Bere a Awofo Kyere Wɔn Mma Sie
BERE a Cheryl kunu hwee no dii n’ani kɛse mfe pii, na afei awiei koraa no ogyaw no hɔ kɔfaa ɔbea foforo no, Cheryl samanaa ne kunu sɛ onkogyaa no aware.a Esiane sɛ asennibea no de ɔbea no mma maa no koraa sɛ ɔnhwɛ wɔn nti, onyaa asomdwoe nkakrankakra bere a ofii ase sɛ ɔresi ne dedaw mu no—kosii sɛ wɔfrɛɛ no telefon so da koro bi. Ná ɛyɛ ne kunu a wagyae no aware no. Ɔkae sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wuhu wo mma no bio a, ɛnde pene so sɛ wobɛsan aware me”! Cheryl mma no papa kae sɛ ɔmma wɔnsan nkɔ wɔn maame nkyɛn bere a na wɔakɔsra no ɔsram biako wɔ ɔman a ofi mu no mu, enti, ɔkyeree wɔn siei.
Esiane sɛ na Cheryl ahaw nti, ɔsrɛɛ U.S. Ɔman no mu Nsɛm Asoɛe sɛ wɔmmoa no nanso wannya mmara kwan biara a ɔbɛfa so ama ne nsa asan aka ne mma no wɔ ɔman foforo no mu. Ɔtee abasamtu a ohyiae wɔ mfe a ɔde hwee no nyinaa mu no nka bio. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ne nyinaa reyɛ ayɛ pɛ. Wunnim sɛnea wobɛma agyae.”
“Adwene Mu Yawdi”
Wɔaka mmofra a awofo kyere wɔn sie ho asɛm sɛ “ade a ɛkyɛn so a ɛde adwene mu yawdi ba” a wɔyɛ tia ɔwofo anaa abofra bi. Carolyn Zogg a ɔyɛ Amerika Mmofra Foto Mmara Kwan so Kuw no kwankyerɛfo panyin kaa saafo a wɔkyere mmofra sie no ho asɛm sɛ: “Awofo pii a wɔyɛ eyi no de bɔne retua bɔne so ka, na wɔyɛ saa wɔ ɔkwammɔne a ɛsen biara so ne faako a ebetumi apira ɔfoforo no asen biara. Ɛno ne ade a [awofo a wɔhwɛ mmofra no so] ani gye ho kɛse—wɔn abohene, wɔn mma. . . . Enti ɛnyɛ abofra no ho na wodwen, na mmom wɔn ankasa ne aweredi no nkutoo—nea wɔbɛyɛ de atua nea wayɛ no so ka.”
Ɛnyɛ sɛ abofra a wɔkyere no sie ma ɔwofo te abufuw, adehwere, abasamtu, ne dadwen nko nka, na mmom ɛkame ayɛ sɛ edi abofra no awu wɔ nkate fam kodu baabi bere nyinaa. Wɔ nsɛm no bi mu no, ebia wɔma abofra no di atutra bere nyinaa, na ama wɔakwati abusuafo a wɔbɛn no na wante ɔwofo foforo no ho nsɛm a ɛyɛ atoro. Osuahu no betumi de ɔhaw pii aba, a ebi ne sɛ ɛbɛma wadwensɔ kɛtɛ so, ontumi nna, ontumi ntew ne ho nyɛ hwee anaasɛ obesuro mfɛnsere ne apon, na ehu ntraso bɛka no.
Wɔ United States no, ɔwofo a ogye abofra bi de bu ne sohwɛ ho mmara so, anaasɛ ɔmfa abofra no nsan nkɔ wɔ bere a wɔahyɛ mu no ho nsɛm 350,000 sisi afe biara. Wɔ nsɛm yi bɛboro 100,000 mu no, abofra no busuani bi a n’adwene ne sɛ ɔbɛfa no anaasɛ ɔmma ɔnkɔ ɔwofo foforo no nkyɛn bio da no na ɔde no sie. Woyi ebinom fi ɔmantam anaa ɔman no mpo mu kɔ baabi foforo.
Nneɛma Foforo a Enti Wɔyɛ Saa
Bere nyinaa ɛyɛ ɔpɛ a awofo wɔ sɛ wɔbɛka abom anaasɛ aweredi na ɛkanyan wɔn ma wɔde wɔn mma sie no? Michael Knipfing a ɔwɔ Mmofra Foto Mmara Kwan so Kuw no mu kyerɛkyerɛ mu sɛ awofo binom suro sɛ wobedi fɔ wɔ abofra sohwɛ ho manso a wɔne wɔn hokafo a wagyae no aware bɛtwe no mu, na “ehu nti wodi kan yɛ ho biribi ntɛm so.” Anaasɛ abasamtu ba bere a wɔkyerɛ ɔwofo a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ abofra no so na ɔmma abofra no nkɔ ɔfoforo no nkyɛn no. Knipfing kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wodɔ wo ba na wɔmma wunhu no a, wunya adwene sɛ nea wubetumi ayɛ ara ne sɛ wobɛkyere abofra no de no aguan.”
Ɔka nso sɛ ‘nnipa dodow no ara nnim nea abofra a wɔkyere no sie de ba. Wonnim sɛ ɛbɛyɛ den sɛ wobenya adwuma ayɛ. Asennibea ma tumi krataa sɛ wɔnhwehwɛ wɔn nkyere wɔn. Wosusuw sɛ ɛyɛ wɔne ɔwofo foforo no nkutoo ntam asɛm. Wonnim sɛ polisifo de wɔn ho gye mu. Wohia mmaranimfo baanu na ɛnyɛ biako, efisɛ afei wɔbɔ no sobo wɔ nsɛmmɔnedi ne abusuasɛm, a ɛfa nea ɛsɛ sɛ ɔhwɛ abofra no so nso ho.’
Awofo binom betumi anya adwene sɛ ɔwofo foforo no repira wɔn ba no. Sɛ atemmufo no anni ho dwuma ntɛm a, ɔwofo a ne ho yeraw no bedi ho dwuma a nea ebefi mu aba mfa ho. Eyi daa adi wɔ Hilary Morgan a wadi mfe anum asɛm no mu. Mmofra adwene ho nimdefo bi de afotu mae sɛ wɔmmma Hilary ne ne papa nnsrasra wɔn ho bio, na ɔkae sɛ adanse a “ɛda adi pefee na edi mu” wɔ hɔ sɛ ɔyɛ abofra no ayayade. Nanso, asennibea ahorow no buu atɛn sɛ ayayadeyɛ no nna adi yiye na wɔhyɛe sɛ wobetumi akɔsrasra wɔn ho wɔn ho a obiara nka ho. Oduruyɛfo Elizabeth Morgan, Hilary maame, de ne babea no siei de buu asennibea no ahyɛde so. Ɔmanfo pii nya ayamhyehye ma ɔwofo a ɔte saa a ɔkyere ne ba de no guan kɔhwehwɛ ahobammɔ no.
Elizabeth Morgan fam no, n’aduruyɛ adwuma no fii ne nsa, ɔdaa afiase bɛboro mfe abien, ɔbɔɔ ka bɛboro dɔla ɔpepem 1.5 wɔ aduruyɛ ne mmara mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ U.S.News & World Report sɛ: “Abenfo no ka kyerɛ me sɛ sɛ mansiw ayayadeyɛ no ano a, anka mprempren me ba no abɔ dam koraa. . . . Meyɛɛ adwuma a asennibea no ampɛ sɛ ɛyɛ no: Migyee me ba no nkwa.”
Nsɛm a nhwehwɛmufo Greif ne Hegar ka faa mmofra a awofo kyere wɔn sie ho no yɛ nokware ampa: “Eyi yɛ nsɛm a ɛho dwumadi nna fam koraa, na te sɛ asubura a emu dɔ no, baabiara a wugyina hwɛ no ma ɛyɛ soronko kakra; bere biara a obi hwɛ nsu no mu no, ohu biribi foforo.”—When Parents Kidnap—The Families Behind the Headlines.
Wɔ mmofra a ɔwofo anaa ɔhɔho bi kyere wɔn sie akyi no, mmofra foforo a wɔyera ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa—wɔn a wɔto wɔn asaworam ne wɔn a woguan fi fie. Wɔne henanom, na dɛn na ɛto wɔn?
[Ase hɔ nsɛm]
a Yɛasesa edin no.