Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Marko 1:1-16:8
  • Marko

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Marko
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Marko

MARKO KYERƐWTOHƆ

1 Onyankopɔn Ba Yesu Kristo ho asɛmpa no mfiase: 2 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ odiyifo Yesaia nhoma mu no: “(Hwɛ! meresoma me somafo adi w’anim, na ɔno na obesiesie kwan mu.)*+ 3 Obi reteɛm wɔ sare so sɛ: ‘Munsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.’”+ 4 Ná Osuboni Yohane wɔ sare so reka kyerɛ nkurɔfo sɛ, wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.+ 5 Na Yudea mpɔtam hɔfo nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa kɔɔ ne nkyɛn, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne, na ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.*+ 6 Ná Yohane hyɛ ataade a wɔde yoma nwi ayɛ, na na ɔde aboa nhoma abɔso abɔ n’asen.+ Aduan a na odi yɛ mmebɛw ne ɛwo.*+ 7 Asɛm a na ɔreka ne sɛ: “Obi di m’akyi reba a ɔwɔ tumi sen me, na ne mpaboa hama mpo, memfata sɛ mɛkotow asan.+ 8 Mede nsu na ɛbɔɔ mo asu, na ɔno de, honhom kronkron na ɔde bɛbɔ mo asu.”+

9 Saa nna no mu no, Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu.+ 10 Bere a opue fii nsu no mu ara pɛ na ohui sɛ ɔsoro abue, na honhom no resian ba no so te sɛ aburuburuw.+ 11 Na nne bi fi soro bae sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”+

12 Ɛhɔ ara na honhom no hyɛɛ no ma ɔkɔɔ sare so. 13 Enti ɔtenaa sare so nnafua 40, na Satan sɔɔ no hwɛe.+ Ná ɔne wuram mmoa na ɛwɔ hɔ, na na abɔfo resom no.+

14 Afei bere a wɔkyeree Yohane no, Yesu kɔɔ Galilea+ kɔkaa asɛmpa a efi Onyankopɔn hɔ,+ 15 na ɔkae sɛ: “Bere a wɔahyɛ no adu, na Onyankopɔn Ahenni abɛn. Monsakra mo adwene,+ na munnye asɛmpa no nni.”

16 Bere a ɔnam Galilea Po* no ho no, ohuu Simon ne ne nua Andrea+ sɛ wɔregu wɔn asau wɔ po no mu,+ efisɛ na wɔyɛ mpataayifo.+ 17 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.”+ 18 Ntɛm ara na wogyaw wɔn asau no hɔ kodii n’akyi.+ 19 Bere a ɔkɔɔ n’anim kakra no, ohuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane. Ná wɔwɔ wɔn korow mu resiesie wɔn asau,+ 20 na ntɛm ara na ɔfrɛɛ wɔn. Enti wogyaw wɔn papa Sebedeo ne apaafo no wɔ ɔkorow no mu kodii n’akyi. 21 Na wɔkɔɔ Kapernaum.

Homeda dui ara pɛ na ɔkɔɔ hyiadan mu, na ofii ase kyerɛkyerɛe.+ 22 Na ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no yɛɛ wɔn nwonwa, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfo no.+ 23 Saa bere no ara nso, na ɔbarima bi wɔ wɔn hyiadan no mu a honhom fĩ wɔ no so, na ɔteɛɛm sɛ: 24 “Nasaretni Yesu,+ dɛn na yɛne wo wɔ yɛ? Wobae sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Minim nipa ko a woyɛ. Wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ no!”+ 25 Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na fi ne mu kɔ!” 26 Na honhom fĩ no maa ɔbarima no sinsenee, na ɔteɛɛm denneennen. Afei ofii ne mu kɔe. 27 Na ɛyɛɛ nkurɔfo no nwonwa paa. Na wofii ase kekae sɛ: “Dɛn ni? Eyi yɛ nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi kasa kyerɛ ahonhom fĩ mpo ma wotie no.” 28 Na ntɛm ara ne ho asɛm trɛw kɔɔ Galilea mantam nyinaa mu.

29 Ɛnna Yesu ne Yakobo ne Yohane ne Simon ne Andrea fii hyiadan no mu, na wɔkɔɔ Simon ne Andrea fi.+ 30 Saa bere no, na Simon asebea+ da hɔ a ɔyare atiridii, na ntɛm ara na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 31 Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kosoo ne nsa maa no so, na atiridii no gyaee. Na ofii ase som wɔn.

32 Bere a eduu anwummere a owia kɔtɔe no, nkurɔfo fii ase de wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no;+ 33 kurow no mufo nyinaa beguu ɔpon no ano. 34 Enti ɔsaa nnipa pii a wɔwɔ nyarewa ahorow yare,+ na otuu ahonhommɔne pii, na wamma ahonhommɔne no ankasa, efisɛ na wonim sɛ ɔno ne Kristo no.*

35 Na anɔpatutuutu a anim ntetewee no, ɔsɔree, na opue kɔɔ baabi a atew ne ho, na ofii ase bɔɔ mpae+ wɔ hɔ. 36 Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no kyin hwehwɛɛ no, 37 na wohuu no no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara rehwehwɛ wo.” 38 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛnkɔ baabi foforo, nkurow a ɛbemmɛn ha no mu, na menkɔka asɛm no wɔ hɔ nso, efisɛ eyi nti na mebae.”+ 39 Na ɔkɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na otuu ahonhommɔne.+

40 Ɔkwatani bi nso baa ne nkyɛn bebuu nkotodwe paa no kyɛw sɛ: “Sɛ wopɛ a, wubetumi asa me yare.”*+ 41 Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”*+ 42 Na amonom hɔ ara kwata no tu yerae, na ne ho tɔɔ no.* 43 Afei ogyaa no kwan ntɛm ara, na ɔbaraa no kae sɛ: 44 “Hwɛ na woanka ho asɛm ankyerɛ obiara, na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo no. Na esiane sɛ wo ho atɔ wo nti,* fa afɔrebɔde a Mose kyerɛe no+ ma asɔfo no, na ayɛ adanse ama wɔn.”+ 45 Nanso bere a ɔbarima no fii hɔ no, ofii ase keka kyerɛɛ nkurɔfo, na ɔtrɛw asɛm no mu kɔɔ baabiara. Eyi nti, Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kurow biara mu, na mmom mmeae a atew ne ho wɔ nkurow no akyi na ɔtenae. Nanso nkurɔfo fi mmeaemmeae baa ne nkyɛn.+

2 Nna bi akyi no, Yesu san kɔɔ Kapernaum, na nkurɔfo tee sɛ ɔwɔ fie.+ 2 Na nnipa baa fie hɔ ara ma wɔkyeree so wɔ ɔkwan no ano mpo, na ofii ase kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.+ 3 Na wɔde obubuafo bi a mmarima baanan so no brɛɛ no.+ 4 Nanso nnipadɔm no nti, wɔantumi amfa no amma Yesu nkyɛn pɛɛ. Ɛno nti, wɔpaa ɔdan no so wɔ faako a Yesu wɔ no, na wotuu tokuru. Afei wogyaagyaa kɛtɛ a obubuafo no da so no mu baa fam. 5 Bere a Yesu huu wɔn gyidi no,+ ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 6 Saa bere no, na akyerɛwfo bi tete hɔ, na na wɔresusuw wɔ wɔn koma mu+ sɛ: 7 “Adɛn nti na onipa yi kasa saa? Waka abususɛm. Onyankopɔn akyi no, hena bio na obetumi de bɔne akyɛ?”+ 8 Ntɛm ara na Yesu nam ne honhom so hui sɛ saa na wɔresusuw wɔ wɔn mu, enti obisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresusuw eyinom ho wɔ mo koma mu?+ 9 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ́ wɔbɛka akyerɛ obubuafo no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew’? 10 Nanso nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ onipa Ba no+ wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asaase so nti—”+ ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: 11 “Mise wo sɛ, Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi.” 12 Ɛnna ɔsɔree, na ɛhɔ ara na ɔfaa ne kɛtɛ faa wɔn nyinaa anim pue kɔe. Na wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam kae sɛ: “Yenhuu biribi a ɛte sɛɛ da.”+

13 Bio nso, opue kɔɔ po no ano, na nnipadɔm no nyinaa baa ne nkyɛn, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. 14 Na ɔretwam no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte baabi a wogyigye tow, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bedi m’akyi.” Ɛhɔ ara na ɔsɔree, na odii n’akyi.+ 15 Akyiri yi, na Yesu redidi* wɔ Lewi fi. Saa bere no, na wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo bebree ka Yesu ne n’asuafo no ho ne wɔn redidi,* efisɛ na wɔn mu bebree di n’akyi.+ 16 Na bere a akyerɛwfo a wɔyɛ Farisifo no hui sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ne wɔn a wogyigye tow redidi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: “Ɔne wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo na edidi?” 17 Bere a Yesu tee eyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔn a wɔn ho yɛ den no nhia ɔyaresafo; wɔn a wɔyare mmom na wohia. Mammɛfrɛ atreneefo, na mmom nnebɔneyɛfo.”+

18 Ná Yohane asuafo ne Farisifo no taa yɛ akɔnkyen.* Enti wobebisaa no sɛ: “Adɛn nti na Yohane asuafo ne Farisifo asuafo no taa yɛ akɔnkyen, na w’asuafo no nyɛ akɔnkyen?”+ 19 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ayeforokunu+ wɔ ne nnamfonom nkyɛn a, enhia sɛ wɔyɛ akɔnkyen, anaa ɛnte saa? Bere tenten a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn no de, wɔrentumi nyɛ akɔnkyen. 20 Nanso bere bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn.+ Saa bere no na wɔbɛyɛ akɔnkyen. 21 Obiara nni hɔ a ɔde ntama foforo tare ataade dedaw mu. Sɛ ɔyɛ saa a, foforo no bɛtew afi dedaw no mu, na ataade no bɛtew kɛse akyɛn kan no.+ 22 Afei nso, obiara nni hɔ a ɔde bobesa foforo gu nsã kotoku dedaw mu. Sɛ ɔyɛ saa a, bobesa no bɛpae kotoku no ama bobesa no ahwie agu, na kotoku no nso bɛsɛe. Mmom no, yɛde bobesa foforo gu nsã* kotoku foforo mu.”

23 Afei bere a ɔnam hwiit afuw* mu Homeda no, n’asuafo no fii ase tetew* hwiit mmɛtem no bi.+ 24 Ɛnna Farisifo no bisaa no sɛ: “Hwɛ! Adɛn nti na wɔreyɛ nea mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda yi?” 25 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Dawid yɛe bere a n’aduan sae na ɔkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no, monkenkanee da?+ 26 Ɔsɔfo panyin Abiatar+ ho kyerɛwtohɔ no ka sɛ, Dawid kɔɔ Onyankopɔn fi, na okodii paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim* no na ɔde bi nso maa wɔn a wɔka ne ho no. Ná mmara mma kwan sɛ obiara di bi, gye asɔfo no nko ara.+ Saa asɛm no, monkenkanee da?” 27 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onipa nti na Homeda bae,+ na ɛnyɛ Homeda nti na onipa bae. 28 Enti onipa Ba no, ɔno ne Homeda Wura.”+

3 Yesu san kɔɔ hyiadan mu, na na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu.*+ 2 Enti wɔhwɛɛ Yesu komm sɛ ebia ɔbɛsa onipa no yare Homeda no anaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ no sobo. 3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa a ne nsa awu* no sɛ: “Sɔre bra mfinimfini ha.” 4 Afei Yesu bisaa wɔn sɛ: “Ɛdɛn na mmara ma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda, adepa anaa adebɔne? Sɛ́ wobegye obi nkwa* anaa wobekum obi?”+ Nanso wɔyɛɛ dinn. 5 Ɛnna ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden+ no maa ne werɛ howee paa. Na ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛe, na ne nsa no san yɛɛ yiye. 6 Ɛno nti Farisifo no pue kɔe, na ntɛm ara wɔne Herode akyidifo+ no kɔbɔɔ ne ho pɔw sɛnea ɛbɛyɛ a wobekum no.

7 Na Yesu ne n’asuafo no fii hɔ kɔɔ mpoano, na nnipadɔm kɛse bi fii Galilea ne Yudea dii n’akyi.+ 8 Nnipadɔm pii a wofi Yerusalem ne Idumea ne Yordan agya ne nkurow a atwa Tiro ne Sidon ho ahyia tee nneɛma pii a ɔreyɛ no, na wofii hɔ mpo baa ne nkyɛn. 9 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnhwehwɛ ɔkorow ketewa bi nsi hɔ mma no, na dɔm no ankyere no so. 10 Ɔsaa nnipa pii yare. Ɛno nti wɔn a wɔn yare mu yɛ den nyinaa befum ne ho sɛ wɔde wɔn nsa rebɛka no.+ 11 Sɛ ahonhom fĩ mpo+ hu no a, na wɔhwehwe ase wɔ n’anim teɛteɛm sɛ: “Wone Onyankopɔn Ba no.”+ 12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn mpɛn pii sɛ wɔnhwɛ na wɔamma nkurɔfo anhu onipa ko a ɔyɛ.+

13 Afei ɔforo kɔɔ bepɔw bi so, na ɔfrɛɛ wɔn a ɔpɛ,+ na wɔkɔɔ ne nkyɛn.+ 14 Ɛnna oyii 12 yɛɛ wɔn kuw baako, na ɔsan frɛɛ wɔn asomafo. Wɔn na na wɔbɛka ne ho na wasoma wɔn akɔka asɛm no, 15 na wɔanya tumi de atu ahonhommɔne.+

16 Na 12+ a oyii wɔn no ne Simon, a ɔsan maa no din Petro,+ 17 ne Sebedeo ba Yakobo ne Yakobo nua Yohane (ɔsan too eyinom din Boanerges, a ɛkyerɛ “Aprannaa Mma”),+ 18 ne Andrea, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Alfeo ba Yakobo, Tadeo, Nsiyɛfo Simon,* 19 ne Yuda Iskariot a akyiri yi oyii no mae no.

Afei ɔkɔɔ ofi bi mu, 20 na nnipadɔm no behyiae bio ma enti wɔantumi annidi mpo. 21 Bere a n’abusuafo tee no, wɔkɔe sɛ wɔrekɔkyere no, efisɛ wɔkae sɛ: “Ne tirim ka no.”+ 22 Afei akyerɛwfo a wofi Yerusalem bae no kae sɛ: “Ɔwɔ Beelsebub,* na ɔde ahonhommɔne panyin no na etu ahonhommɔne.”+ 23 Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, na ɔde mfatoho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan atu Satan? 24 Sɛ ahenni bi ko tia ne ho a, saa ahenni no rentumi nnyina,+ 25 na sɛ ofi bi ko tia ne ho a, saa ofi no rentumi nnyina. 26 Enti sɛ Satan asɔre atia ne ho na ɔko tia ne ho a, ɔrentumi nnyina; mmom na n’awiei na ɛreba. 27 Obiara nni hɔ a obetumi akɔ ɔhoɔdenfo fi akowia ne nneɛma, gye sɛ odi kan kyekyere ɔhoɔdenfo no ansa na watumi asesaw nneɛma a ɛwɔ ne fi. 28 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔde nea nnipa mma bɛyɛ nyinaa bɛkyɛ wɔn, ɛmfa ho bɔne ko a wɔbɛyɛ ne abususɛm a wɔbɛka biara. 29 Nanso obiara a ɔbɛka abususɛm atia honhom kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da,+ mmom ne bɔne ho afobu da no so daa.”+ 30 Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ, na wɔrekeka sɛ: “Ɔwɔ honhom fĩ.”+

31 Afei ne maame ne ne nua mmarima+ bae, na wogyinaa abɔnten somaa obi sɛ ɔnkɔfrɛ no mmra.+ 32 Saa bere no, na nnipadɔm atwa ne ho ahyia, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten rehwehwɛ wo.”+ 33 Na obisaa wɔn sɛ: “Henanom ne me maame ne me nua mmarima?” 34 Na ɔhwɛɛ wɔn a wɔtete ne nkyɛn no hyiae, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, me maame ne me nua mmarima ni!+ 35 Obiara a ɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔno na ɔyɛ me nuabarima ne me nuabea ne me maame.”+

4 Na ɔsan fii ase kyerɛkyerɛe wɔ po no ano, na nnipadɔm kɛse bi betwaa ne ho hyiae. Enti ɔkɔforoo ɔkorow tenaa mu wɔ po no so, na na nnipadɔm no nyinaa wɔ po no ano.+ 2 Na ofii ase de mfatoho kyerɛkyerɛɛ wɔn+ nneɛma bebree. Bere a ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no, ɔkae sɛ:+ 3 “Muntie. Hwɛ! Ogufo bi kɔe sɛ ɔrekogu aba.+ 4 Bere a ɔregu aba no, ebi koguu kwankyɛn, na nnomaa bedii. 5 Ebi nso koguu baabi a abotan wɔ a dɔte pii nni, na esiane sɛ dɔte pii nni hɔ nti,+ ntɛm ara na efifii. 6 Nanso bere a owia puei no, ɛhyee no,* na esiane sɛ enni ntini nti, ewui. 7 Na aba no bi nso koguu nsɔe mu, na nsɔe no nyinii, na emiaa no, na ansow aba.+ 8 Na ebi nso koguu asaase pa mu, na efifii na enyinii, na efii ase sow aba, ebi mmɔho 30, ebi mmɔho 60, na ebi nso mmɔho 100.”+ 9 Ɛnna ɔka kaa ho sɛ: “Ma nea ɔwɔ aso a ɔde betie no ntie.”+

10 Na bere a ɛkaa ɔno nko ara no, wɔn a na wɔka ne ho no ne Dumien no fii ase bisabisaa no mfatoho no ho asɛm.+ 11 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm kronkron+ no ase, na wɔn a aka no de, wɔde mfatoho na ɛka biribiara kyerɛ wɔn.+ 12 Enti wɔbɛhwɛ de, nanso wɔrenhu, wɔbɛte de, nanso wɔrente ase; na wɔrensakra da mma wɔmfa nkyɛ wɔn.”+ 13 Bio nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnim nea mfatoho yi kyerɛ, enti ɛbɛyɛ dɛn na moate mfatoho a aka no nyinaa ase?

14 “Ogufo no gu asɛm no.+ 15 Enti eyinom ne nea ekoguu kwankyɛn, baabi a woguu asɛm no; wɔn na wɔte asɛm no ara pɛ a, Satan ba+ beyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.+ 16 Na eyinom nso ne nea ekoguu abotan so no; wɔn na wɔte asɛm no ara pɛ a, wɔde anigye gye tom.+ 17 Nanso wonni ntini biara, na wɔtena hɔ kakra; afei asɛm no nti, sɛ amanehunu ba anaa wɔtan wɔn ani ara pɛ, na ato wɔn hintidua. 18 Ebi nso wɔ hɔ a, ekoguu nsɔe mu. Eyinom ne wɔn a wɔte asɛm no,+ 19 nanso wiase yi* mu dadwen+ ne ahonyade nnaadaa+ ne nneɛma foforo ho akɔnnɔ+ wura wɔn koma mu, na emia asɛm no, na ɛnsow aba. 20 Afei nea woguu no asaase pa mu no ne wɔn a wotie asɛm no a wogye no fɛw so na wɔsow aba. Ebi sow 30, ebi 60, na ebi nso sow 100.”+

21 Na ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Kɛntɛn* anaa mpa ase na wɔde kanea si anaa? Ɛnyɛ kaneadua so na wɔde si?+ 22 Na biribiara nni hɔ a ahintaw a wɔremmue so; na biribiara nni hɔ a wɔde asie fee a ɛremma petee mu.+ 23 Obiara a ɔwɔ aso a ɔde betie no, ma ontie.”+

24 Ɔka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Monyɛ aso ntie asɛm yi yiye.+ Ade a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo, yiw, wɔde bi bɛka ho ama mo. 25 Na obiara a ɔwɔ ntease no, Onyankopɔn bɛma no bi aka ho,+ na nea onni ntease no de, ntease kakra a ɔwɔ no mpo, Onyankopɔn begye afi ne nsam.”+

26 Ɛnna ɔtoaa so kae sɛ: “Enti Onyankopɔn Ahenni te sɛ bere a obi gu aba wɔ asaase so. 27 Ɔda anadwo, na ɔsɔre anɔpa, na aba no fifi na ɛyɛ tenten; ɔkwan a ɛfaa so yɛɛ saa de, onnim. 28 Asaase no ara de nkakrankakra sow aba; edi kan yi ahaban, afei ɛbɔ bɛtem, na aba ba bɛtem no ho. 29 Na sɛ aba no nyin ara pɛ a, ɔtwe so kantankrankyi,* efisɛ na twabere adu.”

30 Na ɔtoaa so bisae sɛ: “Ɛdɛn ho na yɛde Onyankopɔn Ahenni bɛtoto, anaa mfatoho bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu? 31 Ɛte sɛ sinapi aba. Sɛ woredua wɔ fam a, ɛyɛ asaase so aba nyinaa mu nea esua koraa.+ 32 Nanso wudua wie a, enyin bɛyɛ kɛse sen afifide* foforo biara, na eyiyi nkorabata akɛse ma ewim nnomaa nya ne nwini ase tena.”

33 Enti ɔde mfatoho+ a ɛtete saa pii kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛnea wobetumi ate ase. 34 Nokwasɛm ne sɛ, wankasa ankyerɛ wɔn a wanyɛ mfatoho. Nanso sɛ ɛka ɔne n’asuafo no nko ara a, na wakyerɛkyerɛ biribiara mu.+

35 Na saa da no anwummere no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yentwa nkɔ asuogya.”+ 36 Enti bere a wogyaa nnipadɔm no kwan wiei no, wɔde no tenaa ɔkorow no mu kɔe a na ɔnyɛɛ ahoboa biara, na na akorow foforo nso ka ne ho.+ 37 Afei mframa denneennen bi bɔe, na asorɔkye no bɔ baa ɔkorow no mu; ɛkaa dɛ, anka nsu rebu afa ɔkorow no so.+ 38 Nanso na ɔwɔ ɔkorow no akyi ada sumii no so. Enti wonyan no bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, enti yɛrebewuwu yi, ɛmfa wo ho?” 39 Ɛnna ɔsɔree, na ɔteɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no sɛ: “Mua w’ano! Yɛ dinn!”+ Na mframa no ano brɛɛ ase, na ɛyɛɛ dinn. 40 Enti obisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na ehu aka mo* saa? Adɛn, munni gyidi?” 41 Na ehu kɛse kaa wɔn, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hena koraa ni? Mframa ne ɛpo mpo tie no.”+

5 Na wokoduu po no agya wɔ Gerasafo asaase so.+ 2 Bere a Yesu si fii ɔkorow no mu ara pɛ na ɔbarima bi a honhom fĩ wɔ no so fi amusiei* behyiaa no. 3 Ná amusiei hɔ abɛyɛ ne tenabea, na ebesi saa bere no, na obiara ntumi mfaa nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo nkyekyeree no ntoo hɔ. 4 Ná wɔtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa ne ne nan, nanso na ɔtetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu, na na obiara nni ahoɔden a ɔde bedi no so. 5 Anadwo ne awia biara, ɔteɛteɛm wɔ amusiei hɔ ne mmepɔw no mu, na na ɔde abo twitwa ne ho. 6 Na bere a n’ani bɔɔ Yesu so wɔ akyirikyiri no, otuu mmirika kɔkotow n’anim.+ 7 Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Dɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yesu, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba? Ka Onyankopɔn ntam sɛ worenhaw me.”+ 8 Efisɛ na Yesu aka akyerɛ no sɛ: “Honhom fĩ, fi onipa no mu.”+ 9 Ɛnna Yesu bisaa no sɛ: “Wo din de dɛn?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me din de Asafodɔm, efisɛ yɛyɛ bebree.” 10 Na ɔsrɛɛ Yesu mpɛn pii sɛ mma ɔmmpam ahonhom no mmfi asaase no so.+

11 Saa bere no, na mprako+ bebree redidi wɔ bepɔw no so.+ 12 Enti ahonhom no paa no kyɛw sɛ: “Ma yɛnkɔ mprako yi mu, na yenkowurawura wɔn mu.” 13 Na ɔmaa wɔn kwan. Ɛnna ahonhom fĩ no pue fii ɔbarima no mu, na wokowurawuraa mprako no mu; na mprako bɛyɛ 2,000 no de mmirika fii bepɔw no so koguu po no mu, na wowuwui wɔ po no mu. 14 Na wɔn a wɔhwɛ mprako no guanee, na wɔkɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurow no mu ne ne nkuraase, na nkurɔfo ba bɛhwɛɛ nea asi no.+ 15 Enti wɔbaa Yesu nkyɛn, na wohuu ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ no so no, nea na ɔwɔ asafodɔm no, sɛ ɔhyɛ ataade te hɔ a n’adwenem da hɔ, na ehu kaa wɔn. 16 Afei wɔn a wohui no kaa nea ɛtoo ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ no so, ne nea ɛtoo mprako no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. 17 Enti wofii ase paa Yesu kyɛw sɛ omfi wɔn mpɔtam hɔ nkɔ.+

18 Na bere a ɔreforo ɔkorow no, ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ no so no paa no kyɛw sɛ ɔne no bɛkɔ.+ 19 Nanso wamma no kwan, mmom ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nea Yehowa* ayɛ ama wo nyinaa ne sɛnea wahu wo mmɔbɔ no kyerɛ wɔn.” 20 Na ɔbarima no fii hɔ kɔe, na ofii ase kaa nea Yesu yɛ maa no nyinaa ho asɛm wɔ Dekapoli,* na ɛyɛɛ nkurɔfo no nyinaa nwonwa.

21 Bere a Yesu san de ɔkorow no twa baa asuogya no, nnipadɔm kɛse bi betwaa ne ho hyiae, na na ɔwɔ ɛpo no ano.+ 22 Ɛnna hyiadan mu mpanyimfo no mu baako a ne din de Yairo bae, na bere a n’ani bɔɔ Yesu so no, obuu nkotodwe wɔ n’anim.+ 23 Na ɔsrɛɛ no mpɛn pii sɛ: “Me babea ketewa yare paa.* Mesrɛ wo, bra na fa wo nsa begu no so,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtɔ no, na wanya nkwa.” 24 Ɛnna Yesu ne no kɔe, na nnipadɔm pii dii n’akyi, na wɔkyeree no so.

25 Ná ɔbea bi wɔ hɔ a mogya atu no+ mfe 12.+ 26 Ná wahu amane pii wɔ nnuruyɛfo bebree nsam, na wahwere n’ahode nyinaa, nanso ne ho antɔ no, na mmom ɛyɛɛ kɛse. 27 Bere a ɔtee Yesu ho asɛm no, ofi nnipadɔm no mu faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’ataade nguguso.+ 28 Asɛm a na ɔreka ara ne sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’ataade nguguso kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.”+ 29 Na ɛhɔ ara mogya a ɛretu no no twae, na ɔtee wɔ ne nipadua mu sɛ ne yare a emu yɛ den no agyae.

30 Ɛhɔ ara na Yesu nso hui sɛ tumi+ afi ne mu, na ɔdan ne ho wɔ nnipadɔm no mu bisae sɛ: “Hena na ɔde ne nsa kaa m’ataade nguguso no?”+ 31 Na n’asuafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Woahu sɛ nnipa akyere wo so, ɛnna worebisa sɛ, ‘Hena na ɔde ne nsa kaa me?’” 32 Nanso ɔtotoo n’ani hwɛe sɛ obehu nea ɔyɛɛ saa no anaa. 33 Na esiane sɛ ɔbea no nim nea akɔ so wɔ ne mu nti, ɔde ehu ne ahopopo bɛkotow n’anim, na ɔkaa mu nokware nyinaa kyerɛɛ no. 34 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ,+ na wo yare a emu yɛ den no nnyae.”+

35 Na Yesu gu so rekasa no, mmarima bi fi hyiadan mu panyin no fi bɛkae sɛ: “Wo babea no awu! Adɛn nti na woda so haw Ɔkyerɛkyerɛfo no?”+ 36 Nanso Yesu tee wɔn asɛm no, na ɔka kyerɛɛ hyiadan mu panyin no sɛ: “Nsuro.* Wo de, nya gyidi.”+ 37 Na wamma obiara anni n’akyi, gye Petro ne Yakobo ne Yakobo nua Yohane nko ara.+

38 Enti wɔbaa hyiadan mu panyin no fi, na ohui sɛ ɛhɔ ayɛ gyegyeegye, na nnipa resu teɛteɛm.+ 39 Bere a Yesu wuraa mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresu na moreyɛ gyegyeegye? Abofra no nwui, na mmom wada.”+ 40 Ɔkaa saa no, wofii ase serew no. Ɛnna ɔpam wɔn nyinaa fii hɔ, na ɔfaa abofra no papa ne ne maame ne wɔn a wɔka ne ho no, na ɔkɔɔ baabi a abofra no wɔ no. 41 Ɛnna osoo abofra ketewa no nsa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Talita kuum,” a ɛkyerɛ sɛ: “Abeawa, mise wo sɛ, sɔre!”+ 42 Ɛhɔ ara na abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee. (Ná wadi mfe 12.) Bere a ne papa ne ne maame hui no, wɔn ani gyei papaapa. 43 Na ɔbaraa wɔn tĩĩ mu sɛ* wɔnnka nnkyerɛ obiara,+ na ɔkae sɛ wɔmma abeawa no biribi nni.

6 Na ofii hɔ baa ne kurom,+ na n’asuafo no dii n’akyi. 2 Bere a eduu Homeda no, ofii ase kyerɛkyerɛe wɔ hyiadan mu. Wɔn a na wɔretie no no mu dodow no ara ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Ɛhe na onipa yi suaa nneɛma yi fii?+ Adɛn nti na wɔama no nyansa a ɛte sɛɛ, na wɔnam ne nsa so reyɛ anwonwade saa?+ 3 Ɛnyɛ oyi ne kapenta no?+ Ɛnyɛ ɔno ne Maria ba+ a ne nuanom ne Yakobo+ ne Yosef ne Yuda ne Simon no?+ Na ɛnyɛ ne nua mmea na yɛne wɔn wɔ ha yi?” Enti ɔbɛyɛɛ hintidua maa wɔn. 4 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wodi odiyifo ni baabiara, gye ne kurom ne n’abusuafo mu ne ɔno ara ne fi.”+ 5 Enti wantumi anyɛ anwonwade biara wɔ hɔ. Nea ɔyɛe ara ne sɛ ɔde ne nsa guu ayarefo kakraa bi so saa wɔn yare. 6 Nokwarem no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ wonni gyidi. Na okyin nkuraa a ɛwowɔ hɔ no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.+

7 Afei ɔfrɛɛ Dumien no, na ofii ase somaa wɔn baanu baanu,+ na ɔmaa wɔn ahonhom fĩ so tumi.+ 8 Afei nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmfa hwee nntu kwan no, gye poma nko ara; wɔmmfa paanoo, wɔmmfa aduan kotoku, na wɔmmfa sika* nnhyɛ wɔn abɔso mu;+ 9 na mmom wɔnhyɛ mpaboa, nanso wɔnnhyɛ ntaade abien.* 10 Bio nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Baabiara a mobɛkɔ no, sɛ mokɔ ofi bi mu a, montena hɔ nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ.+ 11 Na baabiara a ɛhɔfo annye mo anaa wɔantie mo no, sɛ morefi hɔ akɔ a, momporoporow mo nan ase mfuturu mfa nyɛ adanse mma wɔn.”+ 12 Enti wosiim kɔe, na wɔkɔka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.+ 13 Na wotuu ahonhommɔne bebree,+ na wɔde ngo sraa ayarefo pii, na wɔsaa wɔn yare.

14 Na Ɔhene Herode tee, efisɛ Yesu din trɛwee, na na nkurɔfo rekeka sɛ: “Wɔanyan Osuboni Yohane afi awufo mu, na ɛno nti na otumi yɛ anwonwade ahorow no.”+ 15 Ná afoforo nso rekeka sɛ: “Ɛyɛ Elia.” Ɛnna ebinom nso rekeka sɛ: “Ɔyɛ odiyifo te sɛ tete adiyifo no mu baako.”+ 16 Bere a Herode tee no, ɔkae sɛ: “Yohane a mitwaa ne ti no, ɔno na wɔanyan no yi.” 17 Ná Herode aware ne nua Filipo yere Herodia. Ɔbea no nti, na Herode asoma ama wɔakɔkyere Yohane de nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no de no ato afiase.+ 18 Efisɛ na Yohane ka kyerɛ Herode daa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware wo nua yere.”+ 19 Ɛno nti, Herodia nyaa ne ho menasepɔw, na na ɔpɛ sɛ okum no, nanso wantumi. 20 Ná Herode suro Yohane, efisɛ na onim sɛ ɔyɛ ɔtreneeni, na ɔyɛ onipa kronkron,+ na na ɔrebɔ Yohane ho ban. Bere biara a obetie Yohane nsɛm no, ɛyɛ a onhu nea ɔnyɛ koraa;* nso ɔkɔɔ so de anigye tiee no.

21 Da bi, ɔkwan bi bue maa Herodia. Saa bere no, na Herode redi n’awoda,+ enti ɔtow pon anwummere maa n’atitiriw ne n’asahene ne Galilea mpanyimfo.+ 22 Na Herodia babea bɛsawee, na ɛyɛɛ Herode ne wɔn a wɔne no redidi no fɛ. Na ɔhene no ka kyerɛɛ abeawa no sɛ: “Bisa me nea wopɛ biara, na mede bɛma wo.” 23 Yiw, ɔkaa ntam kyerɛɛ no sɛ: “Biribiara a wubebisa me no, mede bɛma wo. Sɛ ɛyɛ m’ahenni fã mpo a, mede bɛma wo.” 24 Enti ɔkɔe kobisaa ne maame sɛ: “Dɛn na mimmisa?” Ɔkae sɛ: “Osuboni Yohane ti.” 25 Ɛhɔ ara na ɔde mmirika kɔɔ ɔhene no nkyɛn, na ɔde n’adesrɛ too n’anim sɛ: “Mepɛ sɛ wode Yohane Suboni ti to apampaa so ma me seesei ara.”+ 26 Asɛm no haw ɔhene no paa, nanso esiane ntam a waka ne n’ahɔho* no nti, wampɛ sɛ obu n’ani gu abeawa no adesrɛ no so. 27 Enti ɛhɔ ara na ɔhene no somaa ɔwɛmfo,* na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa Yohane ti mmra. Na ɔkɔe kotwaa ne ti wɔ afiase hɔ, 28 na ɔde ne ti no too apampaa so bae. Na ɔde maa abeawa no, na abeawa no nso de kɔmaa ne maame. 29 Bere a Yohane asuafo no tee no, wɔba bɛfaa ne funu no kosiei wɔ ɔda mu.

30 Na asomafo no boaboaa wɔn ho ano baa Yesu nkyɛn, na wɔkaa nea wɔyɛe ne nea wɔkyerɛkyerɛe nyinaa kyerɛɛ no.+ 31 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra, mommɛsen nkɔhyɛ baabi a atew ne ho, na monhome kakra.”+ Efisɛ na nnipa pii redi hɔ akɔneaba, enti wɔannya bere mpo annidi. 32 Enti wɔfaa ɔkorow, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ baabi a atew ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔhyɛ hɔ komm.+ 33 Nanso nkurɔfo hui sɛ wɔrekɔ, na nnipa bebree nso tee, na wɔde mmirika fii nkurow no nyinaa mu faa fam koduu hɔ gyaa wɔn. 34 Na bere a osii fam no, ohuu nnipadɔm kɛse bi, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo.+ Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.+

35 Saa bere yi, na ade resa, na n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛha atew ne ho, na ade nso resa.+ 36 Gya wɔn kwan ma wɔnkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ nkuraa ne mfuw a atwa ahyia yi mu akɔtɔ biribi adi.”+ 37 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Ɛnna wobisaa no sɛ: “Yɛnkɔtɔ paanoo denare* 200 mfa mmrɛ nnipa no nni anaa?”+ 38 Obisaa wɔn sɛ: “Paanoo ahe na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ!” Na bere a wɔkɔhwɛe no, wɔkae sɛ: “Anum ne mpataa abien.”+ 39 Na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no nyinaa sɛ wɔntenatena sare mono no so akuwakuw.+ 40 Na wɔtenatenaa ase akuwakuw; ná ebi yɛ 100, ɛnna ebi yɛ 50. 41 Ɛnna ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so.+ Afei obubuu paanoo no mu, na ofii ase de maa asuafo no sɛ wɔmfa mma nkurɔfo no; na obubuu mpataa abien no mu maa wɔn nyinaa. 42 Enti wɔn nyinaa didi mee. 43 Na bere a wɔsesaw nea ɛkaa ase no, ɛyɛɛ nkɛntɛn 12 mama; ná mpataa no nka ho.+ 44 Wɔn a wodii paanoo no dodow yɛ mmarima 5,000.

45 Ntɛm ara, ɔmaa n’asuafo no tenaa ɔkorow no mu sɛ wonni kan ntwa nkɔ Betsaida mpoano wɔ asuogya, na ɔno de, ogyaa nnipadɔm no kwan ma wɔkɔe.+ 46 Bere a ɔne wɔn dii nkra wiei no, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae.+ 47 Na eduu anwummere no, na ɔkorow no wɔ ɛpo no mfinimfini, na na aka ɔno nko ara wɔ asaase so.+ 48 Na ohui sɛ mframa a ɛrebɔ hyia n’asuafo no nti, ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛhare ɔkorow no. Enti ɔnantew po no so baa wɔn nkyɛn bɛyɛ ahemanakye* mu hɔ; na ɔyɛɛ sɛ nea ɔresian wɔn ho no. 49 Bere a wohuu no sɛ ɔnam po no so no, adwene a ɛbaa wɔn tirim ne sɛ: “Ɛyɛ dae anaa?” Na wɔteɛteɛɛm. 50 Na wɔn nyinaa huu no no, wɔn koma tui. Na ntɛm ara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Ɛyɛ me; munnsuro.”+ 51 Na ɔforo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔkorow no mu, na mframa no gyaee, na ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn pii, 52 efisɛ na wɔntee paanoo ho asɛm no ase, na na wɔn koma nnyaa ntease.

53 Bere a wobeduu asaase so no, wɔbaa Genesaret, na wɔtoo ɔkorow no sɛkyɛ* wɔ hɔ baabi.+ 54 Na bere a wosi fii ɔkorow no mu ara pɛ na nkurɔfo huu no. 55 Na wɔde mmirika kyinkyin nkurow no nyinaa mu, na wofii ase de wɔn a wɔyare guu kɛtɛ so de wɔn kɔɔ baabiara a wɔbɛte sɛ ɔwɔ. 56 Na nkurow anaa nkuraa biara a ɔbɛkɔ ase no, nkurɔfo de wɔn a wɔyare no begu gua so, na wɔsrɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’ataade nguguso ano kɛkɛ.+ Na wɔn a wɔde wɔn nsa kae no nyinaa ho tɔɔ wɔn.

7 Na Farisifo no ne akyerɛwfo bi a wofi Yerusalem bae no baa ne nkyɛn.+ 2 Na wohui sɛ n’asuafo no bi de nsa a ɛho ntew, kyerɛ sɛ, nsa a wɔnhohoroe,* didi. 3 (Efisɛ Farisifo ne Yudafo no nyinaa de, nananom amammerɛ* a wokura mu denneennen nti, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa ammesi wɔn abatwɔw a, wonnidi. 4 Sɛ wofi gua so ba a, wonnidi gye sɛ wɔde nsu atew wɔn ho ansa. Ná wɔwɔ amammerɛ foforo pii a wokura mu denneennen, te sɛ nkuruwa nketewa ne akɛse ne kɔbere nkankyee a wɔbɔ no asu.)+ 5 Enti Farisifo ne akyerɛwfo no bisaa no sɛ: “Adɛn nti na w’asuafo no nni nananom amammerɛ* so, na wɔde nsa a ɛho ntew didi?”+ 6 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo, nyaatwomfo, ɛfata sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm. Ɔkyerɛwee sɛ, ‘Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.+ 7 Wɔsom me kwa, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde.’*+ 8 Moagyaa Onyankopɔn mmara mu, ɛnna mukura nnipa amammerɛ+ mu denneennen.”

9 Bio nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mofa nyansakwan so de Onyankopɔn mmara to nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a mubedi mo amammerɛ so.+ 10 Ɛho nhwɛso ni, Mose kae sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei nso, ‘Nea ɔkasa tia* ne papa anaa ne maame no, ma wonkum no.’+ 11 Nanso mo de moka sɛ, ‘Sɛ obi ka kyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ: “Biribiara a mewɔ a metumi de aboa wo no, ɛyɛ korban (kyerɛ sɛ, akyɛde a mahyira so ama Onyankopɔn)”’ a, 12 momma ɔnyɛ hwee mma ne papa anaa ne maame bio.+ 13 Enti mode mo amammerɛ* a mokyerɛkyerɛ no sɛe Onyankopɔn asɛm.+ Na nneɛma pii a ɛte sɛ eyi na moyɛ.”+ 14 Na ɔfrɛɛ nnipadɔm no baa ne nkyɛn bio, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo nyinaa, muntie me, na monte ase.+ 15 Biribiara nni hɔ a efi abɔnten kɔ onipa mu a ebetumi agu ne ho fĩ; nea efi onipa mu pue no, ɛno na egu ne ho fĩ.”+ 16 *——

17 Afei bere a ofii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ ofi bi mu no, n’asuafo no fii ase bisaa no mfatoho no ho asɛm.+ 18 Ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Mo nso munni ntease te sɛ wɔn? Munnim sɛ biribiara a efi abɔnten kɔ onipa mu no ntumi ngu ne ho fĩ anaa? 19 Efisɛ ɛnyɛ ne koma mu na ɛkɔ, na mmom ne yam, na ɛsen fi nipadua no mu kogu tiafi mu.” Enti ɔkaa eyi de kyerɛe sɛ nnuan nyinaa ho tew. 20 Bio nso ɔkae sɛ: “Nea efi onipa mu pue no na egu ne ho fĩ.+ 21 Na onipa mu, ne koma mu,+ na adwemmɔne fi ba: aguamansɛm,* korɔnbɔ, awudisɛm, 22 awaresɛe, adifudepɛ, amumɔyɛsɛm, nnaadaasɛm, ahohwibra,* anibere, abususɛm, ahantan, ne nkwaseasɛm. 23 Nneɛma bɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na egu ne ho fĩ.”

24 Afei ɔsɔre fii hɔ, na ɔkɔɔ Tiro ne Sidon mpɔtam+ hɔ. Ɔkɔɔ ofi bi mu wɔ hɔ, na na ɔmpɛ sɛ obiara behu. Nanso wantumi amfa ne ho ansie. 25 Ankyɛ koraa, ɔbea bi a honhom fĩ wɔ ne babea ketewa so tee ne nka, na ɔbɛkotow ne nan ase.+ 26 Ná ɔbea no yɛ Greeceni a wɔwoo no wɔ Foinike a ɛwɔ Siria;* na ɔsrɛɛ no ara sɛ ontu honhommɔne no mfi ne babea no so. 27 Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma mmofra no mmee ansa, na ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmofra paanoo atow ama nkraman mma.”+ 28 Na ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, ɛyɛ ampa, nanso nkraman mma a wɔdeda adidipon ase no di mmofra no paanoo a aporoporow agu fam no bi.” 29 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea woaka yi nti, kɔ; honhommɔne no afi wo babea no so.”+ 30 Enti ofii hɔ kɔɔ ne fi, na okohui sɛ abofra kumaa no da mpa so a honhommɔne no afi no so.+

31 Bere a Yesu fi Tiro mpɔtam hɔ resan aba no, ɔfaa Sidon kɔɔ Galilea Po ho kɔfaa Dekapoli* mpɔtam.+ 32 Na wɔde ɔbarima bi a n’aso asiw a ontumi nkasa yiye brɛɛ no,+ na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmfa ne nsa ngu no so. 33 Na ɔde no fii nnipadɔm no mu kɔɔ nkyɛn baabi, na ɔde ne nsateaa hyehyɛɛ ɔbarima no asom. Afei ɔtew ntasu, na ɔde ne nsa kaa ne tɛkrɛma.+ 34 Na ɔhwɛɛ soro guu ahome kɛse, na ɔkae sɛ: “Hefata,” kyerɛ sɛ, “Bue.” 35 Ɛnna n’aso buei,+ na nea na ɛmma ontumi nkasa yiye no nso kɔe, na ofii ase kasaa yiye. 36 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara;+ nanso ɔrebara wɔn no, afei koraa na na wɔreka no kɛse.+ 37 Nokwarem no, wɔn ho dwiriw wɔn papaapa,+ na wɔkae sɛ: “Wayɛ nneɛma nyinaa yiye. Ɔma asotifo mpo te asɛm, na mum kasa.”+

8 Nna no mu no, ɛbae bio sɛ nnipadɔm pii baa Yesu nkyɛn, na na wonni hwee a wobedi. Enti Yesu frɛɛ asuafo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 2 “Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ,+ efisɛ wɔatena me nkyɛn nnansa ni, na wonni hwee a wobedi.+ 3 Sɛ migya wɔn kwan sɛ wɔmfa kɔm nkɔ wɔn fi a, wobetwitwa ahwe wɔ kwan so; wɔn mu bi koraa nso fi akyirikyiri.” 4 Na n’asuafo no bisaa no sɛ: “Sɛnea ɛha atew ne ho yi, ɛhe na yebenya paanoo a ɛbɛso nnipa yi?” 5 Ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Paanoo ahe na mowɔ?” Wɔkae sɛ: “Ason.”+ 6 Na ɔmaa nnipadɔm no tenatenaa fam. Afei ɔfaa paanoo ason no, na ɔdaa Onyankopɔn ase. Ɛnna obubuu mu, na ofii ase kyekyɛ maa n’asuafo no sɛ wɔnkyekyɛ, na wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no.+ 7 Ná wɔwɔ mpataa kakra bi nso wɔ hɔ, enti ohyiraa so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyekyɛ ɛno nso. 8 Enti wodi mee, na bere a wɔsesaw ase mporoporowa no, ɛyɛɛ nkɛntɛn akɛse ason mama.+ 9 Ná mmarima a wɔwɔ hɔ bɛyɛ 4,000. Na ogyaa wɔn kwan.

10 Bere a owiei ara pɛ, ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow no mu, na ɔkɔɔ Dalmanuta mpɔtam.+ 11 Ɛha na Farisifo no bae, na wofii ase ne no gyee akyinnye, na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi a efi soro nkyerɛ wɔn. Wɔyɛɛ saa de sɔɔ no hwɛe.+ 12 Eyi nti, ne werɛ howee paa, na ɔkae sɛ: “Adɛn nti na awo ntoatoaso yi+ hwehwɛ sɛnkyerɛnne?+ Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔremma awo ntoatoaso yi sɛnkyerɛnne biara.” 13 Ɛnna ogyaw wɔn hɔ san kɔtenaa ɔkorow no mu, na ofii hɔ kɔɔ asuogya.

14 Wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa paanoo. Ná wonni hwee wɔ wɔn ho wɔ ɔkorow no mu, gye paanoo baako.+ 15 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: “Momma mo ani nna hɔ, na monhwɛ yiye wɔ Farisifo ne Herode mmɔkaw* ho.”+ 16 Enti wofii ase kasakasae wɔ paanoo a wɔamfa no ho. 17 Bere a Yesu huu saa no, obisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na paanoo a moamfa nti morekasakasa? Enti nea mereka ho asɛm no, munnya nhui? Munnya ntee ase? 18 ‘Mowɔ ani, nso munhu ade, na mowɔ aso, nso monte asɛm.’ Adɛn, monkae? 19 Bere a mibubuu paanoo anum+ mu maa nnipa 5,000 no, ase mporoporowa nkɛntɛn dodow ahe na mosesawee?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dumien.”+ 20 “Bere a mibubuu paanoo ason mu maa nnipa 4,000 no, ase mporoporowa nkɛntɛn akɛse dodow ahe na mosesawee?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ason.”+ 21 Ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Munnya nhuu nea ɛkyerɛ?”

22 Afei wokoduu Betsaida. Ɛha na wɔde ɔbarima bi a n’ani afura brɛɛ no, na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmfa ne nsa nka no.+ 23 Ɛnna osoo onifuraefo no nsa de no kɔɔ kurow no akyi. Na ɔtew ntasu guu n’ani so,+ na ɔde ne nsa guu no so bisaa no sɛ: “Ɛdɛn na wuhu?” 24 Ɔbarima no maa n’ani so, na ɔkae sɛ: “Mihu sɛ nnipa nenam hɔ, nanso wɔte sɛ nnua.” 25 Ɛnna ɔsan de ne nsa too ɔbarima no ani so, na ɔbarima no huu ade yiye. N’ani no buei, na ohuu biribiara kann. 26 Enti Yesu ma ɔkɔɔ fie, na ɔkae sɛ: “Nkɔ kurow no mu.”

27 Ɛnna Yesu ne n’asuafo no fii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraase. Bere a wɔnam kwan so no, ofii ase bisaa n’asuafo no sɛ: “Nkurɔfo se mene hena?”+ 28 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni,+ ebinom se Elia,+ ɛnna ebinom nso se adiyifo no mu baako.” 29 Ɛnna ɔsan bisaa wɔn sɛ: “Na mo nso ɛ, muse meyɛ hena?” Petro buaa no sɛ: “Wone Kristo no.”+ 30 Ɛnna ɔbaraa wɔn denneennen sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.+ 31 Afei nso, ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ onipa Ba no hu amane pii na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no po no, na wokum no,+ na ne nnansa so wasɔre.+ 32 Nokwarem no, ɔkaa saa asɛm no maa obiara tee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ofii ase kaa n’anim.+ 33 Ɛnna Yesu dan ne ho hwɛɛ n’asuafo no, na ɔkaa Petro anim sɛ: “Fi me so, Satan! efisɛ wunnwen Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.”+

34 Ɛnna ɔfrɛɛ nnipakuw no ne n’asuafo no baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio. Mmom ɔmfa n’asɛndua* na onni m’akyi daa.+ 35 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔkora ne nkwa* so no, ebefi ne nsa, na obiara a me ne asɛmpa no nti ɔbɛhwere ne nkwa* no, ne nsa bɛka.+ 36 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa* a, mfaso bɛn paa na obenya?+ 37 Dɛn koraa na onipa de bɛsesa ne nkwa?*+ 38 Na obiara a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho wɔ saa awo ntoatoaso awaresɛefo* ne abɔnefo yi mu no, ɔno nso, sɛ onipa Ba no ba n’Agya anuonyam mu a abɔfo kronkron+ ka ne ho a, ne ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu.”+

9 Afei nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a, wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu sɛ Onyankopɔn Ahenni redi tumi.”+ 2 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so. Wɔn nko ara na na wɔwɔ hɔ. Na ɔsakrae wɔ wɔn anim;+ 3 na n’ataade fii ase yɛɛ hyɛnhyɛn, na ɛyɛɛ fitafita. Obiara nni asaase so a obetumi ahoro ntama ama ayɛ fitaa saa. 4 Afei nso, Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa. 5 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Rabi, eye sɛ yɛwɔ ha. Enti ma yensi ntamadan abiɛsa, wo de baako, Mose de baako, Elia nso de baako.” 6 Nokwarem no, na Petro nhu nea ɔnyɛ, efisɛ na wɔabɔ hu paa. 7 Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na nne bi+ fi omununkum no mu bae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no+ no. Muntie no.”+ 8 Na amonom hɔ ara, wɔtotoo wɔn ani, na wohui sɛ obiara nni wɔn nkyɛn bio, gye Yesu.

9 Bere a wɔresian afi bepɔw no so no, ɔka kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ wɔnnka nea wɔahu no nnkyerɛ obiara+ kosi sɛ onipa Ba no benyan afi awufo mu.+ 10 Enti wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara,* nanso nyan a obenyan afi awufo mu no de, wɔn ara dii ho nkɔmmɔ. 11 Na wofii ase bisabisaa no nsɛm sɛ: “Adɛn nti na akyerɛwfo no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia+ di kan ba ansa?”+ 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ampa, Elia bedi kan aba abɛtoto nneɛma nyinaa yiye.+ Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na wɔakyerɛw onipa Ba no ho asɛm sɛ, ɛsɛ sɛ ohu amane pii+ na wobu no animtiaa?+ 13 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, Elia+ aba, na wɔyɛɛ no nea wɔpɛ biara, sɛnea wɔakyerɛw ne ho asɛm no pɛpɛɛpɛ.”+

14 Bere a wɔbaa asuafo a aka no nkyɛn no, wohuu nnipadɔm kɛse bi wɔ wɔn ho, na na akyerɛwfo bi ne wɔn regye akyinnye.+ 15 Na nnipadɔm no nyinaa ani bɔɔ no so ara pɛ, wɔn ho dwiriw wɔn, na wotutuu mmirika kɔɔ ne nkyɛn kokyiaa no. 16 Na obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na mo ne wɔn regye ho akyinnye?” 17 Na obi fi nnipadɔm no mu buaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, mede me babarima brɛɛ wo, efisɛ mum honhom wɔ no so.+ 18 Baabiara a ɛbɛba no so no, etwa no hwe fam, n’ano po ahuru, ɔka ne se si so denneennen, na ɔyɛ mmerɛw. Meka kyerɛɛ w’asuafo no sɛ wontu honhom no, nanso wɔantumi.” 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O awo ntoatoaso a munni gyidi,+ bere tenten ahe na me ne mo ntena? Minnya mo ho abotare nkosi da bɛn? Fa no brɛ me.”+ 20 Enti wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Bere a honhom no huu Yesu no, ɛmaa abofra no wosowosowee prɛko pɛ, na ɔhwee fam bu faa so, na n’ano poo ahuru. 21 Ɛnna Yesu bisaa papa no sɛ: “Bere bɛn na efii ase yɛɛ no?” Ɔkae sɛ: “Efi ne mmofraase pɛɛ. 22 Ɛtaa ma otwa hwe ogya ne nsu mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebekum no. Sɛ wubetumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn.” 23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wuse, ‘Sɛ wubetumi a’! Hwɛ, obi a ɔwɔ gyidi no, ade nyinaa betumi ayɛ yiye ama no.”+ 24 Ɛhɔ ara na abofra no papa teɛɛm kae sɛ: “Mewɔ gyidi! Boa me ma me gyidi nyɛ kɛse!”*+

25 Bere a Yesu hui sɛ nnipadɔm bi de mmirika* reba wɔn nkyɛn no, ɔkaa honhom fĩ no anim sɛ: “Mum ne asotiw honhom, mehyɛ wo sɛ fi ne mu, na mma ne mu bio!”+ 26 Na honhom no teɛɛm, na ɛmaa abarimaa no wosowee mpɛn pii; afei efii ne mu. Na abofra no yɛɛ te sɛ nea wawu, enti na wɔn mu dodow no ara reka sɛ: “Wawu!” 27 Nanso Yesu soo ne nsa maa no so, na ɔsɔree. 28 Ɛnna Yesu wuraa ofi bi mu, na n’asuafo no bisaa no kokoam sɛ: “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?”+ 29 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa honhommɔne yi de, mpaebɔ nko ara na wobetumi de atu no.”

30 Wofii hɔ kɔe, na wɔkɔfaa Galilea, nanso na ɔmpɛ sɛ obiara bɛte. 31 Efisɛ na ɔrekyerɛkyerɛ n’asuafo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wobeyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa, na wobekum no.+ Ɛwom sɛ wobekum no de, nanso nnansa akyi, obenyan.”+ 32 Ná wɔnte n’asɛm no ase, nanso na wosuro sɛ wobebisa no.

33 Na wɔkɔɔ Kapernaum. Bere a ɔwɔ ofi no mu no, obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na na moregye ho akyinnye wɔ kwan so no?”+ 34 Wɔyɛɛ dinn, efisɛ bere a wɔnam kwan so no, na wɔregye akyinnye sɛ hena na ɔyɛ wɔn mu kɛse. 35 Enti ɔtenaa ase, na ɔfrɛɛ Dumien no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi kan a, ɛsɛ sɛ odi akyi koraa na ɔsom mo nyinaa.”+ 36 Na ɔfaa abofra kumaa bi, na ɔde no gyinaa wɔn mfinimfini. Ɛnna ɔde ne nsa too ne kɔn mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 37 “Obiara a obegye mmofra nkumaa+ yi mu baako me din mu no, na wagye me nso; na obiara a obegye me no, ɛnyɛ me nko na ogye me, na mmom Nea ɔsomaa me no nso.”+

38 Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yehuu obi a ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛyɛe sɛ yebesiw no kwan, efisɛ na onni yɛn akyi.”+ 39 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Monnyɛ sɛ mubesiw no kwan, na obiara nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ anwonwade, a ɛhɔ ara obetumi asan aka me ho asɛmmɔne. 40 Efisɛ obiara a ɔnsɔre ntia yɛn no, na ɔwɔ yɛn afã.+ 41 Na obiara a ɔbɛma mo nsu kuruwa baako anom esiane sɛ moyɛ Kristo dea+ nti no, nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, n’akatua remmɔ no da.+ 42 Nanso obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔwɔ gyidi yi mu baako hintidua no, anka eye ma no mmom sɛ wɔde ɔbo kɛse* a afurum twe bɛsɛn ne kɔn mu, na wɔde no akɔto ɛpo mu.+

43 “Na sɛ wo nsa to wo hintidua a, twa fi hɔ. Eye ma wo sɛ wubedi dɛm de akɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ nsa abien na wobɛkɔ Gehenna,* ogya a wontumi nnum no mu.+ 44 *—— 45 Na sɛ wo nan to wo hintidua a, twa fi hɔ. Eye ma wo sɛ wobɛyɛ apakye de akɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ nan abien na wɔbɛtow wo ato Gehenna.*+ 46 *—— 47 Na sɛ w’aniwa to wo hintidua a, tow kyene.+ Eye sɛ wode aniwa baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔbɛtow wo ato Gehenna,*+ 48 faako a mmoawa nwu, na ogya no nnum no.+

49 “Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hyɛ obiara nkyene.+ 50 Nkyene ye; na sɛ nkyene dɛ fi mu a, dɛn na mode bɛhyɛ no nkyene?+ Munnya nkyene wɔ mo mu,+ na mo ne mo ho ntena asomdwoe mu.”+

10 Bere a ofii hɔ no, ɔsɔre baa Yudea ahye so wɔ Yordan agya, na nnipadɔm san boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.+ 2 Ɛnna Farisifo baa ne nkyɛn, na na wɔn adwene ne sɛ wɔrebɛsɔ no ahwɛ. Enti wobisaa no sɛ mmara ma kwan sɛ ɔbarima begyaa ne yere anaa.+ 3 Obuaa wɔn sɛ: “Dɛn na Mose ka kyerɛɛ mo sɛ monyɛ?” 4 Wɔkae sɛ: “Mose maa kwan sɛ wotumi kyerɛw awaregyae krataa de gyaa ɔbea no.”+ 5 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo komaden+ nti na ɔkyerɛw saa mmara yi maa mo.+ 6 Nanso efi adebɔ mfiase no, ‘Ɔyɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea.+ 7 Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ,+ 8 na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’;+ ɛno nti wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. 9 Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”+ 10 Bere foforo a na wɔwɔ fie no, n’asuafo no fii ase bisaa no eyi ho asɛm. 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi gyaa ne yere, na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware,+ na wayɛ ɔbea no bɔne. 12 Na sɛ ɔbea gyaa ne kunu na ɛno akyi ɔware foforo a, wasɛe aware.”+

13 Afei nkurɔfo fii ase de mmofra nkumaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn,* nanso asuafo no kaa wɔn anim.+ 14 Bere a Yesu huu eyi no, anyɛ no dɛ koraa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn; na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea.+ 15 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a onnye Onyankopɔn Ahenni te sɛ abofra kumaa no, ɔrenkɔ mu da.”+ 16 Na ɔyɛɛ mmofra no atuu, na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.+

17 Na bere a osii kwan so a ɔrekɔ no, ɔbarima bi tuu mmirika bebuu nkotodwe wɔ n’anim bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 18 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ; ɔno ne Onyankopɔn.+ 19 Wunim mmara no: ‘Nni awu,+ nsɛe aware,+ mmɔ korɔn,+ nni adanse a ɛnyɛ nokware,*+ nsisi obiara,+ di wo papa ne wo maame ni.’”+ 20 Ɔbarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, madi eyinom nyinaa so fi me mmofraase.” 21 Yesu hwɛɛ no, na ɔdɔɔ no, na ɔkae sɛ: “Aka wo ade baako: Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ soro; na bra bedi m’akyi.”+ 22 Na asɛm no haw no, na ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ agyapade bebree.+

23 Ɛnna Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Ɛbɛyɛ den paa ama asikafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+ 24 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafo no nwonwa. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mma, monhwɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ obi bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu! 25 Ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+ 26 Wɔn ho dwiriw wɔn mpo sen kan no, na wobisaa no* sɛ: “Ɛnde, hena paa na wobetumi agye no nkwa?”+ 27 Yesu hwɛɛ wɔn anim, na ɔkae sɛ: “Nnipa fam de, ɛrentumi nyɛ yiye, nanso ɛnte saa wɔ Onyankopɔn fam, efisɛ Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.”+ 28 Petro fii ase ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw nneɛma nyinaa hɔ abedi w’akyi.”+ 29 Yesu kae sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara nni hɔ a wagyaw ɔdan anaa nua mmarima anaa nua mmea anaa maame anaa papa anaa mma anaa nsaase, me ne asɛmpa no nti,+ 30 a ɔrennya no mmɔho 100 saa bere yi. Obenya adan ne nua mmarima ne nua mmea ne maamenom ne mma ne nsaase, na wɔbɛtan n’ani+ aka ho, na wanya daa nkwa wɔ wiase* a ɛreba no mu. 31 Nanso adikanfo pii bɛka akyi, na wɔn a wɔaka akyi abedi kan.”+

32 Ná wɔnam kwan so reforo akɔ Yerusalem, na na Yesu di wɔn anim, na wɔn ho dwiriw wɔn; na wɔn a wɔka ho no fii ase suroe. Afei ɔde Dumien no kɔɔ nkyɛn bio, na ofii ase kaa nea na ɛrebɛto no no kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 33 “Hwɛ, yɛreforo akɔ Yerusalem, na wobeyi onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no, na wobebu no fɔ akum no. Na wobeyi no ama amanaman mufo, 34 na wobedi ne ho agoru atetew ntasu agu no so na wɔabɔ no mmaa, na wɔakum no, nanso nnansa akyi no, obenyan.”+

35 Na Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma+ no, kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ biribiara a yebebisa afi wo hɔ no, woyɛ ma yɛn.”+ 36 Obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 37 Wɔkae sɛ: “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa na baako nso ntena wo benkum wɔ w’anuonyam mu.”+ 38 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnim nea morebisa. Mubetumi anom kuruwa* a merebɛnom no? Anaa asu a wɔrebɛbɔ me no, mubetumi abɔ bi?”+ 39 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yebetumi.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Kuruwa* a merebɛnom no de, mobɛnom, na asu a wɔrebɛbɔ me no, wɔbɛbɔ mo bi.+ 40 Na me nifa ne me benkum so tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔasiesie ama wɔn no dea.”

41 Bere a edu a aka no tee no, wɔn bo fuw Yakobo ne Yohane.+ 42 Ɛnna Yesu frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munim sɛ wɔn a wobu wɔn sɛ amanaman no ahemfo no di wɔn nkurɔfo so sɛ awuranom, na wɔn mu atitiriw no de wɔn tumi hyɛ wɔn so.+ 43 Nanso mo de, ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ mo mu; mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo somfo,+ 44 na obiara a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo nyinaa akoa. 45 Efisɛ onipa Ba no mpo amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”+

46 Na wɔbaa Yeriko. Na bere a ɔne n’asuafo no ne nnipadɔm bi refi Yeriko no, na Bartimeo (Timeo ba), onifuraefo a ɔsrɛsrɛ ade no te kwankyɛn.+ 47 Bere a ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu, Nasaretni no, ofii ase teɛteɛɛm sɛ: “Yesu, Dawid Ba,+ hu me mmɔbɔ!”+ 48 Ɛnna nnipa pii fii ase teɛteɛɛ no sɛ ɔnyɛ dinn. Nanso afei koraa na ɔteɛteɛɛm kɛse sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 49 Enti Yesu gyinae, na ɔkae sɛ: “Momfrɛ no mma me.” Na wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka wo koma to wo yam! Sɔre; ɔrefrɛ wo.” 50 Ɛnna ɔtow n’ataade gui, na ɔsɔre kɔɔ Yesu nkyɛn. 51 Na Yesu bisaa no sɛ: “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifuraefo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabuni,* ma minhu ade.” 52 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ. Wo gyidi ama wo ho atɔ wo.”+ Na ntɛm ara ohuu ade,+ na ofii ase dii n’akyi wɔ kwan no so.

11 Afei bere a wɔrebɛn Yerusalem, Betfage ne Betania+ wɔ Ngodua Bepɔw* no so no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase, na sɛ mudu hɔ ara pɛ, mubehu afurum ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no, na momfa no mmra ha. 3 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moreyɛ eyi?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no, na sɛ owie a, ntɛm ara ɔbɛma wɔasan de no aba ha.’” 4 Enti wɔkɔe, na wokohuu afurum ba no wɔ abɔnten sɛ wɔamantam no wɔ ɔpon bi ano, wɔ kwan ho, na wɔsan no.+ 5 Na wɔn a wogyinagyina hɔ no bi bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moasan afurum ba no?” 6 Wɔkaa nea Yesu kae no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn, na wɔmaa wɔn kwan.

7 Na wɔde afurum ba+ no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntaade nguguso guu no so, na ɔtenaa so.+ 8 Afei nso, nnipa bebree de wɔn ntaade nguguso sesɛw ɔkwan no mu, na ebinom nso twitwaa nnua mmaa fii wuram.+ 9 Na wɔn a wodi anim ne wɔn a wodi akyi no kɔɔ so teɛteɛɛm sɛ: “Yɛsrɛ wo, gye no!+ Nhyira ne nea ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ 10 Nhyira ne yɛn agya Dawid+ Ahenni a ɛreba no! Yɛsrɛ wo, gye no, wo a wowɔ ɔsorosoro noho!” 11 Ɛnna okoduu Yerusalem, na ɔkɔɔ asɔrefi hɔ. Na ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ hyiae, nanso na ade reyɛ asa, enti ofii hɔ ne Dumien no kɔɔ Betania.+

12 Ade kyee a wɔrefi Betania no, ɔkɔm dee no.+ 13 Na ohuu borɔdɔma dua bi a ahaban wɔ so wɔ akyirikyiri, na ɔkɔhwɛe sɛ ebia obenya biribi wɔ so a. Nanso bere a ɔkɔɔ ho no, wanhu hwee sɛ ahaban, efisɛ na ɛnyɛ bere a borɔdɔma sow. 14 Enti ɔka kyerɛɛ dua no sɛ: “Obiara renni wo so aba bio da.”+ Ná n’asuafo no retie.

15 Afei wɔbaa Yerusalem. Ɛnna ɔkɔɔ asɔrefi hɔ, na ofii ase pam wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ nyinaa fii asɔrefi hɔ, na ɔkekaa wɔn a wɔsesa sika no apon ne wɔn a wɔtɔn mmuruburuw no nkongua butubutuwii,+ 16 na wamma obiara ansoa ade antwam amfa asɔrefi hɔ. 17 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Ɔkae sɛ: “Wɔnkyerɛwee sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fi mpaebɔ fi ama amanaman nyinaa’?+ Nanso mo de, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw.”+ 18 Na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no tee, na esiane sɛ na ne nkyerɛkyerɛ ma nnipadɔm no nyinaa ho dwiriw wɔn+ nti, na wosuro no. Ɛno ma wɔhwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akum no.+

19 Na eduu anwummere no, wofii kurow no mu kɔe. 20 Na anɔpatutuutu a wɔretwam no, wohui sɛ borɔdɔma dua no awu dedaw fi ne ntini so besi ne nkɔnmu.+ 21 Enti Petro kaee, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, hwɛ! borɔdɔma dua a wodomee no no awu.”+ 22 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnya gyidi wɔ Onyankopɔn mu. 23 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔka kyerɛ bepɔw yi sɛ, ‘Tutu kɔhwe po mu,’ a onnye akyinnye wɔ ne komam na mmom ɔwɔ gyidi sɛ nea ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.+ 24 Eyi nti na meka kyerɛ mo sɛ, ade biara a mobɔ ho mpae na mubisa no, munnya gyidi sɛ mo nsa aka awie, na mubenya.+ 25 Na sɛ mosɔre gyina hɔ sɛ morebɔ mpae a, biribiara a obiara ayɛ mo no, momfa nkyɛ no, sɛnea ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso bɛkyɛ mo.”+ 26 *——

27 Na wɔsan baa Yerusalem. Na bere a ɔnam asɔrefi hɔ no, asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne mpanyimfo no bae, 28 na wobebisaa no sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ eyinom? Na hena na ɔmaa wo saa tumi a wode yɛ nneɛma yi?”+ 29 Yesu buaa wɔn sɛ: “Mebisa mo asɛm baako. Momma me mmuae, na mɛka tumi ko a mede yɛ eyinom akyerɛ mo. 30 Tumi a Yohane de bɔɔ asu+ no, efi soro anaasɛ efi nnipa?* Momma me mmuae.”+ 31 Ɛnna wofii ase susuw ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Efi soro’ a, ɔbɛka sɛ, ‘Ɛnde adɛn nti na moannye no anni?’ 32 Nanso yɛyɛ dɛn ka sɛ, ‘Efi nnipa’?” Ná wosuro nnipadɔm no, efisɛ na wɔn nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifo ankasa.+ 33 Enti wobuaa Yesu sɛ: “Yennim.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde me nso, merenka tumi a mede yɛ eyinom nkyerɛ mo.”

12 Na ofii ase ne wɔn kasae, na ɔyɛɛ mfatoho yi sɛ: “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuw*+ gyee ho ban, na otuu amoa a wokyĩ nsã wom wɔ afuw no mu, na ɔtoo abantenten.+ Afei ɔde gyaw akuafo bi, na otuu kwan.+ 2 Na bere* dui no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafo no nkyɛn sɛ onkogye bobefuw no mu aba no bi mfi akuafo no nkyɛn. 3 Nanso wɔkyeree no hwee no, na wɔpam no a wɔamma no hwee. 4 Na ɔsan somaa akoa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔde ade bɔɔ ne tirim, na woguu n’anim ase.+ 5 Na ɔsomaa ɔfoforo, na ɔno de wokum no. Ɔsomaa afoforo pii nso, na wɔn nso, wɔhwee wɔn mu binom, na wokunkum ebinom. 6 Ná aka onipa baako, ne ba a ɔdɔ no.+ Ɔno ne nea otwa to a ɔsomaa no kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔkae sɛ, ‘Wɔbɛfɛre me ba no.’ 7 Nanso akuafo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Oyi na obedi ade no.+ Mommra mma yenkum no, na agyapade no bɛba abedi yɛn nsam.’ 8 Ɛnna wɔkyeree no kum no, na wɔtwee no kɔtoo bobefuw no akyi.+ 9 Dɛn na bobefuw wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abekunkum akuafo no, na ɔde bobefuw no ama nnipa foforo.+ 10 Monkenkan kyerɛwsɛm yi da sɛ, ‘Ɔbo a adansifo poe no, ɛno na abɛyɛ ntwea so bo titiriw?’*+ 11 Na monkenkanee sɛ, ‘Yehowa* hɔ na eyi fi, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so’?”+

12 Ɛno nti, na wɔpɛ sɛ wɔkyere no, efisɛ wohui sɛ wɔn nti na ɔyɛɛ mfatoho no. Nanso, na wosuro nnipadɔm no. Enti wogyaw no hɔ kɔe.+

13 Afei wɔsomaa Farisifo no bi ne Herode akyidifo no bi kɔɔ ne nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no.+ 14 Bere a wokodui no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woka nokware, na wonhwehwɛ obiara anim anuonyam, efisɛ wonhwɛ nnipa anim, na nea wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokware. Mmara ma kwan* sɛ wotua tow ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?* 15 Yentua anaasɛ yenntua?” Bere a ohuu wɔn nyaatwom no, obisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? Momfa denare* no bi mmrɛ me mma menhwɛ.” 16 Wɔde baako bae, na obisaa wɔn sɛ: “Hena mfoni ne ne nkyerɛwee ni?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kaesare dea.” 17 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare,+ na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”+ Na ne ho yɛɛ wɔn nwonwa.

18 Afei Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ+ no baa ne nkyɛn, na wobisaa no sɛ:+ 19 “Ɔkyerɛkyerɛfo, Mose kyerɛw maa yɛn sɛ, sɛ obi nuabarima wu gyaw ne yere na sɛ onni ba a, ɛsɛ sɛ ɔware ne nua a wawu no yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.+ 20 Ná anuanom baason* bi wɔ hɔ. Nea odi kan no waree, nanso bere a owui no, wannyaw ɔba biara wɔ akyi. 21 Na nea ɔto so abien no waree ɔbea no, na owui a wannyaw ɔba wɔ akyi, na nea ɔto so abiɛsa no nso saa ara. 22 Na nnipa baason no biara annyaw ɔba wɔ akyi. Awiei koraa no, ɔbea no nso wui. 23 Owusɔre mu no, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ nnipa baason no nyinaa waree no bi.” 24 Yesu buaa wɔn sɛ: “Moredi mfomso, efisɛ munnim Kyerɛwnsɛm no anaa Onyankopɔn tumi.+ 25 Sɛ awufo sɔre a, mmarima renware na wɔremfa mmea nso mma aware, na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ soro.+ 26 Na ɛdefa awufo a wobenyan wɔn ho no, monkenkanee Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa nwura* ho no? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ 27 Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de. Mudi mfomso pii.”+

28 Ɛnna akyerɛwfo no mu baako baa hɔ bɛtee sɛ wɔregye akyinnye, na ohui sɛ Yesu abua wɔn nsɛm no yiye. Enti obisaa Yesu sɛ: “Mmara no mu nea ɛwɔ he na edi kan?”*+ 29 Yesu buae sɛ: “Nea edi kan ne sɛ, ‘O Israel, tie, Yehowa* yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa* baako, 30 na fa wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn.’+ 31 Nea ɛto so abien ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ Mmara biara nni hɔ a ɛyɛ kɛse sen eyinom.” 32 Ɔkyerɛwfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, nea woaka no yɛ nokware turodoo, ‘Ɔyɛ Baako, na obiara nni hɔ sɛ ɔno’;+ 33 na sɛ obi de ne koma nyinaa ne n’adwene nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dɔ no, na ɔdɔ ne yɔnko sɛ ne ho a, ɛsom bo koraa sen ɔhyew afɔre ne afɔrebɔ nyinaa.”+ 34 Na Yesu hui sɛ wabua no nyansa mu, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne Onyankopɔn Ahenni ntam kwan nware.” Na obiara annya akokoduru ammisa no asɛm biara bio.+

35 Na Yesu toaa so kyerɛkyerɛe wɔ asɔrefi hɔ, na obisae sɛ: “Adɛn nti na akyerɛwfo no ka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?+ 36 Honhom kronkron+ maa Dawid ankasa kae sɛ, ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo begu wo nan ase.”’+ 37 Dawid ankasa frɛɛ no Owura, enti ɛbɛyɛ dɛn na wayɛ ne ba?”+

Saa bere no, ná nnipadɔm kɛse no de anigye retie no. 38 Bere a ogu so rekyerɛkyerɛ no, ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo no ho. Nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛhyɛ ntaade atenten de akyinkyin, na wɔagye nkyia wɔ gua so.+ 39 Wɔpɛ nkongua a ɛwɔ anim* wɔ hyiadan mu ne mpanyimfo tenabea wɔ apontow* ase.+ 40 Wɔn na wogye* akunafo afi,* na wɔbɔ mpae atenten sɛnea nnipa behu wɔn.* Saa nkurɔfo yi benya atemmu a emu yɛ den.”*

41 Ɔtenaa ase, na na n’ani tua sika nnaka*+ no. Na ofii ase hwɛɛ sɛnea na nnipadɔm no de sika regu nnaka no mu. Ná asikafo bebree de sika pii regu mu.+ 42 Ɛnna ɔbea kunafo hiani bi bae, na ɔde nkaprɛ mma abien* a ɛnsom bo ahe biara beguu mu.+ 43 Enti ɔfrɛɛ n’asuafo no baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, nea saa ɔbea kunafo hiani yi de agu mu no, ɛdɔɔso sen nea wɔn a aka no nyinaa de beguu mu no.+ 44 Efisɛ wɔn nyinaa de nea wɔanya ama aboro so no bi na abegu mu. Na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, nea ɔde bɛhwɛ ne ho nyinaa, na abegu mu.”+

13 Bere a ɔrefi asɔrefi hɔ no, n’asuafo no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, hwɛ! abo ne adan yi yɛ fɛ papa!”+ 2 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Moahu adan akɛse yi? Ɛnyɛ ade a wobegyaw ɔbo a ɛda ɔbo so wɔ ha; wobedwiriw ne nyinaa agu fam.”+

3 Bere a ɔte Ngodua Bepɔw* no so a n’ani tua asɔrefi no, Petro ne Yakobo ne Yohane ne Andrea bisaa no kokoam sɛ: 4 “Ka kyerɛ yɛn, bere bɛn na eyinom bɛba mu, na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu sɛ nneɛma yi nyinaa rebɛba awiei?”+ 5 Enti Yesu fii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ yiye na obiara annaadaa mo.+ 6 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na wɔbɛdaadaa nnipa bebree. 7 Bio nso, sɛ mote ɔko, ne ɔko ho nsɛm* a, mommmɔ hu; ɛsɛ sɛ eyinom sisi, nanso na awiei no nnya nnui.+

8 “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni;+ asaasewosow bɛba mmeaemmeae; na ɔkɔm nso bɛba.+ Eyinom yɛ awo mu yaw* mfiase.+

9 “Mo de, monhwɛ mo ho yiye. Nkurɔfo de mo bɛkɔ asɛnnibea,+ na me nti, wɔbɛhwe mo wɔ hyia adan mu+ na wɔde mo agyina amrado ne ahemfo anim, na ama moadi wɔn adanse.+ 10 Afei nso, ɛsɛ sɛ wodi kan ka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu.+ 11 Na sɛ wɔde mo rekɔ akoyi mo ama a, munnnwinnwen nea mobɛka ho; na mmom nea wɔde bɛma mo saa bere no, ɛno ara na monka, efisɛ ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom honhom kronkron.+ 12 Bio nso, onua beyi onua ama sɛ wonkum no, na papa ayi ɔba ama, na mma bɛsɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn awofo.+ 13 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo.+ Na nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei+ no, ɔno na wobegye no nkwa.+

14 “Nanso sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman+ no sɛ egyina baabi a ɛnsɛ sɛ egyina a (ma nea ɔkenkan no mfa nhumu nyɛ adwuma), momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so.+ 15 Mma nea ɔwɔ ɔdan atifi no nnsi fam, na mma ɔnnkɔ ne fi nnkɔfa biribiara mmfi hɔ; 16 na mma nea ɔwɔ afuw mu no nnsan mmma nneɛma a wagyaw no wɔ akyi ho sɛ ɔrebɛfa n’ataade nguguso. 17 Saa nna no mu no, mmea a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufu nnue!+ 18 Monkɔ so mmɔ mpae na ansi awɔw bere mu, 19 efisɛ saa bere no bɛyɛ ahohiahia bere.+ Efi Onyankopɔn adebɔ mfiase de besi saa bere no, ebi mmae da, na ebi nso remma bio.+ 20 Nokwarem no, sɛ Yehowa* antwa nna no so a, ɔhonam biara nni hɔ a wobegye no nkwa. Nanso wɔn a wapaw wɔn no nti, watwa nna no so.+

21 “Afei nso, sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Kristo no wɔ ha,’ anaa ‘Hwɛ! Ɔno na ɔwɔ hɔ no’ a, munnnye nnni.+ 22 Na atoro Kristo ne atoro adiyifo bɛsɔre+ na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade de adaadaa nkurɔfo, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔadaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no mpo. 23 Enti monhwɛ yiye.+ Madi kan aka biribiara akyerɛ mo.

