Nkurɔfo a Wɔkyere Wɔn Sie—Abɛyɛ Wiase Nyinaa Aguadi
WƆ MFE du a abɛsen kɔ mu no, nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie wɔ wiase nyinaa dodow akɔ anim kɛse dodo. Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ efi 1968 kɔpem 1982 no, ɛkame ayɛ sɛ nnipa apem na wɔkyeree wɔn siei wɔ aman 73 mu. Nanso wobu akonta sɛ, wɔ 1990 mfe yi awiei mu no,wɔkyere nnipa bɛyɛ 20,000 kosi 30,000 sie afe biara.
Nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie abɛyɛ nsɛmmɔnedi a amumɔyɛfo a wɔwɔ Russia kosi Philippines de gye wɔn ani, na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛfa biribiara a wɔn ani bɛbɔ so no dommum. Bere bi mpo de wɔfaa akokoaa a na wɔawo no foforo koraa de no siei. Wɔ Guatemala no, wɔkyeree aberewa bi a na wadi mfe 84 a ɔte mmubuafo akongua mu de no siei asram abien. Wɔ Rio de Janeiro nso, nsɛmmɔnedifo a wodi atuturasɛm wɔ mmɔnten so mma nkurɔfo ho ntɔ wɔn na ɛtɔ da a gye sɛ obi tua dɔla 100 ansa na wɔagyaa no.
Mmoa mpo nni ahotɔ. Bere bi, nsɛmmɔnedifo anuɔdenfo bi a wɔwɔ Thailand kyeree ɔsono bi a wɔde no yɛ adwuma a ne mu duru yɛ tɔn asia, na wɔkae sɛ ɛsɛ sɛ ne wura no tua dɔla 1,500 ansa na wɔde no ama no. Wɔka sɛ nsɛmmɔnedifo kuw a wɔwɔ Mexico hyɛ mmofra a wɔka wɔn ho no nkuran ma wɔde nyɛmmoa suasua sɛnea wɔkyere nkurɔfo sie kosi sɛ wɔn ho bɛkokwaw.
Bere bi, na anka wɔkyere asikafo nkutoo, nanso ɛnte saa nnɛ. Amanneɛbɔ bi a efi Reuters kyerɛ sɛ: “Daa wɔkyere nkurɔfo sie wɔ Guatemala, baabi a nkurɔfo kae yiye sɛ mmere bi a atwam no na aguadifo kakraa bi pɛ a wodi yiye na asɔretiafo de wɔn ani si wɔn so no. Nanso seesei wɔkyere asikafo ne ahiafo, mmofra ne mpanyin, nyinaa.”
Mpɛn pii no wɔde nsɛm a anibere wom a ɛfa nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ho no ho amanneɛbɔ ma, nanso dodow no ara na wosiesie a obiara nte ho asɛm. Nokwarem no, esiane biribi nti, aman binom “nni nneɛma a ɛbɛma wɔatumi abɔ nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie no ho dawuru akyerɛ ɔmanfo.” Yɛbɛka nneɛma yi bi ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Asase mfonini wɔ kratafa 13]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
MEXICO
Esiane sɛ wɔkyere nnipa 2,000 de wɔn sie afe biara nti, wɔato saa adeyɛ yi din sɛ “adwuma bi a wommu.”
GREAT BRITAIN
Efi 1990 reba no, afe biara sika a wotua ma Lloyd’s of London “insurance” adwumakuw a etua sika ma wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no akɔ soro ɔha mu 50.
RUSSIA
Wɔ Caucasus ɔmantam a ɛwɔ Russia anaafo fam nkutoo no, wɔkyeree nnipa 272 wɔ 1996 mu nanso wɔ 1998 mu no, wɔn dodow duu 1,500.
PHILIPPINES
Sɛnea “Asiaweek” kyerɛ no, “baabi a wɔkyere nkurɔfo sie paa wɔ Asia ne Philippines.” Nsɛmmɔnedifo a wɔkyere nkurɔfo sie akuw bɛboro 40 na wɔwɔ hɔ.
BRAZIL
Wɔka sɛ wɔ afe biako mu no wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie wɔ hɔ no nyaa sika dɔla ɔpepepem 1.2 sɛ agyede.
COLOMBIA
Wɔ nnansa yi mfe mu no nnipa ɔpepem pii na afe biara wɔkyere wɔn sie. Wɔ May 1999 mu no, atuatewfo kyeree asɔremma ɔha de wɔn siei bere a na wɔrebɔ Mass.
[Asɛm Fibea]
Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.