1
Ɔkyerɛw kɔmaa Teofilo (1-4)
Gabriel bɛkae sɛ wɔbɛwo Yohane Suboni (5-25)
Gabriel bɛkae sɛ wɔbɛwo Yesu (26-38)
Maria kɔsraa Elisabet (39-45)
Maria kamfoo Yehowa (46-56)
Wɔwoo Yohane, na wɔtoo no din (57-66)
Sakaria hyɛɛ nkɔm (67-80)
2
Wɔwoo Yesu (1-7)
Abɔfo yii wɔn ho adi kyerɛɛ nguanhwɛfo (8-20)
Wotwaa no twetia, na wɔtew wɔn ho (21-24)
Simeon huu Kristo no (25-35)
Hana kaa abofra no ho asɛm (36-38)
Wɔsan kɔɔ Nasaret (39, 40)
Yesu a wadi mfe 12 no wɔ asɔrefi hɔ (41-52)
3
Bere a Yohane hyɛɛ n’adwuma ase (1, 2)
Yohane kaa asubɔ ho asɛm (3-20)
Yesu asubɔ (21, 22)
Yesu Kristo abusuasanten (23-38)
4
Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe (1-13)
Yesu fii asɛnka ase wɔ Galilea (14, 15)
Wɔannye Yesu antom wɔ Nasaret (16-30)
Ɔkɔɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum (31-37)
Ɔsaa Simon asebea ne nnipa binom yare (38-41)
Nnipadɔm kohuu Yesu wɔ baabi a atew ne ho (42-44)
5
Ɔyɛɛ anwonwade ma woyii mpataa pii; asuafo a wodi kan (1-11)
Ɔsaa ɔkwatani bi yare (12-16)
Yesu saa obubuafo bi yare (17-26)
Yesu frɛɛ Lewi (27-32)
Wobisaa no akɔnkyen ho asɛm (33-39)
6
Yesu yɛ “Homeda Wura” (1-5)
Ɔsaa ɔbarima bi a ne nsa awu yare (6-11)
Asomafo 12 no (12-16)
Yesu kyerɛkyerɛe na ɔsaa yare (17-19)
Nneɛma a ɛde anigye ba ne nea ɛde amanehunu ba (20-26)
Monnɔ mo atamfo (27-36)
Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn (37-42)
Dua biara aba na wɔde hu dua ko (43-45)
Ɔdan a wosii no yiye; ɔdan a enni fapem pa (46-49)
7
Ɔsraani panyin bi gyidi (1-10)
Yesu nyan okunafo bi ba wɔ Nain (11-17)
Ɔkamfoo Yohane Suboni (18-30)
Ɔkaa awo ntoatoaso asoɔdenfo no anim (31-35)
Ɔde ɔbea debɔneyɛfo bi bɔne kyɛɛ no (36-50)
8
Mmea bi a na wɔka Yesu ho (1-3)
Ogufo ho mfatoho no (4-8)
Nea enti a Yesu yɛɛ mfatoho (9, 10)
Ogufo ho mfatoho no nkyerɛkyerɛmu (11-15)
Ɛnsɛ sɛ wɔkata kanea so (16-18)
Yesu maame ne ne nua mmarima (19-21)
Yesu maa mframa yɛɛ dinn (22-25)
Yesu maa ahonhommɔne kɔhyɛɛ mprako mu (26-39)
Yairo babea; ɔbea bi de ne nsa kaa Yesu atade nguguso (40-56)
9
Ɔde asɛnka ho akwankyerɛ maa Dumien no (1-6)
Yesu nti, Herode adwene tu frae (7-9)
Yesu maa nnipa 5,000 aduan (10-17)
Petro kae sɛ Yesu ne Kristo no (18-20)
Yesu kaa ne wu ho asɛm (21, 22)
Nea ɛkyerɛ sɛ obi yɛ Yesu suani ampa (23-27)
Yesu ahosakra (28-36)
Ɔsaa abarimaa bi a honhommɔne wɔ no so yare (37-43a)
Yesu kaa ne wu ho asɛm bio (43b-45)
Asuafo no gyee akyinnye wɔ nea ɔyɛ wɔn mu ɔkɛse no ho (46-48)
Nea ɔnsɔre ntia yɛn no wɔ yɛn afã (49, 50)
Samariafo akuraa bi mufo annye Yesu (51-56)
Sɛnea yedi Yesu akyi (57-62)
10
Yesu somaa asuafo 70 no (1-12)
Nkurow a wɔansakra no nnue (13-16)
Asuafo 70 no san bae (17-20)
Yesu yii n’Agya ayɛ sɛ wadom ahobrɛasefo (21-24)
Samariani mmɔborɔhunufo ho mfatoho no (25-37)
Yesu kɔsraa Marta ne Maria (38-42)
11
Sɛnea yɛbɔ mpae (1-13)
Ɔde Onyankopɔn nsateaa na etu ahonhommɔne (14-23)
Sɛ honhom fĩ san ba a . . . (24-26)
Nea ɛde anigye ankasa ba (27, 28)
Yona sɛnkyerɛnne no (29-32)
Nipadua kanea (33-36)
Nyamesomfo a wɔyɛ nyaatwom nnue (37-54)
12
Farisifo mmɔkaw (1-3)
Suro Onyankopɔn, na ɛnyɛ nnipa (4-7)
Obiara a ɔbɔ Kristo din wɔ nnipa anim no (8-12)
Osikani kwasea ho mfatoho no (13-21)
Munnyae sɛ mudwinnwen (22-34)
Monwɛn (35-40)
Ofiehwɛfo nokwafo ne ofiehwɛfo a onni nokware (41-48)
Ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom mpaapaemu (49-53)
Ehia sɛ yɛhwɛ bere a yɛwom yi hu nea ɛreba (54-56)
Sɛnea yebesiesie yɛne obi ntam asɛm (57-59)
13
Sɛ moansakra a, wɔbɛsɛe mo (1-5)
Borɔdɔma dua a ɛnsow aba ho mfatoho no (6-9)
Ɔsaa ɔbea bi a ne mu akuntun yare Homeda (10-17)
Sinapi aba ne mmɔkaw ho mfatoho no (18-21)
Gye sɛ yɛyere yɛn ho denneennen ansa na yɛatumi afa ɔpon teateaa no mu (22-30)
Herode, “saa sakraman no” (31-33)
Yesu dii Yerusalem ho awerɛhow (34, 35)
14
Ɔsaa ɔbarima bi a wahonhon yare Homeda (1-6)
Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ apontow ase a, brɛ wo ho ase (7-11)
To nsa frɛ wɔn a wɔrentumi ntua wo ka (12-14)
Wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn a woyii wɔn ho ano ho mfatoho no (15-24)
Nea yɛde bɔ afɔre bɛyɛ Yesu suani (25-33)
Sɛ nkyene dɛw fi mu a . . . (34, 35)
15
Oguan a ɔyerae ho mfatoho no (1-7)
Drakma a ɛyerae ho mfatoho no (8-10)
Ɔba a ɔyerae ho mfatoho no (11-32)
16
Ofiehwɛfo a ɔnteɛ ho mfatoho no (1-13)
Mmara no ne Onyankopɔn Ahenni (14-18)
Osikani ne Lasaro ho mfatoho no (19-31)
17
Hintidua, bɔnefakyɛ, ne gyidi (1-6)
Nkoa a mfaso nni yɛn so (7-10)
Ɔsaa akwatafo du yare (11-19)
Onyankopɔn Ahenni reba (20-37)
18
Okunafo a wampa abaw no ho mfatoho no (1-8)
Farisini ne obi a ogyigye tow (9-14)
Yesu ne mmofra no (15-17)
Otumfo sikani bi bisaa no asɛm (18-30)
Yesu kaa ne wu ho asɛm bio (31-34)
Onifuraefo bi a ɔsrɛsrɛ ade huu ade (35-43)
19
Yesu kɔsraa Sakeo (1-10)
Mmɛnnaa du ho mfatoho no (11-27)
Yesu de nkonimdi kowuraa Yerusalem (28-40)
Yesu suu Yerusalem (41-44)
Yesu tew asɔrefi no ho (45-48)
20
Wobisaa baabi a Yesu nyaa ne tumi fii (1-8)
Akuafo awudifo ho mfatoho no (9-19)
Onyankopɔn ne Kaesare (20-26)
Owusɔre ho asɛmmisa (27-40)
Kristo yɛ Dawid ba anaa? (41-44)
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo no ho (45-47)
21
Okunafo hiani no nkaprɛ mma abien no (1-4)
NEA ƐBƐBA HO NSƐNKYERƐNNE (5-36)
Akokoakoko, asasewosow akɛse, nyarewa, ɔkɔm (10, 11)
Asraafodɔm betwa Yerusalem ho ahyia (20)
Mmere a wɔde ama amanaman no (24)
Onipa Ba no mmae no (27)
Borɔdɔma dua ho mfatoho no (29-33)
Monkɔ so nwɛn (34-36)
Yesu kyerɛkyerɛe wɔ asɔrefi hɔ (37, 38)
22
Asɔfo bɔɔ pɔw sɛ wobekum Yesu (1-6)
Twam a etwa to no ho ntotoe (7-13)
Awurade Anwummere Aduan no (14-20)
“Nea obeyi me ama no ne me te ɔpon ho” (21-23)
Asuafo no gyee akyinnye denneennen wɔ nea ɔyɛ wɔn mu ɔkɛse no ho (24-27)
Yesu ne wɔn yɛɛ ahenni bi ho apam (28-30)
Yesu kae sɛ Petro bɛka sɛ onnim no (31-34)
Ehia sɛ wɔboaboa wɔn ho; sekan abien no (35-38)
Yesu kɔbɔɔ mpae wɔ Ngodua Bepɔw so (39-46)
Wɔkyeree Yesu (47-53)
Petro kae sɛ onnim Yesu (54-62)
Wodii Yesu ho agoru (63-65)
Wodii n’asɛm wɔ Sanhedrin no anim (66-71)
23
24