24 “Nna no mu no, saa ahohiahia no akyi no, owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn,+ 25 na nsoromma befi soro ahwehwe fam, na wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden. 26 Na wobehu sɛ onipa Ba no+ nam omununkum mu de tumi kɛse ne anuonyam reba.+ 27 Na ɔbɛsoma abɔfo, na wɔbɛboaboa wɔn a wapaw wɔn no ano afi mframa anan no mu, afi asaase ano akosi ɔsoro noho.+

28 “Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua ho mfatoho yi mu: Sɛ enya fefɛw na eyiyi nhaban ara pɛ a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn.+ 29 Saa ara na mo nso, sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi resisi a, munhu sɛ wabɛn, na wadu pon ano.+ 30 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, saa awo ntoatoaso yi rentwam da kosi sɛ eyinom nyinaa bɛba mu.+ 31 Ɔsoro ne asaase betwam,+ nanso me nsɛm de, ɛrentwam da.+

32 “Ɛdefa saa da no anaa dɔn no ho de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne Ɔba no nso nnim, gye Agya no.+ 33 Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn,+ efisɛ munnim bere a wɔahyɛ no.+ 34 Ɛte sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan a ogyaw ne fi na ɔde fie hɔ tumi hyɛɛ ne nkoa nsa.+ Ɔmaa wɔn mu biara adwuma, na ɔhyɛɛ nea ɔhwɛ ɔpon ano no sɛ ɔnkɔ so nwɛn.+ 35 Enti monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim bere a ofiwura no bɛba,+ sɛ ɛyɛ anwummere oo, anadwo kɔnkɔn oo, ahemanakye* oo, anɔpatutuutu oo,+ 36 na sɛ ɔba mpofirim a, wammɛto mo sɛ moadeda.+ 37 Na nea mereka akyerɛ mo yi, mereka akyerɛ nnipa nyinaa: Monkɔ so nwɛn.”+

14 Ná aka nnanu ama Twam+ ne Paanoo a Mmɔkaw* Nnim Afahyɛ+ no adu.+ Ná asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no rehwehwɛ nyansakwan bi afa so akyere no akum no;+ 2 na wɔkae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ afahyɛ no ase; anyɛ saa a ɔmanfo no bɛyɛ basabasa.”

3 Na bere a Yesu wɔ Simon kwatani no fi wɔ Betania redidi* no, ɔbea bi de alabasta toa a ngo huamhuam wom bae, nardo ngo huamhuam papa bi a ne bo yɛ den paa. Ɔbɔɔ alabasta toa no, na ofii ase hwiee ngo huamhuam no guu Yesu tirim.+ 4 Ɛnna ebinom bo fuwii, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Adɛn nti na wɔasɛe ngo huamhuam yi saa? 5 Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi agye bɛboro denare* 300 na wɔde sika no ama ahiafo!” Na wɔn bo fuw* ɔbea no paa. 6 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Munnyaa no. Adɛn nti na mopɛ sɛ mohaw no? Adepa na wayɛ ama me.+ 7 Ahiafo de, wɔwɔ mo nkyɛn daa,+ na bere biara a mopɛ no, mubetumi ayɛ wɔn papa, na me de, ɛnyɛ daa na mɛwɔ mo nkyɛn.+ 8 Wayɛ nea obetumi; wadi kan ahwie ngo huamhuam agu me ho de asiesie me nipadua ama da a wobesie me.+ 9 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa no,+ nea ɔbea yi ayɛ yi nso, wɔbɛka de akae no.”+

10 Na Yuda Iskariot a ɔyɛ Dumien no mu baako no kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi no ama wɔn.+ 11 Bere a wɔtee no, wɔn ani gyei paa, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika.+ Enti ofii ase hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi no ama.

12 Na da a edi kan a wodi Paanoo a Mmɔkaw Nnim,+ a wɔde Twam aboa no bɔ afɔre no,+ n’asuafo no bisaa no sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wo na wudi Twam no?”+ 13 Ɛnna ɔsomaa n’asuafo no mu baanu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ kurow no mu, na ɔbarima bi a ɔso ahina behyia mo. Munni n’akyi, + 14 na baabiara a ɔbɛkɔ akowura no, mummisa ofiwura no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfo no se: “Ahɔhodan a me ne m’asuafo bedi Twam no wom no, ɛhe na ɛwɔ?”’ 15 Na ɔbɛkyerɛ mo abansoro dan kɛse bi a wɔasiesie mu ayɛ hɔ kama. Monyɛ Twam no ho ntotoe wɔ hɔ mma yɛn.” 16 Na asuafo no siim kɔɔ kurow no mu, na wokohuu nea ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔyɛɛ Twam no ho ntotoe.

17 Na eduu anwummere no, ɔne Dumien no+ bae. 18 Na bere a wɔtete pon ho redidi no, Yesu kae sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, mo a mo ne me redidi yi mu baako beyi me ama.”+ 19 Wɔn werɛ fii ase howee, na wobisaa no mmaako mmaako sɛ: “Ɛyɛ me anaa?” 20 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ Dumien no mu baako, nea ɔne me to nsa didi ayowa mu no.+ 21 Na onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho no, nanso onipa a wɔnam no so beyi onipa Ba no ama no nnue!+ Saa onipa no, sɛ wɔanwo no mpo a anka eye.”+

22 Na bere a wogu so redidi no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na obubuu mu de maa wɔn, na ɔkae sɛ: “Munnye; eyi gyina hɔ ma me nipadua.”+ 23 Afei ɔfaa kuruwa, na bere a ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom ano.+ 24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me ‘mogya+ a wɔde yɛ apam no,’+ nea wobehwie agu ama nnipa bebree+ no. 25 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, merennom bobesa bio da kosi da a mɛnom no foforo wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.” 26 Bere a wɔtoo ayeyi nnwom wiei no, wopue kɔɔ Ngodua Bepɔw* no so.+

27 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea ɛbɛba no bɛto mo nyinaa hintidua, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Mɛbɔ oguanhwɛfo no,+ na nguan no abɔ ahwete.’+ 28 Na sɛ wonyan me fi awufo mu a, medi mo anim akɔ Galilea.”+ 29 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛto wɔn nyinaa hintidua mpo a, me de, ɛrento me hintidua.”+ 30 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ, anadwo yi ara, ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+ 31 Nanso Petro kae mpɛn pii sɛ: “Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merenka da sɛ minnim wo.”* Wɔn a wɔaka no nyinaa nso kaa saa ara.+

32 Enti wɔkɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Montena ha na menkɔbɔ mpae mmra.”+ 33 Na ɔfaa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho,+ na ofii ase yɛɛ basaa paa, na ne ho yeraw no yiye. 34 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me werɛ ahow* paa+ de rekɔ owu mu. Montena ha, na monkɔ so nwɛn.”+ 35 Bere a ɔkɔɔ n’anim kakra no, obutuw fam, na ofii ase bɔɔ mpae sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka bere* no ntwa ne ho nkɔ. 36 Na ɔkae sɛ: “Abba,* Agya,+ wutumi yɛ ade nyinaa; yi kuruwa yi fi me so. Nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na mmom nea wopɛ.”+ 37 Na ɔba behui sɛ wɔadeda, na obisaa Petro sɛ: “Simon, woada? Enti woannya ahoɔden anwɛn dɔnhwerew baako mpo?+ 38 Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae daa, na moankɔ sɔhwɛ mu.+ Honhom no de, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.”+ 39 Na ofii hɔ kɔe bio kɔbɔɔ mpae, na ɔkaa asɛm koro no ara.+ 40 Na ɔsan bae behui sɛ wɔadeda, efisɛ na wɔn ani kum paa. Ɛno nti, na wonhu nea wɔnka nkyerɛ no. 41 Na ɔbae ne mprɛnsa so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa bere yi na moada regye mo ahome? Ayɛ yiye! Bere no aso!+ Hwɛ! Wɔreyi onipa Ba no ahyɛ abɔnefo nsa. 42 Monsɔre, momma yɛnkɔ. Hwɛ! Nea obeyi me ama no adu ha awie.”+

43 Na amonom hɔ ara, bere a ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ Dumien no mu baako no bae, na na nnipadɔm bi a wofi asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne mpanyimfo no nkyɛn a wokurakura sekan ne nkontimmaa* ka ne ho.+ 44 Ná nea obeyi no ama no ama wɔn sɛnkyerɛnne bi dedaw sɛ: “Onipa a mefew n’ano no, ɔne no; monkyere no na monhwɛ no so yiye mfa no nkɔ.” 45 Na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ, na ɔbɛn no kae sɛ, “Rabi!” Ɛnna ofew n’ano. 46 Na wosoo no mu kyeree no kɔe. 47 Nanso wɔn a wogyinagyina hɔ no mu baako twee ne sekan, na ɔde twaa ɔsɔfo panyin no akoa aso fii hɔ.+ 48 Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: “Mode sekan ne nkontimmaa* aba rebɛkyere me te sɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo?+ 49 Ná me ne mo wɔ asɔrefi hɔ a mekyerɛkyerɛ daa,+ nso moankyere me. Nanso aba saa na ama Kyerɛwnsɛm no aba mu.”+

50 Na asuafo no nyinaa gyaw no hɔ guanee.+ 51 Na aberante bi a ofura nwera pa de akata n’adagyaw so fii ase dii n’akyi, na wɔyɛe sɛ wɔrekyere no, 52 nanso ogyaw ne ntama no hɔ, na ɔde adagyaw guan kɔe.*

53 Afei wɔde Yesu kɔmaa ɔsɔfo panyin no,+ na asɔfo mpanyin ne mpanyimfo ne akyerɛwfo no nyinaa behyiae.+ 54 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no adiwo;* na ɔne ofie hɔ asomfo no tenaa ogya ho toe.+ 55 Ná asɔfo mpanyin ne Sanhedrin no nyinaa rehwehwɛ adanse bi atia Yesu, na ama wɔagyina so akum no, nanso na wonnya bi.+ 56 Nokwarem no, nnipa bebree dii adanse a ɛnyɛ nokware tiaa no,+ nanso na wɔn adanse no nhyia. 57 Afei nso, ebinom sɔre dii adanse a ɛnyɛ nokware tiaa no sɛ: 58 “Yɛtee sɛ ɔreka sɛ, ‘Medwiriw asɔrefi a wɔde nsa sii yi agu, na mede nnansa besi foforo a wɔamfa nsa ansi.’”+ 59 Ɛno ho mpo, wɔn adanse no anhyia.

60 Afei ɔsɔfo panyin no sɔre gyinaa wɔn mfinimfini, na obisaa Yesu sɛ: “Wonka biribiara nyi w’ano? Enti nea nnipa yi reka atia wo yi, wonte?”+ 61 Nanso ɔyɛɛ dinn, na wamma mmuae biara.+ Afei ɔsɔfo panyin no fii ase bisaa no asɛm bio. Obisaa no sɛ: “Wone Kristo no, Nea Wɔahyira No no Ba no anaa?” 62 Na Yesu kae sɛ: “Mene no; na mubehu onipa Ba no+ sɛ ɔte Otumfo* no nsa nifa so+ na ofi ɔsoro mununkum mu reba.”+ 63 Ɛnna ɔsɔfo panyin no suan n’ataade mu, na ɔkae sɛ: “Adansefo bɛn bio na yehia?+ 64 Moate abususɛm no. Mudwen ho dɛn?”* Wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ, ɛsɛ sɛ owu.+ 65 Na ebinom fii ase tetew ntasu guu no so,+ na wɔkataa n’ani bobɔɔ no akuturuku, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wuse woyɛ odiyifo a, kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo!” Na asɛnnibea awɛmfo* no bobɔɔ n’ani so faa no kɔe.+

66 Bere a Petro wɔ ase hɔ wɔ adiwo hɔ no, ɔsɔfo panyin no mmaawa no mu baako bae.+ 67 Na bere a ohui sɛ Petro reto gya no, ɔhwɛɛ no hãã, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nso, na woka saa Nasaretni Yesu yi ho.” 68 Nanso wannye antom, na ɔkae sɛ: “Minnim no, na nea woreka yi nso, mente ase.” Ɛnna Petro pue kɔɔ ofi no kwan ano.* 69 Ɛhɔ nso, abaawa no huu no, na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ no bio sɛ: “Oyi ka wɔn ho.” 70 Saa bere yi nso, wannye antom. Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wogyinagyina hɔ no fii ase ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: “Ampa woka wɔn ho. Nokwasɛm ne sɛ, woyɛ Galileani.” 71 Na ofii ase dii nsew kaa ntam sɛ: “Minnim onipa yi a moreka ne ho asɛm no!” 72 Na ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so;+ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+ Ne werɛ howee, na ofii ase sui.

15 Na ahemanakye no ara, asɔfo mpanyin ne mpanyimfo ne akyerɛwfo no, kyerɛ sɛ, Sanhedrin no nyinaa, hyia faa adwene, na wɔkyekyeree Yesu nsa de no kɔe, na wɔde no kɔmaa Pilato.+ 2 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Wone Yudafo Hene no anaa?”+ Na obuaa no sɛ: “Wo ara na woreka.”+ 3 Na asɔfo mpanyin no kekaa nsɛm bebree guu no so. 4 Afei Pilato fii ase bisabisaa no nsɛm bio sɛ: “Wunni anoyi biara a wode bɛma?+ Hwɛ sɛnea wɔreka nsɛm bebree gu wo so.”+ 5 Nanso Yesu amma no mmuae biara bio, na ɛyɛɛ Pilato nwonwa.+

6 Nea ɛte ne sɛ, edu afahyɛ biara a, na ogyaa nnipa a wogu afiase no baako ma wɔn; nea nkurɔfo no bɛka sɛ onnyaa no no, na wagyaa no.+ 7 Saa bere no, na obi a wɔfrɛ no Baraba ne nnipa bi a wɔasɔre atia aban gu afiase. Ná saa atuatewfo no nam wɔn atuatew no so adi awu. 8 Enti nnipadɔm no foro bae, na wofii ase srɛɛ Pilato sɛ ɔnyɛ nea ɔtaa yɛ ma wɔn no. 9 Pilato bisaa wɔn sɛ: “Mopɛ sɛ migyaa Yudafo Hene no ma mo anaa?”+ 10 Ná Pilato nim sɛ ahoɔyaw nti na asɔfo mpanyin no de no abrɛ no.+ 11 Nanso asɔfo mpanyin no tutu guu nnipadɔm no asom sɛ wɔmma onyi Baraba mmom mma wɔn.+ 12 Na Pilato san bisaa wɔn sɛ: “Ɛnde dɛn na menyɛ nea mofrɛ no Yudafo Hene no?”+ 13 Na wɔsan teɛteɛɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”*+ 14 Na Pilato toaa so bisaa wɔn sɛ: “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso wɔkɔɔ so teɛteɛɛm denneennen sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”*+ 15 Esiane sɛ na Pilato pɛ sɛ ɔsɔ nnipadɔm no ani nti, ogyaa Baraba maa wɔn; afei ɔma wɔhwee Yesu,+ na ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+

16 Na asraafo no de no fii hɔ kɔɔ adiwo hɔ, kyerɛ sɛ, amrado no fi hɔ; na wɔfrɛfrɛɛ asraafodɔm no nyinaa behyiae.+ 17 Na wɔhyɛɛ no ataade afasebiri, na wɔde nsɔe nwenee ahenkyɛw* de hyɛɛ no; 18 na wofii ase kyiaa no sɛ: “Asomdwoe nka wo, Yudafo Hene!”*+ 19 Afei nso, wɔde demmire* hwehwee ne tirim tetew ntasu guu no so, na wobuu nkotodwe kotow no. 20 Bere a wodii ne ho agoru wiei no, woyii ataade afasebiri no fii ne ho de n’ataade nguguso no hyɛɛ no. Na wɔde no kɔe sɛ wɔrekɔbɔ no asɛndua mu.+ 21 Bio nso, wɔhyɛɛ obi a ɔretwam, Kireneni Simon, Aleksandro ne Rufo papa, a ɔnam kwan so reba kurom hɔ sɛ ɔnsoa Yesu asɛndua* no.+

22 Enti wɔde no baa baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota, a sɛ wɔkyerɛ ase a, ɛkyerɛ “Tikora.”+ 23 Ɛha na wɔyɛe sɛ wɔbɛma no nsã* a wɔde kurobow* afra,+ nanso wannom. 24 Na wɔbɔɔ no asɛndua mu, na wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’ataade nguguso mu huu nea ɛsɛ sɛ obiara fa.+ 25 Saa bere yi, na ɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa;* saa bere no na wɔbɔɔ no asɛndua mu. 26 Na wɔkyerɛw nea enti a wɔretwe n’aso no sɛ: “Yudafo Hene No.”+ 27 Bio nso, wɔbɔɔ akorɔmfo-werɛmfo baanu bi asɛndua mu kaa ne ho, baako wɔ ne nifa, ɛnna baako wɔ ne benkum.+ 28 *—— 29 Na wɔn a wɔretwam no kasa tiaa no. Wɔwosow wɔn ti,+ na wɔkae sɛ: “Ɔtwea! Ɛnyɛ wo na wokae sɛ wubedwiriw asɔrefi no agu na wode nnansa asi no?+ 30 Si fi asɛndua* no so, na gye wo ho.” 31 Asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no nso dii ne ho agoru saa ara. Wɔkae sɛ: “Ogyee nkurɔfo, nanso ontumi nnye ne ho!+ 32 Afei ma Kristo no, Israel Hene no, nsi mfi asɛndua* no so na yenhu na yennye no nni.”+ Wɔn a wɔbɔɔ wɔn asɛndua* mu kaa ne ho no mpo yeyaw no+ saa ara.

33 Bere a eduu dɔn a ɛto so asia* no, esum baa asaase no nyinaa so kosii dɔn a ɛto so akron.*+ 34 Na dɔn a ɛto so akron* no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: “Eli, Eli, lama sabaktani?” Asekyerɛ ne sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”+ 35 Na bere a wɔn a wogyinagyina hɔ no tee no, ebinom fii ase kae sɛ: “Hwɛ! Ɔrefrɛ Elia.” 36 Ɛnna obi tuu mmirika de sapɔw* kɔbɔɔ nsã* a emu kaw mu de tuaa demmire* ano, na ɔde kɔmaa no sɛ ɔnnom,+ na ɔkae sɛ: “Munnyaa no! Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam anaa.” 37 Na Yesu teɛɛm denneennen, na owui.*+ 38 Na ntwamutam a ɛwɔ kronkronbea+ hɔ no mu tew abien fi soro besii fam.+ 39 Saa bere no, na ɔsraani panyin no gyina hɔ a n’ani tua Yesu. Bere a ohuu nsɛm a esisii, na afei ohui sɛ Yesu awu no, ɔkae sɛ: “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”+

40 Ná mmea bi nso gyinagyina akyirikyiri rehwɛ. Wɔn mu bi ne Maria Magdalene, ne Yakobo Kumaa ne Yose maame Maria, ne Salome+ 41 a na wɔtaa ne Yesu nantew som no+ bere a na ɔwɔ Galilea no, ɛne mmea foforo pii a wɔkaa ne ho kɔɔ Yerusalem no.

42 Ná adu anwummere, na esiane sɛ na ɛyɛ Ahoboaboa Da, kyerɛ sɛ, ɛda a edi Homeda anim nti, 43 Yosef a ofi Arimatea, Bagua* no muni a nkurɔfo bu no paa,* a na ɔno nso retwɛn Onyankopɔn Ahenni no bae. Ɔde akokoduru kɔɔ Pilato anim kɔsrɛe sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no.+ 44 Ná Pilato ntumi nhu sɛ Yesu awu anaa, enti ɔfrɛɛ ɔsraani panyin no, na obisaa no sɛ Yesu awu anaa. 45 Bere a ɔte fii ɔsraani panyin no hɔ sɛ Yesu awu no, ɔde amu no maa Yosef. 46 Ɛnna Yosef tɔɔ nwera pa, na oyii no too hɔ de nwera pa no kyekyeree no, na ɔde no kɔtoo ɔda+ a watwa ato ɔbotan mu no mu; na opiaa ɔbo de twerii ɔda no ano.+ 47 Na Maria Magdalene ne Yose maame Maria kɔɔ so hwɛɛ faako a wɔde no ato no.+

16 Bere a Homeda+ no twaam no, Maria Magdalene ne Yakobo maame Maria+ ne Salome tɔɔ aduhuam bae sɛ wɔde rebɛsra Yesu amu no.+ 2 Na nnawɔtwe no da a edi kan no, wɔkɔɔ ɔda no so anɔpatutuutu, na na owia apue.+ 3 Na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hena na obepia ɔbo no afi ɔda no ano ama yɛn?” 4 Nanso bere a wɔmaa wɔn ani so no, wohui sɛ wɔapia ɔbo no, ɛwom sɛ na ɛso paa.+ 5 Ɛnna wɔkɔɔ ɔda no mu, na wohuu aberante bi sɛ ɔte nifa so hyɛ ataade tenten fitaa, na wɔn koma tui. 6 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommma mo koma nntu.+ Morehwehwɛ Nasaretni Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no no. Wɔanyan no.+ Onni ha. Monhwɛ, ɛha na wɔde no toe.+ 7 Na monkɔ nkɔka nkyerɛ n’asuafo no ne Petro sɛ, ‘Ɔredi mo anim akɔ Galilea,+ na ɛhɔ na mubehu no sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no.’”+ 8 Bere a wopuei no, woguan fii ɔda no so kɔe, efisɛ na wɔn ho repopo, na na awɔse agu wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara, efisɛ na wɔabɔ hu.*+

Hwɛ Malaki 3:1; ɛhɔ na asɛm a ɛwɔ nkahyemde “()” mu no fi.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɔde wɔn nuu Asubɔnten Yordan mu; ɔde wɔn wuraa Asubɔnten Yordan mu.”

Kyerɛ sɛ, wuram wo.

Hwɛ Mt 4:18 ase hɔ asɛm no.

Ebetumi nso akyerɛ, “na wonim onii kõ a ɔyɛ.”

Anaa “wubetumi ama me ho afi.”

Anaa “Wo ho mfi.”

Anaa “na ne ho fii.”

Anaa “esiane sɛ wo ho afi nti.”

Anaa “te pon ho redidi.”

Anaa “te pon ho redidi.”

Anaa “taa di mmuada.”

Anaa “bobesa.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “wɔrepempan.”

Anaa “paanoo a wɔde kyerɛ.”

Anaa “adwudwo.”

Anaa “adwudwo.”

Anaa “kra.”

Bible bi kyerɛ ase sɛ “Simon a ofi Kana.” Nanso nea “Kana” kyerɛ paa ne “nsiyɛfo.”

Ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Satan.

Anaa “ekisae.”

Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Kɛntɛn a wɔde susuw ade.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.

Kyerɛ sɛ, afifide a wodi.

Anaa “Adɛn nti na mo koma atu.”

Anaa “baabi a nkae ada wɔ no.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Ɔmantam a Emu Nkurow Yɛ Du.”

Anaa “Me babea ketewa reyɛ awu.”

Anaa “Ka wo koma to wo yam.”

Anaa “ɔhyɛɛ wɔn denneennen sɛ.”

Nt., “kɔbere.”

Anaa “wɔmmfa ntaade abien.”

Anaa “ne ho yeraw no pii.”

Anaa “wɔn a wɔtete adidipon ho.”

Anaa “ɔbrafo.”

Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, ahemanakye nnɔn 3 kosi bɛyɛ anɔpa nnɔn 6.

Ɛtaa yɛ dade bi a emu yɛ duru a ɛwɔ po so hyɛn mu a nkɔnsɔnkɔnsɔn sa so; wogyaa mu to nsu mu ma hyɛn no gyina faako.

Ná Farisifo ne Yudafo binom hohoro wɔn nsa sɛnea Yudafo amammerɛ te.

Anaa “mpanyimfo atetesɛm.”

Anaa “mpanyimfo atetesɛm.”

Anaa “nnipa mmara.”

Anaa “ɔsopa.”

Anaa “atetesɛm.”

Hwɛ Nkh. A3.

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “aniwude.” Efi Greek asɛmfua a·sel′gei·a mu. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Greeceni a ɔyɛ Foinike a ɛwɔ Siria no man ba.”

Anaa “Ɔmantam a Emu Nkurow Yɛ Du.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “awo ntoatoaso a wɔafi Nyankopɔn akyi.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔde asɛm no too wɔn koma so.”

Anaa “Faako a mihia gyidi no, boa me!”

Anaa “nnipadɔm bi agye bum.”

Anaa “owiyammo.” Ná wɔyam hwiit wɔ ɔbo a ɛte saa so.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A3.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A3.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “onhyira wɔn.”

Anaa “adansekurum.”

Ebetumi nso akyerɛ, “na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho.”

Anaa “bere.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kuruwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛde. Ɛne sɛ, ɔbɛma kwan ama wɔabɔ Yesu sobo sɛ waka abususɛm na wɔakum no.

Kuruwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛde. Ɛne sɛ, ɔbɛma kwan ama wɔabɔ Yesu sobo sɛ waka abususɛm na wɔakum no.

Anaa “kra.”

Ɛkyerɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfo.”

Anaa “Ngo Bepɔw.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A3.

Anaa “nnipa na ɛde maa no?”

Anaa “bobeturo.”

Kyerɛ sɛ, bere a wɔde twa bobe.

Nt., “tweatibo?”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Ɛfata.”

Anaa “ɛmfata?”

Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, mmarima baason.

Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Anaa “ehia paa?”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “nkongua pa.”

Anaa “anwummere aduan.”

Anaa “wɔmemene.”

Anaa “agyapade.”

Anaa “nyaatwom nti, wɔbɔ mpae atenten.”

Anaa “emu yɛ duru.”

Anaa “nnaka a wɔde sika gu mu.”

Nt., “lepton abien anaa kwadran baako.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Ngo Bepɔw.”

Anaa “amanneɛbɔ.”

Anaa “awoko yaw.”

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “bere a akokɔ bɔn.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “na ɔte adidipon ho.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wɔde abufuw kasa kyerɛɛ no; wɔkaa n’anim.”

Anaa “Ngo Bepɔw.”

Anaa “woapa me mprɛnsa.”

Anaa “merempa wo da.”

Anaa “Me kra werɛ ahow.”

Anaa “dɔn.”

Ɛyɛ Hebri anaa Aram asɛmfua a ɛkyerɛ “O Agya!”

Anaa “mporibaa.”

Anaa “mporibaa.”

Anaa “na oguan kɔe a na ɔnhyɛ ataade papa biara; na oguan kɔe a nea ɔde hyɛ n’ataade ase nko ara na ɛhyɛ no.”

Anaa “fi.”

Nt., “tumi.”

Anaa “Mo gyinaesi ne dɛn?”

Anaa “asomfo.”

Anaa “ntwironoo mu.”

Anaa “woapa me mprɛnsa.”

Anaa “Fa no sɛn dua so kum no!”

Anaa “Fa no sɛn dua so kum no!”

Anaa “abotiri.”

Anaa “Yudafo Hene, mo!”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anɔpa nnɔn 9.

Hwɛ Nkh. A3.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia nnɔn 3.

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia nnɔn 3.

Ɛyɛ sapɔw bi a etumi nonom nsu.

Anaa “bobesa.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Anaa “oguu ahome a etwa to.”

Anaa “Sanhedrin.

Anaa “Bagua no muni a ɔyɛ onuonyamfo.”

Tete nsaano nkyerɛwee a edi mu paa no ma yehu sɛ, Marko Asɛmpa no si ti 16 nky. 8. Hwɛ Nkh. A3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena