɛpɛ mfatoho, osuahu anaa nsɛmmisa bi de boa osuani no ma ɔte aseɛ. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa na ɔbɛma nea yɛredua no aso aba. Wei nti, bere biara a yɛresiesie yɛn ho akɔyɛ Bible adesua no, ɛhia sɛ yɛsrɛ Yehowa nhyira ma yɛne osuani no nyinaa.—1 Kor. 3:6; Yak. 1:5.