Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Luka 1:1-24:53
  • Luka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Luka
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Luka

LUKA KYERƐWTOHƆ

1 Nnipa bebree abɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyehyɛ nokwasɛm ahorow a yɛagye atom no.+ 2 Saa nokwasɛm no, adansefo a wɔde wɔn ani huu nea ɛkɔɔ so+ fi mfiase, ne wɔn a asɛmpa no nti wɔsomee no+ na wɔde maa yɛn. 3 Ɛno nti, me nso mabɔ me tirim saa ara, efisɛ mahwehwɛ nneɛma nyinaa mu pɛpɛɛpɛ afi mfiase, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛkyerɛw no nnidiso nnidiso abrɛ wo, onuonyamfo Teofilo,+ 4 na ama woahu sɛ, nsɛm a wɔde akyerɛkyerɛ wo a wote fii nkurɔfo anom+ no yɛ nokware.

5 Yudea hene Herode* bere so no,+ na ɔsɔfo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakaria a ofi Abia+ asɔfokuw no mu. Ná ne yere yɛ Aaron mma mmea* no mu baako, na na ne din de Elisabet. 6 Ná wɔn baanu nyinaa teɛ wɔ Onyankopɔn anim, na na wodi Yehowa* mmara ne n’ahyɛde nyinaa so pɛpɛɛpɛ a asɛm biara nni wɔn ho. 7 Nanso na wonni ba, efisɛ na Elisabet nwo,* na na wɔn baanu nyinaa anyinyin paa.

8 Eduu asɔfokuw+ a Sakaria wom no so sɛ wɔyɛ asɔfodwuma wɔ Onyankopɔn anim. 9 Na sɛnea asɔfodwuma no ho nhyehyɛe* te no, na adu Sakaria so sɛ ɔkɔ Yehowa* kronkronbea+ hɔ kɔhyew aduhuam.+ 10 Bere a ɔrehyew aduhuam no, na nnipadɔm no nyinaa wɔ abɔnten* rebɔ mpae. 11 Ɛnna Yehowa* bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no, na obegyinaa aduhuam afɔremuka no nifa. 12 Bere a Sakaria huu no no, ne ho yeraw no, na ehu kaa no. 13 Nanso ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakaria, nsuro, efisɛ wɔatie wo nkotosrɛ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.+ 14 W’ani begye na wo ho asɛpɛw wo, na nnipa pii bedi n’awo ho ahurusi,+ 15 efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Yehowa* anim.+ Nanso ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ɛbow biara,+ na honhom kronkron bɛyɛ no ma mpo ansa na wɔawo no,*+ 16 na ɔbɛdan Israel mma pii asan aba Yehowa* wɔn Nyankopɔn nkyɛn.+ 17 Afei nso, ɔde Elia honhom ne ne tumi bedi Onyankopɔn anim,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛdan agyanom koma aba mma so,+ ne asoɔdenfo aba atreneefo nyansa ho, na wasiesie nkurɔfo bi ama Yehowa.”*+

18 Ɛnna Sakaria bisaa ɔbɔfo no sɛ: “Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nea woreka yi bɛba mu? Efisɛ mabɔ akwakoraa, na me yere nso anyin paa.” 19 Ɔbɔfo no buaa no sɛ: “Mene Gabriel,+ nea ogyina Onyankopɔn anim;+ wasoma me sɛ me ne wo mmɛkasa, na menka asɛmpa yi nkyerɛ wo. 20 Hwɛ! wobɛtɔ mum, na worentumi nkasa de kosi da a eyinom bɛba mu, efisɛ woannye me nsɛm anni, nsɛm a ɛbɛba mu wɔ bere a wɔahyɛ mu no.” 21 Saa bere no nyinaa, na nkurɔfo no retwɛn Sakaria, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ wɔ kronkronbea hɔ saa. 22 Bere a ɔbae no, na ontumi ne wɔn nkasa, na wohui sɛ wakohu n’ani so ade* wɔ kronkronbea hɔ. Ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne kyerɛɛ wɔn, nanso wantumi ankasa. 23 Bere a nna a ɔde reyɛ adwuma kronkron* no baa awiei no, ofii hɔ kɔɔ ne fi.

24 Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee. Elisabet de ne ho siei abosome anum, na ɔkae sɛ: 25 “Nea Yehowa* ayɛ ama me wɔ nna yi mu ni. Watwa n’ani abɛhwɛ me, na wayi m’animguase afi hɔ.”*+

26 Bere a Elisabet nyinsɛn no dii abosome asia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel+ kɔɔ Galilea kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, 27 na ɔma ɔkɔɔ ɔbaabun+ bi nkyɛn. Ná wɔde ɔbaabun no ama Yosef a ofi Dawid fi no sɛ ɔbea a ɔbɛware no. Ná ɔbaabun no din de Maria.+ 28 Bere a ɔbɔfo no kɔɔ Maria nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ Maria sɛ: “Asomdwoe nka wo, wo a wɔahyira* wo, Yehowa* ka wo ho.” 29 Na asɛm no haw Maria yiye, na odwinnwen ho sɛ: “Nkyia bɛn ni?” 30 Enti ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Maria, nsuro, efisɛ Onyankopɔn ayɛ wo adom. 31 Hwɛ! wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima,+ na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu.+ 32 Ɔbɛyɛ onipa titiriw,+ na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba,+ na Yehowa* Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no,+ 33 na obedi Yakob fi so hene afebɔɔ, na n’Ahenni remma awiei da.”+

34 Na Maria bisaa ɔbɔfo no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi ayɛ yiye, efisɛ me ne ɔbarima nnae?”+ 35 Ɛnna ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so,+ na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nti, wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron,+ Onyankopɔn Ba.+ 36 Hwɛ! wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewabere mu. Nea nkurɔfo se ɔnwo* no, ne bosome asia mu ni, 37 efisɛ asɛm biara nni hɔ a Onyankopɔn aka a, ɛremma mu.”+ 38 Ɛnna Maria kae sɛ: “Hwɛ! meyɛ Yehowa* abaawa!* Ɛnyɛ hɔ mma me sɛnea woaka no.” Ɛnna ɔbɔfo no fii ne nkyɛn kɔe.

39 Ɛno akyi no, Maria siim de ahoɔhare kɔɔ Yuda kurow bi mu wɔ bepɔw so, 40 na ɔkɔɔ Sakaria fi, na okyiaa Elisabet. 41 Bere a Elisabet tee Maria nkyia no ara pɛ, abofra a ɔhyɛ ne yam no huruwii, na honhom kronkron hyɛɛ Elisabet ma, 42 na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Wɔahyira wo sen mmea nyinaa, na wɔahyira abofra a ɔhyɛ wo yam no!* 43 Mene hena na me Wura maame aba me nkyɛn yi? 44 Hwɛ! bere a metee wo nkyia ara pɛ na abofra a ɔhyɛ me yam no de anigye huruwii. 45 Anigye nso ne ɔbea a wagye adi no, efisɛ nsɛm a Yehowa* ama wɔaka akyerɛ no nyinaa bɛba mu.”

46 Ɛnna Maria kae sɛ: “Me kra* bɛkamfo Yehowa,*+ 47 na me honhom bedi ahurusi wɔ m’Agyenkwa Nyankopɔn ho,+ 48 efisɛ wahwɛ n’abaawa*+ hianiwa. Hwɛ! efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛka sɛ mewɔ anigye,+ 49 efisɛ Otumfo no ayɛ ade kɛse ama me, na ne din ne kronkron;+ 50 efi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so no, ohu wɔn a wosuro no no mmɔbɔ.+ 51 Ɔde ne basa ayɛ nneɛma akɛse; wɔn a wodi ahantansɛm wɔ wɔn koma mu no, wabɔ wɔn apansam.+ 52 Watu atumfo afi nhengua so,+ na wama mmɔborɔwafo so;+ 53 wama nneɛma pa amee wɔn a ɔkɔm de wɔn,+ na wama wɔn a wɔwɔ ahonyade de nsapan kɔ. 54 Wabɛboa n’akoa Israel, na wakae ne mmɔborɔhunu+ 55 sɛnea ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom sɛ obehu Abraham ne n’asefo*+ mmɔbɔ daa no.” 56 Na Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome abiɛsa, na ɔsan kɔɔ ne fi.

57 Elisabet awo duu so, na ɔwoo ɔbabarima. 58 Bere a mpɔtam hɔfo ne n’abusuafo tee sɛ Yehowa* mmɔborɔhunu adɔɔso wɔ no so no, wɔne no dii ahurusi.+ 59 Ɛda a ɛto so awotwe no, wɔbae sɛ wɔrebetwa abofra kumaa no twetia,*+ na anka wɔde no reto ne papa Sakaria. 60 Nanso abofra no maame kae sɛ: “Daabi! mmom wɔbɛfrɛ no Yohane.” 61 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo busuani biara nni hɔ a ne din de saa.” 62 Enti wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa ne papa sɛnea ɔpɛ sɛ wɔfrɛ no. 63 Ɛnna ogyee biribi* kyerɛw so sɛ: “Ne din de Yohane.”+ Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa. 64 Ɛhɔ ara na n’ano buei, na ne tɛkrɛma yɛɛ yiye ma ofii ase kasae,+ na ohyiraa Onyankopɔn. 65 Ehu kaa wɔn a wɔte mpɔtam hɔ nyinaa, na wofii ase kaa eyinom nyinaa ho asɛm wɔ Yudea mmepɔw so nkurow nyinaa mu. 66 Na wɔn a wɔtee nyinaa dwinnwen ho sɛ: “Dɛn koraa na abofra kumaa yi bɛyɛ?” Efisɛ na Yehowa* di n’akyi.*

67 Na honhom kronkron hyɛɛ ne papa Sakaria ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: 68 “Ayeyi nka Israel Nyankopɔn Yehowa,*+ efisɛ watwa n’ani abɛhwɛ ne nkurɔfo, na wagye wɔn.+ 69 Wapagyaw nkwagye abɛn*+ wɔ n’akoa Dawid+ fi ama yɛn, 70 sɛnea ɔnam n’adiyifo kronkron a wɔtenaa ase tete no so aka sɛ+ 71 obegye yɛn afi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn nyinaa nsam,+ 72 sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ na wakae n’apam+ kronkron no, 73 ntam a ɔkaa yɛn agya Abraham sɛ,+ 74 sɛ ogye yɛn fi atamfo nsam a, yebenya kwan asom no a yɛrensuro, 75 na yɛde nokwaredi ne trenee bɛsom no wɔ n’anim, yɛn nkwa nna nyinaa no. 76 Na wo abofra kumaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifo, efisɛ wubedi Yehowa* anim akosiesie n’akwan,+ 77 na woama ne nkurɔfo anya nimdeɛ sɛ, ɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn+ na wagye wɔn nkwa, 78 yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti. Saa mmɔborɔhunu yi nti, adekyee hann fi soro bepue yɛn so, 79 ama wɔn a wɔtete sum ne owu sunsuma mu+ no anya hann, na agye yɛn taataa akɔ asomdwoe kwan so.”

80 Na abofra kumaa no nyinii, na Onyankopɔn honhom nti, ɔyɛɛ den,* na ɔtenaa sare so kosii da a oyii ne ho adi kyerɛɛ Israel.

2 Nna no mu no, Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ wɔnkyerɛw asaase sofo nyinaa din. 2 (Dinkyerɛw a edi kan yi kɔɔ so bere a na Kirenio yɛ Siria amrado no.) 3 Na nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔkyerɛw wɔn din. 4 Yosef+ nso fii Nasaret a ɛwɔ Galilea foro kɔɔ Yudea, na esiane sɛ ofi Dawid fi ne n’abusua mu nti, ɔkɔɔ Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem+ mu. 5 Ɔkɔe sɛ ɔrekɔkyerɛw ɔne ne yere Maria*+ din. Saa bere no, na aka kakra ama Maria awo.+ 6 Bere a wɔwɔ hɔ no, awo kaa no. 7 Na ɔwoo ɔbarima, ne ba a odi kan,+ na ɔde ntama kyekyeree ne ho de no too mmoa adididaka mu,+ efisɛ wɔannya kwan wɔ ahɔhodan no mu.

8 Saa bere no, na nguanhwɛfo bi nso wɔ asaase no so a wɔrewɛn wɔn nguan anadwo wɔ wuram. 9 Amonom hɔ ara, Yehowa* bɔfo begyinaa wɔn anim, na Yehowa* anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiae, na ehu kaa wɔn yiye. 10 Nanso ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro, hwɛ! mede asɛmpa bi rebrɛ mo. Ɛfa anigye kɛse a nnipa nyinaa benya ho. 11 Efisɛ ɛnnɛ, wɔawo agyenkwa+ a ɔne Awurade Kristo+ no ama mo wɔ Dawid kurom.+ 12 Na nea mode behu no ni: Mubehu abofra kumaa bi a wɔde ntama akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.” 13 Ɛhɔ ara na ɔsoro asraafodɔm*+ bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Onyankopɔn ayɛ sɛ: 14 “Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asaase so.”

15 Na bere a abɔfo no gyaw wɔn hɔ kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Momma yɛnkɔ Betlehem seesei ara nkɔhwɛ nea asi a Yehowa* ayi akyerɛ yɛn yi.” 16 Na wɔyɛɛ ntɛm kɔe, na wokohuu Maria ne Yosef, ne abofra kumaa no sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17 Bere a nguanhwɛfo no huu eyi no, nsɛm a na ɔbɔfo no aka akyerɛ wɔn afa abofra kumaa no ho no, wɔkaa ne nyinaa. 18 Na nea nguanhwɛfo no kae no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa, 19 na Maria fii ase de nsɛm yi nyinaa siei, na odwinnwen ho wɔ ne koma mu.+ 20 Na nguanhwɛfo no san kɔe, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam yii no ayɛ wɔ nea wɔtee na wohui nyinaa ho, efisɛ nea wɔka kyerɛɛ wɔn no, saa ara na wokohui.

21 Bere a nnawɔtwe dui sɛ wotwa abofra no twetia*+ no, wɔtoo ne din Yesu, edin a ɔbɔfo no de maa no ansa na wɔrenyinsɛn+ no no.

22 Bio nso, bere a edui sɛ wodwira wɔn ho sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no,+ wɔde abofra no foro baa Yerusalem sɛ wɔde no rebrɛ Yehowa* 23 sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yehowa* Mmara mu no. Wɔakyerɛw sɛ: “Ɔbarima biara a wobedi kan awo no no,* ɛsɛ sɛ wohyira no so* ma Yehowa.”*+ 24 Na wɔbɔɔ afɔre sɛnea wɔaka wɔ Yehowa* Mmara mu no: “mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien.”+

25 Hwɛ! ná ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon. Ná saa ɔbarima no yɛ onipa trenee a nyamesuro wɔ ne mu. Ná ɔretwɛn Israel awerɛkyekye,+ na na honhom kronkron wɔ no so. 26 Bio nso, na Onyankopɔn nam honhom kronkron so ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu, gye sɛ wahu Kristo a Yehowa* asoma no no ansa. 27 Na honhom no de Simeon baa asɔrefi hɔ, na bere a abofra kumaa Yesu awofo de no bae sɛ wɔrebɛyɛ nea Mmara no hwehwɛ+ ama no no, 28 Simeon gyee abofra no too ne nsa so, na ohyiraa Onyankopɔn sɛ: 29 “Awurade Tumfo, afei woregya w’akoa kwan asomdwoe mu+ sɛnea w’asɛm te, 30 efisɛ m’ani ahu nea wonam so begye nkwa+ 31 a woasiesie wɔ aman nyinaa anim no,+ 32 hann+ a wode beyi nea akata amanaman no+ so, na ɔbɛhyɛ wo man Israel anuonyam.” 33 Na nea ɔka faa abofra no ho no yɛɛ ne papa ne ne maame nwonwa. 34 Afei Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ abofra no maame Maria sɛ: “Hwɛ! Abofra yi nti, Israelfo bebree bɛhwe ase,+ na ebi nso bɛsɔre.+ Ɔno na wɔayi no sɛ nsɛnkyerɛnne a nnipa bɛkasa atia+ 35 (yiw, wɔde sekan tenten bɛwɔ wo* mu),+ na ama nea nnipa bebree susuw wɔ wɔn koma mu no ada adi.”

36 Ná odiyifobea bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Hana, Fanuel babea a ofi Aser abusuakuw mu. Ná saa ɔbea yi anyin paa. Bere a ɔwaree no,* ɔne ne kunu tenae mfe ason pɛ. 37 Saa bere yi, na ɔyɛ okunafo a wadi mfe 84. Ná ɔmpa asɔrefi hɔ da, na na ɔde akɔnkyen* ne nkotosrɛ som Onyankopɔn awia ne anadwo. 38 Saa bere no ara, ɔbaa hɔ, na ofii ase daa Onyankopɔn ase, na ɔkaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn sɛ wobegye Yerusalem no nyinaa.+

39 Bere a Yosef ne Maria yɛɛ nea Yehowa* Mmara hwehwɛ+ nyinaa wiei no, wɔsan kɔɔ wɔn kurom Nasaret+ wɔ Galilea. 40 Na abofra kumaa no kɔɔ so nyinii, na ne ho yɛɛ den. Nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom wɔ no so.+

41 Afe biara, nea na n’awofo yɛ ne sɛ, wɔkɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no.+ 42 Bere a odii mfe 12 no, wɔforo kɔɔ Yerusalem sɛnea afahyɛ no ho nhyehyɛe te.+ 43 Bere a afahyɛ nna no baa awiei a wɔresan aba no, abofra Yesu kaa Yerusalem, nanso n’awofo anhu. 44 Wɔfaa no sɛ ɔka nnipadɔm a wɔrekɔ no ho, enti wotwaa da koro kwan, na afei wofii ase kyin hwehwɛɛ no wɔ abusuafo ne amannifo mu. 45 Nanso wɔanhu no, enti wɔsan kɔɔ Yerusalem kɔhwehwɛɛ no denneennen. 46 Nnansa akyi no, wokohuu no wɔ asɔrefi hɔ. Ná ɔte akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn, na na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Sɛnea na n’adwenem dɔ na oyi nsɛm ano nti, wɔn a na wɔretie no no nyinaa ho dwiriw wɔn+ yiye. 48 Afei bere a n’awofo huu no no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na ne maame bisaa no sɛ: “Me ba, adɛn nti na woayɛ yɛn saa? Me ne wo papa ahwehwɛ wo abrɛ.” 49 Na obisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na na morehwehwɛ me? Munnim sɛ m’Agya fi na mubehu me anaa?”+ 50 Nanso wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

51 Na ɔne wɔn sian kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase* maa wɔn.+ Na ne maame de nsɛm yi nyinaa siee ne koma mu.+ 52 Na Yesu kɔɔ so nyinii, na onyaa nyansa pii, na Onyankopɔn ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm.

3 Tiberio Kaesare ahenni afe a ɛto so 15 mu no, na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado. Ná Herode*+ di Galilea mantam so,* ɛnna ne nua Filipo nso di Iturea ne Trakoniti amantam so. Ná Lisania di Abilene mantam so, 2 ɛnna Anas ne Kaiafa+ nso yɛ asɔfo mpanyin. Saa bere no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane+ nkyɛn wɔ sare so.+

3 Enti ɔkɔɔ nkurow a atwa Yordan ho ahyia nyinaa mu kɔka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ, wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn,+ 4 sɛnea wɔakyerɛw no odiyifo Yesaia nhoma mu sɛ: “Obi reteɛm wɔ sare so sɛ, ‘Munsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.+ 5 Momma abon nyinaa nyɛ ma, na munnwiriw mmepɔw ne nkoko nyinaa ngu fam; akwan a akyea no, momma ɛnyɛ tee, na momma akwan a ɛyɛ mmonkyemmɔnka nyɛ toromtorom; 6 na ɔhonam nyinaa* behu Onyankopɔn nkwagye.’”*+

7 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔreba sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: “Nhurutoa* mma, hena na ɔka kyerɛɛ mo sɛ munguan abufuw a ɛreba no?+ 8 Ɛnde monsow aba a ɛkyerɛ sɛ moasakra mo adwene. Ɛnsɛ sɛ mufi ase keka kyerɛ mo ho sɛ, ‘Yɛn agya ne Abraham.’ Na mereka akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn betumi ama Abraham anya mma afi abo yi mu. 9 Nokwarem no, abonnua no da nnua no ntini ho dedaw. Enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa de agu ogya mu.”+

10 Na nnipadɔm no bisaa no sɛ: “Ɛnde, dɛn na yɛnyɛ?” 11 Na obuaa wɔn sɛ: “Nea ɔwɔ ntaade abien no mma nea onni bi no bi, na nea ɔwɔ biribi di no, ɔno nso nyɛ saa ara.”+ 12 Wɔn a wogyigye tow mpo bae sɛ ɔmmɔ wɔn asu,+ na wobisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, dɛn na yɛnyɛ?” 13 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛtow a wɔatwa ato hɔ no, munnnye mmmoro so.”+ 14 Asraafo nso bisaa no sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnteetee obiara,* na mommfa asɛm nnto obiara so.+ Mmom momma mo ani nsɔ nea mowɔ.”*

15 Saa bere no, na nnipa no rehwɛ Kristo no kwan. Ɛno nti, na wɔn nyinaa resusuw Yohane ho wɔ wɔn koma mu sɛ: “Gyama ɔno ne Kristo no anaa?”+ 16 Yohane buaa wɔn nyinaa sɛ: “Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, nanso nea ɔwɔ tumi sen me reba; ne mpaboa hama mpo memfata sɛ mesan.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.+ 17 Ne sofi a ɔde huw hwiit so kura ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowbea hɔ fitafita, na waboaboa ne hwiit ano agu n’adekoradan mu, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.”

18 Yohane san de afotu bebree maa nkurɔfo no, na ɔkɔɔ so kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn. 19 Esiane ɔmantam sodifo Herode ne ne nua yere Herodia asɛm no, ne nneɛma bɔne pii a Herode yɛe nti, Yohane kaa n’anim. 20 Ɛno nti nea Herode san yɛ kaa ne bɔne ho ne sɛ, ɔkyeree Yohane too afiase.+

21 Bere a Yohane bɔɔ nnipa no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu.+ Na bere a Yesu rebɔ mpae no, ɔsoro buei,+ 22 na honhom kronkron sian baa no so te sɛ aburuburuw, na nne bi fi soro bae sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”+

23 Bere a Yesu+ hyɛɛ n’adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe 30,+ na na nkurɔfo bu no sɛ,

Yosef+ ba,

Heli ba,

24 Matat ba,

Lewi ba,

Melki ba,

Yanai ba,

Yosef ba,

25 Matatia ba,

Amos ba,

Nahum ba,

Esli ba,

Nagai ba,

26 Mahat ba,

Matatia ba,

Semein ba,

Yosek ba,

Yoda ba,

27 Yoanan ba,

Resa ba,

Serubabel+ ba,

Sealtiel+ ba,

Neri ba,

28 Melki ba,

Adi ba,

Kosam ba,

Elmadam ba,

Er ba,

29 Yesu ba,

Elieser ba,

Yorim ba,

Matat ba,

Lewi ba,

30 Simeon ba,

Yuda ba,

Yosef ba,

Yonam ba,

Eliakim ba,

31 Melea ba,

Mena ba,

Matata ba,

Natan+ ba,

Dawid+ ba,

32 Yese+ ba,

Obed+ ba,

Boas+ ba,

Salmon+ ba,

Naason+ ba,

33 Aminadab ba,

Arni ba,

Hesron ba,

Peres+ ba,

Yuda+ ba,

34 Yakob+ ba,

Isak+ ba,

Abraham+ ba,

Tera+ ba,

Nahor+ ba,

35 Serug+ ba,

Reu+ ba,

Peleg+ ba,

Eber+ ba,

Sela+ ba,

36 Kainan ba,

Arfaksad+ ba,

Sem+ ba,

Noa+ ba,

Lamek+ ba,

37 Metusala+ ba,

Enok ba,

Yared+ ba,

Mahalaleel+ ba,

Kainan+ ba,

38 Enos+ ba,

Set+ ba,

Adam+ ba,

Onyankopɔn ba.

