Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 3/8 kr. 16
  • Nnwom Bi a Ne Werɛ Amfi Da

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnwom Bi a Ne Werɛ Amfi Da
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmɔden a Mebɔe Sɛ Mesi Gyinae a Nyansa Wom
    Nyan!—2000
  • Yehowa Yɛ Ade Nokwaredi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Fa Anigye To Dwom Yi Yehowa Ayɛ
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Yehowa, Yɛn Botan Kɛse
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 3/8 kr. 16

Nnwom Bi a Ne Werɛ Amfi Da

“NA METO dwom bi a ekura saa nsɛm yi, ‘Yehowa ɔkɛseɛ a ɔte n’anuonyam ahengua so’ wɔ sukuu. Na metaa dwen sɛ, ‘Hena ne saa Yehowa yi?’”

Saa asɛm a Gwen Gooch a ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban mu kae no, kaa ɔkenkanfo bi koma.a Vera, a ofi Seattle, Washington, U.S.A., no, ka sɛ, “Minyaa osuahu a ɛte saa ara wɔ ntoaso sukuu.”

Te sɛ Gwen no, bere a Vera tee nnwom bi a wɔbɔ Yehowa din wom no, ɔpɛe sɛ ohu onii ko a Yehowa yɛ. Vera koma tɔɔ ne yam bere a wɔ 1949 mu no, ne nuabarima kaa Yehowa ho asɛm kyerɛɛ no sɛ ɛno ne Onyankopɔn din ankasa wɔ Bible mu no.

Vera de bɛyɛ mfe aduonum na asom sɛ Yehowa Dansefo. Nanso ne werɛ mfii saa nnwom a ɔtee bere a na ɔwɔ ntoaso sukuu no. Ɔka sɛ, “mfe pii ni na mabɔ mmɔden sɛ mehu saa nnwom no.” Awiei koraa no, okohuu nnwom no wɔ sotɔɔ bi a wɔtɔn nnwom wom mu. Franz Schubert na ɔhyehyɛɛ saa nnwom no wɔ 1825 mu. Nokwarem no, nnwom no mu nsɛm no hyɛ Yehowa anuonyam. Sɛ nhwɛso no, emu nsɛm bi na edidi so yi:

“Awurade Yehowa yɛ Ɔkɛseɛ! Ɔsoro ne Asase da ne tumi a ɛyɛ nwonwa no adi. . . . Ne tumi no da adi wɔ ahum a ano yɛ den ne asubɔnten a ɛworo so mu . . . Ɛda adi wɔ kwae mu, ɛda adi wɔ aburow ahaban fɛfɛɛfɛ a ɛredi ahim mu; wɔ nhwiren fɛfɛɛfɛ a ɛyɛ huam mu, wɔ nsoromma a ɛhyerɛn wɔ Wim no mu. . . N’aprannaa nnyigyei yɛ hu, na hann a efi n’anyinam mu no hyerɛn soro nyinaa. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, sɛnea wo koma bɔ no, da Yehowa, . . . Awurade Nyankopɔn a ɔte ase daa no tumi adi. Fa wo ho to Ne so koraa fa hwehwɛ Ne dom ne Ne mmɔborohunu. . . . Awurade Yehowa yɛ Ɔkɛseɛ!”

Vera ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a menam nnwom yi mu nsɛm so ma nkurɔfo hu sɛ wɔ 1800 mfe mu no na ebinom nim Onyankopɔn din no na na woyi no ayɛ nso.” Nokwasɛm no ne sɛ efi teteete no mmarima ne mmea gyidifo afi wɔn komam de nnwom akamfo Yehowa. Ɛyɛ ade a ɛbɛkɔ so daa, efisɛ yɛwɔ ntease a enni ano a yebetumi agyina so akamfo ɔsoro ne asase Bɔfo no.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ March 1, 1998 Ɔwɛn-Aban mu.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Vera

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena