Nkurɔfo a Wɔkyere Wɔn Sie—Afoforo a Wosisi Wɔn De Pɛ Mfaso
MARK Bles ka wɔ ne nhoma The Kidnap Business mu sɛ: “Nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie no nte sɛ obi agyapade a wɔsɛe no. Ɛyɛ atirimɔdenne a nkurɔfo hyɛ da yɛ de tia adesamma abusua nhyehyɛe a ɛho hia no.” Sɛ wɔkyere abusuafo bi nipa sie a, ɛma emufo no di yaw kɛse. Ɛtɔ mmere bi a, wonya anidaso, ɛtɔ mmere bi nso a, wɔn abam bu esiane sɛ wɔtaa te afobu, nitan, ne ankonamyɛ nka nti. Wodi yaw nna, adapɛn, ne asram pii, anaasɛ ɛtɔ da a, wodi yaw mfe pii mpo.
Wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no hwɛ sɛ abusua bi mufo bedi yaw na ama wɔanya sika. Wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie kuw bi hyɛɛ ɔbarima bi a na wɔakyere no asie ma ɔkyerɛwee asɛm a edi hɔ yi kɔɔ atesɛm krataa bi mu: “Mepɛ sɛ atesɛm ho amanneɛbɔfo ka eyi ho asɛm wɔ mmaa nyinaa sɛ, sɛ mamma fie bio a ɛsɛ sɛ wɔde asodi no to wɔn a wɔakyere me no ne m’abusuafo a wɔaka sɛ wɔpɛ sika sen me no nyinaa so.” Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie wɔ Italy no nsa bɛka sika a wɔhwehwɛ no, wotwa nea wɔakyere no no nipadua fã bi de mena n’abusuafo anaa TV adwumayɛbea ahorow bi. Wɔ Mexico no, obi a ɔkyere nkurɔfo sie yɛɛ wɔn a na wakyere wɔn no ayayade bere a na ɔne wɔn abusuafo reka sika a ɛsɛ sɛ wotua ho asɛm wɔ telefon so no.
Nanso, wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie binom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ biribi ama wɔn a wɔakyere wɔn no ani agye. Sɛ nhwɛso no, wɔ Philippines no, wɔde adwumawura bi a na wɔakyere no kosiee ahɔhodan bi mu wɔ Manila, na wɔmaa no nsa ne mmea ma ɔne wɔn dae kosii sɛ wɔn nsa kaa sika a na wɔrehwehwɛ no. Nanso, wɔde nkurɔfo a wɔkyere wɔn no mu pii gu dan mu to mu a wonnwen wɔn akwahosan ho. Wɔyɛ wɔn a wɔakyere wɔn no mu pii ayayade kɛse. Ɛmfa ho sɛnea wɔne nea wɔakyere no no bedi biara no, ɔbɔ hu a ontumi nhu nea ɛbɛto no akyiri yi.
Yawdi no a Wubegyina Ano
Bere a wɔagyae nkurɔfo a wɔkyeree wɔn siei mpo no, nsɛm betumi akɔ so ahaw wɔn. Swedenni yarehwɛfo bi a wɔkyeree no siei wɔ Somalia de adwenkyerɛ yi mae: “Ade biako yi ho hia sen biara. Ɛsɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ wo nnamfo ne w’abusuafo na wohwehwɛ mmoa fi wɔn a wɔwɔ ho nimdeɛ hɔ.”
Ayarehwɛfo anya ɔkwan bi a wɔfa so boa wɔn a wɔakyere wɔn asie na wɔagyae wɔn no. Wɔde bere tiaa bi ne wɔn susuw tebea a wɔkɔɔ mu no ho ansa na wɔama wɔakɔ wɔn abusuafo nkyɛn anaasɛ wɔama wɔakɔ fie. Rigmor Gillberg a waben wɔ Red Cross ayarehwɛ mu no ka sɛ: “Ayarehwɛ a wɔde ma obi a wɔkyeree no ntɛm so no ma ɔhaw biara a obetumi ahyia no ano brɛ ase.”
Ɔhaw Afoforo
Ɛnyɛ wɔn a wɔkyere wɔn sie ne wɔn abusuafo nko na wohyia nsɛnnennen. Nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ho suro betumi ayɛ akwanside ama mmeae a afoforo tu kwan kɔhwehwɛ na ɛmma nkurɔfo ntumi mmue nnwuma wɔ aman foforo so. Ɛma ehu ka afoforo wɔ mmeae a wɔtete no nso. Wɔ asram kakraa bi mu wɔ 1997 mu no, amanaman ntam nnwumakuw asia na wofii Philippines esiane nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ho suro nti. Philippinesnibea bi a na ɔyɛ adwuma ma kuw bi a wɔfrɛ no Ɔmanfo a Wosiw Nsɛmmɔnedi Ano kae sɛ: “Yɛte ehu mu.”
The Arizona Republic mu asɛm bi ka sɛ: “Wɔ Mexico no adwumam mpanyimfo pii abɔ hu kɛse wɔ nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie no ho, na ɛfata sɛ wɔyɛ saa.” Brazilfo nsɛmma nhoma Veja bɔ amanneɛ sɛ wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie ne adwowtwafo abesi ahude a mmofra a wɔwɔ Brazil no suro paa ananmu. Wɔ Taiwan no, wɔkyerɛ sɛnea afoforo bɛbɔ wɔn ho ban wɔ wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie ho no ho ade wɔ sukuu mu, na wɔ United States no, wɔde kamera hwɛ faako a mmofra a wonnya nkɔɔ sukuu wɔ de bɔ wɔn ho ban fi wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no ho.
Ahobammɔ Nnwumakuw Renya Nkɔanim
Esiane sɛ nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ne nsɛnnennen a ɛde ba adɔɔso nti, nnipa pii abuebue nnwuma a wɔde bɔ nkurɔfo ho ban. Wɔ Brazil kurow Rio de Janeiro mu no, nnwuma a ɛte saa no bɛboro 500 na wɔabuebue, na wonya mfaso bɛyɛ dɔla ɔpepepem 1.8.
Amanaman ntam nnwumakuw a ɛde ahobammɔ ma pii kyerɛkyerɛ sɛnea afoforo bɛbɔ wɔn ho ban wɔ wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no ho, wɔma nkurɔfo hu mmeae ahorow a ɛhɔ yɛ hu, na wɔne wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no ka sika a wɔrehwehwɛ no ho asɛm. Wotu mmusua ne nnwumakuw fo, kyerɛkyerɛ wɔn akwan horow a wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no fa so, na wɔboa wɔn ma wotumi gyina ɔhaw a wɔrehyia ano. Nnwuma yi binom mpo tumi kyere wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no na wɔsan gye nea wɔkyeree no no sika kɔma no. Nanso, wɔmfa nnwuma a ɛte saa a wɔyɛ no nkyɛ.
Wɔ mmɔdenbɔ yi nyinaa akyi no, kɔ ara na nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie rekɔ anim wɔ nsase pii so. Bere a Richard Johnson a ɔyɛ Seitlin & Company adwuma no titrani abadiakyiri reka sɛnea tebea no te wɔ Latin America ho asɛm no, ɔka sɛ: “Nea ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye tom ne sɛ nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie no bɛkɔ anim.”
Nea Enti a Wɔkyere Nnipa Pii Sie
Animdefo ka nneɛma pii a ama nkurɔfo rekyere afoforo sie pii nnansa yi no ho asɛm. Emu biako ne sikasɛm a ayɛ basaa a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye wɔ mmeae ahorow bi no. Owura bi a ɔyɛ adwuma wɔ adwumayɛkuw a wɔde mmoa ma afoforo mu wɔ Nal’chik, a ɛwɔ Russia no kae sɛ: “Ɔkwan a ɛsen biara a obi betumi afa so anya sika ne sɛ ɔde ne ho bɛbɔ wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no.” Wɔ kan Soviet adehyeman bi mu no, wɔka sɛ na wɔde sika a wonya fi nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie mu no hwɛ asraafo a wodi ɔman bi so wɔ nhyɛso mu no.
Ɛnnɛ nnipa pii tutu akwan kɔyɛ nnwuma anaa wɔkɔhwehwɛ aman foforo so sen bere biara, na eyi ma wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no tumi nya nnipa pii. Ahɔho a wɔkyere wɔn sie no dodow abu abɔ ho wɔ mfe anum a abɛsen kɔ no mu. Wɔ 1991 ne 1997 mu no, wɔkyeree ahɔho a wotu kwan kɔhwehwɛ mmeae foforo siei wɔ nsase 26 so.
Ɛhefa na wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie yi nyinaa fi? Asraafo ntam ntawntawdi pii rebrɛ ase, enti wɔn a bere bi na wɔyɛ asraafo nnya adwuma nyɛ, ma enti ahia wɔn. Saa nkurɔfo yi nyinaa ho akokwaw a wobetumi akyere nkurɔfo asie de anya sika pii.
Saa ara nso na akwan a wɔfa so bɔ sikakorabea horow ho ban wɔ adwowtwafo ho ne nnuru aguadi a ɛrebrɛ ase kɛse no ama nsɛmmɔnedifo hwehwɛ sika denam nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie so. Mike Ackerman a waben wɔ nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie adwuma mu no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a yɛbɔ yɛn agyapade ho ban denneennen wɔ abɔnefo ho no, ɛhyɛ wɔn ma wɔde wɔn adwene si nnipa so mmom.” Sika akɛse a wɔka sɛ wobetua no nso ma afoforo de wɔn ho bɔ wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no.
Adwene a Ɛma Nkurɔfo Kyere Afoforo Sie no Gu Ahorow
Wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no mu pii mpɛ hwee sɛ sika nkutoo. Ebinom gye sika a ɛyɛ dɔla kakraa bi pɛ, nanso ebinom gye dɔla pii te sɛ dɔla ɔpepem 60 a wotuae sɛ wɔde regye obi a na ofi Hong Kong a na ɔwɔ agyapade pii nanso wɔannyae no bere a wotuaa sika no mpo no.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no binom yɛ saa de gye din, de hwehwɛ aduan, aduru, radio, kar, ne sukuu, akwan, ne ayaresabea foforo. Wɔ Asia no, wogyaee adwuma mu panyin bi a wɔkyeree no siei bere a wɔmaa wɔn bɔɔl ne ntade a wɔde bɔ bɔɔl no. Kuw yi binom nso yɛ saa de hunahuna ahɔho a wobuebue nnwuma wɔ nkurɔfo aman so ne ahɔho a wotu kwan kɔhwehwɛ aman foforo so no sɛnea ɛbɛyɛ a obiara nsisi wɔn na wɔmfa ɔman no agyapade nni dwuma wɔ ɔkwammɔne so.
Enti adwene a wɔde kyere nkurɔfo sie, akwan a wɔfa so yɛ saa, ne nnipa a wɔkyere wɔn sie no abu so. So akwan pii wɔ hɔ a wɔbɛfa so asiw ano? Emu bi ne nea ɛwɔ he, na so ebetumi asiw ɔhaw no ano ankasa? Ansa na yebebua saa nsɛmmisa yi no, momma yɛnyɛ nneɛma pɔtee a ama nnipa pii de wɔn ho ahyɛ adwuma yi mu no mu nhwehwɛmu.
[Adaka wɔ kratafa 15]
Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ Bere a Wɔakyere Wo Asie No
Wɔn a wɔasua nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ho ade no de nyansahyɛ ahorow yi ma wɔn a ebia wɔbɛkyere wɔn asie no.
• Yɛ koom; nyɛ asoɔden. Wɔtaa yɛ wɔn a wɔakyere wɔn a wɔmmrɛ wɔn ho ase no aninyanne, na wotumi kum wɔn anaasɛ wɔtwe wɔn aso.
• Mma wo koma nntu. Kae sɛ wɔn a wɔkyere wɔn sie no mu pii nya wɔn ti didi mu.
• Ma w’ani mmra wo ho so bere nyinaa.
• Hwɛ sɛ wubenya biribi ayɛ daa.
• Ɛmfa ho sɛ wunni bere pii no, ɛsɛ sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu.
• Ma w’ani nna hɔ; bɔ mmɔden sɛ wubehu biribiara a ɛkɔ so wɔ hɔ, ɛnne, ne nsɛm biara. Sua wɔn a wɔakyere wo no ho biribiara.
• Sɛ ebetumi a wo ne wɔn a wɔakyere wo no mmɔ nkɔmmɔ nkakrankakra. Sɛ wohu sɛ wompɛ wo ho asɛm a wɔrenhaw wo anaasɛ wonkum wo.
• Fi obu mu ka nea wuhia kyerɛ wɔn.
• Mmɔ mmɔden sɛ wankasa ne wɔn bɛka sika a wɔpɛ sɛ wogye no ho asɛm.
• Sɛ wuhu sɛ nkurɔfo rebɔ mmɔden sɛ wobegye wo a, da fam na hwɛ nea ɛrekɔ so.
[Adaka wɔ kratafa 16]
Insurance Dwumadi Ma Wɔn a Wɔkyere Wɔn Sie—Abɛyɛ Asɛm
Nnwuma a abu so a wɔde boa nnipadɔm a wɔkyere wɔn sie no ne insurance adwumayɛkuw no. Wɔ 1990 mfe no mu no, Lloyd’s of London no nyaa wɔn a wotua insurance mu nkɔanim ɔha mu 50 afe biara. Wɔrebue insurance nnwuma pii. Wɔde Insurance sika no tua mmoa a wɔn a wɔhwɛ ka obi a wɔakyere no asie ho asɛm de ma no ho ka, tua agyede sika no, ne ɛtɔ da bi a, mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma nsa aka agyede sika no. Nanso, wɔn a wɔkyere wɔn sie ho insurance a wotua no ho wɔ asɛm.
Wɔn a wɔn ani nnye insurance sika a wotua de bɔ nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ho ban ho no ka sɛ ɛma saa nsɛmmɔnedi no dan aguadi, na enye sɛ wɔnam nkurɔfo a wɔakyere wɔn sie so pɛ sika. Bio nso, wɔka sɛ ɛbɛma obi a wayɛ insurance yi bi no nhwɛ ne ho so yiye, na ɛbɛma wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no akɔ so abɔ nkurɔfo apoo, na ahyɛ saa nsɛmmɔnedi yi ho nkuran. Ebinom mpo ka sɛ saa insurance no bɛma nkurɔfo ne afoforo ahyehyɛ ho ma wɔakyere wɔn asie na ama wɔn nsa aka insurance sika no. Wɔabara insurance yi wɔ Colombia, Germany, ne Italy.
Wɔn a wɔpɛ insurance yi ka sɛ, ɛne insurance afoforo nyinaa yɛ pɛ. Wɔka sɛ insurance yi bɔ nkurɔfo ho ban, efisɛ ɛma mmusua a wɔayɛ bi no ne nnwumakuw tumi tua mmoa a wɔn a wɔn ho akokwaw de ma no ho ka, wotumi di nsɛnnennen ho dwuma, ma wotua agyede sika kakraa bi, na wotumi boa ma wɔkyere wɔn a wɔakyere obi asie no.
[Adaka wɔ kratafa 17]
Stockholm Nsakrae a Ɛyɛ Ahodwiriw No
Kyere a wɔkyeree atesɛm krataa kyerɛwfo Randolph A. Hearst a na ɔwɔ sika paa no babea Patty Hearst wɔ 1974 mu no kowiee nsakrae a na ɛyɛ nwonwa bi mu, bere a ɔbabea no ne wɔn a na wɔakyere no no yɛɛ biako na wɔde wɔn ho hyɛɛ korɔnbɔ mu no. Wɔ asɛm foforo mu no, Spaniani bɔɔlbɔfo bi a wɔkyeree no siei no de wɔn a wɔkyeree no no mfomso kyɛɛ wɔn na ohyiraa wɔn.
Wɔ 1970 mfe no mfiase mu no, wɔtoo nsakrae bi a ɛbae wɔ Stockholm no din sɛ Stockholm Nsakrae a Ɛyɛ Ahodwiriw No, bere a wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie maa nsɛnnennen bi sɔree wɔ sikakorabea bi a ɛwɔ Stockholm, Sweden wɔ 1973 mu no. Saa bere no, wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie yi binom ne wɔn a na wɔakyere wɔn no bɛyɛɛ nnamfo. Nkitahodi a ɛte saa no ama wɔn a wɔkyere wɔn sie no ho atɔ wɔn, na sɛnea Criminal Behavior nhoma no kyerɛkyerɛ mu no: “Dodow a wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no ne wɔn a wɔakyere wɔn no nya ayɔnkofa no, dodow no ara na wɔpɛ wɔn ho asɛm. Eyi kyerɛ sɛ wɔ bere bi akyi no, wɔn a wɔkyere obi sie no nhaw nea wɔakyere no no bio.”
Engiresini bea bi a wɔkyeree no siee wɔ Chechnya a wɔtoo no mmonnaa no kae sɛ: “Mitumi hu sɛ bere a nea ɔhwɛ yɛn so no huu yɛn mu biara yiye no, obegye toom sɛ ɛyɛ mfomso sɛ ɔtoo me mmonnaa. Ogyaee mmonnaato no na ɔpaa kyɛw.”
[Mfonini wɔ kratafa 14]
Wɔ wɔn a wɔkyere wɔn sie no abusuafo fam no adeyɛ yi yɛ biribi a ɛde yawdi a ɛsen biara ba
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Wɔn a wɔkyere wɔn sie no hia awerɛkyekye
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Nanso, wɔde nkurɔfo a wɔkyere wɔn no mu pii gu dan mu to mu a wonnwen wɔn akwahosan ho