Asuade a Ɛboa ma Wodi Ɔhaw Ahorow ho Dwuma
NNIPA kakraa bi pɛ na wɔagyina ɔhaw ahorow a Hiob hyiae no nyinaa ano. Bere tiaa bi mu no, n’agyapade ne n’asetrade a ɔhweree, ne mma nyinaa a wowuwuu awerɛhow wu, ne awiei koraa no, ɔyare bi a ɛyɛ yaw ma ɔyɛɛ basaa. Nnamfo ne abusuafo pow no, na ne yere hyɛɛ no sɛ, ‘ɔnnome Onyankopɔn, na onwu!’—Hiob 2:9; 19:13, 14.
Nanso, Hiob yɛ nkuranhyɛ fibea soronko ma obiara a ɔrehyia sɔhwɛ ahorow a ɛtete saa no. Adepa a efi ne sɔhwɛ no mu bae no kyerɛ sɛ, sɛ onyamesom pa a edi mu ka yɛn ma yɛda boasetɔ adi wɔ amanehunu mu, na emfi pɛsɛmenkominya mu a, ɛma Yehowa koma ani gye.—Hiob, atiri 1, 2; 42:10-17; Mmebusɛm 27:11.
Asuade ahorow a ɛsom bo a ɛboa ma yedi ɔhaw ahorow ho dwuma nso wɔ Bible mu asɛm yi mu. Ɛde ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so tu obi a ɔrehyia sɔhwɛ ahorow fo—ne ɔkwan a ɛnsɛ sɛ wɔfa so ho nhwɛso ahorow a ɛyɛ nwonwa ma. Afei nso, Hiob ankasa suahu no betumi aboa yɛn ma sɛ yɛkɔ tebea horow a enye mu a yɛayɛ ade wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so.
Asuade a Ɛfa Afotu Bɔne Ho
Asɛm “Hiob werɛkyekyefo” abɛyɛ asɛm a wɔde ka obi a, sɛ́ anka obeyi mmɔborohunu adi akyerɛ wɔ ahokyere mu no, ɔsɛe asɛm no koraa ho asɛm. Nanso dimmɔne a ɛfata Hiob nnamfo baasa no a wɔagye nyinaa akyi no, ɛnsɛ sɛ yɛfa no sɛ na wɔn adwenhorow no nyinaa yɛ bɔne. Ɔkwan bi so no, ebia wɔpɛe sɛ wɔboa Hiob, sɛnea na ɛne wɔn nsusuwii ahorow a ɛnteɛ no hyia no. Dɛn nti na wodii nkogu? Ɛyɛɛ dɛn na wɔbɛyɛɛ Satan a osii ne bo sɛ ɔbɛma Hiob agyae ne mũdi mu no adwinnade?
Wiɛ, ɛkame ayɛ sɛ wɔde wɔn afotu no nyinaa gyinaa nsusuwii bi a ɛnteɛ so: sɛ wɔn a wɔyɛ bɔne nkutoo na wohu amane. Wɔ Elifas kasa a edi kan mu no, ɔkae sɛ: “Hena na ɔnyɛɛ bɔne bi na wɔasɛe no pɛn, anaa ɛhe na wɔapopa atreneefo pɛn? Manya nhui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumɔyɛ na wogu mmusu no, ɛno ara na wotwa.” (Hiob 4:7, 8) Elifas dii mfomso gye dii sɛ amanehunu ntumi nto wɔn a wɔn ho nni asɛm. Esiane sɛ na Hiob wɔ amanehunu kɛse mu nti, osusuwii sɛ wayɛ bɔne atia Onyankopɔn.a Bildad ne Sofar nyinaa nso kɔɔ so kyerɛe sɛ Hiob nnu ne ho wɔ ne bɔne ho.—Hiob 8:5, 6; 11:13-15.
Hiob nnamfo baasa no nam wɔn ankasa adwenhorow a wɔdaa no adi sen sɛ wɔbɛda Onyankopɔn nyansa adi so maa ne bo tui. Elifas kaa nsɛm kɔɔ akyiri ara ma ɔkae mpo sɛ, ‘Onyankopɔn mfa ne ho nto ne nkoa so,’ na sɛ́ Hiob teɛ anaasɛ ɔnteɛ no mfa Yehowa ho. (Hiob 4:18; 22:2, 3) Ɛyɛ den sɛ wubetumi asusuw asɛm bi a ebetumi abu abam kɛse—anaasɛ ɛyɛ atosɛm koraa—a ɛsen ɛno ho! Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ akyiri yi Yehowa kaa Elifas ne ne nnamfo no anim wɔ saa abususɛm yi ho. Ɔkae sɛ: “Moanka me ho asɛm a ɛteɛ.” (Hiob 42:7) Nanso na afei na nsɛm a enye koraa no rebɛba.
Awiei koraa no, Elifas kekaa nsɛm kɔɔ akyiri maa ɛdan ntwatoso. Esiane sɛ wantumi amma Hiob annye antom sɛ wayɛ bɔne nti, ɔbɔɔ ne tirim kekaa bɔne ahorow bi a osusuwii sɛ Hiob ayɛ. Elifas bisae sɛ: “So ɛnyɛ sɛ wo bɔne dɔɔso, na w’amumɔyɛ nni awiei? Sɛ woagye wo nuanom awowa ɔkwa, na woapa adagyafo ho ntama. Woamma opititɔfo nsu annom, na woakame nea odi kɔm aduan.” (Hiob 22:5-7) Ná saa sobo ahorow yi yɛ atosɛm koraa. Ná Yehowa ankasa aka Hiob ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔbarima a “odi mu na ɔteɛ.”—Hiob 1:8.
Hiob yɛɛ n’ade dɛn wɔ n’ankasa nokwaredi a wɔkasa tiae yi ho? Sɛnea ntease wom no, ɛhyɛɛ no abufuw na ne ho yeraw no, nanso osii ne bo sen bere biara sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ saa sobo ahorow yi yɛ atoro. Nokwarem no, ɔsan ne ti araa ma ɔkwan bi so no, ofii ase bɔɔ Yehowa sobo wɔ n’amanehunu no ho. (Hiob 6:4; 9:16-18; 16:11, 12) Wobuu wɔn ani guu nsɛmpɔw ankasa a ɛwɔ asɛm no mu no so, maa wɔn nkɔmmɔbɔ no danee akyinnyegye a mfaso biara nni so, wɔ sɛ ebia Hiob yɛ ɔtreneeni anaasɛ ɛnte saa ho. Asuade ahorow bɛn na Kristofo betumi anya afi afotu bere a biribi papa biara amfi mu amma yi mu?
1. Kristoni a ɔwɔ dɔ mfiti prɛko pɛ nsusuw sɛ onua bi ankasa mfomso na ɛde ɔhaw ahorow aba ne so. Kasa a wɔkasa tia obi denneennen wɔ mfomso dedaw bi ho—sɛ wayɛ ampa anaasɛ wosusuw sɛ wayɛ—betumi abu obi a ɔrebɔ mmɔden sɛ obekura ne mudi mu abam. Ɛho hia sɛ ‘wɔkyekye’ wɔn a wɔn koma atu werɛ sen sɛ wɔbɛkasa atia wɔn pii. (1 Tesalonikafo 5:14) Yehowa pɛ sɛ ahwɛfo yɛ “mframa ano hintabea,” na ɛnyɛ “nkɔmmɔdomfo” te sɛ Elifas, Bildad, ne Sofar.—Yesaia 32:2; Hiob 16:2.
2. Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ obi sobo da bere a yenni adanse a ɛda adi pefee. Atesɛm anaa ntwatoso ahorow—te sɛ Elifas de no—nyɛ nea ntease wom a wogyina so ka obi anim. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ ɔpanyin bi bɔ obi sobo a ɛnteɛ a, ebetumi ama wahwere ne mu ahotoso a wɔwɔ na ɛde ahoyeraw aba. Hiob tee nka dɛn wɔ afotu a akyia a ɛte saa a ɔtee no ho? Ɔde nteɛm kaa asɛm bi de daa ne yaw adi sɛ: “Woaboa nea onni tumi dɛn?” (Hiob 26:2) Ɔhwɛfo a odwen afoforo ho ‘bɛhyɛ nsa a emu agow mu den,’ na ɔremma ɔhaw no mu nyɛ den.—Hebrifo 12:12.
3. Ɛsɛ sɛ afotu yɛ nea egyina Onyankopɔn Asɛm so, na ɛnyɛ obi ankasa adwene so. Ná Hiob nnamfo no nsɛm a wɔkekae no nteɛ na na ebu abam nso. Sɛ anka wɔbɛtwe Hiob abɛn Yehowa no, wɔma onyaa adwene te sɛ nea akwanside bi da ɔne ne soro Agya no ntam. (Hiob 19:2, 6, 8) Nanso, sɛ wɔde Bible no di dwuma ahokokwaw mu a, etumi de nsɛm toto yiye, ɛkanyan afoforo, na wonya awerɛkyekye ankasa.—Luka 24:32; Romafo 15:4; 2 Timoteo 3:16; 4:2.
Bere a Hiob nhoma no boa Kristofo ma wohu asiane ahorow bi no, ɛma wonya asuade a mfaso wɔ so nso wɔ sɛnea wotu fo wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.
Sɛnea Wotu Fo
Ná Elihu afotu no yɛ soronko koraa wɔ Hiob nnamfo baasa no de ho, wɔ nsɛm a Elihu kae ne ɔkwan a ɔfaa so ne Hiob dii no mu. Ɔde Hiob din dii dwuma na ɔkasa kyerɛɛ no sɛ adamfo, na ɛnyɛ sɛ Hiob temmufo. “Na afei, Hiob, tie me kasa ɛ! na yɛ asõ ma me nsɛm nyinaa. Hwɛ, me nso, meyɛ Onyankopɔn de sɛ wo ara, anwemmo mu na wotii me nso fii.” (Hiob 33:1, 6) Elihu kamfoo Hiob ntɛm ara nso wɔ ne trenee kwan no ho. Ɔmaa Hiob awerɛhyem sɛ: “M’ani agye wo trenee ho.” (Hiob 33:32, NW) Sɛ yɛde afotu a Elihu fi ayamye mu de mae no to nkyɛn a, nneɛma foforo nti na odii nkonim.
Esiane sɛ Elihu de boasetɔ twɛn kosii sɛ afoforo no kasa wiei nti, otumi tee asɛm no ase yiye ansa na ɔde ɛho afotu rema. Sɛ na Hiob yɛ ɔtreneeni ampa a, anka Yehowa bɛtwe n’aso? Elihu kae sɛ: “Ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne, na Otumfoɔ bedi amumɔyɛsɛm.” “Onyi n’ani mfi ɔtreneeni so.”—Hiob 34:10; 36:7.
Ná Hiob trenee ne ɔsɛmpɔw titiriw no? Elihu twee Hiob adwene kɔɔ nsusuwii bi a ɛnkari pɛ so. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Woka sɛ: Me trenee sen Onyankopɔn de. . . . Hwɛ ɔsoro, na hu, na hwɛ omununkum a ɛkorɔn sen wo no.” (Hiob 35:2, 5) Sɛnea amununkum korɔn sen yɛn koraa no, saa ara na Yehowa akwan korɔn sen yɛn akwan. Yentumi mmu ɔkwan a ɔfa so yɛ ade no ho atɛn. Elihu de baa awiei sɛ: “Enti nnipa [nsuro] no, ommu komam nyansafo biara.”—Hiob 37:24; Yesaia 55:9.
Elihu afotu a ntease wom no boaa Hiob ma ogyee akwankyerɛ foforo fii Yehowa ankasa hɔ. Nokwarem no, nsɛdi bi a ɛyɛ nwonwa wɔ “Onyankopɔn anwonwade” a Elihu tii mu wɔ ti 37 no ne Yehowa ankasa nsɛm a ɔka kyerɛɛ Hiob a ɛwɔ atiri 38 kosi 41 no mu. Ɛda adi sɛ Elihu huu asɛm no sɛnea Yehowa hu no. (Hiob 37:14) Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi asuasua Elihu nhwɛso pa no?
Te sɛ Elihu no, ɛsɛ sɛ ahwɛfo titiriw nya ɔpɛ sɛ wɔbɛda tema ne ayamye adi, na wɔkae sɛ, wɔn nso wɔnyɛ pɛ. Ɛyɛ papa sɛ wɔbɛyɛ aso atie na wɔanya asɛm bi mu nokwasɛm ne ntease ansa na wɔde ho afotu ama. (Mmebusɛm 18:13) Afei nso, ɛdenam Bible ne Kyerɛwnsɛm ho nhoma ahorow a wɔde bedi dwuma so no, wobetumi ahwɛ ahu sɛ Yehowa adwene na ebedi akoten.—Romafo 3:4.
Sɛ yɛde asuade ahorow a mfaso wɔ so a Hiob nhoma no de ma mpanyimfo no to nkyɛn a, ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebegyina ɔhaw ahorow ano wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so.
Sɛnea Ɛnsɛ sɛ Yɛyɛ Ade wɔ Tebea Horow a Enye Mu
Bere a Hiob amanehunu ama wayɛ basaa, na ne nkɔmmɔdomfo no ama n’abasam atu no, ne bo fuwii na ne ho yeraw no. Osii apini sɛ: “Ma ɛda a wɔwoo me mu no nyera . . . Me nkwa yɛ me kra nwini.” (Hiob 3:3; 10:1) Bere a na onnim sɛ Satan na wama ɔrehu amane no, osusuwii sɛ efi Onyankopɔn. Ɛyɛɛ te sɛ nea ɛnteɛ koraa sɛ ɔno—ɔtreneeni—behu amane. (Hiob 23:10, 11; 27:2; 30:20, 21) Saa su yi amma Hiob ansusuw nneɛma foforo ho, na ɛmaa ɔkasa tiaa sɛnea Onyankopɔn ne adesamma di nsɛm no. Yehowa bisae sɛ: “So wobɛdan m’atemmu ani, so wubebu me fɔ na woadi bem?”—Hiob 40:8.
Sɛ yehyia amanehunu a, ebia yɛbɛte nka ntɛm ara sɛ wɔadi yɛn asɛmmɔne, te sɛ nea ebia Hiob yɛe no. Nsɛm a yɛtaa bisa ne sɛ, ‘Dɛn nti na me na ɛsɛ sɛ ɛba me so? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ afoforo—a wɔyɛ abɔnefo sen me koraa—ho tɔ wɔn wɔ asetra mu sen me?’ Eyinom yɛ adwemmɔne a yɛnam Onyankopɔn Asɛm ho a yebedwennwen so betumi abɔ agu.
Bere a yɛn tebea nte sɛ Hiob de no, yebetumi ate nsɛmpɔw a ɛwom no ase. Yenim sɛ Satan “nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Petro 5:8) Sɛnea Hiob nhoma no da no adi no, Ɔbonsam ani begye sɛ ɔnam ɔhaw ahorow a ɔbɛma aba yɛn so so bɛma yɛagyae yɛn mũdi mu. Wasi ne bo sɛ ɔbɛma ka a ɔka sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo a sɛ amanehunu ba yɛn so a yebegyae yɛn mudi mu no ayɛ nokware. (Hiob 1:9-11; 2:3-5) So yebenya akokoduru de agyina Yehowa tumidi akyi, na yɛnam saayɛ so akyerɛ sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo?
Yesu ne Yehowa asomfo anokwafo afoforo a wɔn dodow nni ano nhwɛso no da no adi sɛ, ɛkame ayɛ sɛ yentumi nkwati amanehunu bi wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. Yesu kae sɛ, sɛ n’asuafo no pɛ sɛ wodi n’akyi a, ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ ‘wɔbɛfa wɔn asɛndua.’ (Luka 9:23) Yɛn ankasa ‘asɛndua’ betumi ayɛ ɔhaw ahorow a Hiob gyinaa mu no mu biako anaa nea ɛboro saa—ɔyare, adɔfo a wowuwu, adwenemhaw, sikasɛm mu ahokyere, anaa ɔsɔretia a efi wɔn a wonnye nni hɔ. Biribi pa bi wɔ asɛnnennen biara a ebia yɛrehyia no mu. Yebetumi abu yɛn tebea no sɛ ɛyɛ hokwan a yɛde reda yɛn boasetɔ ne ahofama a enhinhim a yɛde ma Yehowa no adi.—Yakobo 1:2, 3.
Saa kwan no so na Yesu asomafo no yɛɛ wɔn ade. Wɔhwee wɔn wɔ Pentekoste akyi pɛɛ sɛ wɔaka Yesu ho asɛm. Sɛ́ anka wɔn abam bebu no, wɔde “anigye” fii hɔ kɔe. Ɛnyɛ amanehunu no ankasa na ɛmaa wɔn ani gyei, na mmom esiane sɛ “wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ [Kristo] din nti wɔbɔ wɔn ahohora” ntia.—Asomafo no Nnwuma 5:40, 41.
Nokwarem no, ɛnyɛ ɔhaw ahorow a ɛba yɛn so nyinaa na efi som a yɛsom Yehowa no. Ebia yɛn haw ahorow no befi yɛn ankasa—anyɛ yiye koraa ne fã bi. Anaasɛ ebia, ɔhaw no ama yentumi nkari pɛ wɔ honhom fam a emfi yɛn. Sɛnea tebea no te biara no, ahobrɛase su te sɛ Hiob de no a yebenya no bɛma yɛahu baabi a yɛadi mfomso. Hiob gye toom wɔ Yehowa anim sɛ: “Mekaa nea mente ase.” (Hiob 42:3) Ɛda adi sɛ obi a ohu ne mfomso saa kwan yi so no betumi akwati ɔhaw ahorow a ɛtete saa bere foforo. Sɛnea abebusɛm no ka no, “onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw.”—Mmebusɛm 22:3.
Nea ehia titiriw no, Hiob nhoma no kae yɛn sɛ yɛn haw ahorow no yɛ bere tiaa mu ade. Bible no ka sɛ: “Yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea [Yehowa] ma ewiee no, sɛnea [Yehowa] ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.” (Yakobo 5:11) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa betua n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nokwaredi so ka saa ara.
Yɛhwɛ bere a ɔhaw ahorow biara—“kan nneɛma no”—betwam nso kwan. (Adiyisɛm 21:4) Enkosi sɛ saa da no bɛba no, Hiob nhoma no bedi dwuma sɛ akwankyerɛ a ɛsom bo a ebetumi aboa yɛn ma yɛadi ɔhaw ahorow ho dwuma wɔ nyansa ne akokoduru mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Bere a Bible no ka sɛ “nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa no,” ɛnkyerɛ sɛ amane a obi hu yɛ asotwe a efi Onyankopɔn hɔ. (Galatifo 6:7) Wɔ wiase a Satan di so yi mu no, atreneefo taa hyia ɔhaw ahorow sen abɔnefo. (1 Yohane 5:19) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.” (Mateo 10:22) Ɔyare ne asiane afoforo betumi ato Onyankopɔn nokware asomfo mu biara.—Dwom 41:3; 73:3-5; Filipifo 2:25-27.
[Kratafa 28 mfonini]
“Hwɛ omununkum a ɛkorɔn sen wo no.” Saa na Elihu boaa Hiob ma ɔtee ase sɛ Onyankopɔn akwan korɔn sen onipa akwan