4 Ɛnna Yesu a honhom kronkron ahyɛ no ma no dan ne ho fii Yordan ho, na honhom no de no kɔɔ sare so+ 2 nnafua 40, na Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe.+ Wanni hwee saa bere no, enti bere a nnafua 40 no baa awiei no, na ɔkɔm de no. 3 Ɛnna Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ ɔbo yi ma ɛnnan paanoo.” 4 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase.’”+

5 Enti Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no asaase so ahenni nyinaa prɛko.+ 6 Na Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Mede tumi yi nyinaa ne ɛho anuonyam bɛma wo, efisɛ wɔde ama me,+ na obiara a mepɛ no, mede ma no. 7 Enti sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede ne nyinaa bɛma wo.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+

9 Afei ɔde Yesu kɔɔ Yerusalem kogyinaa asɔredan no atifi,* na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho fi ha kɔhwe fam,+ 10 efisɛ wɔakyerɛw sɛ, ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfo sɛ wɔmmɛbɔ wo ho ban,’ 11 na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem ɔbo.’”+ 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔaka sɛ, ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+ 13 Enti bere a Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kosii bere foforo a ɛfata.+

14 Na Yesu san kɔɔ Galilea,+ na na honhom no tumi ahyɛ no ma. Na ne ho asɛmpa trɛw kɔɔ nkurow a atwa hɔ ahyia no nyinaa mu. 15 Afei nso, ofii ase kyerɛkyerɛe wɔ wɔn hyia adan mu, na wɔn nyinaa kamfoo no.

16 Na ɔbaa Nasaret,+ baabi a wɔtetee no no. Na sɛnea ɔtaa yɛ Homeda no, ɔkɔɔ hyiadan mu,+ na ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔrebɛkenkan ade. 17 Enti wɔde odiyifo Yesaia nhoma mmobɔwee no maa no, na obuee nhoma mmobɔwee no mu, na ohuu baabi a wɔakyerɛw sɛ: 18 “Yehowa* honhom wɔ me so, efisɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Wasoma me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ wɔn a wɔakyere wɔn, na memma anifuraefo nhu ade, na memma wɔn a wɔabubu mfa wɔn ho nni,+ 19 na menka Yehowa* adom bere* nkyerɛ nkurɔfo.”+ 20 Na ɔbobɔw nhoma mmobɔwee no, na ɔsan de maa ɔsomfo no, na ɔtenaa ase. Na wɔn a wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn. 21 Ɛnna ofii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm yi a motee no seesei ara no aba mu.”+

22 Na wɔn nyinaa fii ase dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka koma a efi n’anom+ no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Na wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba ni?”+ 23 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ampa, mubebu me bɛ yi sɛ: ‘Ɔyaresafo, sa wo ho yare. Nneɛma a yɛtee sɛ woyɛɛ no Kapernaum+ no, yɛ bi wɔ wo kurom ha nso.’” 24 Na ɔkae sɛ: “Nokware mise mo sɛ, odiyifo biara nni hɔ a wogye no tom wɔ ne kurom.+ 25 Mereka nokware akyerɛ mo: Elia bere so sɛɛ, bere a wɔtoo ɔsoro mu mfe abiɛsa ne abosome asia maa ɔkɔm kɛse baa asaase no nyinaa so+ no, na akunafo bebree wɔ Israel. 26 Nanso wɔansoma Elia ankɔ mmea yi mu biara nkyɛn, gye okunafo bi a ɔwɔ Sarefat, Sidon asaase so+ no. 27 Bio nso, odiyifo Elisa bere so no, na akwatafo bebree wɔ Israel; nanso wɔansa wɔn mu biara yare,* gye Siriani Naaman.”+ 28 Bere a wɔn a wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa tee saa nsɛm no, wɔn bo fuwii.+ 29 Ɛnna wɔsɔre piapiaa no fii kurow no mu, na wɔde no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow no gu so no ano sɛ wɔrekosum no ahwe ama ne kɔn akɔwɔ hɔ. 30 Nanso ɔfaa wɔn mfinimfini, na ɔtoaa so kɔɔ ne kwan.+

31 Na osian kɔɔ Kapernaum, Galilea kurow bi mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Homeda,+ 32 na ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no yɛɛ wɔn nwonwa,+ efisɛ ɔde tumi na ɛkasae. 33 Ná ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu a honhom fĩ wɔ no so, na ɔteɛɛm denneennen sɛ:+ 34 “Adɛn! Nasaretni+ Yesu, dɛn na yɛne wo wɔ yɛ? Wobae sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ+ no.” 35 Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na fi ne mu kɔ.” Enti honhom fĩ no maa ɔbarima no twa hwee wɔn mfinimfini, na ofii ne mu kɔe a wanyɛ no hwee. 36 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa, na wofii ase keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Asɛm bɛn ni? Ɔde tumi ne ahoɔden hyɛ ahonhom fĩ ma wopue kɔ!” 37 Enti ne ho asɛm trɛw kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu baabiara.

38 Bere a ofii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi. Ná Simon asebea yare atiridii a emu yɛ den, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnhwɛ no.+ 39 Enti okogyinaa ne nkyɛn teɛteɛɛ atiridii no, na egyaee. Ɛhɔ ara na ɔbea no sɔree, na ofii ase som wɔn.

40 Na bere a owia rekɔtɔ no, wɔn a wɔwɔ nkurɔfo a nyarewa ahorow ayɛ wɔn no de wɔn brɛɛ no. Na ɔde ne nsa guu wɔn mu biara so saa wɔn yare.+ 41 Ahonhommɔne nso fii wɔn mu pii mu, na ahonhommɔne no teɛteɛɛm sɛ: “Wone Onyankopɔn Ba no.”+ Nanso ɔkaa wɔn anim, na wamma wɔn kwan amma wɔankasa,+ efisɛ na wonim no sɛ ɔno ne Kristo no.+

42 Na ade kyee no, ofii hɔ kɔɔ baabi a atew ne ho.+ Nanso nnipadɔm no fii ase hwehwɛɛ no, na wɔbaa baabi a ɔwɔ no. Na wɔyɛe sɛ wɔremma omfi wɔn nkyɛn nkɔ. 43 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.”+ 44 Enti ɔtoaa so kaa asɛmpa no wɔ Yudea hyia adan mu.

5 Bere bi, na Yesu gyina Genesaret ɔtare*+ no ho, na na nnipadɔm akyere no so retie Onyankopɔn asɛm. 2 Na ohuu akorow abien sɛ esisi ɔtare no ho, nanso na mpataayifo* no asisi afi mu rehohoro wɔn asau mu.+ 3 Ɔkɔforoo ɔkorow no baako a ɛyɛ Simon dea, na ɔsrɛɛ no sɛ ompia ɔkorow no mfi asaase so nkɔ akyiri kakra. Afei ɔtenaa ɔkorow no mu, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ nnipadɔm no. 4 Bere a ogyaee kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Pia kɔ baabi a emu dɔ, na mungu mo asau no mfa nyi nam.” 5 Ɛnna Simon ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛayɛ adwuma anadwo no nyinaa nso yɛannya hwee.+ Nanso nea woaka yi nti, megu asau no.” 6 Na bere a wɔyɛɛ saa no, woyii mpataa pii. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn asau no fii ase tetewee.+ 7 Enti wohim wɔn nsa kyerɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu sɛ wɔmmɛboa wɔn. Na wɔbae, na wɔde mpataa no hyɛɛ akorow abien no nyinaa mama, na efii ase sɛ ɛremem. 8 Bere a Simon Petro huu eyi no, ɔkotow Yesu nan ase kae sɛ: “Awurade, fi me nkyɛn kɔ, na meyɛ ɔdebɔneyɛfo.” 9 Ɔkaa saa, efisɛ mpataa a woyii no maa ɔne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa ho dwiriw wɔn. 10 Sebedeo mma+ Yakobo ne Yohane, a wɔne Simon yɛ adwuma no nso ho dwiriw wɔn. Nanso Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Nsuro. Efi saa bere yi rekɔ no, wubeyi nnipa.”+ 11 Enti wɔsan de akorow no baa asaase so, na wogyaw biribiara hɔ kodii Yesu akyi.+

12 Bere foforo a ɔwɔ nkurow no baako mu no, hwɛ! ná ɔbarima bi wɔ hɔ a kwata ayɛ ne ho nyinaa!* Bere a ohuu Yesu no, ɔde n’anim butuw fam srɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ a, wubetumi asa me yare.”*+ 13 Enti, ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na ɔkae sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”* Na amonom hɔ ara, ne kwata no tu yerae.+ 14 Ɛnna ɔhyɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara. Ɔka kaa ho sɛ: “Mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo no, na esiane sɛ wo ho atɔ wo nti,* fa afɔrebɔde a Mose kyerɛe no+ ma asɔfo no, na ayɛ adanse ama wɔn.”+ 15 Nanso Yesu ho asɛm trɛwee pii, na nnipadɔm pii bae sɛ wɔrebetie no na wasa wɔn yare.+ 16 Nso, ná ɔtaa kɔ baabi a atew ne ho kɔbɔ mpae.

17 Ɛda bi a na ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmarakyerɛfo a wofi nkuraa a ɛwowɔ Galilea ne Yudea ne Yerusalem nyinaa ase aba no tete hɔ, na na Yehowa* tumi wɔ no so a ɔde bɛsa yare.+ 18 Na hwɛ! ná mmarima bi so obubuafo bi a ɔda kɛtɛ so, na na wɔrehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so de no abɛto Yesu anim.+ 19 Nnipadɔm no nti, wɔannya kwan amfa no amma mu. Enti wɔforo kɔɔ ɔdan no atifi, na wogyaagyaa ɔne kɛtɛ no mu faa dan no soro bɛtoo Yesu anim.* 20 Bere a Yesu huu wɔn gyidi no, ɔkae sɛ: “Ɔbarima, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 21 Ɛnna akyerɛwfo ne Farisifo no fii ase kekae sɛ: “Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Obiara nni hɔ a obetumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn.”+ 22 Bere a Yesu huu wɔn adwene no, obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na moresusuw ho wɔ mo koma mu yi? 23 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ́ wɔbɛka sɛ: ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ: ‘Sɔre na nantew’? 24 Nanso nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti—” ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Mise wo sɛ, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi.”+ 25 Ɛnna obubuafo no sɔre gyinaa wɔn anim, na ɔfaa nea na ɔda so no. Afei ɔkɔɔ ne fi, na ɔrekɔ nyinaa, na ɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam. 26 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa, na wofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Ehu kaa wɔn ma wɔkae sɛ: “Ɛnnɛ de, yɛahu anwonwade!”

27 Eyi akyi no, opue kohuu obi a ogyigye tow a wɔfrɛ no Lewi sɛ ɔte baabi a wogyigye tow, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bedi m’akyi.”+ 28 Ɛnna ogyaw biribiara hɔ, na ɔsɔre dii n’akyi. 29 Afei nso, Lewi tow pon kɛse bi wɔ ne fi maa no, na na wɔn a wogyigye tow no bebree ne nnipa foforo ka wɔn ho ne wɔn redidi.*+ 30 Enti Farisifo ne wɔn akyerɛwfo no fii ase nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Adɛn nti na mo ne wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo didi na monom?”+ 31 Yesu buaa wɔn sɛ: “Wɔn a wɔte apɔw no nhia ɔyaresafo; wɔn a wɔyare mmom na wohia.+ 32 Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo. Mmom mebae sɛ merebɛfrɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”+

33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yohane asuafo no taa yɛ akɔnkyen,* na wɔbɔ mpae, na Farisifo asuafo nso yɛ saa ara, nanso w’asuafo de, wodidi, na wɔnom.”+ 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Bere a ayeforokunu no wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, mubetumi ama ne nnamfonom no ayɛ akɔnkyen anaa? 35 Bere bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu+ no afi wɔn nkyɛn, saa bere no na wɔbɛyɛ akɔnkyen.”+

36 Afei, ɔmaa wɔn mfatoho bi sɛ: “Obiara nni hɔ a obetwa ntama foforo de atare ataade dedaw mu. Sɛ ɔyɛ saa a, ataade foforo no bɛtew, na foforo no bɛyɛ soronko wɔ dedaw no ho.+ 37 Bio nso, obiara nni hɔ a ɔde bobesa foforo gu nsã kotoku dedaw mu. Sɛ ɔyɛ saa a, bobesa foforo no bɛpae nsã kotoku no ama bobesa no ahwie agu, na nsã kotoku no bɛsɛe. 38 Mmom ɛsɛ sɛ wɔde bobesa foforo gu nsã* kotoku foforo mu. 39 Obiara a wanom bobesa dedaw no mpɛ bobesa foforo, efisɛ ɔka sɛ, ‘Dedaw no na eye.’”

6 Bere bi, na ɔnam hwiit* afuw mu homeda, na n’asuafo no tetew* hwiit mmɛtem no bi,+ na wɔposae wɔ wɔn nsam+ wee. 2 Ɛnna Farisifo no bi bisae sɛ: “Adɛn nti na moreyɛ nea mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda+ yi?” 3 Na Yesu buaa wɔn sɛ: “Nea Dawid yɛe bere a ɔkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no, monkenkanee da?+ 4 Dawid kɔɔ Onyankopɔn fi, na okogyee paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim* no; odii bi, na ɔde bi maa mmarima a wɔka ne ho no. Ná mmara mma kwan sɛ obiara di bi, gye asɔfo no nko ara.+ Saa asɛm no, monkenkanee da?” 5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onipa Ba no ne Homeda Wura.”+

6 Bere a homeda+ foforo dui no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ofii ase kyerɛkyerɛe. Ná onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awu.*+ 7 Na akyerɛwfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu komm sɛ ebia ɔbɛsa yare Homeda no anaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfa kwan bi so abɔ no sobo. 8 Ná Yesu nim wɔn adwene,+ enti ɔka kyerɛɛ onipa a ne nsa awu* no sɛ: “Sɔre gyina mfinimfini hɔ.” Na ɔsɔre gyinaa hɔ. 9 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merebisa mo, ɛdɛn na mmara ma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda, adepa anaa adebɔne? Sɛ́ wobegye obi nkwa* anaa wobekum obi?”+ 10 Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa hyiae. Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Teɛ wo nsa.” Ɔyɛɛ saa, na ne nsa no san yɛɛ yiye. 11 Nanso akyerɛwfo ne Farisifo no bo fuwii denneennen, na wɔkɔbɔɔ pɔw hwɛɛ nea wɔde bɛyɛ Yesu.

12 Saa bere no, ɛda bi, opue kɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae,+ na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae anadwo no nyinaa.+ 13 Na ade kyee no, ɔfrɛɛ n’asuafo no baa ne nkyɛn, na ɔpaw wɔn mu 12, na ɔsan frɛɛ wɔn asomafo. Wɔn din ni:+ 14 Simon, a ɔsan frɛɛ no Petro, ne ne nua Andrea, ne Yakobo ne Yohane, ne Filipo+ ne Bartolomeo, 15 Mateo ne Toma,+ ne Alfeo ba Yakobo, ne Simon a wɔfrɛ no “nsiyɛfo no,” 16 Yakobo ba Yuda, ne Yuda Iskariot a akyiri yi oyii no mae no.*

17 Na ɔne wɔn sian begyinaa baabi a ɛhɔ da so, na n’asuafo pii, ne nnipadɔm kɛse a wofi Yudea ne Yerusalem, ne Tiro ne Sidon mpoano nyinaa, bae sɛ wɔrebetie no na wasa wɔn yare. 18 Wɔn a ahonhom fĩ haw wɔn mpo, ɔsaa wɔn yare. 19 Ná nnipadɔm no nyinaa pɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka no, efisɛ na tumi fi ne mu ba,+ na ɛsaa wɔn nyinaa yare.

20 Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ n’asuafo no, na ofii ase kae sɛ:

“Anigye ne mo a moyɛ ahiafo, efisɛ mo na Onyankopɔn Ahenni no yɛ mo dea.+

21 “Anigye ne mo a seesei ɔkɔm de mo, efisɛ mobɛmee.+

“Anigye ne mo a seesei moresu, efisɛ mobɛserew.+

22 “Anigye ne mo, bere biara a nnipa bɛtan mo,+ na wɔapam mo afi wɔn mu,+ na wɔayeyaw mo, na wɔasɛe mo din* aka sɛ moyɛ nnebɔneyɛfo, onipa Ba no nti. 23 Momma mo ani nnye saa da no na munni ahurusi, na hwɛ! mo akatua so wɔ soro, efisɛ saa nneɛma no ara bi na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifo no.+

24 “Na mo a moyɛ asikafo no, munnue,+ efisɛ moanya mo awerɛkyekye nyinaa dedaw.+

25 “Mo a seesei moamee no, munnue, efisɛ ɔkɔm bɛde mo.

“Mo a seesei moreserew no, munnue, efisɛ mo werɛ bɛhow na moasu.+

26 “Sɛ nnipa nyinaa ka mo ho asɛmpa a, munnue,+ efisɛ saa ara na wɔn agyanom de yɛɛ atoro adiyifo no.

27 “Nanso mo a moretie yi, mereka akyerɛ mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa;+ 28 monkɔ so nhyira wɔn a wɔdome mo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔyeyaw mo.+ 29 Sɛ obi bɔ w’aso baako mu a, dan baako no nso ma no; na sɛ obi fa w’ataade nguguso a, fa ataade a ɛwɔ ase no nso ka ho ma no.+ 30 Obiara a obisa wo biribi no, fa ma no,+ na nea wafa wo nneɛma no, nka nkyerɛ no sɛ ɔnsan mfa mma wo.

31 “Afei nso, sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.+

32 “Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, mfaso bɛn na ɛwɔ so ma mo? Abɔnefo mpo dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn.+ 33 Na sɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no na moyɛ wɔn papa a, mfaso bɛn na ɛwɔ so ma mo? Abɔnefo mpo yɛ saa ara. 34 Afei nso, sɛ mode bosea* rema nkurɔfo, na mode ma wɔn a mohwɛ a wɔbɛsan atua ama mo a, mfaso bɛn na mubenya?+ Abɔnefo mpo ma abɔnefo bosea sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo, na monyɛ papa. Na sɛ mode bosea rema nkurɔfo a, mommfa mo ani nnto so sɛ mo nsa bɛsan aka.+ Moyɛ saa a, mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma, efisɛ ɔda ayamye adi kyerɛ bonniayɛfo ne abɔnefo.+ 36 Monkɔ so nhu nnipa mmɔbɔ sɛnea mo Agya hu nnipa mmɔbɔ+ no.

37 “Bio nso, munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn, na wɔremmu mo atɛn da.+ Munnyae sɛ mokasa tia nkurɔfo,* na nkurɔfo renkasa ntia mo* da. Monkɔ so mfa bɔne nkyɛ, na wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo.+ 38 Monkɔ so mma, na nkurɔfo bɛma mo.+ Wɔbɛhyɛ susukuruwa ma, amia so, awosow no ama abu so, na wɔde agu mo ntama mu. Efisɛ ade a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”

39 Ɔsan maa wɔn mfatoho bi sɛ: “Onifuraefo betumi akyerɛ onifuraefo kwan anaa? Anka wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu, ɛnte saa?+ 40 Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na obiara a wɔakyerɛkyerɛ no yiye no bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo. 41 Adɛn nti na wohwɛ ntɛtɛwa a ɛda wo nua aniwa so, na wunhu dua* a ɛda w’ankasa aniwa so?+ 42 Wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ: ‘Me nua, ma minyi ntɛtɛwa a ɛda w’aniwa so yi mma wo,’ bere a wunhu dua* a ɛda w’ankasa aniwa so? Nyaatwomni! Di kan yi dua* no fi w’ankasa aniwa so; ɛno bɛma woahu ade yiye na woayi ntɛtɛwa no afi wo nua aniwa so.

43 “Na dua pa biara nsow aba bɔne, na dua bɔne biara nsow aba pa.+ 44 Dua biara aba na wɔde hu dua ko.+ Nkurɔfo ntetew borɔdɔma mfi nsɔe so, na wontwa bobe mfi nsɔe so, ɛnte saa? 45 Nneɛma pa a onipa pa de asie ne koma mu no, ɛno bi na oyi pue, na onipabɔnefo nso, nneɛma bɔne a ɔde asie no, ɛno bi na oyi ba; efisɛ nea ayɛ onipa koma ma aboro so no, ɛno na n’ano ka.+

46 “Adɛn nti na mofrɛ me ‘Awurade! Awurade!’ nanso monyɛ nea meka?+ 47 Obiara a ɔba me nkyɛn, na ɔte me nsɛm, na ɔde yɛ adwuma no, mɛkyerɛ mo nea ɔsɛ no:+ 48 Ɔte sɛ ɔbarima bi a ɔresi ɔdan, a otutuu fam kɔɔ akyiri na ɔtoo fapem wɔ ɔbotan so. Enti bere a nsu yirii no, ɛbɛbɔɔ ɔdan no nanso antumi anwosow no, efisɛ osii no yiye.+ 49 Nanso, nea ɔte me nsɛm na ɔmfa nyɛ adwuma no,+ ɔte sɛ ɔbarima bi a osii ɔdan sii asaase so a wanto fapem. Na nsu yiri bɛbɔɔ ɔdan no, na ebubui ntɛm ara, na ɔdan no sɛee koraa.”

7 Bere a ɔkaa ne nsɛm no nyinaa kyerɛɛ nkurɔfo no wiei no, ɔkɔɔ Kapernaum. 2 Ná ɔsraani panyin bi wɔ akoa bi a ɔdɔ no paa. Ná akoa no yare denneennen a ɔreyɛ awu.+ 3 Enti bere a ɔsraani panyin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo bi sɛ wɔnkɔsrɛ no mma ɔmmɛsa n’akoa no yare. 4 Enti wɔbaa Yesu nkyɛn, na wofii ase srɛɛ no denneennen sɛ: “Ɔfata sɛ woyɛ eyi ma no, 5 efisɛ ɔdɔ yɛn man no, na ɔno ankasa na osii yɛn hyiadan no.” 6 Enti Yesu ne wɔn kɔe. Na bere a ɔreyɛ adu ofie hɔ no, na ɔsraani panyin no adi kan asoma ne nnamfo sɛ wɔmmɛka nkyerɛ no sɛ: “Owura, nhaw wo ho, na memfata sɛ woba me fi.+ 7 Ɛno nti, mansusuw sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn. Wo de, ka biribi ma m’akoa no ho ntɔ no. 8 Efisɛ me nso mehyɛ obi ase, na mewɔ asraafo hyɛ m’ase. Meka kyerɛ oyi sɛ, ‘Kɔ!’ na ɔkɔ, na meka kyerɛ ɔfoforo sɛ ‘Bra!’ na waba, na meka kyerɛ m’akoa sɛ, ‘Yɛ eyi!’ na wayɛ.” 9 Bere a Yesu tee eyi no, ɔbarima no ho yɛɛ no nwonwa. Na Yesu dan n’ani kyerɛɛ nnipadɔm a wodi n’akyi no kae sɛ: “Mereka akyerɛ mo sɛ, minhuu gyidi a ɛso saa wɔ Israel mpo.”+ 10 Bere a wɔn a wɔsomaa wɔn no san wɔn akyi kɔɔ fie no, wokohui sɛ akoa no ho atɔ no.+

11 Eyi akyi pɛɛ no, ɔkɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu, na na n’asuafo no ne nnipadɔm kɛse bi ka ne ho. 12 Bere a ɔbɛn kurow no pon ano no, hwɛ! ná nkurɔfo so ɔbarima bi a wawu de no repue afi kurow no mu. Ná ɔbarima no yɛ ne maame ba baako pɛ,*+ na na maame no yɛ okunafo. Ná nnipadɔm kɛse bi a wofi kurow no mu nso ka maame no ho. 13 Bere a Awurade huu maame no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Gyae su.”+ 14 Enti Yesu bɛn wɔn, na ɔde ne nsa kaa ade a funu no da so no. Na wɔn a ɛso wɔn no gyinae. Ɛnna ɔkae sɛ: “Aberante, mise wo sɛ, sɔre!”+ 15 Na aberante a wawu no sɔre tenaa ase, na ofii ase kasae, na Yesu de no maa ne maame.+ 16 Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: “Wɔama odiyifo kɛse bi so wɔ yɛn mu.”+ Wɔka kaa ho sɛ: “Onyankopɔn atwa n’ani abɛhwɛ ne nkurɔfo.”+ 17 Na ne ho asɛm yi trɛw kɔɔ Yudea nyinaa ne nkurow a atwa ho ahyia nyinaa mu.

