Avocado—Aduaba a Wotumi De Yɛ Nneɛma Pii!
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Colombia hɔ
NÁ SPAINFO akofo a wɔtraa ase wɔ afeha 16 mfiase no nhuu biribi a ɛte saa da. Ná ne kɛse te sɛ paya a ɛsõ, na sɛ ɛbere mpo a na ɛho yɛ bun. Na n’aduan no yɛ tinann sɛ bɔta, na na ne hua te sɛ aduaba. Awiei koraa no wɔbɛfrɛɛ no avocado, a wonya fii Aztec asɛmfua ahuacatl mu.
Martín Fernández de Enciso na odii kan de avocado kɔɔ Europa wɔ 1519 mu. Enciso a ɔka Spainfo a wodii kan kɔhwehwɛɛ South America no ho no na ohuu aduaba yi wɔ baabi a ɛbɛn nea mprempren wɔfrɛ hɔ Santa Marta, Colombia no. Wɔ saa mfe a wɔde kɔhwehwɛɛ hɔ no mu no, ɛnyɛ avocado, nko na Europafo no fii ase dii na mmom wodii nnuan ahorow a na wonnii bi da te sɛ chocolate, aburow ne ntɔmmɔ nso.
Nokwarem no, na nnuan no mu biara nyɛ nea wonhuu bi da koraa. Ná wɔn a wɔwɔ Atɔe Fam Nsase so no nim ne nyinaa dedaw na na wɔadi wɔ mfehaha a abɛsen kɔ no nyinaa mu. Na mmusua binom bu avocado sɛ aduan a ɛsom bo araa ma na wɔde ma wɔn a wɔreyɛ ayeforo sɛ akyɛde na na wɔde ma sɛ ahɔhoduan nso.
Avocado a Wodua
Ɛnnɛ wodua avocado wɔ mmeae pii a ɛhɔ wim tebea yɛ hyew ne nea ɛyɛ nwini nyinaa te sɛ Australia, Israel, Kenya, New Zealand, North America ne South America, ne Philippines nso. Ɛno ne nnuaba 20 a ɛwɔ nsase a osu tɔ na awia bɔ kɛse wɔ so so no mu biako a wɔtɔ kɛse wɔ wiase nyinaa.
Avocado ahorow pii ahyeta wɔ America nsase no nyinaa so, na ɛsono sɛnea emu biara kɛse te, ebi te sɛ akokɔ kosua na ebi nso te sɛ ɛferɛ a emu duru yɛ kilogram abien. Egu kɔla ahorow, ebi ho yɛ ahabammono na ebi nso yɛ tuntum, ebi ho wɔ apɔwapɔw na ebi nso ho yɛ tromtrom. Nanso, wubetumi ayɛ avocado turo a nea ɛwom no nyinaa yɛ ade koro.
Sɛ avocado gu nhwiren a, wohu ne nhwiren a ɛte sɛ akokɔsrade no wɔ dua no ho nyinaa. Nanso, nhwiren 5,000 biara mu 1 pɛ na wotumi nya avocado fi mu. Ade a ɛyɛ nwonwa wɔ nhwiren yi ho ne sɛ emu biara tumi sow aba. Sɛ ɛnyɛ abɔde mu nhyehyɛe a ɛwɔ avocado dua no ho a ɛma etumi di dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so a, anka nhwiren no nyinaa betumi asow aba.
Ne saa nti, sɛ owia repue a nnua no bi nhwiren mu bue na enya aduannuru a ɛma dua no sow aba no, na sɛ edu owigyinae a, nhwiren a emu abuebue no ano san kata. Sɛ edu anwummere a nhwiren koro yi ara mu san bue na enya aduannuru a ɛma dua no tumi so aba no. Ɛsono ɔkwan a nnua foforo a ɛbemmɛn hɔ no fa so nya aduannuru a ɛma dua sow aba no. Sɛ nnua abien si bɛn na biako resow a, etumi boa ɔfoforo no ma ɛno nso sow aba. Nwowa, anaa nkoekoemmoa afoforo nso boa nnua ma etumi gu nhwiren. Enti, ɛyɛ owia hann, ɔhyew, nkoekoemmoa, mframa, ne faako a nnua bi sisi na ɛka bom yɛ adwuma wɔ anwonwakwan so ma yenya saa aduaba yi.
Ahoɔden Wom na Mfaso Wɔ So
Ahoɔden soronko wɔ avocado mu, efisɛ nnuannuru te sɛ protein, riboflavin, niacin, potassium, ne vitamin C pii wom. Wɔkyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no nnuannuru a wɔfrɛ no vitamin no 11 ne minerals 14 na ɛwɔ avocado mu. Wɔ America Mfinimfini fam mmeae bi no, wobu avocado a wɔde di keeki sɛ aduan ankasa. Srade nso wɔ avocado mu, na srade a ɛwɔ mu no te sɛ nea wonya fi ngodua mu no, efisɛ srade a ɛwom no di mu. Wotumi de srade a ɛwɔ mu no yɛ samina ne sradehuam ahorow.
Ɛkame ayɛ sɛ mfaso wɔ avocado dua mu no nyinaa so. Wɔde ne dua no sɔ gya. Wɔde n’aba no tia ntama mu wɔ South America. Wɔ Philippines mmeae bi no, wɔde n’ahaban no yɛ tii. Wɔkyerɛ sɛ wotumi de dua no abona hyɛ aboa nhoma aduru.
Aduaba no Tɔ ne Ne Di
Sɛ wokɔ gua so sɛ worekɔtɔ avocado a, ennyina ne hwɛbea no so nka sɛ ɛmmeree, efisɛ ɛsono sɛnea emu biara te. Fa wo nsa mia aduaba no kakraa. Sɛ wuhu sɛ ɛyɛ mmerɛw kakra a na ɛkyerɛ sɛ abere. Ɛsɛ sɛ wɔkora avocado wɔ baabi a ɔhyew wɔ, na mframa pii tumi kɔ hɔ, na sɛ wopɛ sɛ ɛbere ntɛm a, wubetumi nso de krataa akyekyere ho. Wubetumi de ahyɛ frigye mu nso, bere mpo a woapae mu no. Sɛ wode akutu fefa anim a, ɛmma no mporɔw.
Nnipa pii de akutu anaa tomantosi ka avocado ho di. Sɛ wode nneɛma foforo ka avocado ho a ɛma no yɛ dɛ kɛse. Bio nso, wubetumi de avocado aka sɛsɛw, kɔtɔ, anaa mmɔnkɔ ho, wubetumi de aka salad biara ho nso. Ebinom de ka nnuaba ahorow ho yɛ nsa a ɛyɛ dɛ.
Sɛ wode nneɛma a wɔde ma nnuan yɛ huam ne atosode afoforo fra avocado a, wubenya bɔta dɛdɛ bi a wubetumi de adi paanoo. Nea ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so nso ne guacamole a agye din, a wɔde avocado, tomantosi, gyeene, mako bun, ne ahuamhuanne horow yɛ no. Wubetumi nso de aka aduan titiriw a wudi no ho. Sɛ ɛba sɛ wode bɛka aduan ho adi a, ɛsɛ sɛ wode ba akyiri yi koraa, a ɛhyew biara nkaa no.
Ebetumi aba sɛ wode avocado ka w’aduan ho di daa. Nanso, ebetumi aba sɛ wɔ aman bi mu no, ɛyɛ aduaba soronko koraa a ɛho yɛ na. Sɛ wunnii avocado da a, dɛn nti na womfa hokwan no nka bi nhwɛ bere foforo a wo nsa bɛka bi no. Wubehu sɛ saa aduaba a wotumi de yɛ nneɛma pii no yɛ dɛ paa nso!