“Nsɛmma Nhoma a Eye Sen Biara a Wo Nsa Betumi Aka”
NTOASO SUKUUNI bi a wadi mfe 18 a wɔfrɛ no Lisel a ɔwɔ United States kyerɛw krataa bi kɔmaa Nyan! nsɛmma nhoma no samufo nnansa yi ara. Ɔkyerɛwee sɛ:
“Misua abakɔsɛm ho ade wɔ kɔlege. Ɛho abehia sɛ yɛyɛ asɛm bi ho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri na yɛkyerɛw ho asɛm, na nea mepɛ sɛ mekyerɛw ho asɛm ne akokoduru a Yehowa Adansefo de gyinaa ntua a wohyiae wɔ Nasi Nniso a Ɛto so Abiɛsa ase wɔ Germany no. Mepɛ sɛ moma me nsa ka nsɛm a mode wiee asɛmti a ɛne ‘Yehowa Adansefo—Wɔde Akokoduru Gyinaa Nasi Ntua Ano’ a ɛwɔ July 8, 1998 Nyan! mu no. Moyɛɛ nhwehwɛmu a edi mu wɔ asɛm no mu na ntease nso wom a minim sɛ, sɛ mefa emu nsɛm a ɛyɛ nokware no mu kakraa bi kyerɛw a, ɛbɛyɛ adansedi kɛse ama mpanyimfo a wɔbɛhwɛ me dwumadi no mu no.
“Meda mo ase sɛ mokɔ so ma yɛn nsa ka nsɛmma nhoma a edi mu saa. Minya ‘asuade a edi mu’ fi nea ɛba no mu biara mu sen nea minya wɔ sukuu mu no, na eyi ma mebɔ mmɔden wɔ sɔhwɛ biara a meyɛ no mu. Mepɛ sɛ muhu sɛ m’ani sɔ mmɔden a morebɔ no.”
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 12]
Center photo: Państwowe Muzeum Oświęcim-Brzezinka, courtesy of the USHMM Photo Archives