18 Na Yohane asuafo no kɔkaa eyinom nyinaa kyerɛɛ no.+ 19 Enti Yohane frɛɛ n’asuafo no mu baanu somaa wɔn Awurade nkyɛn sɛ wonkobisa no sɛ: “Wone Nea Ɔreba no,+ anaasɛ yɛnhwɛ obi foforo kwan?” 20 Bere a mmarima no koduu Yesu nkyɛn no, wɔkae sɛ: “Yohane Suboni asoma yɛn sɛ yemmebisa wo sɛ, ‘Wone Nea Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforo kwan?’” 21 Saa bere no ara mu, ɔsaa wɔn a wɔn yare mu yɛ den ne wɔn a wɔn yare mu nyɛ den nyinaa yare,+ na ɔsaa wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nso yare, na ɔdom anifuraefo pii ma wohuu ade. 22 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ: Seesei anifuraefo hu ade,+ mmubuafo nantew, akwatafo nya ayaresa,* wɔn a wɔn aso asiw te asɛm,+ wonyan awufo, na wɔka asɛmpa no kyerɛ ahiafo.+ 23 Anigye ne obiara a mentoo no hintidua.”+

24 Bere a wɔn a Yohane somaa wɔn no kɔe no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Dɛn na mokɔɔ sare so kɔhwɛe? Demmire* a mframa rewosow no anaa?+ 25 Ɛnde, dɛn na mupue kɔhwɛe? Ɔbarima a ɔhyɛ ataade pa*+ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntaade fɛfɛɛfɛ a wodi dɛw no, wɔte ahemfi. 26 Dɛn koraa na mupue kɔhwɛe? Odiyifo anaa? Yiw, ɔyɛ odiyifo, na ɔsen odiyifo mpo.+ 27 Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: ‘Hwɛ! meresoma me somafo adi w’anim, na ɔno na obesiesie kwan mu ama wo.’+ 28 Mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sen Yohane, nanso nea osua wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no yɛ kɛse sen no.”+ 29 (Bere a nkurɔfo no nyinaa ne wɔn a wogyigye tow no tee eyi no, wɔkae sɛ Onyankopɔn yɛ treneeni, efisɛ na Yohane abɔ wɔn asu.+ 30 Nanso Farisifo ne wɔn a wonim Mmara no amfa Onyankopɔn afotu* a ɔde ama wɔn no anyɛ hwee,+ esiane sɛ Yohane ammɔ wɔn asu nti.)

31 “Henanom ho na mede awo ntoatoaso yi bɛtoto, na wɔte sɛ henanom?+ 32 Wɔte sɛ mmofra nkumaa a wɔtete gua so a wɔrekeka kyerɛ wɔn ho sɛ: ‘Yɛde atɛntɛbɛn bɔɔ nnwom maa mo, nanso moansaw; yesui na yɛteɛteɛɛm, nanso moansu bi.’ 33 Saa ara nso na Yohane Suboni bae no, wannidi* na wannom nsã,*+ na mokae sɛ, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 34 Onipa Ba no aba, odidi na ɔnom, nanso moka sɛ: ‘Hwɛ! Ɔbarima didifo* ne kɔwensani, wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo adamfo!’+ 35 Nanso, nyansa nam ne mma* nyinaa so di bem.”*+

36 Na Farisini bi kɔɔ so srɛɛ no sɛ ɔne no mmedidi. Enti ɔkɔɔ Farisini no fi kɔtenaa ase didii.* 37 Na hwɛ! ɔbea bi a wonim no kurow no mu sɛ ɔdebɔneyɛfo tee sɛ Yesu redidi* wɔ Farisini no fi, na ɔde alabasta toa a ngo huamhuam wom bae.+ 38 Na obegyinaa ne nan ho wɔ n’akyi sui, na ofii ase de ne nisu fɔw ne nan ho, na ɔde ne ti nwi popae. Afei ofew ne nan ho, na ɔde ngo huamhuam no srasraa ho. 39 Bere a Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no hui no, ɔkae wɔ ne mu sɛ: “Sɛ ɔbarima yi yɛ odiyifo ampa a, anka obehu onii ko a ɔde ne nsa reka no no. Anka obehu sɛ ɔbea yi yɛ ɔdebɔneyɛfo.”+ 40 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Simon, mewɔ biribi ka kyerɛ wo.” Na ɔkae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, ka!”

41 “Mmarima baanu kɔbɔɔ bosea wɔ owura bi hɔ. Baako gyee denare* 500, ɛnna ɔfoforo no nso gyee 50. 42 Ná wonni hwee a wɔde betua ka no, enti ɔde wɔn aka no kyɛɛ wɔn korakora. Wohwɛ a, wɔn mu hena na ɔbɛdɔ owura no kɛse?” 43 Simon buaa no sɛ: “Misusuw sɛ nea ɔde pii kyɛɛ no no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woabua no yiye.” 44 Ɛnna ɔdan n’ani hwɛɛ ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Woahu ɔbea yi? Bere a mebaa wo fi no, woamma me nsu anhohoro me nan ho. Nanso ɔbea yi de ne nisu afɔw me nan ho, na ɔde ne ti nwi apopa. 45 Woamfew m’ano, nanso ɔbea yi de, efi bere a mebae no, onnyaee me nan ho few. 46 Woanhwie ngo angu me tirim, nanso ɔbea yi de, wahwie ngo huamhuam agu me nan ho. 47 Enti mereka akyerɛ wo sɛ, ɛwom sɛ ne bɔne dɔɔso* de, nanso wɔde akyɛ no.+ Ɛno nti, wakyerɛ ɔdɔ kɛse. Nanso nea wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔkyerɛ ɔdɔ kakraa bi.” 48 Afei ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 49 Na wɔn a wɔne no redidi* no fii ase kekae sɛ: “Onipa bɛn koraa ni a ɔde bɔne mpo kyɛ yi?”+ 50 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Wo gyidi agye wo nkwa;+ fa asomdwoe kɔ.”

8 Eyi akyi bere tiaa bi no, otutuu akwan kɔɔ nkurow mu ne nkuraa ase kɔkaa asɛm no, na ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa.+ Ná Dumien no ka ne ho, 2 ɛne mmea bi a na wasa wɔn yare, ne wɔn a na watu ahonhommɔne afi wɔn so. Saa mmea yi ne: Maria a wɔfrɛ no Magdalene, nea ahonhommɔne ason fii ne mu puei no, 3 ɛne Yoana,+ Herode fi so panyin Kusa yere no, ne Susana ne mmea foforo pii a na wɔde wɔn ahode resom wɔn no.+

4 Afei nnipadɔm kɛse bi bɛkaa wɔn a wɔne no kokɔɔ nkurow nkurow so no ho, na ɔde mfatoho bi kasa kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 5 “Ogufo bi kɔe sɛ ɔrekogu n’aba. Bere a ɔregu aba no, ebi koguu kwankyɛn maa nkurɔfo tiatiaa so, na ewim nnomaa bedii.+ 6 Ebi koguu ɔbotan so, na efifii, nanso esiane sɛ annya nsu nti, ewui.+ 7 Ebi koguu nsɔe mu, na nsɔe no ne no nyinii, na emiaa no.+ 8 Na ebi nso koguu asaase pa mu. Bere a efifii no, ɛsow aba mmɔho 100.”+ Bere a ɔkaa eyinom no, ɔmaa ne nne so kae sɛ: “Ma nea ɔwɔ aso a ɔde betie no ntie.”+

9 Na n’asuafo no bisaa no nea mfatoho yi kyerɛ.+ 10 Ɔkae sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm kronkron no ase, na wɔn a aka no de, mfatoho na wɔde ka kyerɛ wɔn.+ Enti wɔbɛhwɛ de, nanso wɔbɛhwɛ no kwa, na wɔbɛte de, nanso wɔrente ase.+ 11 Afei nea mfatoho no kyerɛ ni: Aba no ne Onyankopɔn asɛm.+ 12 Nea ekoguu kwankyɛn no ne wɔn a wɔte asɛm no, nanso Ɔbonsam ba beyi asɛm no fi wɔn koma mu, na wɔannye anni annya nkwa.+ 13 Nea ekoguu ɔbotan so no ne wɔn a wɔte asɛm no a wɔde anigye gye tom, nanso eyinom nni ntini. Wogye di, nanso ɛnkyɛ; edu sɔhwɛ bere a, na wɔagyae.+ 14 Nea ekoguu nsɔe mu no, eyinom ne wɔn a wɔte asɛm no, nanso asetena yi mu dadwen ne ahonyade+ ne anigye+ twetwe wɔn, na emia wɔn koraa ma enti aba a wɔsow no ntumi nnyin nwie.+ 15 Na nea ekoguu asaase pa mu no de, eyinom ne wɔn a wɔde koma pa+ a emu tew tie asɛm no, na wɔde sie wɔn koma mu, na wɔde animia sow aba.+

16 “Obiara nni hɔ a ɔsɔ kanea a, ɔde ade kata so anaasɛ ɔde si mpa ase, na mmom ɔde si kaneadua so, na ama wɔn a wɔba dan no mu no ahu hann+ no. 17 Na biribiara nni hɔ a ahintaw a ɛrenna adi, na biribiara nni hɔ a wɔde asie fee a ɛrempue na ɛremma petee mu.+ 18 Enti monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye; na obiara a ɔwɔ ntease no, Onyankopɔn bɛma no bi aka ho,+ na nea onni ntease no de, ntease kakra a osusuw sɛ ɔwɔ no mpo, Onyankopɔn begye afi ne nsam.”+

19 Afei Yesu maame ne ne nua mmarima+ baa ne nkyɛn, nanso nnipadɔm+ no nti, wɔantumi annu baabi a ɔwɔ no. 20 Na nkurɔfo kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten, na wɔpɛ sɛ wohu wo.” 21 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me maame ne me nua mmarima ne eyinom a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so no.”+

22 Da bi, ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow bi mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yentwa nkɔ ɔtare no agya.” Enti wosiim kɔe.+ 23 Na bere a wɔwɔ nsu no so no, ɔdae. Ɛnna mframa kɛse bi bɔ faa ɔtare no so, na nsu fii ase bu faa wɔn korow no so maa anka wɔreyɛ amem.+ 24 Enti wokonyan no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛrebewuwu!” Ɛnna ɔsɔree, na ɔteɛteɛɛ mframa no ne nsu a ɛrebu fa so no, na ano brɛɛ ase, na ɛyɛɛ dinn.+ 25 Afei obisaa wɔn sɛ: “Mo gyidi wɔ he?” Nanso ehu kaa wɔn, na wɔn ho dwiriw wɔn, na wobisaa wɔn ho sɛ: “Hena koraa ni? Otumi hyɛ mframa ne nsu mpo ma wotie no.”+

26 Na wɔde ɔkorow no koduu mpoano wɔ Gerasafo asaase so,+ baabi a ɛne Galilea di nhwɛanim, na wogyinae. 27 Bere a Yesu sii fam no, ɔbarima bi a ofi kurom hɔ a ahonhommɔne wɔ no so behyiaa no. Ná ɔhyɛɛ ataade akyɛ paa, na na ɔnte fie, mmom, na ɔte amusiei.*+ 28 Bere a ohuu Yesu no, ɔteɛɛm, na ɔkotow n’anim. Afei ɔde nne kɛse kae sɛ: “Dɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yesu, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba? Mesrɛ wo, nhaw me.”+ 29 (Ná Yesu aka akyerɛ honhom fĩ no sɛ omfi ɔbarima no mu. Ná honhom no taa kɔhyɛ ɔbarima no mu,+ na na wɔtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa ne ne nan, na wɔwɛn no. Nanso na ɔtetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu, na na honhommɔne no twe no kɔ baabi a obiara nni.) 30 Yesu bisaa no sɛ: “Wo din de dɛn?” Ɔkae sɛ: “Asafodɔm,” efisɛ na ahonhommɔne pii hyɛ ne mu. 31 Na wɔsrɛɛ no ara sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wommfi ne mu nnkɔ amoa donkudonku no mu.+ 32 Saa bere no, ná mprako pii+ wɔ bepɔw no so a wɔredidi. Enti wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmma wɔn kwan mma wɔnkɔhyɛ mprako no mu. Na ɔmaa wɔn kwan.+ 33 Enti ahonhommɔne no pue fii ɔbarima no mu, na wokowurawuraa mprako no mu, na mprako no de mmirika fii bepɔw no so koguu ɔtare no mu, na wowuwui. 34 Bere a wɔn a wɔhwɛ mmoa no huu nea asi no, woguan kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurow no mu ne ne nkuraase.

35 Ɛnna nkurɔfo bae sɛ wɔrebɛhwɛ nea asi. Na wɔbaa Yesu nkyɛn behuu ɔbarima a ahonhommɔne afi ne mu no sɛ ɔhyɛ ataade te Yesu nan ase a n’adwenem da hɔ, na ehu kaa wɔn. 36 Na wɔn a wohuu nea esii no kaa nea ɛyɛe a ɔbarima a ɔwɔ ahonhommɔne no ho tɔɔ no no kyerɛɛ nkurɔfo no. 37 Enti nnipadɔm a wofi Gerasafo nsaase a ɛbemmɛn hɔ no so no ka kyerɛɛ Yesu sɛ omfi wɔn nkyɛn nkɔ, efisɛ na ehu kɛse aka wɔn. Ɛnna ɔtenaa ɔkorow no mu siim sɛ ɔrekɔ. 38 Na ɔbarima a ahonhommɔne fii ne mu no kɔɔ so srɛɛ Yesu sɛ ɔne no bɛkɔ, nanso ɔmaa ɔbarima no sanee, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 39 “San kɔ fie, na kɔ so ka nea Onyankopɔn ayɛ ama wo.” Enti ofii hɔ kɔe, na ɔkaa nea Yesu ayɛ ama no no wɔ kurow no mu nyinaa.

40 Bere a Yesu san bae no, nnipadɔm no gyee no fɛw so, efisɛ na wɔn nyinaa rehwɛ no kwan.+ 41 Na hwɛ! ɔbarima bi a ne din de Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panyin bae. Na ɔkotow Yesu nan ase, na ofii ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fi,+ 42 efisɛ na ne babea baako pɛ* a wadi bɛyɛ mfe 12 reyɛ awu.

Bere a Yesu rekɔ no, nnipadɔm no kyeree no so. 43 Ná ɔbea bi wɔ hɔ a mogya atu no+ mfe 12, na na obiara ntumi nsaa no yare.+ 44 Ɔbea no faa Yesu akyi de ne nsa bɛkaa n’ataade nguguso ano,+ na amonom hɔ ara, mogya no twae. 45 Enti Yesu bisae sɛ: “Hena na ɔde ne nsa kaa me?” Obiara kae sɛ ɛnyɛ ɔno a. Ɛnna Petro kae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, nnipadɔm yi afum wo ho,* na wɔakyere wo so.”+ 46 Nanso Yesu kae sɛ: “Obi de ne nsa aka me; mahu sɛ tumi+ afi me mu kɔ.” 47 Bere a ɔbea no hui sɛ Yesu ahu no no, ɔde ahopopo bɛkotow n’anim. Na ɔkaa nea enti a ɔde ne nsa kaa no, ɛne sɛnea ne ho tɔɔ no amonom hɔ ara no wɔ nnipa no nyinaa anim. 48 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ.”+

49 Na Yesu gu so rekasa no, hyiadan mu panyin no nanmusini bi bɛkae sɛ: “Wo babea no awu; nhaw Ɔkyerɛkyerɛfo no bio.”+ 50 Bere a Yesu tee no, ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ: “Nsuro. Wo de, nya gyidi, na wo babea no benya nkwa.”+ 51 Bere a oduu fie hɔ no, wamma obiara ne no anwura hɔ gye Petro ne Yohane ne Yakobo ne abeawa no papa ne ne maame. 52 Nanso na nkurɔfo resu abeawa no, na na wɔde awerɛhow repempem wɔn koko. Enti ɔkae sɛ: “Munnyae su,+ onwui na mmom wada.”+ 53 Ɔkaa saa no, wofii ase serew no, efisɛ na wonim sɛ wawu. 54 Ɛnna osoo abeawa no nsa, na ɔkae sɛ: “Abeawa, sɔre!”+ 55 Na nkwa*+ san baa ne mu, na ntɛm ara ɔsɔree.+ Na Yesu kae sɛ wɔmma abeawa no biribi nni. 56 Na n’awofo ani gye boroo so, nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka nea asi no nnkyerɛ obiara.+

9 Na ɔfrɛɛ Dumien no hyiae, na ɔmaa wɔn ahoɔden ne tumi a wɔde betu ahonhommɔne+ nyinaa, ɛne tumi a wɔde bɛsa yare.+ 2 Ɛnna ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm na wɔnsa yare, 3 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommfa hwee nntu kwan no; mommfa poma anaa aduan kotoku, paanoo anaa sika;* mommfa ntaade+ abien nso. 4 Na baabiara a mobɛkɔ no, sɛ mokɔ ofi bi mu a, montena hɔ nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ.+ 5 Na baabiara a nnipa annye mo no, sɛ morefi kurow no mu akɔ a, momporoporow mo nan ase mfuturu mma ɛnyɛ adanse ntia wɔn.”+ 6 Na wosiim kɔfaa asaase no so, na wɔkɔɔ akuraa biara ase. Na wɔkaa asɛmpa no, na wɔsaa nyarewa wɔ baabiara.+

7 Na Herode* a ɔyɛ ɔmantam sodifo* no tee nneɛma a na ɛrekɔ so no nyinaa, na n’adwene tu frae, efisɛ na ebinom rekeka sɛ wɔanyan Yohane afi awufo mu,+ 8 na ebinom nso kae sɛ Elia na aba, ɛnna ebinom nso se tete adiyifo no mu baako na wasɔre.+ 9 Herode kae sɛ: “Matwa Yohane ti.+ Ɛnde hena na meretete ne ho asɛm sɛɛ yi?” Enti, na ɔpɛ sɛ ohu no.+

10 Bere a asomafo no san bae no, wɔkaa nneɛma a wɔayɛ nyinaa kyerɛɛ Yesu.+ Enti ɔfaa wɔn ne wɔn kɔhyɛɛ baabi a atew ne ho, wɔ kurow bi a wɔfrɛ no Betsaida+ mu. 11 Nanso bere a nnipadɔm no hui no, wodii n’akyi. Na ogyee wɔn fɛw so, na ofii ase kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔsaa wɔn a wohia ayaresa no yare.+ 12 Afei na ade resa. Ɛnna Dumien no bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Gya nnipadɔm no kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ nkuraa ne mfuw a atwa ahyia yi mu akɔpɛ dabere ne nneɛma a wobehia, efisɛ baabi a yɛwɔ yi atew ne ho.”+ 13 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momma wɔn biribi nni.”+ Ɛnna wɔkae sɛ: “Yenni hwee sɛ paanoo anum ne mpataa abien. Gye sɛ ebia yɛn ankasa kɔtɔ aduan brɛ nnipa yi nyinaa.” 14 Nea ɛte ne sɛ, na nnipa a ɛwɔ hɔ no bɛyɛ mmarima 5,000. Nanso ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma wɔntenatena ase akuwakuw; kuw biara mu nnipa nyɛ bɛyɛ 50.” 15 Na wɔyɛɛ saa maa wɔn nyinaa tenatenaa ase. 16 Ɛnna ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, na ohyiraa so. Afei obubuu mu, na ofii ase de maa asuafo no sɛ wɔmfa nsisi nnipadɔm no anim. 17 Enti wɔn nyinaa didi mee, na bere a wɔsesaw nea ɛkaa ase no, wonyaa nkɛntɛn 12.+

18 Akyiri yi, bere a ɔno nko ara rebɔ mpae no, asuafo no baa ne nkyɛn, na obisaa wɔn sɛ: “Nnipadɔm no se mene hena?”+ 19 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni, ebinom se Elia, ɛnna ebinom nso se tete adiyifo no mu baako na wasɔre.”+ 20 Afei obisaa wɔn sɛ: “Na mo nso ɛ, muse meyɛ hena?” Petro buae sɛ: “Kristo a Onyankopɔn asoma no no.”+ 21 Na ɔkaa no denneennen kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara,+ 22 na ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ onipa Ba no hu amane pii, na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no po no, na wokum no,+ na da a ɛto so abiɛsa no wɔanyan no.”+

23 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio.+ Mmom ɔmfa n’asɛndua* da biara da na onni m’akyi daa.+ 24 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔkora ne nkwa* so no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti ɔbɛhwere ne nkwa* no, ɔno na ne nsa bɛka.+ 25 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa* anaa ɔsɛe no a, mfaso bɛn paa na obenya?+ 26 Na obiara a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, sɛ onipa Ba no ba ɔne n’Agya ne abɔfo kronkron no anuonyam mu a, ne ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu.+ 27 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a, wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onyankopɔn Ahenni+ no.”

28 Ampa ara, bere a ɔkaa saa nsɛm yi akyi bɛyɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo kaa ne ho, na ɔforo kɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae.+ 29 Bere a ogu so rebɔ mpae no, n’anim sesae, na n’ataade yɛɛ hyɛnn te sɛ hann. 30 Na hwɛ! ná mmarima baanu, Mose ne Elia, ne no rekasa. 31 Mmarima baanu no de anuonyam na ɛbae, na wofii ase kaa ne nkɔe ho asɛm, nea na ɔbɛma aba mu wɔ Yerusalem no.+ 32 Ná nna wɔ Petro ne wɔn a wɔka ne ho no ani so. Bere a wɔn ani so tetew wɔn no, wohuu Yesu anuonyam+ ne mmarima baanu a wɔne no gyina hɔ no. 33 Na bere a Mose ne Elia regyaw Yesu hɔ akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, eye sɛ yɛwɔ ha. Enti ma yensi ntamadan abiɛsa, wo de baako, Mose de baako, Elia nso de baako.” Petro de, na onnim nea ɔreka. 34 Na bere a ɔreka eyinom no, omununkum bi bae, na efii ase kataa wɔn so. Bere a omununkum no kataa wɔn so no, wosuroe. 35 Na nne bi+ fi omununkum no mu bae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea mapaw no no.+ Muntie no.”+ 36 Na bere a nne no bae no, wohui sɛ aka Yesu nko ara. Na wɔyɛɛ komm, na wɔanka nea wohui yi mu biara ankyerɛ obiara wɔ saa nna no mu.+

37 Ade kyee no, wofii bepɔw no so sianee, na nnipadɔm kɛse bi behyiaa no.+ 38 Na hwɛ! ɔbarima bi fi nnipa no mu teɛɛm sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, hwɛ me babarima yi, efisɛ ɔyɛ me ba baako pɛ.+ 39 Na hwɛ! honhom bi ba no so, na ɔteɛm prɛko pɛ, na etwa no hwe fam ma osinsen, na n’ano po ahuru. Na sɛ epira no wie mpo a, ɛmpɛ sɛ efi no so. 40 Mesrɛɛ w’asuafo no sɛ wontu honhom no, nanso wɔantumi.” 41 Yesu kae sɛ: “O awo ntoatoaso+ abɔnefo* a munni gyidi, me ne mo ntena na minnya mo ho abotare nkosi da bɛn? Fa wo ba no bra ha.”+ 42 Na bere a abarimaa no rebɛn Yesu no, honhommɔne no ma otwa hwee fam, na osinsenee. Nanso Yesu kaa honhom fĩ no anim, na ɔsaa abarimaa no yare, na ɔsan de no maa ne papa. 43 Na Onyankopɔn ahoɔden kɛse a wohui no maa wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn.

Na nneɛma a na Yesu reyɛ nyinaa yɛɛ nkurɔfo no nyinaa nwonwa. Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: 44 “Monwɛn mo aso ntie saa nsɛm yi na monkae, efisɛ wobeyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa.”+ 45 Ná wɔnte n’asɛm no ase. Nokwasɛm ne sɛ, ná wɔde ahintaw wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrente ase, na na wosuro sɛ wobebisa no asɛm a ɔkae no ho biribi.

46 Na akyinnye bi sɔree wɔn mu sɛ, hena na ɔyɛ ɔkɛse wɔ wɔn mu?+ 47 Bere a Yesu huu nea wɔredwen ho wɔ wɔn koma mu no, ɔfaa abofra kumaa bi de no gyinaa ne nkyɛn, 48 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara a obegye abofra kumaa yi me din mu no, na wagye me nso; na obiara a obegye me no, na wagye Nea ɔsomaa me no nso.+ Na nea ɔyɛ ne ho akumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛse.”+

49 Na Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yehuu obi a ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛyɛe sɛ yebesiw no kwan, efisɛ ɛnyɛ yɛne no na edi w’akyi.”+ 50 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Monnyɛ sɛ mubesiw no kwan, efisɛ obiara a ɔnsɔre ntia mo no, na ɔwɔ mo afã.”

51 Bere a nna no rebɛn ama wɔafa no akɔ soro no,+ ɔde sii n’ani so denneennen sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52 Enti ɔsomaa nnipa dii n’anim. Na wosiim kɔɔ Samariafo akuraa bi ase sɛ wɔrekosiesie hɔ ama no. 53 Nanso wɔannye no,+ efisɛ na wasi n’adwene pi* sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 54 Bere a asuafo baanu, Yakobo ne Yohane+ huu eyi no, wɔkae sɛ: “Awurade, wopɛ sɛ yɛka ma ogya fi soro bɛhyew wɔn ase anaa?”+ 55 Nanso ɔdan ne ho, na ɔkaa wɔn anim. 56 Ɛno nti, wɔkɔɔ akuraa foforo ase.

57 Bere a wɔnam kwan so rekɔ no, obi ka kyerɛɛ no sɛ: “Baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.” 58 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakraman* wɔ abon, na ewim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa Ba no de, onni baabi a ɔde ne ti to.”+ 59 Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforo sɛ: “Di m’akyi.” Ɔbarima no kae sɛ: “Awurade, ma me kwan ma minkosie me papa ansa.”+ 60 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma awufo nsie wɔn awufo,+ na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm wɔ baabiara.”+ 61 Na obi foforo nso kae sɛ: “Awurade, medi w’akyi, nanso ma me kwan ma menkɔkra me fifo ansa.” 62 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara a ɔde ne nsa so dade a wɔde funtum asaase mu na ɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ n’akyi+ no, ɔmfata sɛ ɔkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+

10 Eyinom akyi no, Awurade paw asuafo 70 foforo, na ɔsomaa wɔn baanu baanu+ dii n’anim kɔɔ kurow biara ne baabiara a na ɔno ankasa rebɛkɔ no. 2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea ɛwom ne sɛ, afuw no mu nnɔbae a ɛsɛ sɛ wotwa no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ afuw Wura no, na ɔnsoma adwumayɛfo mmetwa ne nnɔbae no bi.+ 3 Monkɔ! Hwɛ! meresoma mo sɛ nguan mma akɔ mpataku mu.+ 4 Mommfa sika kotoku, anaa aduan bɔtɔ, anaa mpaboa,+ na munnkyia obiara* wɔ kwan so. 5 Baabiara a mubewura ofi bi mu no, munni kan nka sɛ, ‘Asomdwoe mmra ofi yi so.’+ 6 Sɛ obi a ɔmpɛ asomdwoe wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛsan aba mo so. Na sɛ obi a ɔpɛ asomdwoe* wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛtena no so. 7 Enti montena saa ofi no mu,+ na nea wɔde bɛma mo no, munni na monnom,+ efisɛ odwumayɛni akatua sɛ no.+ Munntu mmfi ofie baako mu nnkɔ ofie foforo mu.

8 “Afei nso, kurow biara a mubewura mu no, sɛ wogye mo a, munni nea wɔde besi mo anim biara; 9 monsa emu ayarefo yare, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn mo.’+ 10 Nanso kurow biara a mubewura mu no, sɛ wɔannye mo a, mumpue nkɔ n’abɔnten so, na monka sɛ: 11 ‘Mo kurow yi mu mfuturu a eguu yɛn nan ho mpo, yɛporoporow gu mo so.+ Nanso, munhu sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn.’ 12 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa da no, nea ɛbɛto saa kurow no, ɛbɛkyɛn Sodom.+

13 “Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ anwonwade a ɛkɔɔ so wɔ mo mu no, sɛ ɛkɔɔ so wɔ Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra afurafura awerɛhow ntama* atenatena nsõ mu dedaadaw.+ 14 Enti nea ɛbɛto mo atemmu mu no, ɛbɛkyɛn Tiro ne Sidon. 15 Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Ɔdamoa* mu na wubesian akɔ!

16 “Nea otie mo no, otie me.+ Na nea ontie mo no, ontie me nso. Afei nso, nea ontie me no, ontie Nea ɔsomaa me no nso.”+

17 Na 70 no de anigye san bae bɛkae sɛ: “Awurade, wo din+ a yɛde yɛ adwuma nti, ahonhommɔne mpo brɛ wɔn ho ase ma yɛn.” 18 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mahu sɛ Satan fi soro abɛhwe fam+ te sɛ anyinam. 19 Hwɛ! mama mo tumi a mode betiatia awɔ ne nkekantwɛre so, ne nea mode bedi ɔtamfo no tumi nyinaa so,+ na biribiara rentumi nyɛ mo. 20 Nanso munnni ahurusi sɛ ahonhom brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom munni ahurusi efisɛ wɔakyerɛw mo din wɔ soro.”+ 21 Saa bere no ara, honhom kronkron hyɛɛ Yesu ma, na n’ani gyei papaapa, na ɔkae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asaase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asie anyansafo ne animdefo+ fee, na woayi no adi akyerɛ mmofra nkumaa. O Agya, ɛyɛ ampa, efisɛ eyi ne ɔkwan a ɛsɔ w’ani.+ 22 M’Agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim onipa ko a Ɔba no yɛ, gye Agya no, na obiara nnim onipa ko a Agya no yɛ, gye Ɔba no,+ ne nea Ɔba no pɛ sɛ ɔda Agya no adi kyerɛ no no.”+

23 Afei ɔdan ne ho kyerɛɛ n’asuafo no nko ara, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Anigye ne ani a ehu nneɛma a seesei muhu yi.+ 24 Na mereka akyerɛ mo sɛ, ná adiyifo ne ahemfo bebree pɛ sɛ wohu nneɛma a seesei muhu yi, nanso wɔanhu;+ ná wɔpɛ sɛ wɔte nsɛm a mote yi, nanso wɔante.”

25 Na, hwɛ! ɔbarima bi a onim Mmara no sɔree sɛ ɔresɔ Yesu ahwɛ, na obisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, dɛn na meyɛ a menya daa nkwa?”+ 26 Yesu bisaa no sɛ: “Dɛn na wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu? Bere a wokenkanee no, wotee ase dɛn?” 27 Obuae sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn,’+ na ‘wodɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’”+ 28 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woabua no yiye; kɔ so yɛ eyi na wubenya nkwa.”+

29 Nanso, ná ɔbarima no pɛ sɛ obu ne ho bem,+ enti obisaa Yesu sɛ: “Hena paa ne me yɔnko?” 30 Yesu buae sɛ: “Ná ɔbarima bi fi Yerusalem resian akɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akorɔmfo-werɛmfo mu. Wɔworɔw ne ho ntaade bobɔɔ no, na wogyaw no hɔ kɔe a na ɔreyɛ awu. 31 Na ɛbae sɛ ɔsɔfo bi sian betwaa mu wɔ saa kwan no so, nanso bere a ohuu ɔbarima a ɔreyɛ awu no, ɔkɔfaa baabi foforo koraa. 32 Na Lewini bi nso bɛfaa hɔ, na bere a ohuu ɔbarima no, ɔno nso faa baabi foforo koraa. 33 Afei Samariani+ bi a ɔnam kwan no so retu kwan bepuee ɔbarima no so, na bere a ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. 34 Enti ɔbɛn no, na ohwiee ngo ne nsã* guu n’akuru no so, na ɔkyekyeree. Afei ɔde no tenaa n’ankasa aboa so, na ɔde no kɔɔ ahɔhodan bi mu kɔhwɛɛ no. 35 Ade kyee no, oyii denare* abien de maa onipa a ɔhwɛ ahɔhodan no so no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Hwɛ no, na ɛka biara a wobɛbɔ aka ho no, mesan ba a metua ama wo.’ 36 Nnipa baasa yi, wɔn mu hena na wususuw sɛ ɔde ne nneyɛe kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔbarima a ɔkɔtɔɔ akorɔmfo-werɛmfo mu no yɔnko?”+ 37 Ɔkae sɛ: “Nea ohuu no mmɔbɔ no.”+ Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara.”+

38 Bere a wɔnam kwan so rekɔ no, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Ɛhɔ na ɔbea bi a wɔfrɛ no Marta+ gyee no kɔɔ ne fi kɔsom no hɔho. 39 Ná saa ɔbea yi wɔ nuabea bi nso a wɔfrɛ no Maria. Na Maria tenaa Awurade nan ase, na Awurade asɛm no ara na na ɔretie. 40 Nanso Marta de, na nnwuma bebree agye n’adwene. Enti ɔbaa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, enti me nuabea no agyaw me nko ara ama mereyɛ ade yi, wunhu? Ka kyerɛ no na ɔmmɛboa me.” 41 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Marta, Marta, wudwinnwen bebree, na wode nneɛma pii haw wo ho. 42 Nanso nneɛma kakraa bi na ehia, anaa baako pɛ mpo. Maria de, wapaw nea ɛyɛ papa,*+ na obiara rennye mfi ne nsam.”

11 Bere bi, na ɔwɔ baabi rebɔ mpae, na bere a owiei no, n’asuafo no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn sɛnea wɔbɔ mpae, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafo no.”

2 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Bere biara a mobɛbɔ mpae no, monka sɛ: ‘Agya, wo din ho ntew.*+ W’Ahenni mmra.+ 3 Ma yɛn aduan* da biara sɛnea yehia wɔ ɛda no mu.+ 4 Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn,+ efisɛ yɛn nso, obiara a ɔde yɛn ka no, yɛde kyɛ no.+ Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.’”+

5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛmfa no sɛ mo mu bi wɔ adamfo, ɛnna ɔkɔɔ ne nkyɛn ɔdasum kɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘M’adamfo, ma* me paanoo abiɛsa, 6 na seesei ara na m’adamfo bi fi kwan so aba me nkyɛn, na minni hwee a mede bɛma no.’ 7 Ɛnna w’adamfo no ka kyerɛɛ wo sɛ: ‘Gyae me haw. Yɛato ɔpon no mu dedaw, na me ne me mma nkumaa nyinaa adeda. Merentumi nsɔre mmɛma wo hwee.’ 8 Mereka akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ ɔyɛ n’adamfo nti na ɔbɛsɔre abɛma no biribi; mmom, guan a ɔreguan ne ho nti,+ ɔbɛsɔre abɛma no nea ohia biara. 9 Enti mereka akyerɛ mo sɛ, monkɔ so mmisa,+ na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo.+ 10 Efisɛ obiara a obisa no, ne nsa bɛka,+ na obiara a ɔhwehwɛ no, obehu, na obiara a ɔbɔ mu no, wobebue no. 11 Mo mu hena paa na ɔyɛ agya a sɛ ne ba bisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛhyɛ ne nsam na ɔremma no apataa?+ 12 Sɛ obisa no kosua nso a, ɔde akekantwɛre bɛhyɛ ne nsam anaa? 13 Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma akyɛde pa a, ɛnde mo Agya a ɔwɔ soro no nso ɛ? Ɔde honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no ama aboro so!”+

14 Akyiri yi, Yesu tuu honhommɔne bi a ɔma nkurɔfo yɛ mum fii ɔbarima bi mu.+ Bere a otuu honhommɔne no, ɔbarima a ɔyɛ mum no kasae, na ɛyɛɛ nnipadɔm no nwonwa.+ 15 Nanso wɔn mu binom kae sɛ: “Ɔde ahonhommɔne panyin Beelsebub* na etu ahonhommɔne.”+ 16 Ná ebinom nso pɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ, enti wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi a efi soro nkyerɛ wɔn.+ 17 Bere a ohuu wɔn adwene no,+ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahenni biara a ɛko tia ne ho no bɛsɛe, na ofi a ɛko tia ne ho no rennyina. 18 Enti sɛ Satan nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina? Efisɛ moka sɛ menam Beelsebub so na etu ahonhommɔne. 19 Sɛ mede Beelsebub na etu ahonhommɔne a, mo mma* de hena na etu wɔn? Eyi nti, wobebu mo atɛn. 20 Na sɛ mede Onyankopɔn nsateaa+ na etu ahonhommɔne a, ɛnde na mo ne Onyankopɔn Ahenni abɔ nsianho.*+ 21 Sɛ ɔbarima hoɔdenfo de akode hyehyɛ ne ho wɛn n’aban a, n’agyapade renyera. 22 Nanso sɛ obi a ne ho yɛ den sen no bɛtow hyɛ no so, na odi no so nkonim a, ogye n’akode a ɔde ne ho ato so no nyinaa, na ɔkyekyɛ nneɛma a ogye fii ne nkyɛn no. 23 Obiara a onni m’afã no, ɔsɔre tia me, na obiara a ɔne me mmoaboa ano no, ɔhwete.+

24 “Sɛ honhom fĩ bi fi obi mu a, ɔkɔfa asaase a ɛso awo so, na ɔhwehwɛ homebea, na sɛ wannya bi a, ɔka sɛ, ‘Mɛsan akɔ me fi a mitu fii mu no mu.’+ 25 Sɛ obedu hɔ a, ohu sɛ wɔaprapra ofi no mu asiesie mu kama. 26 Enti ɔkɔ kɔfa ahonhom ason foforo a wodi bɔne sen no ka ne ho, na wɔba mu bɛtena hɔ. Na saa onipa no awiei sɛe sen kan no.”

27 Bere a ogu so reka eyinom no, ɔbea bi fi nnipadɔm no mu teɛɛm ka kyerɛɛ no sɛ: “Anigye ne yafunu a enyinsɛn wo, ne nufu a wunumii!”+ 28 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Daabi, mmom, anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!”+

29 Bere a nnipadɔm no reboaboa wɔn ho ano no, ofii ase kae sɛ: “Awo ntoatoaso yi yɛ awo ntoatoaso abɔnefo; wɔhwehwɛ sɛnkyerɛnne. Nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye Yona sɛnkyerɛnne no.+ 30 Na sɛnea Yona+ bɛyɛɛ sɛnkyerɛnne maa Niniwefo no, saa ara na onipa Ba no nso bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama awo ntoatoaso yi. 31 Wobenyan anaafo fam hemmaa+ ne awo ntoatoaso yi mu nnipa aba atemmu no mu, na obebu wɔn fɔ, efisɛ ofi asaase ano betiee Solomon nyansa. Nanso hwɛ! nea ɔsen Solomon wɔ ha.+ 32 Nnipa a wɔwɔ Niniwe ne awo ntoatoaso yi bɛsɔre atemmu bere mu, na wobebu awo ntoatoaso yi fɔ, efisɛ asɛm a Yona kae no ma wɔsakrae.+ Nanso hwɛ! nea ɔsen Yona wɔ ha. 33 Sɛ obi sɔ kanea a, ɔmfa nsie, na ɔmfa nhyɛ kɛntɛn* ase, na mmom ɔde si kaneadua so,+ na ama wɔn a wɔba dan no mu no ahu hann no. 34 Nipadua kanea ne w’aniwa. Sɛ w’aniwa hwɛ tẽẽ* a, wo nipadua nyinaa nso hyerɛn;* nanso sɛ wowɔ ani a ɛbere ade* a, wo nipadua nso yɛ sum.+ 35 Ɛno nti monhwɛ yiye, ebia na hann a ɛwɔ mo mu no yɛ sum. 36 Enti, sɛ wo nipadua nyinaa hyerɛn na baabiara nyɛ sum a, nipadua no nyinaa bɛhyerɛn te sɛ nea kanea hyerɛn ma wunya hann no.”

37 Bere a Yesu kasa wiei no, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no mmedidi. Enti ɔkɔɔ ne fi ne no kodidii.* 38 Na bere a Farisini no hui sɛ wanhohoro ne nsa* ansa na ɔredidi no,+ ɛyɛɛ no nwonwa. 39 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Mo Farisifo, mohohoro kuruwa ne ayowa ho, na mo mu de, adifudepɛ* ne bɔne ayɛ mo ma.+ 40 Mo a munni adwene! Nea ɔyɛɛ akyi no, ɛnyɛ ɔno ara na ɔyɛɛ emu nso? 41 Na sɛ moreyɛ adɔe* a, momma emfi mo komam. Sɛ moyɛ saa a, mo ho bɛtew ade nyinaa mu. 42 Na mo Farisifo de, munnue, efisɛ muyi onunum ne akokɔbɛsa ne nhabamma* foforo biara so ntotoso du du,+ nanso Onyankopɔn atɛntrenee ne ne dɔ de, momfa nyɛ hwee! Ɛsɛ sɛ muyi ntotoso du du no, nanso ɛnsɛ sɛ mubu mo ani gu nneɛma a ehia paa no so.+ 43 Mo Farisifo, munnue, efisɛ mopɛ nkongua a ɛwɔ anim* wɔ hyiadan mu ne gua so nkyia!+ 44 Munnue, efisɛ mote sɛ ada* a nnipa nhu,*+ ada a nkurɔfo nantew so a wonnim!”

45 Ɛnna wɔn a wonim Mmara no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, sɛ woka saa a, yɛn nso woayeyaw yɛn.” 46 Na Yesu kae sɛ: “Mo a munim mmara no, mo nso munnue, efisɛ mode nnesoa a emu yɛ duru soa nnipa, nanso mo ankasa de, momfa mo nsateaa baako mpo nka nnesoa no!+

47 “Munnue, efisɛ musiesie adiyifo no adamoa,* nanso mo agyanom na ekum wɔn!+ 48 Biribiara kyerɛ sɛ munim nneɛma a mo agyanom yɛe, na mopene so, efisɛ wɔn na wokum adiyifo no,+ na mo na moresiesie wɔn adamoa.* 49 Eyi nti na Onyankopɔn nyansa nso kae sɛ: ‘Mɛsoma adiyifo ne asomafo akɔ wɔn nkyɛn, na wobekum wɔn mu binom, na wɔatan ebinom ani. 50 Ɛno nti, adiyifo mogya a wɔahwie agu fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase* no nyinaa, wobebisa afi awo ntoatoaso yi+ hɔ, 51 efi Habel mogya+ so kosi Sakaria a wokum no afɔremuka ne asɔrefi no ntam+ no mogya so.’ Yiw, mereka akyerɛ mo sɛ wobebisa afi awo ntoatoaso yi hɔ.

52 “Munnue, mo a munim Mmara no, efisɛ moagye nimdeɛ safe no afi nkurɔfo hɔ. Mo ankasa moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, musiw wɔn kwan!”+

53 Enti bere a ofii hɔ no, akyerɛwfo ne Farisifo no begyinagyinaa ne ho bebree, na wobisabisaa no nsɛm foforo pii 54 de hwɛe sɛ ɔbɛka biribi ama wɔanya no anaa.+

12 Saa bere no ara, na nnipa mpempem pii, ɛdɔm kɛse bi, aboaboa wɔn ho ano, na na wonnya baabi mpo ntu wɔn nan nsi. Bere a ɔrefi ase akasa no, odii kan ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ Farisifo mmɔkaw,* kyerɛ sɛ, wɔn nyaatwom no ho.+ 2 Na biribiara nni hɔ a wɔde asie fee a ɛrenna adi, na ahintasɛm biara nni hɔ a ɛrempue.+ 3 Enti biribiara a moka wɔ sum mu no, wɔbɛte wɔ hann mu, na nea moka gu nkurɔfo asom wɔ pia mu no, wɔbɛpae mu aka no adan atifi. 4 Bio nso, me nnamfonom,+ mereka akyerɛ mo sɛ, munnsuro wɔn a wokum nipadua, a ɛno akyi no wontumi nyɛ hwee bio no.+ 5 Na mmom mɛkyerɛ mo nea munsuro no: Munsuro Nea okum wie a, ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛtow ato Gehenna.*+ Yiw, mereka akyerɛ mo sɛ, Oyi na munsuro no.+ 6 Wɔtɔn nkasanoma anum gye nkaprɛ abien,* ɛnte saa? Nanso wɔn mu baako mpo nni hɔ a Onyankopɔn werɛ fi no.*+ 7 Na mo ti nwi mpo, wakan ne nyinaa.+ Munnsuro; mo ho hia sen nkasanoma bebree.+

8 “Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɔ me din wɔ nnipa anim no,+ onipa Ba no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfo anim.+ 9 Na obiara a ɔpo me wɔ nnipa anim no, mɛpo no wɔ Onyankopɔn abɔfo anim.+ 10 Obiara a ɔbɛka asɛm bi atia onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no, na nea ɔbɛka abususɛm atia honhom kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no.+ 11 Na sɛ wɔde mo kɔ baguafo* ne aban mpanyimfo ne atumfo anim a, munnnwinnwen sɛnea mubeyi mo ano anaa nea mobɛka ho,+ 12 na saa bere no ara, honhom kronkron bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.”+

13 Ɛnna obi fi nnipadɔm no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapade* no.” 14 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Damfo, hena na oyii me sɛ menyɛ mo temmufo anaa obi a obesiesie mo ntam?” 15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ adifudepɛ* biara ho,+ efisɛ sɛ onipa nya agyapade ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no na ɛbɛma wanya nkwa.”+ 16 Ɛno nti, ɔkaa mfatoho bi kyerɛɛ wɔn sɛ: “Osikani bi asaase sow aba pii. 17 Enti osusuw wɔ ne koma mu sɛ, ‘Dɛn na menyɛ? Seesei minni baabiara a mɛboaboa me nnɔbae ano agu.’ 18 Na ɔkae sɛ, ‘Nea mɛyɛ ni:+ Medwiriw m’adekoradan na masisi akɛse, na ɛhɔ na mɛboaboa me hwiit* ne me nneɛma pa nyinaa ano agu, 19 na mɛka akyerɛ me ho* sɛ: “Wowɔ* nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfe pii; dwudwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.”’ 20 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea, anadwo yi wɔregye wo nkwa* afi wo nsam. Afei, hena na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne dea?’+ 21 Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ agyapade ma ne ho, na ɔnyɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam no te.”+

22 Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Eyi nti, mereka akyerɛ mo sɛ, munnyae sɛ mudwinnwen mo nkwa* ho sɛ dɛn na mubedi anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ.+ 23 Efisɛ nkwa* som bo sen aduan, na nipadua sen ataade. 24 Monhwɛ nkwaakwaadabi: Wongu aba, na wontwa nnɔbae; wonni adekoradan anaa baabi a wɔde aduan gu, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan.+ Mo ho nhia pii nsen nnomaa anaa?+ 25 Mo mu hena na sɛ odwinnwen a obetumi de basafa* baako aka ne nkwa nna ho? 26 Enti sɛ muntumi nyɛ ade ketewa sɛɛ a, ɛnde adɛn nti na mudwinnwen nneɛma a aka no ho?+ 27 Monhwɛ sɛnea nhwiren* nyin: Ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntama; nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Solomon mpo, n’anuonyam nyinaa akyi no, wansiesie ne ho sɛ nhwiren yi mu baako.+ 28 Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu ogya mu no ataade a, hwɛ sɛnea ɔbɛhyɛ mo ataade aboro so, mo a mo gyidi sua! 29 Enti munnyae sɛ mohwehwɛ* nea mubedi ne nea mobɛnom, na munnyae sɛ mudwinnwen ma mo ani yɛ mo totɔtotɔ;+ 30 efisɛ eyinom nyinaa ne nneɛma a aman a ɛwɔ wiase no di akyi denneennen, na mo Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi.+ 31 Mmom, monkɔ so nhwehwɛ n’Ahenni, na wɔde saa nneɛma yi bɛka ho ama mo.+

32 “Nguankuw ketewa,+ munnsuro, efisɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde Ahenni no bɛma mo.+ 33 Montɔn nneɛma a mowɔ na monyɛ adɔe.*+ Monyɛ sika nkotoku a ɛnsɛe, kyerɛ sɛ, agyapade a ɛnsa da wɔ soro,+ baabi a ɔkorɔmfo biara rentumi mmɛn hɔ na nwewemmoa biara nsɛe no. 34 Efisɛ baabi a mo agyapade wɔ no, ɛhɔ na mo koma nso wɔ.

35 “Momfa mo adwuma ataade nhyɛ,* na monyɛ krado,+ na momma mo kanea nnɛw,+ 36 na monyɛ sɛ mmarima a wɔretwɛn wɔn wura+ a ɔrekɔware,+ na sɛ obedu na ɔbom a, wɔabue no ntɛm ara. 37 Anigye ne nkoa a wɔn wura no bɛba abehu sɛ wɔrewɛn! Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, owura no bɛhyɛ adwuma ataade,* na wama ne nkoa no atenatena adidipon ho, na waba abɛsom wɔn. 38 Sɛ owura no ba bedu anadwo,* anaasɛ ɔdasum* mpo, na ɔba behu sɛ wɔayɛ krado a, wɔn ani begye! 39 Na munhu eyi: Sɛ ofiwura nim bere pɔtee a ɔkorɔmfo bɛba a, anka ɔbɛwɛn na ɔkorɔmfo no ammebu ne fi amma mu.+ 40 Mo nso, monyɛ krado, efisɛ bere a mo ani nna no, saa bere no na onipa Ba no bɛba.”+

41 Ɛnna Petro bisaa no sɛ: “Awurade, wode mfatoho yi rema yɛn nko ara, anaa obiara nso ka ho?” 42 Na Awurade kae sɛ: “Hena koraa ne ofiehwɛfo nokwafo no, ɔbadwemma* a ne wura de no besi n’asomfo* so sɛ ɔnkɔ so mma wɔn aduan a wohia wɔ bere a ɛsɛ mu no?+ 43 Anigye ne akoa a ne wura bɛba abehu no sɛ ɔreyɛ saa! 44 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, ɔde no besi nea ɔwɔ nyinaa so. 45 Nanso sɛ saa akoa no ka wɔ ne koma mu sɛ, ‘Me wura akyɛ,’ na ofi ase hwe nkoa* no, na odidi, na ɔnom nsã na ɔbow a,+ 46 saa akoa no wura bɛba ɛda a ɔnhwɛ no kwan ne bere a onnim, na ɔbɛtwe n’aso denneennen, na ɔde no aka wɔn a wonni nokware no ho. 47 Enti akoa a onim nea ne wura pɛ, nanso wanyɛ krado anaa wanyɛ no sɛnea ne wura pɛ no, wobetwa no mmaa pii.+ 48 Na nea onnim a ɔyɛɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔhwe no no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Nokwasɛm ne sɛ, obiara a wɔama no pii no, wobebisa pii afi ne hɔ, na nea wɔde pii ahyɛ ne nsa no, wɔbɛhwehwɛ nea ɛboro so afi ne nkyɛn.+

49 “Meba bɛsɔɔ ogya wɔ asaase so, na sɛ asɔ dedaw a, dɛn bio na merepɛ? 50 Nea ɛwom ne sɛ, asubɔ bi da hɔ retwɛn me, na me ho yeraw me paa kosi sɛ wɔbɛbɔ me saa asu no awie!+ 51 Ɛyɛ mo sɛ asomdwoe na mede baa asaase so anaa? Daabi. Mereka nokware akyerɛ mo, mpaapaemu mmom na mede bae.+ 52 Na efi saa bere yi rekɔ no, mpaapaemu bɛba nnipa baanum ntam wɔ ofi baako mu; baasa bɛsɔre atia baanu, na baanu asɔre atia baasa. 53 Wɔn mu bɛpaapae: Papa bɛsɔre atia ne babarima, na ɔbabarima asɔre atia ne papa, maame bɛsɔre atia ne babea, na ɔbabea asɔre atia ne maame, asebea bɛsɔre atia n’ase, na asew asɔre atia n’asebea.”+

54 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no nso sɛ: “Sɛ muhu sɛ omununkum apue wɔ atɔe fam a, moka ntɛm ara sɛ, ‘Osu kɛse bi rebɛtɔ,’ na ɛba saa nso. 55 Na sɛ muhu sɛ anaafo fam mframa rebɔ a, moka sɛ, ‘Ahohuru bɛba,’ na ɛba mu saa. 56 Nyaatwomfo, mutumi hwɛ wim ne asaase so hu nea ebesi. Ɛnde adɛn nti na muntumi nhwɛ bere a yɛwom yi nhu nea ɛreba?+ 57 Adɛn nti na muntumi nhu nea ɛfata sɛ moyɛ? 58 Fa no sɛ wo ne obi wɔ asɛm, ɛnna morekɔ otumfo bi anim akodi asɛm no. Bere a monam kwan so rekɔ no, yere wo ho na siesie wo ne no ntam, na wantwe wo ankɔ ɔtemmufo anim, na ɔtemmufo no amfa wo anhyɛ asɛnnibea krakye no nsa, na asɛnnibea krakye no nso amfa wo ankɔto afiase.+ 59 Meka kyerɛ wo sɛ, woremfi hɔ kosi sɛ wubetua ɛka a wode no nyinaa; ɛrenka wo kaprɛ ba* mpo.”

13 Saa bere no, nnipa bi a ɛwɔ hɔ kaa sɛnea Pilato de Galileafo bi mogya fraa wɔn afɔre mu no ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 2 Ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Amane a saa Galileafo yi hui nti, mo adwene yɛ mo sɛ wɔyɛ abɔnefo sen Galileafo a aka nyinaa anaa? 3 Daabi, ɛnte saa. Sɛ moansakra a, saa ara na mo nso wɔbɛsɛe mo nyinaa.+ 4 Anaa nnipa 18 a Siloam abantenten no bu guu wɔn so kunkum wɔn no, mususuw sɛ na wɔyɛ abɔnefo sen nnipa a ɛtete Yerusalem nyinaa? 5 Daabi, ɛnte saa. Sɛ moansakra a, mo nyinaa mubewuwu te sɛ wɔn ara.”

6 Na ɔtoaa so maa mfatoho yi: “Ná ɔbarima bi wɔ borɔdɔma dua si ne bobefuw* mu, na ɔbae bɛhwɛe sɛ obenya aba wɔ so anaa, nanso wannya bi.+ 7 Enti ɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ bobefuw no so no sɛ, ‘Mfe abiɛsa ni, maba ha aba aba ara sɛ anka menya aba wɔ borɔdɔma dua yi so, nanso mannya bi. Twa kyene! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ egye asaase no bɔ so?’ 8 Ɛnna nea ɔhwɛ bobefuw no so no kae sɛ, ‘Owura, ma ensi hɔ afe baako nka ho, kosi sɛ metutu ho na mede ɔyɛ-asaase-yiye agu ase. 9 Sɛ ɛsow aba daakye a, asɛmpa; sɛ ansow a, ɛnde twa kyene.’”+

10 Ɛbae sɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan bi mu Homeda. 11 Na hwɛ! ná ɔbea bi wɔ hɔ a honhommɔne* bi ama wayare mfe 18. Ná ne mu akuntun, na na ontumi nteɛ ne mu koraa. 12 Bere a Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbea, mayi wo afi w’ahoɔmmerɛw no mu.”+ 13 Ɛnna Yesu de ne nsa guu no so, na amonom hɔ ara ne mu teɛe, na ofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. 14 Nanso hyiadan mu panyin no bo fuwii sɛ Yesu asa yare Homeda no. Enti ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma.+ Saa nna no na ɛsɛ sɛ moba ma ɔsa mo yare, na ɛnyɛ Homeda.”+ 15 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Nyaatwomfo,+ edu Homeda a, mo mu biara san ne nantwi anaa n’afurum fi buw mu de no kɔ kɔma no nsu nom,+ meboa? 16 Ɛnde, ɔbea yi a ɔyɛ Abraham babea a Satan akyekyere no mfe 18 yi, ɛmfata sɛ wɔsan no fi nkɔnsɔnkɔnsɔn yi mu Homeda anaa?” 17 Bere a ɔkaa eyinom no, n’atamfo no nyinaa ani wui, na nnipadɔm no nyinaa fii ase dii ahurusi wɔ nneɛma akɛse* a ɔyɛe no nyinaa ho.+

18 Ɛnna ɔtoaa so kae sɛ: “Onyankopɔn Ahenni te dɛn, na dɛn ho na mede bɛtoto? 19 Ɛte sɛ sinapi aba a obi fa koduae wɔ ne turo mu. Enyinii, na ɛbɛyɛɛ dua, na wim nnomaa bɛtenaa ne mmaa so.”+

20 Na ɔkae bio sɛ: “Dɛn ho na mede Onyankopɔn Ahenni bɛtoto? 21 Ɛte sɛ mmɔkaw* a ɔbea bi fae de fraa esiam susukuruwa akɛse* abiɛsa mu kosii sɛ ne nyinaa kawee.”+

22 Na otutuu akwan kɔɔ nkurow mu ne nkuraa ase kɔkyerɛkyerɛe, na ɔtoaa n’akwantu no so kɔɔ Yerusalem. 23 Afei ɔbarima bi bisaa no sɛ: “Awurade, wɔn a wobegye wɔn no yɛ kakra bi anaa?” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 24 “Monyere mo ho denneennen mfa ɔpon teateaa no mu,+ efisɛ mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa pii bɛpɛ sɛ wɔfa mu nanso wɔrentumi. 25 Na sɛ ofiwura no sɔre na ɔto pon no mu a, mubegyina abɔnten abɔ pon no mu aka sɛ, ‘Owura, bue yɛn.’+ Nanso ɔbɛka akyerɛ mo sɛ: ‘Minnim baabi a mufi.’ 26 Na mubefi ase aka sɛ, ‘Yedidii na yɛnomee wɔ w’anim, na wokyerɛkyerɛe wɔ yɛn mmɔnten so.’+ 27 Nanso ɔbɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Minnim baabi a mufi. Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ nyinaa!’ 28 Ɛhɔ na mubesu na moaka mo se asi so denneennen,* efisɛ mubehu Abraham ne Isak ne Yakob ne adiyifo no nyinaa wɔ Onyankopɔn Ahenni mu, nanso mo de, wɔbɛpam mo akɔ abɔnten.+ 29 Bio nso, nkurɔfo befi apuei ne atɔe, atifi ne anaafo aba, na wɔbɛtenatena pon ho adidi wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. 30 Na hwɛ! wɔn a wɔaka akyi no bi bɛba abedi kan, na wɔn a wodi kan no bi aka akyi.”+

31 Saa bere no ara, Farisifo bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Fi ha kɔ, efisɛ Herode pɛ sɛ okum wo.” 32 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ saa sakraman* no sɛ, ‘Hwɛ! meretu ahonhommɔne na masa yare nnɛ ne ɔkyena, na da a ɛto so abiɛsa no, na mawie.’ 33 Nanso, ɛsɛ sɛ misi kwan so nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyee, efisɛ ɛrentumi mma sɛ wobekum odiyifo wɔ baabiara, gye Yerusalem.+ 34 Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn baa wo nkyɛn no abo!+ Mayɛ biara sɛ mɛboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase no! Nanso moampɛ.+ 35 Hwɛ! Wɔagyaw mo fi ama mo.+ Mereka akyerɛ mo sɛ, morenhu me bio kosi sɛ mobɛka sɛ: ‘Nhyira ne nea ɔba wɔ Yehowa* din mu!’”+

14 Bere bi, ɔkɔɔ Farisifo mpanyimfo no baako fi Homeda sɛ ɔrekodidi, na na nnipa a ɛwɔ fie hɔ no rehwɛ no dinn. 2 Na hwɛ! ná ɔbarima bi wɔ n’anim a wahonhon. 3 Enti Yesu bisaa wɔn a wonim Mmara no ne Farisifo no sɛ: “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yare Homeda anaasɛ ɛmma kwan?”+ 4 Nanso wɔyɛɛ dinn. Enti osoo ɔbarima no mu saa no yare, na ɔma ɔkɔe. 5 Na obisaa wɔn sɛ: “Mo mu hena na sɛ ne ba anaa ne nantwi tɔ abura mu+ Homeda+ a, ɔrenyi no mfi mu ntɛm ara?” 6 Na wɔantumi anyi ano.

7 Bere a ohuu sɛnea nnipa a wɔato nsa afrɛ wɔn no rehwehwɛ baabi a edi mu atena+ no, ɔmaa wɔn mfatoho bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 8 “Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ ayeforohyia apontow ase a, nkɔtena baabi a edi mu.+ Ebia na wato nsa afrɛ obi a odi mu sen wo. 9 Ɛba saa a, nea ɔtoo nsa frɛɛ mo no bɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Sɔre ma onipa yi ntena ha.’ Afei wode aniwu befi hɔ akɔtena baabi a ɛba fam koraa. 10 Mmom sɛ wɔto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena baabi a ɛba fam koraa, na sɛ nea wato nsa afrɛ wo no ba a, waka akyerɛ wo sɛ, ‘Damfo, foro kɔ soro hɔ.’ Ɛno bɛma woanya nidi wɔ wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no nyinaa anim.+ 11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”+

12 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔtoo nsa frɛɛ no no nso sɛ: “Sɛ wotow pon awia anaa anwummere a, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafo anaa asikafo a ɛtete wo mpɔtam. Anyɛ saa a, ebia wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo, na ɛno bɛyɛ w’akatua. 13 Mmom sɛ wotow pon a, to nsa frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye, ne anifuraefo;+ 14 na w’ani begye, efisɛ wɔn de, wonni biribiara a wɔde betua wo ka. Na wubenya akatua wɔ atreneefo wusɔre+ no mu.”

15 Bere a wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no baako tee eyi no, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Anigye ne nea odidi* wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”

16 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ná onipa bi retow pon+ kɛse anwummere bi, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. 17 Bere a apontow no bere soe no, owura no somaa n’akoa sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ, ‘Yɛawie biribiara, enti mommra.’ 18 Nanso wɔn nyinaa fii ase yiyii wɔn ho ano.+ Nea odi kan no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Matɔ asaase, na ehia sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me fi mu.’ 19 Na ɔfoforo kae sɛ: ‘Matɔ anantwi du,* na merekɔhwɛ sɛnea wɔte; mesrɛ wo, yi me fi mu.’+ 20 Ɔfoforo nso kae sɛ: ‘Mewaree nkyɛe, enti merentumi mma.’ 21 Enti akoa no bɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ ne wura. Ɛnna ofiwura no bo fuwii, na ɔka kyerɛɛ n’akoa no sɛ, ‘Yɛ ntɛm, kɔ kurow no akwan ne ne mmorɔn so, na kɔfa ahiafo ne mmubuafo ne anifuraefo ne mpakye bra.’ 22 Akyiri yi, akoa no kae sɛ, ‘Owura, mayɛ nea wokae no, nanso dan no mu nyɛɛ ma.’ 23 Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ, ‘Kɔ nkurɔfo a ɛwɔ akwantempɔn ne anammɔnkwan so no nkyɛn, na wo ne wɔn nka mma wɔmmra, na ama me fi ha ayɛ ma.+ 24 Na mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mu biara nni hɔ a m’aduan no bi bɛka n’ano.’”+

25 Na ɛbae sɛ na nnipadɔm bebree ne no nam, na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 26 “Sɛ obi ba me nkyɛn na wantan* ne papa ne ne maame ne ne yere ne ne mma ne ne nua mmarima ne ne nua mmea, yiw, ne ɔno ara ne nkwa*+ mpo a, ɔrentumi nyɛ me suani.+ 27 Sɛ obi ansoa n’asɛndua,* na wanni m’akyi a, ɔrentumi nyɛ me suani.+ 28 Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi abantenten a onni kan ntena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɔde bewie? 29 Anyɛ saa a, ɔbɛto fapem no, nanso ɔrentumi nwie, na wɔn a wɔn ani tua nyinaa befi ase adi ne ho fɛw, 30 na wɔbɛka sɛ: ‘Onipa yi fii ase sii, nanso wantumi anwie.’ 31 Anaa ɔhene bɛn na sɛ ɔne ɔhene foforo rekɔko a, onni kan ntena ase nnwen ho nhwɛ sɛ obetumi de asraafo 10,000 akohyia nea ɔde 20,000 reba no so no? 32 Sɛ ohu sɛ ɔrentumi ne no nko a, ɛnde bere a ɔbaako no wɔ akyirikyiri noho no, ɔhene no soma nkurɔfo* ma wɔkɔpa ɔbaako no kyɛw sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛtena wɔn ntam. 33 Saa ara na mo nso, munhu sɛ, sɛ mo mu bi annyaw n’ahode nyinaa hɔ a, ɔrentumi nyɛ me suani.+

34 “Ɛyɛ nokware sɛ nkyene ye. Na sɛ nkyene dɛw* fi mu a, dɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene?+ 35 Wuntumi mfa mfra anwea, na wuntumi mfa mfra ɔyɛ-asaase-yiye. Wɔtow gu abɔnten. Ma nea ɔwɔ aso a ɔde betie no ntie.”+

15 Na nnipa a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo nyinaa kɔɔ so baa ne nkyɛn betiee no.+ 2 Na Farisifo ne akyerɛwfo no nyinaa kasakasae* sɛ: “Onipa yi gye nnebɔneyɛfo ba ne nkyɛn, na ɔne wɔn didi.” 3 Ɛno nti, ɔmaa wɔn mfatoho yi: 4 “Mo mu hena na ɔwɔ nguan 100, na emu baako yera a, ɔrennyaw 99 no wɔ sare so nkɔhwehwɛ nea wayera no nkosi sɛ obehu no?+ 5 Na sɛ ohu no a, ɔde no to ne kɔn ho, na n’ani gye. 6 Na odu fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfonom ne ne mpɔtamfo boa ano, na ɔka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Mommra mma yennye yɛn ani, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.’+ 7 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa ara na anigye pii bɛba ɔsoro wɔ ɔbɔnefo baako a wasakra+ ho sen atreneefo 99 a wonhia adwensakra.

8 “Anaasɛ ɔbea bɛn na ɔwɔ drakma* du, na sɛ drakma baako yera a, ɔrensɔ kanea mpra ne fi na ɔrenhwehwɛ hɔ yiye nkosi sɛ obehu? 9 Na sɛ ohu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo* ne ne mpɔtamfo boa ano, na ɔka sɛ, ‘Mommra mma yennye yɛn ani, efisɛ mahu me drakma* a ɛyerae no.’ 10 Mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔbɔnefo baako sakra a, saa ara na Onyankopɔn abɔfo ani gye.”+

11 Afei ɔkae sɛ: “Ná ɔbarima bi wɔ mma mmarima baanu. 12 Na akumaa no ka kyerɛɛ ne papa sɛ, ‘Paapa, kyɛ w’agyapade, na fa me de ma me.’ Enti ɔbarima no kyɛɛ n’agyapade mu maa wɔn. 13 Nna kakra bi akyi no, ɔba kumaa no boaboaa ne nneɛma nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ ɔman bi so wɔ akyirikyiri, na ɔkɔbɔɔ ahuhubra de sɛee n’agyapade no nyinaa wɔ hɔ. 14 Bere a ɔsɛee biribiara no, ɔkɔm kɛse bi sii ɔman no mu baabiara, na ne ho kyeree no.* 15 Na otu taree ɔman no muni bi mpo, na ɔde no kɔɔ n’asaase so ma ɔkɔhwɛɛ ne mprako.+ 16 Ná ne kɔn dɔ sɛ obedi aduan a na mprako no redi no bi, nanso obiara amma no hwee.

17 “Bere a n’ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ, ‘Me papa apaafo mpo, paanoo abu so ama wɔn mu biara, ɛnna ɔkɔm rekum me wɔ ha yi! 18 Mɛsɔre akɔ me papa nkyɛn akɔka akyerɛ no sɛ: “Paapa, mayɛ bɔne atia Onyankopɔn* ne wo. 19 Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio. Yɛ me w’apaafo no mu baako.”’ 20 Enti ɔsɔree, na ɔkɔɔ ne papa nkyɛn. Bere a ɔda so ara wɔ akyirikyiri no, ne papa huu no na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na otuu mmirika kɔyɛɛ no atuu,* na ofew n’ano. 21 Ɛnna ne ba no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Paapa, mayɛ bɔne atia Onyankopɔn* ne wo.+ Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’ 22 Na papa no ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Monyɛ ntɛm! momfa ataade tenten a edi mu paa no mmra mmɛhyɛ no, na momfa kawa* nhyɛ ne nsa, na momfa mpaboa nhyɛ ne nan. 23 Na momfa nantwi ba a wadɔ srade no mmra mmekum no, na momma yenni na yennye yɛn ani, 24 efisɛ me ba yi wui, na wasan aba nkwa mu;+ ɔyerae, na yɛahu no.’ Na wofii ase gyee wɔn ani.

25 “Saa bere no, na ne ba panyin no wɔ afuw mu, na bere a ɔreba a ɔbɛn fie no, ɔtee sɛ nnwom ne asaw rekɔ so. 26 Enti ɔfrɛɛ nkoa no baako, na obisaa no nea ɛrekɔ so. 27 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no aba, na wo papa akum nantwi ba a wadɔ srade no, efisɛ wasan aba ne nkyɛn, na ɔte apɔw.’* 28 Na ɔba panyin no bo fuwii, na wampɛ sɛ ɔkɔ fie hɔ. Na ne papa pue bae, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mu. 29 Ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ, ‘Mfe bebree ni na masom wo, na mimmuu wo mmara baako mpo so da. Nso wommaa me apɔnkye ba mpo da sɛ me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30 Nanso wo ba a ɔne tuutuufo asɛe* w’agyapade yi bae ara pɛ, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’ 31 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me ba, woatena me nkyɛn bere nyinaa, na me nneɛma nyinaa yɛ wo dea. 32 Nanso gye ara na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye na yedi ahurusi, efisɛ wo nua yi wui, na wasan aba nkwa mu; ɔyerae, na yɛahu no.’”

16 Na ɔka kyerɛɛ asuafo no nso sɛ: “Ná osikani bi wɔ ofiehwɛfo bi,* na nkurɔfo kɔkekaa ne ho nsɛm kyerɛɛ osikani no sɛ ɔyɛ n’agyapade basabasa. 2 Enti ne wura no frɛɛ no bisaa no sɛ, ‘Dɛn na meretete fa wo ho yi? Ofiehwɛ adwuma a woayɛ no, bebu ho akontaa kyerɛ me, efisɛ meremma wonhwɛ me fi no so bio.’ 3 Ɛnna ofiehwɛfo no bisaa ne ho sɛ, ‘Dɛn na menyɛ, efisɛ me wura rebegye ofiehwɛ adwuma no afi me nsam? Minni ahoɔden a mede betu fam, na mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ ade. 4 Ahãã! Mahu nea mɛyɛ, na sɛ me wura gye ofiehwɛ adwuma no fi me nsam a, nkurɔfo agye me akɔ wɔn fi.’ 5 Na ɔfrɛɛ wɔn a wɔde ne wura ka no baa ne nkyɛn mmaako mmaako, na obisaa nea odi kan no sɛ, ‘Wode me wura ka ahe?’ 6 Ɔkae sɛ, ‘Ngo susuhina* 100.’ Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛka a wode no ho krataa ni. Gye na tena ase kyerɛw 50 ntɛm ara.’ 7 Afei obisaa ɔfoforo sɛ, ‘Wo nso, wode ka ahe?’ Ɔkae sɛ, ‘Hwiit susukuruwa akɛse 100.’* Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛka a wode no ho krataa ni. Gye na kyerɛw 80.’ 8 Ɛwom sɛ ofiehwɛfo no nteɛ de, nanso ne wura no kamfoo no, efisɛ ɔde n’adwene yɛɛ adwuma.* Wiase yi* mu nnipa ani atew wɔ wɔn nkurɔfo* mu sen hann no mma.+

9 “Bio nso, mereka akyerɛ mo sɛ: Momfa ahonyade a ɛnteɛ no so nnya nnamfo,+ na sɛ ɛsa a, nnamfo no agye mo akɔ daa tenabea.+ 10 Onipa a odi ade ketewaa mu nokware no, odi pii mu nokware nso, na onipa a ɔnteɛ wɔ ade ketewaa mu no, ɔnteɛ wɔ pii mu nso. 11 Enti sɛ moanni nokware wɔ ahonyade a ɛnteɛ mu a, hena na ɔde ahonyade pa* bɛhyɛ mo nsa? 12 Na sɛ moanni nokware wɔ nea ɛyɛ nkurɔfo dea mu a, hena na ɔbɛma mo biribi a ɛbɛyɛ mo ara mo dea?+ 13 Akoa biara nni hɔ a obetumi asom awuranom baanu, efisɛ ɔbɛtan ɔbaako na wadɔ ɔbaako, anaasɛ ɔbɛbata ɔbaako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Morentumi nyɛ Onyankopɔn nkoa nsan nyɛ Ahonyade nkoa.”+

14 Saa bere no, na Farisifo a wɔyɛ sikanibere no retie eyinom nyinaa, na wofii ase serew no.+ 15 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ mo ho atreneefo wɔ nnipa anim,+ nanso Onyankopɔn nim mo koma mu.+ Na nea nnipa bu no sɛ ɛsom bo no, Onyankopɔn ani so de, ɛyɛ akyiwade.+

16 “Mmara no ne Adiyifo no tenaa hɔ besii Yohane so. Efi hɔ no, wɔreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa, na onipa biara yere ne ho sɛ ɔbɛkɔ mu.+ 17 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asaase betwam akɔ sen sɛ Mmara no mu nkyerɛwde no bi ho nsensanee baako bɛyera a ɛremma mu.+

18 “Obiara a obegyaa ne yere na waware foforo no asɛe aware, na obiara a ɔbɛware ɔbea a ne kunu agyaa no no asɛe aware.+

19 “Ná osikani bi wɔ hɔ a ɔtaa hyɛ ataade afasebiri ne nwera. Ná ɔde nneɛma akɛseakɛse gye n’ani daa. 20 Ná obi nso wɔ hɔ a ɔsrɛsrɛ ade a wɔfrɛ no Lasaro. Ná ne ho nyinaa atutu akuru, na na wɔtaa de no kɔtena osikani no abobow ano. 21 Nea na efi osikani no adidipon so gu fam no, na ne kɔn dɔ sɛ obedi bi amee. Afei nso, na nkraman mpo bɛtaforo n’akuru no mu. 22 Bere bi akyi no, nea ɔsrɛsrɛ ade no wui, na abɔfo de no kɔɔ Abraham nkyɛn.*

“Osikani no nso wui, na wosiee no. 23 Bere a ɔwɔ Ɔdamoa* mu no, na ne ho yeraw no. Na ɔmaa n’ani so huu Abraham wɔ akyirikyiri, na na Lasaro wɔ ne nkyɛn.* 24 Enti ɔteɛɛm sɛ, ‘Agya Abraham, hu me mmɔbɔ na soma Lasaro ma ɔmfa ne nsateaa ano mmɔ nsu mu na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma, efisɛ merehu amane wɔ ogya a ɛredɛw yi mu.’ 25 Ɛnna Abraham kae sɛ, ‘Ɔba, kae sɛ bere a wote ase no, wunyaa nneɛma pa a wopɛ nyinaa, na Lasaro de, nneɛma bɔne na onyae. Seesei wɔrekyekye ne werɛ wɔ ha, ɛnna wo nso worehu amane. 26 Na eyinom nyinaa akyi no, wɔde obon kɛse* ato yɛne mo ntam, enti wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha ba mo nkyɛn no ntumi, na wɔn a wɔpɛ sɛ wofi hɔ ba yɛn nkyɛn no nso ntumi.’ 27 Na ɔkae sɛ, ‘Saa na ɛte de a, ɛnde agya, mesrɛ wo, soma no ma ɔnkɔ me papa fi, 28 na mewɔ nua mmarima baanum, na onkodi wɔn adanse yiye, na wɔn nso amma ammehu amane wɔ ha.’ 29 Ɛnna Abraham kae sɛ, ‘Wɔwɔ Mose ne Adiyifo no; ma wontie wɔn.’+ 30 Na ɔkae sɛ, ‘Daabi, agya Abraham, mmom sɛ obi fi awufo mu kɔ wɔn nkyɛn a, wɔbɛsakra.’ 31 Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wɔantie Mose+ ne Adiyifo no a, ɛnde sɛ obi sɔre fi awufo mu mpo a, wɔrennye nni.’”

17 Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea ɛbɛyɛ biara, nneɛma a ɛto nnipa hintidua bɛba. Nanso, nea ɛnam no so bɛba no nnue! 2 Anka eye ma no sɛ wɔde ɔbo kɛse* bɛsɛn ne kɔn mu, na wɔakɔtow no ato po mu, sen sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako hintidua.+ 3 Monhwɛ mo ho yiye. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a, ka n’anim,+ na sɛ onu ne ho a, fa kyɛ no.+ 4 Sɛ mpo ɔyɛ wo bɔne mpɛn ason da koro, na ɔsan ba wo nkyɛn mpɛn ason bɛka sɛ, ‘Manu me ho’ a, fa kyɛ no.”+

5 Na asomafo no ka kyerɛɛ Awurade sɛ: “Ma yɛn gyidi nyɛ kɛse.”+ 6 Ɛnna Awurade kae sɛ: “Sɛ mowɔ gyidi a ne kɛse te sɛ sinapi aba a, anka mobɛka akyerɛ saa dua* yi sɛ, ‘Tutu na kosi po mu!’ na ebetie mo.+

7 “Mo mu hena na ɔwɔ akoa a ɔrefuntum asaase anaasɛ ɔrehwɛ mmoa, na sɛ ofi afuw mu ba a ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛ ntɛm bra bɛtena pon ho didi’? 8 Mmom no, ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Pɛ biribi ma minni anwummere yi, na bɔ abɔso som me kosi sɛ medidi anom awie, na ɛno akyi no, wubetumi adidi anom,’ ɛnte saa? 9 Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ nea ɔkae no anaa? Daabi. 10 Enti mo nso, sɛ moyɛ adwuma a wɔde ama mo no nyinaa wie a, monka sɛ: ‘Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn so. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no.’”+

11 Bere a ɔrekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hye so. 12 Na bere a ɔreyɛ adu akuraa bi ase no, mmarima du bi a wɔyare kwata huu no, nanso wogyinaa akyirikyiri.+ 13 Na wɔteɛɛm sɛ: “Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo, hu yɛn mmɔbɔ!” 14 Bere a ohuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfo no.”+ Na bere a wɔrekɔ no, wɔn ho tɔɔ wɔn.*+ 15 Bere a baako hui sɛ ne ho atɔ no no, ɔsan n’akyi bae, na ɔde nne kɛse hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. 16 Na ɔde n’anim butuw Yesu nan ase daa no ase. Nea ɛte ne sɛ, na ɔyɛ Samariani.+ 17 Ɛnna Yesu bisaa no sɛ: “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho tɔɔ wɔn?* Na baakron a aka no wɔ he? 18 Enti obi foforo biara ansan n’akyi ammɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ ɔbarima a ofi ɔman foforo mu yi?” 19 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre na kɔ; wo gyidi ama wo ho atɔ wo.”+

20 Na Farisifo no bisaa no bere a Onyankopɔn Ahenni bɛba.+ Na obuaa wɔn sɛ: “Onyankopɔn Ahenni no remma mma nnipa mfa wɔn ani nhu no pefee; 21 na nnipa renka nso sɛ ‘Hwɛ ha!’ anaa ‘Hwɛ hɔ!’ Na hwɛ! Onyankopɔn Ahenni no wɔ mo mfinimfini.”*+

22 Afei ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: “Bere bi bɛba a mobɛpɛ sɛ muhu onipa Ba no nna no mu baako, nanso morenhu. 23 Na nnipa bɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monhwɛ hɔ!’ anaasɛ ‘Monhwɛ ha!’ Monnkɔ, na munnni wɔn akyi.+ 24 Na sɛnea anyinam pae a, ɛhyerɛn fi ɔsoro fã bi kɔ ɔsoro fã foforo no, saa ara na onipa Ba+ no bɛyɛ wɔ ne da no mu.+ 25 Nanso nea edi kan no, ɛsɛ sɛ ohu amane bebree na awo ntoatoaso yi po no.+ 26 Bio nso, sɛnea ɛyɛe wɔ Noa nna no mu no,+ saa ara na ɛbɛyɛ wɔ onipa Ba no nna no nso mu:+ 27 na wodidii, wɔnomee, mmarima warewaree, wɔde mmea memaa aware, kosii da a Noa kɔɔ adaka no mu.+ Na Nsuyiri no ba bɛsɛee wɔn nyinaa.+ 28 Afei nso, Lot+ nna no mu no, wodidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, woduae, wosisii adan. 29 Na da a Lot fii Sodom no, ogya ne sɔfe* tɔ fii soro bɛsɛee wɔn nyinaa.+ 30 Saa ara na ɛbɛyɛ, ɛda a onipa Ba no beyi ne ho adi no.+

31 “Saa da no, mma onipa a ɔwɔ ɔdan atifi a ne nneɛma wɔ fi no nnsi fam mmmɛfa, na onipa a ɔwɔ afuw mu no, mma ɔno nso nnsan mmmɛfa nneɛma a ɛwɔ akyi no. 32 Monkae Lot yere no.+ 33 Obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔbɛkora ne nkwa* so no, ebefi ne nsa, na obiara a ɔbɛhwere ne nkwa no, ɔbɛkora so.+ 34 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa anadwo no nnipa baanu bɛda mpa baako so; wɔbɛfa baako akɔ, na wɔagyaw ɔbaako.+ 35 Mmea baanu bɛyam ade wɔ ɔbo koro so; wɔbɛfa ɔbaako akɔ na wɔagyaw ɔbaako.” 36 *—— 37 Enti wobisaa no sɛ: “Awurade, ɛhe?” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea afunu wɔ no, ɛhɔ ara nso na akɔre bɛboa wɔn ho ano.”+

18 Afei ɔtoaa so maa wɔn mfatoho bi de kyerɛe sɛ, ehia sɛ wɔbɔ mpae daa a wɔmpa abaw.+ 2 Ɔkae sɛ: “Ná ɔtemmufo bi wɔ kurow bi mu. Ná onsuro Onyankopɔn, na na ommu nnipa. 3 Ná ɔbea kunafo bi nso wɔ kurow no mu, na na ɔtaa kɔ ɔtemmufo no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ bu atɛntrenee ma me wɔ nea me ne no anya asɛm no ntam.’ 4 Ɔtemmufo no twentwɛn ne nan ase kyɛe, nanso akyiri yi, ɔkae wɔ ne tirim sɛ, ‘Ɛwom sɛ minsuro Onyankopɔn, na mimmu onipa biara de, 5 nanso, sɛnea ɔbea kunafo yi kɔ so haw me nti, mɛhwɛ ama wanya atɛntrenee, na wankɔ so amfa n’asɛm ammeguan me ho.’”+ 6 Afei Awurade kae sɛ: “Muntie nea ɔtemmufo a ɔnteɛ no mpo kae! 7 Ɛwom sɛ Onyankopɔn tɔ ne bo ase+ de, nanso munnye nni sɛ obebu atɛntrenee ama wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo+ no anaa? 8 Mereka akyerɛ mo sɛ, obebu atɛntrenee ama wɔn ntɛm. Nanso sɛ onipa Ba no ba a, obehu gyidi a ɛte saa* wɔ asaase so ampa?”

9 Afei, ebinom a na wogye wɔn ho di sɛ wɔyɛ atreneefo a na wɔmfa nnipa a aka nyɛ hwee no, ɔmaa wɔn mfatoho yi: 10 “Mmarima baanu kɔɔ asɔrefi hɔ kɔbɔɔ mpae; ɔbaako yɛ Farisini, ɛnna ɔbaako nso gyigye tow. 11 Farisini no sɔre gyinae, na ofii ase bɔɔ mpae yi wɔ ne tirim sɛ, ‘O Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no, asisifo,* wɔn a wɔnteɛ, awaresɛefo, anaa nea ogyigye tow yi mpo. 12 Nnawɔtwe biara meyɛ akɔnkyen* mprenu, na biribiara a minya no, miyi so ntotoso du du.’+ 13 Na nea ogyigye tow no de, okogyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma ne ti so hwɛ soro mpo. Na mmom, ɔbobɔɔ ne koko mpɛn pii kae sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na meyɛ ɔdebɔneyɛfo.’+ 14 Mereka akyerɛ mo sɛ, bere a ɔbarima yi kɔɔ ne fi no, Onyankopɔn buu no ɔtreneeni sen Farisini no.+ Efisɛ obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”+

15 Afei nkurɔfo de wɔn mma nketewa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn,* nanso bere a n’asuafo no hui no, wofii ase kaa wɔn anim.+ 16 Nanso, Yesu frɛɛ mmofra no baa ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea.+ 17 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a onnye Onyankopɔn Ahenni te sɛ abofra kumaa no, ɔrenkɔ mu da.”+

18 Na atumfo no baako bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 19 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ; ɔno ne Onyankopɔn.+ 20 Wunim mmara no: ‘Nsɛe aware,+ nni awu,+ mmɔ korɔn,+ nni adanse a ɛnyɛ nokware,*+ di wo papa ne wo maame ni.’”+ 21 Ɛnna ɔkae sɛ: “Madi eyinom nyinaa so fi me mmofraase.” 22 Bere a Yesu tee nea ɔkae no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aka wo ade baako: Tɔn nea wowɔ nyinaa, na kyekyɛ nea wubenya no ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ soro; na bra bedi m’akyi.”+ 23 Bere a ɔtee eyi no, ne werɛ howee paa, efisɛ na ɔwɔ sika bebree.+

24 Yesu hwɛɛ no, na ɔkae sɛ: “Monhwɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ asikafo bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!+ 25 Nokwarem no, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane a wɔde pam ade aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+ 26 Wɔn a wɔtee eyi no kae sɛ: “Ɛnde, hena paa na wobetumi agye no nkwa?”+ 27 Ɔkae sɛ: “Nea ɛrentumi nyɛ yiye wɔ nnipa fam no, Onyankopɔn fam de, ebetumi ayɛ yiye.”+ 28 Na Petro kae sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw yɛn nneɛma hɔ abedi w’akyi.”+ 29 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara nni hɔ a wagyaw ɔdan anaa ɔyere anaa nua mmarima anaa awofo anaa mma, Onyankopɔn Ahenni nti,+ 30 a ɔrennya no mmɔho pii saa bere yi, ne daa nkwa wɔ wiase* a ɛreba no mu.”+

31 Afei ɔde Dumien no kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Yɛreforo akɔ Yerusalem, na nea wɔnam adiyifo no so akyerɛw afa onipa Ba no ho nyinaa bɛba mu.+ 32 Ebi ne sɛ, wobeyi no ama amanaman mufo+ ama wɔadi ne ho agoru,+ na wɔayeyaw no, na wɔatetew ntasu agu no so.+ 33 Na sɛ wɔbɔ no mmaa wie a, wobekum no,+ na da a ɛto so abiɛsa no, obenyan.”+ 34 Nanso, wɔanhu nea nneɛma yi mu biara kyerɛ, efisɛ na wɔde nsɛm yi asie wɔn, na wɔante asɛm a Yesu kae no ase.

35 Na bere a Yesu rebɛn Yeriko no, na onifuraefo bi te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.+ 36 Ɔtee sɛ nnipadɔm bi retwam, enti ofii ase bisaa nea ɛrekɔ so. 37 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yesu, Nasaretni no na ɔretwam!” 38 Ɛnna ɔteɛɛm sɛ: “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 39 Na wɔn a wodi anim no teɛteɛɛ no sɛ ɔnyɛ komm, nanso afei koraa na ɔteɛteɛɛm kɛse sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 40 Afei Yesu gyinae, na ɔkae sɛ wɔmfa ɔbarima no mmrɛ no. Bere a oduu Yesu nkyɛn no, Yesu bisaa no sɛ: 41 “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Ɔkae sɛ: “Awurade, ma minhu ade.” 42 Enti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hu ade; wo gyidi ama wo ho atɔ wo.”+ 43 Ɛhɔ ara na ohuu ade, na ofii ase dii n’akyi,+ na ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Afei nso, bere a nkurɔfo no nyinaa hui no, woyii Onyankopɔn ayɛ.+

19 Na Yesu kɔɔ Yeriko, na na ɔnam kurow no mu. 2 Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Sakeo. Ná ɔyɛ wɔn a wogyigye tow no mpanyimfo no baako, na na ɔyɛ osikani. 3 Ná ɔpɛ sɛ ohu Yesu, nanso nnipadɔm no nti, na ontumi, efisɛ na ɔyɛ onipa tiatiaa. 4 Enti otuu mmirika dii wɔn anim kɔforoo sikamɔɔ dua* sɛnea ɛbɛyɛ a obehu Yesu, efisɛ na Yesu rebetwam afa saa kwan no so. 5 Bere a Yesu duu hɔ no, ɔmaa n’ani so hwɛɛ soro, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sakeo, yɛ ntɛm si fam, efisɛ wo fi na ɛsɛ sɛ metena nnɛ.” 6 Ɛno nti, ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ɔde anigye gyee no kɔɔ ne fi sɛ ne hɔho. 7 Na bere a nkurɔfo no hui no, wɔn nyinaa kasakasae sɛ: “Ɔbarima debɔneyɛfo yi na wakɔsoɛ ne fi.”+ 8 Na Sakeo sɔre gyinaa hɔ, na ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ: “Awurade, hwɛ! mede m’ahode fã bɛma ahiafo, na biribiara a masisi nkurɔfo agye no,* mɛbɔ ho mpɛn anan ama wɔn.”+ 9 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnnɛ, nkwagye aba fie ha, efisɛ ɔno nso yɛ Abraham ba. 10 Na onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera, na wagye wɔn.”+

11 Bere a wɔretie eyinom no, ɔsan maa mfatoho bi, efisɛ na wabɛn Yerusalem, na na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, odu hɔ pɛ, Onyankopɔn Ahenni no bɛba.+ 12 Enti ɔkae sɛ: “Ɔdehye bi tuu kwan kɔɔ asaase bi so wɔ akyirikyiri+ sɛ ɔrekɔpɛ tumi a ɔde bedi hene* na wasan aba. 13 Na ɔfrɛɛ ne nkoa du maa wɔn mmɛnnaa* du ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa nyɛ adwuma nkosi sɛ mɛba.’+ 14 Nanso na ne manfo tan no, na wɔsomaa nnipa kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛmpɛ sɛ saa ɔbarima yi di yɛn so hene.’

15 “Bere a onyaa tumi a ɔde bedi hene no,* ɔsan bae, na ɔfrɛɛ nkoa a ɔmaa wɔn sika* no sɛ wɔmmɛkyerɛ nea wɔde ayɛ adwuma anya.+ 16 Enti nea odi kan no bae, na ɔbɛkae sɛ: ‘Owura, manya mmɛnnaa du aka bɛnnaa baako a wode maa me no ho.’+ 17 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa! Esiane sɛ woadi ade ketewaa mu nokware nti, di nkurow du so tumi.’+ 18 Afei nea ɔto so abien no bɛkae sɛ, ‘Owura, manya mmɛnnaa anum aka bɛnnaa baako a wode maa me no ho.’+ 19 Ɔka kyerɛɛ oyi nso sɛ, ‘Wo nso, di nkurow anum so.’ 20 Na ɔfoforo bɛkae sɛ, ‘Owura, wo bɛnnaa a mede siee ntama mu no ni. 21 Nea ɛte ne sɛ, ná misuro wo, efisɛ woyɛ onipa a w’asɛm yɛ den; wofa nea womfa nsiei, na wutwa nea wungui.’+ 22 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne, w’ankasa w’anom asɛm so na mibu wo atɛn. Sɛ́ wunim sɛ meyɛ onipa a m’asɛm yɛ den, mefa nea memfa nsiei, na mitwa nea mingui?+ 23 Ɛnde adɛn nti na woamfa me sika* no ankɔto sikakorabea? Anka meba a, megye na magye nsiho aka ho.’

24 “Enti ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ no sɛ, ‘Munnye bɛnnaa no mfi ne nsam, na momfa mma nea ɔwɔ mmɛnnaa du no.’+ 25 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!’— 26 ‘Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔwɔ bi no, wɔbɛma no bi aka ho, na nea onni bi no, nea ɔwɔ mpo, wobegye afi ne nsam.+ 27 Bio nso, momfa m’atamfo yi a na wɔmpɛ sɛ midi wɔn so hene no mmra ha, na mummekunkum wɔn wɔ m’anim.’”

28 Bere a ɔkaa eyinom wiei no, osiim a na ɔreforo akɔ Yerusalem. 29 Na bere a ɔbɛn Betfage ne Betania a ɛwɔ bepɔw a wɔfrɛ no Ngodua Bepɔw*+ no so no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu.+ 30 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase, na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no, na momfa no mmra ha. 31 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moresan no?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no.’” 32 Enti wɔn a ɔsomaa wɔn no kɔe, na wokohuu nea ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.+ 33 Na bere a wɔresan afurum ba no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresan afurum ba no?” 34 Ɛnna wɔkae sɛ: “Awurade hia no.” 35 Na wɔde afurum ba no kɔmaa Yesu, na wɔtotow wɔn ntaade nguguso guu no so, na Yesu tenaa no so.+

36 Bere a Yesu rekɔ no, wɔde wɔn ntaade nguguso sesɛw ɔkwan no mu.+ 37 Bere a ɔbɛn ɔkwan a esian fi Ngodua Bepɔw no so pɛ, asuafo bebrebe no nyinaa fii ase dii ahurusi, na esiane anwonwade* a na wɔahu no nyinaa nti, wɔde nne kɛse yii Onyankopɔn ayɛ. 38 Wɔkae sɛ: “Nhyira ne nea ɔreba sɛ Ɔhene wɔ Yehowa* din mu! Asomdwoe wɔ soro, na anuonyam wɔ ɔsorosoro noho!”+ 39 Nanso, Farisifo bi a wɔwɔ nnipadɔm no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, ka w’asuafo no anim.”+ 40 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ eyinom mua wɔn ano mpo a, abo bɛteɛm.”

41 Na bere a ɔbɛn Yerusalem no, ɔhwɛɛ kurow no, na osuu kurow no.+ 42 Ɛnna ɔkae sɛ: “Wo, sɛ ɛnnɛ, anka wunim nea ɛbɛma woanya asomdwoe a! Nanso seesei de, wɔde asie wo.+ 43 Efisɛ bere bi bɛba a w’atamfo de nnua a ano yɛ mfeamfeaa betwa wo ho ahyia te sɛ ɔfasu, na wɔbɛka wo ahyem, na wobefi afã nyinaa abɛtow ahyɛ wo so.+ 44 Na wɔde wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu bɛhwehwe fam,+ na wɔrennyaw ɔbo a ɛda ɔbo so wɔ wo mu,+ efisɛ bere a wɔbɛhwɛɛ wo no, woanhu.”

45 Afei ɔkɔɔ asɔrefi hɔ, na ofii ase pam wɔn a wɔretɔn nneɛma no,+ 46 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fi mpaebɔ fi,’+ nanso mo de, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw.”+

47 Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe da biara wɔ asɔrefi hɔ. Nanso, na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no ne nnipa no mu atitiriw no pɛ sɛ wokum no;+ 48 nso wɔannya kwan biara a wɔbɛfa so ayɛ saa, efisɛ nnipa no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.+

20 Da koro bi a na ɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ asɔrefi hɔ a na ɔreka asɛmpa no, asɔfo mpanyin no ne akyerɛwfo ne mpanyimfo no bae, 2 na wobebisaa no sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, tumi bɛn na wode yɛ eyinom? Na hena na ɔmaa wo saa tumi yi?”+ 3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me nso, mebisa mo asɛm bi. Monka nkyerɛ me: 4 Tumi a Yohane de bɔɔ asu no, efi soro anaasɛ efi nnipa?”* 5 Ɛnna wosusuw ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Efi soro’ a, ɔbɛka sɛ, ‘Adɛn nti na moannye no anni?’ 6 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Efi nnipa’ a, nkurɔfo no nyinaa besiw yɛn abo, efisɛ wogye tom* sɛ Yohane yɛ odiyifo.”+ 7 Enti wobuae sɛ wonnim baabi a efi. 8 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde me nso, merenka tumi a mede yɛ eyinom nkyerɛ mo.”

9 Afei ofii ase yɛɛ mfatoho yi kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuw*+ de gyaw akuafo bi, na otuu kwan kodii bere tenten.+ 10 Na bere* dui no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafo no nkyɛn sɛ onkogye bobefuw no mu aba no bi mmra. Nanso akuafo no hwee no, na wɔpam no a wɔamma no hwee.+ 11 Na ɔsan somaa akoa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔno nso, wɔhwee no guu n’anim ase, na wɔpam no a wɔamma no hwee. 12 Afei ɔsan somaa nea ɔto so abiɛsa; oyi nso wopirapiraa no, na wɔpam no. 13 Enti bobefuw wura no kae sɛ, ‘Dɛn na menyɛ? Mɛsoma me ba a medɔ no no.+ Oyi de, ebia wɔbɛfɛre no.’ 14 Bere a akuafo no ani bɔɔ no so no, wofii ase susuw ho sɛ, ‘Oyi na obedi ade no. Momma yenkum no, na agyapade no bɛba abɛyɛ yɛn dea.’ 15 Ɛnna wɔtwee no fii bobefuw no mu kokum no.+ Enti dɛn na bobefuw wura no bɛyɛ wɔn? 16 Ɔbɛba abekunkum akuafo no, na ɔde bobefuw no ama nnipa foforo.”

Bere a wɔtee eyi no, wɔkae sɛ: “Ɛremma saa da!” 17 Na ɔhwɛɛ wɔn anim kae sɛ: “Ɛnde, asɛm a wɔakyerɛw sɛ: ‘Ɔbo a adansifo poe no, ɛno na abɛyɛ ntwea so bo titiriw* no,’+ dɛn na ɛkyerɛ? 18 Obiara a ɔbɛhwe saa ɔbo no so no, obebubu pasapasa.+ Na obiara a ɛbɛhwe no so de, ɛbɛyam no.”

19 Ná akyerɛwfo ne asɔfo mpanyin no pɛ sɛ wɔkyere no saa bere no ara, efisɛ wohui sɛ wɔn nti na ɔyɛɛ mfatoho yi,+ nanso na wosuro nkurɔfo no. 20 Enti wɔtetɛw no.* Afei wɔsomaa mmarima bi a na wɔabɔ wɔn paa kokoam sɛ wɔnyɛ wɔn ho sɛ atreneefo, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no,+ na wɔde no ahyɛ aban ne amrado no nsa. 21 Na wobisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yenim sɛ wo nsɛm ne wo nkyerɛkyerɛ yɛ nokware; wonhwɛ nnipa anim, na nea wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokware. 22 Mmara ma kwan* sɛ yetua tow ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”* 23 Nanso ohuu wɔn nnaadaasɛm no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 24 “Momfa denare* mmɛkyerɛ me. Hena mfoni ne ne nkyerɛwee na ɛwɔ so yi?” Wɔkae sɛ: “Kaesare dea.” 25 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, muntua Kaesare de mma Kaesare,+ na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”+ 26 Na wɔannya biribiara wɔ ne kasa mu amfa annya no wɔ nkurɔfo no anim. Mmom ne mmuae no maa wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔyɛɛ komm.

27 Nanso Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ+ no mu bi bae, na wobisaa no sɛ:+ 28 “Ɔkyerɛkyerɛfo, Mose kyerɛw maa yɛn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi nua wu gyaw ne yere na sɛ onni ba a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ne nua a wawu no yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 29 Ná anuanom baason* bi wɔ hɔ. Nea odi kan no waree, nanso owui a wanwo ba. 30 Enti nea ɔto so abien 31 ne nea ɔto so abiɛsa no waree ɔbea no bi. Baason no nyinaa yɛɛ saa ara; wowuwui a wɔannyaw mma wɔ wɔn akyi. 32 Awiei koraa no, ɔbea no nso wui. 33 Enti, owusɔre mu no, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ nnipa baason no nyinaa waree no bi.”

34 Yesu buaa wɔn sɛ: “Wiase yi* mma de, wɔware na wɔde wɔn ma aware, 35 na wɔn a wɔabu wɔn sɛ wɔfata sɛ wɔtena wiase a ɛreba no mu ne wɔn a wobenyan afi awufo mu no de, wɔrenware, na wɔremfa wɔn mma aware.+ 36 Nokwasɛm ne sɛ, wɔrentumi nwu bio, efisɛ wɔbɛyɛ sɛ abɔfo, na esiane sɛ wɔyɛ owusɔre mma nti, wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. 37 Mose mpo daa no adi sɛ awufo bɛsɔre, efisɛ nwura* no ho asɛm no mu no, ɔfrɛɛ Yehowa* sɛ ‘Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ 38 Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de, efisɛ n’ani so de, wɔn nyinaa te ase.”*+ 39 Ɛnna akyerɛwfo no bi kae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, woaka no yiye.” 40 Na wɔannya akokoduru ammisa no asɛm biara bio.

41 Afei ɔno nso bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na wɔka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?+ 42 Efisɛ Dawid ankasa kae wɔ Nnwom nhoma no mu sɛ, ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa 43 kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiaso.”’+ 44 Enti, sɛ Dawid frɛɛ no Owura a, ɛnde ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”

45 Bere a nnipa no nyinaa retie no no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: 46 “Monhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo no ho. Nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛhyɛ ntaade atenten de akyinkyin, na wɔagye nkyia wɔ gua so. Wɔpɛ nkongua a ɛwɔ anim* wɔ hyiadan mu ne mpanyimfo tenabea wɔ apontow* ase.+ 47 Wɔn na wogye* akunafo afi,* na wɔbɔ mpae atenten sɛnea nnipa behu wɔn.* Saa nkurɔfo yi benya atemmu a emu yɛ den.”*

21 Na bere a ɔmaa n’ani so no, ohui sɛ asikafo de wɔn akyɛde regu sika nnaka no mu.+ 2 Afei ohui sɛ ɔbea kunafo hiani bi de nkaprɛ mma abien* a ɛnsom bo ahe biara abegu mu,+ 3 na ɔkae sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, nea saa ɔbea kunafo hiani yi de agu mu no, ɛdɔɔso sen nea wɔn a aka no nyinaa de abegu mu no.+ 4 Efisɛ akyɛde a eyinom nyinaa de abegu mu no fi nea wɔanya ama aboro so mu, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de nea ɔde bɛhwɛ ne ho nyinaa na abegu mu.”+

5 Akyiri yi, na ebinom redi asɔrefi no ho nkɔmmɔ. Ná wɔreka sɛnea wɔde abo pa ne nneɛma a wɔahyira so* asiesie asɔrefi no ho asɛm.+ 6 Ɛnna ɔkae sɛ: “Nneɛma a muhu no seesei yi, bere bi reba a wɔrennyaw ɔbo a ɛda ɔbo so; wobedwiriw ne nyinaa agu fam.”+ 7 Na wobisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, bere bɛn koraa na eyinom bɛba mu, na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu sɛ nneɛma yi rebesisi?”+ 8 Ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye na wɔannaadaa mo,+ efisɛ nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na ‘Bere a wɔahyɛ no abɛn.’ Munnni wɔn akyi.+ 9 Bio nso, sɛ mote ɔko ne basabasayɛ* ho nsɛm a, mommmɔ hu. Efisɛ ɛsɛ sɛ eyinom di kan sisi, nanso awiei no remma wɔ hɔ ara.”+

10 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman,+ na ahenni asɔre atia ahenni.+ 11 Asaasewosow akɛse bɛba, na nsanyare a edi awu ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae;+ na nnipa behu nneɛma a ɛyɛ hu ne nsɛnkyerɛnne akɛse a efi soro.

12 “Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba no, nkurɔfo bɛkyere mo, na wɔbɛtan mo ani,+ na wɔde mo bɛkɔ hyia adan mu ne afiase. Na me din nti, wɔde mo bɛkɔ ahemfo ne amradofo anim.+ 13 Ɛbɛma moadi nkurɔfo adanse. 14 Enti, munsi pi wɔ mo koma mu sɛ morenni kan nnwinnwen nsɛm a mobɛka de ayi mo ano no ho,+ 15 na me na mɛma mo nsɛm ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa rentumi nsiw ano anaa wɔmmɔ ngu.+ 16 Bio nso, awofo ne anuanom ne abusuafo ne nnamfonom mpo beyi mo ama, na wobekum mo mu binom,+ 17 na me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo.+ 18 Nanso mo ti nwi baako mpo renyera.+ 19 Sɛ mumia mo ani gyina mu a, mubenya nkwa.*+

20 “Afei nso, sɛ muhu sɛ asraafodɔm atwa Yerusalem ho ahyia a,+ ɛnde munhu sɛ ne sɛe abɛn.+ 21 Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so,+ na momma wɔn a wɔwɔ Yerusalem no mfi mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraase no mmma kurow no mu, 22 efisɛ eyi yɛ bere a Onyankopɔn de bɛtwe nkurɔfo aso,* sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw nyinaa bɛba mu. 23 Saa bere no, mmea a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufu nnue!+ Efisɛ amanehunu* kɛse bɛba asaase no so, na abufuw aba nkurɔfo yi so. 24 Na wɔde sekan bekunkum wɔn, na wɔakyere wɔn de wɔn akɔ amanaman nyinaa mu;+ na amanaman no* betiatia Yerusalem so kosi sɛ mmere a wɔde ama* amanaman no* bɛso.+

25 “Bio nso, nsɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma so,+ na esiane ɛpo a ɛrehuru na ɛrebu fa so nti, amanaman ho bɛyeraw wɔn asaase so, na wɔrenhu nea wɔnyɛ. 26 Na ehu ne nneɛma a ɛreba asaase so no bɛma nnipa atwitwa ahwe, efisɛ wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden. 27 Na afei wobehu sɛ onipa Ba+ no nam omununkum mu de tumi ne anuonyam kɛse reba.+ 28 Na sɛ nneɛma yi fi ase sɛ ɛresisi a, monsɔre nnyina na momma mo ti so, efisɛ mo nkwagye rebɛn.”

29 Ɛnna ɔmaa wɔn mfatoho bi sɛ: “Monhwɛ borɔdɔma dua ne nnua a aka nyinaa.+ 30 Sɛ ɛfefɛw a mo ara muhu, na muhu sɛ ahohuru bere abɛn. 31 Saa ara na mo nso, sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi resisi a, munhu sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn. 32 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, saa awo ntoatoaso yi rentwam da kosi sɛ nneɛma nyinaa bɛba mu.+ 33 Ɔsoro ne asaase betwam, nanso me nsɛm de, ɛrentwam da.+

34 “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom bebrebe*+ ne asetena mu dadwen+ anhyɛ mo koma so da, na da no ammɛto mo mpofirim 35 te sɛ afiri.+ Efisɛ ɛbɛba obiara a ɔte asaase so baabiara so. 36 Enti, monkɔ so nwɛn,+ na monsrɛ bere nyinaa+ na ama moatumi aguan nneɛma a ɛsɛ sɛ esisi yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.”+

37 Enti sɛ edu anɔpa a, na Yesu kyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi hɔ, na edu anadwo a, na opue kɔda bepɔw a wɔfrɛ no Ngodua Bepɔw* no so.* 38 Ná nkurɔfo no nyinaa ba ne nkyɛn wɔ asɔrefi hɔ anɔpatutuutu betie no.

22 Afei, na Paanoo a Mmɔkaw* Nnim Afahyɛ, nea wɔfrɛ no Twam+ no rebɛn.+ 2 Ná asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no rehwehwɛ ɔkwampa a wɔbɛfa so akum no,+ efisɛ na wosuro nkurɔfo no.+ 3 Ɛnna Satan wuraa Yuda mu, nea wɔfrɛ no Iskariot a na ɔka Dumien no+ ho no, 4 na ɔkɔɔ asɔfo mpanyin no ne asɔrefi ahwɛfo no hɔ, na ɔne wɔn kɔkaa ɔkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn no+ ho asɛm. 5 Wɔn ani gyee ho paa, enti wɔpenee so sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika.+ 6 Ɛnna ogye toom, na ofii ase hwehwɛɛ bere a ɛfata a ɔde beyi no ama wɔn, bere a nnipadɔm biara nni hɔ.

7 Na da a edi kan a wodi Paanoo a Mmɔkaw Nnim no dui, ɛda a ɛsɛ sɛ wɔde Twam aboa no bɔ afɔre no.+ 8 Enti Yesu somaa Petro ne Yohane, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na munkosiesie Twam no mma yemmedi.”+ 9 Na wobisaa no sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie?” 10 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Sɛ muwura kurow no mu a, ɔbarima bi a ɔso ahina behyia mo. Munni n’akyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu.+ 11 Na monka nkyerɛ ofiwura no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfo no se yemmisa wo sɛ: “Ahɔhodan a me ne m’asuafo bedi Twam no wom no, ɛhe na ɛwɔ?”’ 12 Na ɔbarima no bɛkyerɛ mo abansoro dan kɛse bi a wɔasiesie mu. Monyɛ Twam no ho ntotoe wɔ hɔ.” 13 Enti wɔkɔe, na wokohuu nea ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔyɛɛ Twam no ho ntotoe.

14 Enti bere soe no, ɔne asomafo no kɔtenaa adidipon ho.+ 15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ paa sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahu amane; 16 na mereka akyerɛ mo sɛ, merenni bi bio kosi sɛ ɛbɛba mu wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.” 17 Ɛnna ogyee kuruwa no, na ɔdaa ase kae sɛ: “Munnye eyi, na momfa mma mo mu biara mma ɔnnom bi, 18 na mereka akyerɛ mo sɛ, efi nnɛ rekɔ, merennom bobesa bio kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba.”

19 Afei nso, ɔfaa paanoo,+ na ɔdaa ase, na obubuu mu de maa wɔn, na ɔkae sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me nipadua+ a mo nti wɔde bɛma.+ Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”+ 20 Afei ɔyɛɛ kuruwa no saa ara bere a wodii anwummere aduan no wiei no, na ɔkae sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo+ a ɛnam me mogya+ so, nea wobehwie agu ama mo+ no.

21 “Nanso hwɛ! nea obeyi me ama no ne me te ɔpon ho.*+ 22 Ampa, onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔahyɛ ato hɔ no;+ nanso, onipa a wɔnam no so beyi no ama no nnue!”+ 23 Enti wofii ase bisabisae sɛ, wɔn mu hena paa na ɔrebɛyɛ eyi.+

24 Na akasakasa bi nso sɔree wɔn mu sɛ, wɔn mu hena na ɔyɛ ɔkɛse.*+ 25 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Amanaman no ahemfo di wɔn nkurɔfo so sɛ awuranom, na awuranom a wodi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn Adɛɛfo.*+ 26 Na mo de, ɛnsɛ sɛ moyɛ saa.+ Na mmom momma nea ɔyɛ mo mu ɔkɛse no nyɛ sɛ akumaa koraa,+ na nea odi anim no nyɛ ɔsomfo. 27 Hena na ɔyɛ ɔkɛse, nea ɔredidi* anaa nea ɔresom? Ɛnyɛ nea ɔredidi* no? Na me de, mewɔ mo mu sɛ nea ɔresom.+

28 “Nanso, mo na moda so bata me ho+ wɔ me sɔhwɛ mu;+ 29 na me ne mo reyɛ ahenni ho apam,+ sɛnea m’Agya ne me ayɛ apam no, 30 na moadidi anom me pon so wɔ m’Ahenni mu,+ na moatena nhengua so+ abu Israel mmusuakuw 12 no atɛn.+

31 “Simon, Simon, hwɛ! Satan pɛ sɛ onya kwan huw mo nyinaa mo so sɛ hwiit.+ 32 Nanso masrɛ ama wo, na wo gyidi ansa.+ Na wo, sɛ wosan ba a, hyɛ wo nuanom den.”+ 33 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, mayɛ krado sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owu mu mpo.”+ 34 Nanso ɔkae sɛ: “Petro, mereka akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn nnɛ no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+

35 Afei obisaa wɔn sɛ: “Bere a mesomaa mo a moamfa sika kotoku ne aduan bɔtɔ ne mpaboa+ no, biribi hiaa mo anaa?” Wɔkae sɛ: “Daabi!” 36 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Seesei de, nea ɔwɔ sika kotoku no, ɔmfa, na nea ɔwɔ aduan bɔtɔ no nso nyɛ saa ara, na nea onni sekan no ntɔn n’ataade nguguso na ɔntɔ bi. 37 Na mereka akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ nea wɔakyerɛw yi ba mu wɔ me so sɛ, ‘Wɔkan no fraa mmaratofo.’+ Na nea wɔakyerɛw wɔ me ho no reba mu.”+ 38 Ɛnna wɔkae sɛ: “Awurade, hwɛ! sekan abien ni.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eye.”

39 Bere a opuei no, ɔkɔɔ Ngodua Bepɔw* no so sɛnea ɔtaa yɛ no, na asuafo no nso dii n’akyi.+ 40 Bere a woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”+ 41 Na ɔtwee ne ho fii wɔn ho kɔɔ anim kakra,* na obuu nkotodwe, na ofii ase bɔɔ mpae. 42 Ɔkae sɛ: “Agya, sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi fi me so. Nanso, ɛnyɛ nea mepɛ, na mmom nea wopɛ na ɛnyɛ hɔ.”+ 43 Ɛnna ɔbɔfo bi fi soro yii ne ho adi kyerɛɛ no, na ɔhyɛɛ no den.+ 44 Ná ne ho yeraw no paa, enti ɔkɔɔ so bɔɔ mpae denneennen;+ na ne ho fifiri yɛe sɛ mogya a ɛresosɔ gu fam. 45 Na bere a owiee mpaebɔ no, ɔkɔɔ asuafo no nkyɛn kohui sɛ wɔretɔ nko, efisɛ awerɛhow nti na wɔabrɛ.+ 46 Na obisaa wɔn sɛ: “Adɛn na morededa? Monsɔre na monkɔ so mmɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu.”+

47 Bere a ogu so rekasa no, hwɛ! nnipadɔm bi baa hɔ, na na Dumien no mu baako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim, na ɔbaa Yesu nkyɛn befew n’ano.+ 48 Na Yesu bisaa no sɛ: “Yuda, mfewano na wode reyi onipa Ba no ama?” 49 Bere a wɔn a wɔka ne ho no huu nea ɛrebesi no, wɔkae sɛ: “Awurade, yɛmfa sekan nkɔ wɔn so anaa?” 50 Wɔn mu baako mpo de sekan twaa ɔsɔfo panyin akoa no aso nifa fii hɔ.+ 51 Na Yesu buae sɛ: “Momma ɛnso ha yi ara.” Na ɔde ne nsa kaa n’aso no, na ɔmaa ne ho tɔɔ no. 52 Afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne asɔrefi ahwɛfo ne mpanyimfo a wɔaba rebɛfa no no sɛ: “Mode sekan ne nkontimmaa* aba sɛnea moreba ɔkorɔmfo-werɛmfo so?+ 53 Bere a na me ne mo wɔ asɔrefi hɔ daa no,+ moankyere me.+ Nanso eyi ne mo bere ne bere a esum di tumi.”+

54 Afei wɔkyeree no de no kɔe,+ na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panyin no fi, na na Petro di wɔn akyi wɔ akyiri.+ 55 Na wɔsɔɔ ogya tenatenaa ho wɔ adiwo no mfinimfini, na na Petro te wɔn mu bi.+ 56 Ɛnna abaawa bi huu no sɛ ɔte ogya no ho,* na ɔhwɛɛ no dinn kae sɛ: “Ná ɔbarima yi nso ka ne ho.” 57 Nanso wannye antom, na ɔkae sɛ: “Ɔbea, minnim no.” 58 Na bere tiaa bi akyi no, obi foforo huu no kae sɛ: “Wo nso woka wɔn ho.” Na Petro kae sɛ: “Ɔbarima, menka wɔn ho.”+ 59 Na ɛno akyi bɛyɛ dɔnhwerew baako no, ɔbarima foforo nso fii ase kaa no denneennen sɛ: “Ampa, na saa ɔbarima yi nso ka ne ho; nokwasɛm ne sɛ, ɔyɛ Galileani!” 60 Nanso Petro kae sɛ: “Ɔbarima, minnim nea woreka no.” Na ɛhɔ ara, bere a ogu so rekasa no, akokɔ bɔnee. 61 Ɛnna Awurade dan ne ho, na ɔhwɛɛ Petro anim, na Petro kaee asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn nnɛ no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.”*+ 62 Na opue kosui pii.

63 Afei mmarima a wɔkyeree Yesu no fii ase dii ne ho agoru+ bobɔɔ no;+ 64 na wɔde ade kataa n’ani, na wɔkeka kyerɛɛ no sɛ: “Wuse woyɛ odiyifo a, kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo!” 65 Na wɔkekaa abususɛm foforo pii tiaa no.

66 Bere a ade kyee no, ɔman no mpanyimfo bagua no, asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no nyinaa hyiae,+ na wɔde no kogyinaa Sanhedrin no asa so, na wɔkae sɛ: 67 “Sɛ wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn.”+ Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ meka kyerɛ mo mpo a, morennye nni da. 68 Na sɛ mibisa mo asɛm nso a, moremma me mmuae. 69 Nanso, efi saa bere yi rekɔ no, onipa Ba+ no bɛtena Onyankopɔn nsa nifa a tumi wom no so.”+ 70 Ɛnna wɔn nyinaa bisaa no sɛ: “Enti, wone Onyankopɔn Ba no?” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ankasa na moreka sɛ mene no.” 71 Na wɔkae sɛ: “Adanse foforo bɛn bio na yehia? Yɛn ankasa ate afi ɔno ara anom.”+

23 Enti nnipadɔm no nyinaa sɔree, na wɔde no kɔmaa Pilato.+ 2 Afei wofii ase bɔɔ no sobo+ sɛ: “Yɛahu sɛ saa ɔbarima yi sɔre tia aban; ɔka sɛ yenntua tow mmma Kaesare,+ na ɔka sɛ ɔno ne ɔhene+ Kristo.” 3 Afei Pilato bisaa no sɛ: “Wone Yudafo Hene no anaa?” Na obuaa no sɛ: “Wo ara na woreka.”+ 4 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin no ne nnipadɔm no sɛ: “Minhu bɔne biara wɔ ɔbarima yi ho.”+ 5 Nanso wɔkaa no denneennen sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛ wɔ Yudea nyinaa de sɛe nkurɔfo adwene; ofii ase wɔ Galilea, na ɔde abedu ha mpo.” 6 Bere a Pilato tee saa no, obisae sɛ ɔbarima no yɛ Galileani anaa. 7 Bere a ohui sɛ baabi a Herode di tumi no,+ ɛhɔ na Yesu fi no, ɔma wɔde no kɔmaa Herode a na ɔwɔ Yerusalem saa bere no.

8 Bere a Herode huu Yesu no, n’ani gyei yiye. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na watwɛn ara sɛ obehu Yesu, efisɛ na wate ne ho nsɛm pii,+ na na ɔpɛ sɛ Yesu yɛ sɛnkyerɛnne bi ma ohu. 9 Enti ofii ase bisaa Yesu nsɛm bebree, nanso wamma no mmuae biara.+ 10 Na asɔfo mpanyin no ne akyerɛwfo no sɔre gyinaa hɔ mpɛn pii, na wɔde abufuw bɔɔ no sobo. 11 Ɛnna Herode ne n’asraafo no guu n’anim ase,+ na wɔhyɛɛ no ataade fɛfɛɛfɛ dii ne ho agoru,+ na wɔsan de no kɔmaa Pilato. 12 Na Herode ne Pilato bɛyɛɛ nnamfo saa da no ara. Kan no de, na anka wɔyɛ atamfo.

13 Afei Pilato frɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo* ne ɔmanfo no hyiaam, 14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mode ɔbarima yi brɛɛ me sɛ obi a ɔma nkurɔfo no tew atua. Na hwɛ! mehwehwɛɛ n’asɛm mu wɔ mo anim, nanso manhu nnyinaso biara wɔ nea mode bɔɔ no sobo no mu.+ 15 Nokwasɛm ne sɛ, Herode nso anhu biribiara wɔ ne ho, na ɔsan de no brɛɛ yɛn. Na hwɛ! ɔnyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ owu. 16 Enti mɛtwe n’aso+ na magyaa no.” 17 *—— 18 Na nnipadɔm no nyinaa teɛɛm sɛ: “Kum saa ɔbarima yi,* na gyaa Baraba ma yɛn!”+ 19 (Saa Baraba yi, na wɔde no ato afiase, efisɛ na waboa ama nkurɔfo atew atua atia aban asan adi awu.) 20 Pilato ne wɔn kasae bio, efisɛ na ɔpɛ sɛ ogyaa Yesu.+ 21 Na wofii ase teɛteɛɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”*+ 22 Na ɔne wɔn kasae mprɛnsa so sɛ: “Adɛn? Bɔne bɛn na ɔbarima yi ayɛ? Minhu biribiara wɔ ne ho a enti ɛsɛ sɛ owu. Enti mɛtwe n’aso na magyaa no.” 23 Afei wɔde nne kɛse kɔɔ so kae sɛ onkum no,* enti wɔn nne boroo no so.*+ 24 Na Pilato kae sɛ wɔnyɛ nea wɔrehwehwɛ mma wɔn. 25 Enti ɔde ɔbarima a na nkurɔfo no pɛ sɛ ogyaa no no maa wɔn, ɔbarima a aban so atuatew ne awudi nti, na wɔde no ato afiase no. Na Yesu de, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔyɛ no nea wɔpɛ.

26 Bere a wɔde no rekɔ no, wɔkyeree Simon, Kireneni bi a ɔnam kwan so reba kurom hɔ, na wɔde asɛndua* no soaa no sɛ ɔmfa nni Yesu akyi.+ 27 Ná nnipadɔm kɛse bi di Yesu akyi, na na mmea a wɔde awerɛhow rebobɔ wɔn koko, na wɔresu Yesu ka ho. 28 Ɛnna Yesu dan ne ho hwɛɛ mmea no, na ɔkae sɛ: “Yerusalem mma mmea, munnsu me. Na mmom munsu mo ho ne mo mma;+ 29 na hwɛ! bere bi reba a nkurɔfo bɛka sɛ, ‘Anigye ne abonin* ne yafunu a anwo ne nufu a wɔannum ano!’+ 30 Ɛnna wobefi ase aka akyerɛ mmepɔw sɛ, ‘Mummegu yɛn so!’ na wɔaka akyerɛ nkoko sɛ, ‘Monkata yɛn so!’+ 31 Sɛ dua no yɛ mono mpo na wɔreyɛ eyi a, ɛnde sɛ ewu a, dɛn na ebesi?”

32 Ná wɔde mmarima baanu bi a wɔyɛ akorɔmfo-werɛmfo nso aka Yesu ho a wɔrekokum wɔn.+ 33 Bere a woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikora+ no, wɔbɔɔ ɔne akorɔmfo-werɛmfo no asɛndua mu wɔ hɔ, baako wɔ ne nifa, ɛnna baako wɔ ne benkum.+ 34 Na Yesu kae sɛ: “Agya fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.” Bio nso, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ ne ntaade.+ 35 Na nkurɔfo no gyinaa hɔ hwɛɛ nea ɛrekɔ so. Na atumfo no dii ne ho fɛw kae sɛ: “Ogyee nkurɔfo; sɛ ɔno ne Kristo a ofi Onyankopɔn hɔ, Nea Wɔapaw No+ no a, ma onnye ne ho.” 36 Asraafo no mpo dii ne ho agoru; wɔbaa ne nkyɛn de nsã* a emu kaw maa no.+ 37 Na wɔkae sɛ: “Sɛ wone Yudafo Hene no a, gye wo ho.” 38 Ná wɔakyerɛw biribi nso abɔ n’atifi sɛ: “Oyi ne Yudafo Hene no.”+

39 Na akorɔmfo-werɛmfo a wɔsɛn dua so no baako fii ase kasa tiaa no+ sɛ: “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn!” 40 Na nea ɔka ho no kaa n’anim sɛ: “Enti wunsuro Onyankopɔn koraa? Asotwe a wɔde ama no no, ɛnyɛ ɛno ara bi na wɔde ama wo? 41 Yɛn de, ɛfata yɛn, efisɛ nea yɛyɛe no so akatua na yɛn nsa aka yi. Na ɔbarima yi de, ɔnyɛɛ bɔne biara.” 42 Na ɔkae sɛ: “Yesu, sɛ woba w’Ahenni+ mu a, kae me.” 43 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”+

44 Saa bere yi, na ɛbɛyɛ dɔn a ɛto so asia.* Nanso esum baa asaase no nyinaa so kosii dɔn a ɛto so akron,*+ 45 efisɛ owia ammɔ; afei ntwamutam a ɛwɔ kronkronbea+ hɔ no mu tew abien fi soro besii fam.*+ 46 Na Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.”+ Bere a ɔkaa saa no, owui.*+ 47 Nea ɔsraani panyin no hui sɛ asisi no nti, ofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: “Ampa, na ɔbarima yi yɛ ɔtreneeni.”+ 48 Na bere a nnipadɔm a wɔahyiam sɛ wɔrebɛhwɛ nea ɛbɛkɔ so no nyinaa huu nsɛm a asisi no, wɔsan kɔɔ wɔn fi. Wɔrekɔ nyinaa, na wɔrebobɔ wɔn koko. 49 Ná wɔn a wonim no nyinaa gyinagyina akyiri. Ná mmea a wodii n’akyi fii Galilea no nso wɔ hɔ, na wohuu nea ɛkɔɔ so no.+

50 Na hwɛ! Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef. Ná ɔyɛ Bagua* no muni, na na ɔyɛ onipa pa a ɔteɛ.+ 51 (Ɛpɔw a wɔbɔe ne nea wɔyɛe no, na saa ɔbarima yi mpene so.) Ná ofi Yudafo kurow Arimatea mu, na na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahenni no. 52 Saa ɔbarima yi kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛe sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no. 53 Na oyii amu no fii asɛndua* no so,+ na ɔde nwera pa kyekyeree ho. Afei ɔde no kɔtoo ɔda a wɔatwa wɔ ɔbotan mu+ no mu, ɔda a wɔmfaa obiara ntoo mu da no. 54 Ná ɛyɛ Ahoboaboa Da,+ na na Homeda+ no rebefi ase. 55 Na mmea a wɔne Yesu fi Galilea bae no dii akyi, na wɔkɔhwɛɛ ɔda no, na wohuu sɛnea wɔde n’amu no too mu.+ 56 Na wɔsan kɔe kosiesiee aduhuam ne ngo huamhuam. Nanso wɔhomee Homeda+ no sɛnea mmara no kyerɛ no.

24 Na nnawɔtwe no da a edi kan no, wɔde aduhuam a wɔasiesie no kɔɔ ɔda no so anɔpatutuutu.+ 2 Nanso wohui sɛ wɔapia ɔbo no afi ɔda no ano,+ 3 na bere a wɔkɔɔ mu no, wɔanhu Awurade Yesu amu no.+ 4 Eyi maa wɔn adwene tu frae. Na hwɛ! mmarima baanu a wɔhyehyɛ ntaade hyɛnhyɛn begyinaa wɔn nkyɛn. 5 Ehu kaa mmea no, na wosisii wɔn ti ase. Enti mmarima no bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na morehwehwɛ nea ɔte ase no wɔ awufo mu?+ 6 Onni ha, na mmom wɔanyan no. Mokae nea ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔda so wɔ Galilea no? 7 Ɔkae sɛ, ɛsɛ sɛ woyi onipa Ba no hyɛ abɔnefo nsa na wɔbɔ no asɛndua mu, na da a ɛto so abiɛsa no wasɔre.”+ 8 Enti wɔkaee ne nsɛm no,+ 9 na wɔsan fii ɔda no so, na wɔkɔkaa eyinom nyinaa kyerɛɛ Dubaako no ne wɔn a aka no nyinaa.+ 10 Ná mmea no ne Maria Magdalene, ne Yoana, ne Yakobo maame Maria. Afei nso, mmea a aka a wɔka wɔn ho no kaa eyinom kyerɛɛ asomafo no. 11 Nanso, nsɛm yi yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm* bi, na wɔannye mmea no anni.

12 Nanso Petro sɔree, na otuu mmirika kɔɔ ɔda no so, na bere a ɔbɔɔ ne mu ase no, ohuu nwera no nko ara. Enti ofii hɔ kɔe; ɔrekɔ nyinaa, na nea asi no nsen ne tirim.

13 Na hwɛ! saa da no ara, na asuafo no baanu rekɔ Emaus a ɛyɛ akuraa bi ase. Efi hɔ rekɔ Yerusalem bɛyɛ akwansin ason,* 14 na na wɔrebɔ nea asi no nyinaa ho nkɔmmɔ.

15 Bere a wɔrebɔ nkɔmmɔ na wɔredwinnwen nea asi no ho no, Yesu ankasa bɛtoo wɔn, na ofii ase ne wɔn bɔɔ anan nantewee. 16 Nanso wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno.+ 17 Obisaa wɔn sɛ: “Dɛn asɛm na monam kwan so redi ho nkɔmmɔ denneennen yi?” Na wogyinae, na na wɔn werɛ ahow. 18 Wɔn mu baako a ne din de Kleopa ka kyerɛɛ no sɛ: “Enti nea akɔ so nnansa yi wɔ Yerusalem no, wontee? Adɛn, woyɛ ɔhɔho?”* 19 Na obisaa wɔn sɛ: “Asɛm bɛn na asi?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea ɛfa Nasaretni+ Yesu ho no, nea ɔbɛyɛɛ odiyifo wɔ Onyankopɔn ne ɔman no nyinaa anim no. Ná ɔwɔ tumi wɔ ne nnwuma ne ne kasa mu.+ 20 Yɛn asɔfo mpanyin ne atumfo no yii no mae ma wobuu no kumfɔ,+ na wɔbɔɔ no asɛndua mu. 21 Ná yɛwɔ anidaso sɛ saa ɔbarima yi ne nea na ɔreba abegye Israel+ no. Na eyinom nyinaa akyi no, ɛnnɛ ne da a ɛto so abiɛsa a nsɛm yi sisii. 22 Bio nso, mmea bi a wɔka yɛn ho nso abɛma yɛn ho adwiriw yɛn, efisɛ wɔkɔɔ ɔda no so anɔpatutuutu+ 23 nanso wɔanhu n’amu no. Wɔkae nso sɛ wɔakohu abɔfo bi wɔ hɔ, na abɔfo no se Yesu te ase. 24 Na wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no binom kɔɔ ɔda no so,+ na wokohui sɛ, nea mmea no bɛkae no te saa pɛpɛɛpɛ, nanso wɔanhu Yesu.”

25 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O mo a munni ntease, mo a ɛyɛ den ma mo sɛ mode mo koma begye* nea adiyifo no kae nyinaa adi! 26 Ná ehia sɛ Kristo no hu saa amane yi nyinaa+ na ɔkɔ n’anuonyam mu.+ Ɛnte saa?” 27 Na ne ho nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no nyinaa, ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn; ɔhyɛɛ ase fii nea Mose ne Adiyifo no nyinaa+ kyerɛwee so.

28 Awiei koraa no, wɔbɛn akuraa a na wɔrekɔ ase no, na ɔyɛe sɛ nea ɔretoa so akɔ n’anim. 29 Nanso wɔsrɛɛ no ara sɛ: “Tena yɛn nkyɛn, efisɛ owia rekɔtɔ, na ade reyɛ asa.” Enti ɔne wɔn kɔe, na ɔtenaa wɔn nkyɛn. 30 Na bere a ɔne wɔn redidi* no, ɔfaa paanoo, ohyiraa so, na obubuu mu. Na ofii ase de maa wɔn.+ 31 Ɛnna wɔn ani buei, na wohui sɛ ɛyɛ ɔno; nanso ɔyera fii wɔn nkyɛn.+ 32 Na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Bere a ɔne yɛn rekasa wɔ ɔkwan so, na ɔrekyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye* akyerɛ yɛn no, anka* yɛn koma anaa?” 33 Na saa bere no ara, wɔsɔree, na wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wokohuu Dubaako no ne wɔn a wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyiam. 34 Ná wɔreka sɛ: “Ampa, wɔanyan Awurade, na oyii ne ho adi kyerɛɛ Simon!”+ 35 Ɛnna wɔn nso kaa nsɛm a esii wɔ kwan so, ne sɛnea obubuu paanoo a ɛma wohui sɛ ɛyɛ ɔno no.+

36 Bere a wogu so reka eyinom nyinaa no, ɔno ankasa begyinaa wɔn mfinimfini ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoe nka mo.”+ 37 Nanso esiane sɛ na ehu aka wɔn na wosuro nti, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔahu honhom bi. 38 Enti obisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo koma atu, na adɛn nti na mo koma nsi mo pi? 39 Monhwɛ me nsa ne me nan, na munhu sɛ ɛyɛ me ara; momfa mo nsa nka me nhwɛ, efisɛ honhom nni honam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ bi yi.” 40 Bere a ɔkaa eyi no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. 41 Nanso anigye ne ahodwiriw nti, na wɔda so ara nnye nni. Enti obisaa wɔn sɛ: “Mowɔ aduan wɔ hɔ?” 42 Ɛnna wɔmaa no apataa sin bi a wɔatoto, 43 na ogye wee wɔ wɔn anim.

44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na meda so ka mo ho no.+ Meka kyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifo no ne Nnwom no mu no ba mu.”+ 45 Afei obuee wɔn adwene mu yiye ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase.+ 46 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea wɔakyerɛw ni: Kristo no behu amane, na da a ɛto so abiɛsa no wasɔre afi awufo mu,+ 47 na ne din na wobegyina so aka akyerɛ amanaman+ nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn;+ Yerusalem na wobefi ase afi.+ 48 Mo na mobɛyɛ nneɛma yi ho adansefo.+ 49 Na hwɛ! meresoma nea m’Agya ahyɛ ho bɔ no aba mo so. Enti montena kurow no mu nkosi sɛ mubenya tumi afi soro.”+

50 Na odii wɔn anim de wɔn puei, na ɔde wɔn kɔe ara koduu Betania, na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51 Bere a ogu so rehyira wɔn no, ɔne wɔn ntam twee, na wɔmaa no so kɔɔ soro.+ 52 Na wɔkotow no, na wɔsan de anigye kɛse baa Yerusalem.+ 53 Na daa na wɔwɔ asɔrefi hɔ reyi Onyankopɔn ayɛ.+

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Aaron asefo.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Elisabet yɛ obonin.”

Anaa “amanne.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “adiwo.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “fi ne maame yafunu mu pɛɛ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wanya anisoadehu bi.”

Anaa “ɔsom adwuma.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wayi m’animguase wɔ nnipa anim afi hɔ.”

Anaa “wɔadom.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɔyɛ obonin.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “afenaa!”

Anaa “wɔahyira wo yafunu mu aba!”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Me nipadua nyinaa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “n’afenaa.”

Nt., “n’aba.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “dua.”

Kyerɛ sɛ, dua traa bi.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “Efisɛ na Yehowa nsa wɔ no so.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ogyefo a ɔwɔ tumi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “ɔyɛɛ den honhom mu.”

Anaa “Maria a wɔde no ama no aware sɛnea na wɔahyɛ no bɔ no.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “abɔfo mpempem.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “dua.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “Ɔbarima biara a obebue yafunu ano no.”

Anaa “ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no ade kronkron.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “w’ankasa wo kra.”

Nt., “Efi bere a na ɔyɛ ɔbaabun no.”

Anaa “mmuadadi.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɔkɔɔ so yɛɛ osetie.”

Kyerɛ sɛ, Herode Antipa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Roma ahemman no fã bi so hene; ná ɔyɛ Roma ɔhempɔn no nanmusini.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “nnipa nyinaa.”

Anaa “nea Onyankopɔn nam so gye nkwa.”

Wɔyɛ awɔ bi a wɔn ano wɔ bɔre paa.

Anaa “Mommmɔ obiara apoo.”

Anaa “mo akatua.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “baabi a ɛwɔ soro paa wɔ asɔrefi hɔ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Yehowa anisɔ afe.”

Anaa “wɔamma wɔn mu biara ho amfi.”

Kyerɛ sɛ, Galilea Po.

Anaa “afarefo; apofofo.”

Anaa “kwata aguare no!”

Anaa “wubetumi ama me ho afi.”

Anaa “Wo ho mfi.”

Anaa “esiane sɛ wo ho afi nti.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wɔn a wɔwɔ Yesu anim no mfinimfini.”

Anaa “ne wɔn te adidipon ho.”

Anaa “taa di mmuada.”

Anaa “bobesa.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “pempan.”

Anaa “paanoo a wɔde kyerɛ.”

Anaa “adwudwo.”

Anaa “adwudwo.”

Anaa “obi kra nkwa.”

Anaa “ɔdan ɔfatwafo no.”

Anaa “wɔayi mo din atow akyene.”

Kyerɛ sɛ, bosea a nsiho nka ho.

Anaa “Munnyae sɛ mubu nkurɔfo fɔ.”

Anaa “remmu mo fɔ.”

Anaa “dua a wɔde bɔ ɔdan so; mpuran.”

Anaa “dua a wɔde bɔ ɔdan so; mpuran.”

Anaa “dua a wɔde bɔ ɔdan so; mpuran.”

Nt., “ɔwoo no koro.”

Anaa “akwatafo ho fi.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Anaa “ataade kamakama.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Nt., “wanni paanoo.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Ɔbarima a odidi boro so.”

Anaa “nea efi mu ba.”

Anaa “nkonim.”

Anaa “kɔtenaa adidipon ho.”

Anaa “Yesu te adidipon ho.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ne bɔne yɛ kɛse.”

Anaa “wɔn a na wɔne no te adidipon ho.”

Anaa “baabi a nkae ada wɔ no.”

Nt., “ɔwoo no koro.”

Anaa “nnipadɔm yi atwa wo ho ahyia.”

Anaa “ne honhom.”

Nt., “dwetɛ.”

Kyerɛ sɛ, Herode Antipa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Roma ahemman no fã bi so hene; ná ɔyɛ Roma ɔhempɔn no nanmusini.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”?

Anaa “kra.”

Anaa “a wɔakyea; kɔntɔnkye.”

Nt., “ɔde n’ani akyerɛ.”

Wuram kraman bi.

Anaa “monnyɛ obiara atuu mmfa nnkyia.”

Anaa “asomdwoe nipa.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “papa paa.”

Anaa “ma wo din nyɛ kronkron.”

Nt., “paanoo.”

Anaa “fɛm.”

Ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Satan.

Anaa “akyidifo; asuafo.”

Nt., “aba mo so dedaw.”

Anaa “kɛntɛn a wɔde susuw ade.”

Anaa “w’aniwa ye.” Nt., “Sɛ w’aniwa hwɛ ade baako.”

Anaa “bɛyɛ hann.”

Nt., “aniwa a edi bɔne akyi; aniwa a enye.”

Anaa “kɔtenaa adidipon ho.”

Ná Farisifo ne Yudafo binom hohoro wɔn nsa sɛnea Yudafo amammerɛ te.

Anaa “nneɛma a wɔafom.”

Anaa “morekyɛ ahiafo ade.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “atosode.”

Anaa “nkongua pa.”

Anaa “nkae ada.”

Anaa “nna a wɔntoo so.”

Anaa “moto adiyifo nkae nna so.”

Anaa “moreto wɔn nna so.”

Anaa “fi bere a wonyinsɛn woo nnipa (Greek, koʹsmos),” kyerɛ sɛ, Adam ne Hawa mma.

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “assarion.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Onyankopɔn bu n’ani gu no so.”

Ebetumi nso akyerɛ, “hyiadan mu.”

Anaa “awunnyade.”

Anaa “anibere.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “me kra.”

Anaa “Ɔkra, wowɔ.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “ɔkra.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wuram sukooko.”

Anaa “munnyae sɛ mobɛhwehwɛ.”

Anaa “monkyɛ ahiafo ade.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Momfa ade mmɔ mo asen.”

Anaa “owura no de ade bɛbɔ ne mu.”

Efi bɛyɛ anadwo nnɔn 9 kosi anadwo 12.

Efi anadwo 12 kosi ahemanakye nnɔn 3.

Anaa “onyansafo.”

Anaa “n’asomfo kuw.”

Kyerɛ sɛ, mmea ne mmarima a wɔsom wɔ hɔ.

Nt., “lepton a etwa to.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “bobeturo.”

Anaa “ahoɔmmerɛw honhom.”

Anaa “anuonyam nnwuma.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Nt., “seah susude.” Seah susude baako yɛ lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afuw, na ne ho yeraw no.

Wuram kraman bi.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “nea odi paanoo.”

Nt., “mpamho anum.”

Anaa “wantew ne dɔ so amma.”

Anaa “kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ahemmɔfo; abɔfo.”

Anaa “ahoɔden.”

Anaa “nwiinwii.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “mmea a wɔyɛ ne nnamfo.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ehiaa no.”

Anaa “ɔsoro.”

Nt., “kosoo ne kɔn mu.”

Anaa “ɔsoro.”

Anaa “pɛtea.”

Anaa “hwee nyɛɛ no.”

Nt., “adi.”

Anaa “obi a ɔhwɛ ne fi so ma no.”

Anaa “bat susuhina.” Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “kor 100.” Ná kor biara wom lita 220 (bɛyɛ olonka 73). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɔyɛɛ n’ade nyansam; ɔde nyansa yɛɛ adwuma.”

Anaa “Bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “awo ntoatoaso.”

Anaa “nea ɛyɛ nokware; ahonyade a ɛteɛ.”

Nt., “Abraham kokom.”

Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ne kokom.”

Anaa “amoa kɛse.”

Anaa “owiyammo.” Ná wɔyam hwiit wɔ ɔbo a ɛte saa so.

Anaa “sikamino dua.”

Anaa “wɔn ho fii.”

Anaa “wɔn ho fii?”

Anaa “wɔ mo mu.”

Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.

Anaa “kra.”

Hwɛ Nkh. A3.

Anaa “gyidi yi.” Nt., “gyidi no.”

Anaa “apoobɔfo.”

Anaa “midi mmuada.”

Anaa “onhyira wɔn.”

Anaa “adansekurum.”

Anaa “bere.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ankye dua.”

Anaa “biribiara a mede nkontompo agye afi nkurɔfo hɔ no.”

Anaa “ɔrekɔpɛ ahenni.”

Greek bɛnnaa baako mu duru yɛ gram 340, na ɛne drakma 100 yɛ pɛ. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ahenni no.”

Nt., “dwetɛ.”

Nt., “me dwetɛ.”

Anaa “Ngo Bepɔw.”

Anaa “ahoɔdenne.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “nnipa na ɛde maa no?”

Anaa “wogye di.”

Anaa “bobeturo.”

Kyerɛ sɛ, bere a wɔde twa bobe.

Nt., “tweatibo.”

Anaa “wɔde wɔn ani dii n’akyi.”

Anaa “Ɛfata.”

Anaa “ɛmfata.”

Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, mmarima baason.

Anaa “Bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wɔn nyinaa te ase ma no.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “nkongua pa.”

Anaa “anwummere aduan.”

Anaa “wɔmemene.”

Anaa “agyapade.”

Anaa “nyaatwom nti, wɔbɔ mpae atenten.”

Anaa “emu yɛ duru.”

Nt., “lepton abien.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “nneɛma a wɔde akyɛ Onyankopɔn.”

Anaa “sakasaka; aban so atuatew.”

Anaa “mubenya mo kra.”

Anaa “aweredi nna.”

Anaa “ahohia; ahoyeraw.”

Anaa “aman a wɔnyɛ Yudafo.”

Anaa “wɔahyɛ ama.”

Anaa “aman a wɔnyɛ Yudafo.”

Anaa “asanom ntraso.”

Anaa “Ngo Bepɔw.”

Kyerɛ sɛ, na ɔkɔda nkurow a na ɛwɔ bepɔw no so no baako mu.

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “nsa bɛn me wɔ pon so.”

Anaa “otitiriw.”

Anaa “Ayamyefo.”

Anaa “ɔte adidipon ho.”

Anaa “ɔte adidipon ho.”

Anaa “woapa me mprɛnsa.”

Anaa “Ngo Bepɔw.”

Anaa “baabi a wotow ɔbo a, ɛbɛkɔ akɔtɔ.”

Anaa “mporibaa.”

Anaa “sɛ ɔte ogya no hann mu.”

Anaa “woapa me mprɛnsa.”

Anaa “akannifo.”

Hwɛ Nkh. A3.

Nt., “Fa oyi kɔ.”

Anaa “Fa no sɛn dua so kum no! Fa no sɛn dua so kum no!”

Anaa “ɔmmɔ no asɛndua mu.”

Anaa “enti ɔpaa abaw.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mmea a wɔnwo.”

Anaa “bobesa.”

Bɛyɛ awia 12.

Bɛyɛ awia nnɔn 3.

Anaa “emu tew wɔ ne mfinimfini fi soro besii fam.”

Anaa “ogyaa mu; ɔhomee ne home a etwa to.”

Anaa “Sanhedrin.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nsɛnhunu.”

Bɛyɛ km. 11. Nt., “agoprama 60.” Agoprama baako kɛse yɛ mita 185 (anm. 606.95). Hwɛ Nkh. B14.

Ebetumi nso akyerɛ, “Wo nko ara ne ɔhɔho wɔ Yerusalem a wontee?”

Anaa “moyɛ nyaa wɔ mo komam sɛ mubegye.”

Anaa “ɔne wɔn te adidipon ho.”

Anaa “ɔrekyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu fann.”

Anaa “ampusuw.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena