Dwom 26
O Wo ne Onyankopɔn Nnantew!
Nea Yɛaprente
(Mika 6:8)
1. O wo ne Nyankopɔn nnantew;
Fa nokware kwan so.
Di yɛn Nyankopɔn nokware;
Ma ɔnhyɛ wo den daa.
Sɛ wubedi nokware daa,
Ehia sɛ wohwɛ yie.
Ma Nyankopɔn nsɔ wo nsa
Sɛ abofra kumaa.
2. O wo ne Nyankopɔn nnantew;
Nkɔ bɔne mu bio.
Bɔ mmɔden nya ahokokwaw,
Na nya n’anim dom daa.
B’ribiara a ɛyɛ kronkron,
Ɛyɛ fɛ nokwarem,
Eyinom ho na yɛbɛdwen;
Nyankopɔn bɛhwɛ wo.
3. O wo ne Nyankopɔn nnantew;
Wobɛyɛ nokwafo.
Abotɔyam na wubenya;
Ɛno na ɛsom bo.
Wo ne Nyankopɔn nnantew daa;
Na to n’ayeyi dwom.
Wubenya anigye kɛse
Wɔ n’adwuma no mu.
(Hwɛ Gen. 5:24; 6:9; Filip. 4:8; 1 Tim. 6:6-8 nso.)